Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 11/15 kr. 4-6
  • So Ahotefo Ho Nneɛma A Wɔsom Sɔ Onyankopɔn Ani?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ahotefo Ho Nneɛma A Wɔsom Sɔ Onyankopɔn Ani?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Bible no Ka?
  • Ɛne Bible Nkyerɛkyerɛ Bɔ Abira
  • Nea Enti A Wɔde Ahotefo Ho Nneɛma Di Dwuma Wɔ Ɔsom Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Ahotefo” Ho Anigye a Wɔkyerɛ Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Petro Ɔboda—So Ɛwɔ Vatican?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔkwan Bɛn So na Nokware Ahotefo Betumi Aboa Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 11/15 kr. 4-6

So Ahotefo Ho Nneɛma A Wɔsom Sɔ Onyankopɔn Ani?

“SAN Gennaro” mogya a wɔka sɛ ɛdan nsu mprɛnsa afe biara no yɛ ahotefo ho nneɛma pii no mu biako. Turin Funu Ntama a wɔkyerɛ sɛ wɔde kyekyeree Yesu Kristo amu no nso yɛ biako. Ahotefo nneɛma a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Yesu ho nneɛma no bi ne mmofra mpa (a ɛwɔ Rome asɔredan kɛse bi mu), ne nsɛmfua nkorɛnkorɛ kyerɛwbea ho nhoma, ne nnadewa bɛboro apem a wɔkyerɛ sɛ wɔde dii dwuma wɔ ne kum mu! Ahotefo ho nneɛma no bi nso ne Osuboni Yohane ti dodow bi, ne amu anan a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ “Santan Lucia” de a ɛwɔ Europa mmeae ahorow.

Nkuropɔn a ahotefo ho nneɛma titiriw nti agye din no mu biako ne Trier a ɛwɔ Germany, faako a wɔakora nea wɔfrɛ no “holy tunics”​—atade nhyɛase a enni mpamee a Yesu Kristo hyɛe​—no mu pii so wɔ hɔ. Ahotefo ho nneɛma bɛboro apem wɔ kyerɛwtohɔ akorae titiriw bi mu wɔ Vatican City ankasa. Wɔde ahotefo ho nneɛma mpem pii asie wɔ “Saint Ursula” asɔredan mu wɔ Cologne, Germany. Yebetumi akɔ so abobɔ pii din. Nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ mmeae akronkron 2,468 a nyamesom mu ahotefo ho nneɛma wɔ wɔ Italy nkutoo!

Wogye di sɛ wofii ase som ahotefo ho nneɛma fi Yɛn Bere yi mu afeha a ɛto so anan no mu, te sɛ “ahotefo” som ara pɛ. Esiane nyamesom, sikasɛm ne amammuisɛm mpo nti, ahotefo ho nneɛma adɔɔso nkakrankakra wɔ mfehaha no mu, a mpempem pii na ɛwɔ hɔ nnɛ. Vatican Bagua a Ɛto so Abien san sii so dua sɛ “sɛnea atetesɛm kyerɛ no, Asɔre no som ahotefo na wodi wɔn ho nneɛma ankasa ne wɔn ahoni ni.” (Constitution “Sacrosanctum Concilium” sulla sacra Liturgia wɔ I documenti del Concilio Vaticano II, 1980, Edizioni Paoline) Wɔka “ahotefo ho nneɛma a ɛwɔ din, ne nea wɔde ahotew kɛse som nso” ho asɛm wɔ Codice Iuris Canonici (Asɔre Mmara) a John Paul II hyɛe wɔ 1983 mu no mu. (Canon 1190). Anglikan ne Ortodoks asɔre ahorow mufo nso di ahotefo ho nneɛma ni.

Esiane sɛ nnadewa a wɔkyerɛ sɛ wɔde bɔɔ Kristo asɛndua mu ne Osuboni Yohane ti pii wɔ hɔ nti, ɛda adi sɛ ahotefo ho nneɛma taa yɛ nnaadaa. Sɛ nhwɛso no, nyansahu mu ade a wɔfrɛ no radiocarbon mmerebu kyerɛe sɛ Turin Funu Ntama no yɛ atoro. Anigyesɛm ne sɛ wɔ ɛho akyinnye denneennen a wogyei wɔ 1988 mu no, Vaticanni bɛhwɛadeni Marco Tosatti a wagye din no bisae sɛ: “Sɛ wɔde nyansahu a wɔde yɛɛ Turin Funu Ntama ho nhwehwɛmu no hwehwɛ nneɛma afoforo a agye din a wɔsom no mu a, dɛn na ebefi mu aba?”

Ɛda adi sɛ onyansafo biara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ ɔsom ahotefo ho nneɛma a ɛyɛ nnaadaa. Nanso, so ɛno ne ade biako pɛ a ɛsɛ sɛ yedwen ho?

Dɛn na Bible no Ka?

Bible no nka sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔwɔ n’anim dom, tete Israelfo no, som ahotefo ho nneɛma bere a na wɔwɔ Misraim nkoasom mu no. Ɛwom, agya panyin Yakob wui wɔ Misraim, na wɔde ne funu kɔɔ Kanaan asase so kosiei ‘wɔ ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuw so no mu.’ Ne ba Yosef nso wui wɔ Misraim, na awiei koraa no, wɔde ne nnompe kɔɔ Kanaan kosiei wɔ hɔ. (Genesis 49:29-33; 50:1-14, 22-26; Exodus 13:19) Nanso, Kyerɛwnsɛm no nka biribiara a ɛkyerɛ sɛ Israelfo no som Yakob ne Yosef funu sɛ ahotefo ho nneɛma.

Susuw nea esii wɔ odiyifo Mose asɛm no mu nso ho. Ɔde mfe 40 dii Israelfo no anim wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase. Afei, bere a odii mfe 120 no, ɔforoo Bepɔw Nebo, ɔhwɛɛ Bɔhyɛ Asase no, na owui. Mikael, ɔbɔfo panyin no, ne Ɔbonsam dii Mose amu no ho akameakame, na ɔmaa mmɔden biara a anka Satan betumi abɔ sɛ ɔde besum Israelfo no afiri ma wɔasom ahotefo ho nneɛma no yɛɛ ɔkwa. (Yuda 9) Ɛwom sɛ wodii Mose wu ho awerɛhow de, nanso wɔansom ne funu da. Nokwarem no, Onyankopɔn amma biribi a ɛte saa no anyɛ yiye denam Mose a osiee no wɔ ɔdamoa a wanhyɛ no agyirae wɔ baabi a nnipa nnim mu.​—Deuteronomium 34:1-8.

Ebinom a wɔkamfo ahotefo ho nneɛma som kyerɛ no de 2 Ahene 13:21 na egyina nea wɔka no akyi, nea ese: “Na da bi a wɔrekosie onipa bi no, wohuu asafokuw bi, na wɔtow onipa no kyenee [odiyifo] Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, na onyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so.” Eyi yɛ anwonwade a Onyankopɔn adiyifo no mu biako nnompe a nkwa nnim yɛe. Nanso na Elisa awu, na ‘onnim biribiara’ bere a anwonwade no sii no. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Enti, ɛbɛyɛ Yehowa Nyankopɔn anwonwadeyɛ tumi no na ɛmaa owusɔre yi bae denam ne honhom kronkron anaasɛ adeyɛ tumi no so. Ɛfata nso sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Kyerɛwnsɛm no nka sɛ wɔsom Elisa nnompe.

Kristoman mufo binom kamfo kyerɛ sɛ wɔnsom ahotefo ho nneɛma, esiane nea wɔaka wɔ Asomafo no Nnwuma 19:11, 12 nti, faako a yɛkenkan sɛ: “Na Onyankopɔn nam [ɔsomafo] Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenne a ɛnka, na ɛma wɔde ne ho nnukuu anaa nsɛnanim po beguu ayarefo so, na nyarewa no fii wɔn so, na ahonhommɔne fii wɔn mu.” Yɛsrɛ sɛ hyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn na ɔnam Paulo so yɛɛ nnwuma a ɛyɛ nwonwa no. Ɛnyɛ ɔsomafo no ankasa nkutoo na ɔyɛɛ saa nnwuma no, na wampene so sɛ onipa bi nsom no.​—Asomafo no Nnwuma 14:8-18.

Ɛne Bible Nkyerɛkyerɛ Bɔ Abira

Nokwarem no, ahotefo ho nneɛma som ne Bible nkyerɛkyerɛ bi bɔ abira. Sɛ nhwɛso no, saa ɔsom no mu ade titiriw ne onipa kra a enwu da no mu gyidi. Asɔremma mmɔdenbɔfo ɔpepem pii gye di sɛ wɔn a wɔayɛ wɔn ahotefo na wɔsom wɔn sɛ “ahotefo” no nyinaa akra te ase wɔ soro. Saa nnipa mmɔdenbɔfo yi bɔ saa “ahotefo” no mpae, bisa wɔn ahobammɔ na wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ adesrɛfo no ne Onyankopɔn ntam adimafo. Nokwarem no, sɛnea asɔfo nhoma bi kyerɛ no, Katolekfo kyerɛ sɛ ahotefo ho nneɛma “ne tumi a Ɔhotefo no de srɛ ade wɔ Onyankopɔn anim.”

Nanso, sɛnea Bible no kyerɛ no, onipa kra no wu. Nnipa nni akra wɔ wɔn mu a enwu, a ɛno nkutoo tumi tra ase wɔ nipadua no wu akyi. Mmom no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Na [Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7) Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ ɔkra no nwu, na mmom ɛka sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Eyi fa nnipa nyinaa ho​—wɔn a akyiri yi wɔyɛɛ wɔn “ahotefo” no ka ho​—efisɛ yɛn nyinaa anya bɔne ne owu afi onipa a odi kan a ɔne Adam hɔ.​—Romafo 5:12.

Ɛsɛ sɛ wɔkwati “ahotefo” som, efisɛ wɔmmaa wɔn tumi da sɛ wɔnsrɛ mma obi wɔ Onyankopɔn anim. Yehowa Nyankopɔn ahyɛ sɛ ne Ba, Yesu Kristo, nkutoo na obetumi ayɛ saa. Ɔsomafo Paulo kae sɛ Yesu “anwu amma yɛn nko​—onyan fii awufo mu, na ogyina Onyankopɔn nifa, na ɔsrɛ ma yɛn.”​—Romafo 8:34, The Jerusalem Bible; fa toto Yohane 14:6, 14 ho.

Ade foforo nso nti a ɛsɛ sɛ yɛkwati “ahotefo” som ne emu ahotefo ho nneɛma som no gyina nea Bible no ka wɔ abosonsom ho no so. Mmara Nsɛm du a wɔde maa Israelfo no mu biako se: “Nyɛ ohoni a wɔasen anaa ade biara a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase sɛso biara mfa. Nkotow wɔn na mma wɔnnaadaa wo nkɔsom wɔn, efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn meyɛ Onyankopɔn a mehwehwɛ ahofama a edi mu.” (Exodus 20:4, 5, New World Translation) Mfehaha pii akyi no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “M’adɔfo, munguan abosonsom!” (1 Korintofo 10:14) Saa ara na ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.”​—1 Yohane 5:21.

Enti, wɔn a wɔayɛ wɔn “ahotefo” ne ahotefo ho nneɛma som nni nnyinaso biara wɔ Bible no mu. Nanso, nnipa binom pɛ biribi a wobu no sɛ ɛyɛ kronkron a wobetumi ahu na wɔaso mu, a wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ tumi a egye nkwa. Nokwarem no, nnipa pii bu ahotefo ho nneɛma sɛ biribi a ɛka ɔsoro ne asase bom biako mu ade a wohu. Yɛsrɛ sɛ susuw asɛm yi ho kakra.

Ɛnyɛ ahotefo ho nneɛma a obi hu na ɔso mu no na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ade ma ɛne Yesu nsɛm a ɔkae wɔ ɔsom a Onyankopɔn pɛ ho no hyia. Yesu se: “Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre Agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23, 24) Yehowa Nyankopɔn yɛ “Honhom” a onipa aniwa ntumi nhu no. Sɛ yɛbɛsom no ‘honhom mu’ no kyerɛ sɛ koma a ɔdɔ ne gyidi ayɛ no ma na ɛkanyan yɛn ma yɛde ɔsom kronn ma Onyankopɔn. (Mateo 22:37-40; Galatifo 2:16) Ɛnyɛ ahotefo ho nneɛma a yɛbɛsom no so na yɛnam betumi asom Onyankopɔn ‘wɔ nokware mu,’ na mmom denam ɔsom mu atosɛm a yɛbɛpow na yɛasua n’apɛde sɛnea wɔada no adi wɔ Bible no mu, na yɛayɛ no nkutoo so.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nhomanimfo James Bentley gye tom sɛ ‘tete Hebrifo ansom ahotefo ho nneɛma.’ Ɔka nso sɛ wɔ mfeha anan a na ɛda Stefano wu ne n’amu a Lucian kotui ntam no, Kristofo su wɔ ahotefo ho nneɛma ho sakrae koraa. Nanso ebeduu afeha a ɛto so anum Y.B. mu no, na Kristoman a awae no agyae Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ pefee a ɛfa abosonsom, awufo tebea, ne Yesu Kristo adwuma sɛ nea “odi ma wɔn” ho no akyi di dedaw.​—Romafo 8:34; Ɔsɛnkafo 9:5; Yohane 11:11-14.

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn som sɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ abosonsom biara nnim. Sɛ yɛn som bɛsɔ ani a, ɛsɛ sɛ yɛde ma Ɔbɔadeɛ a ɔne Yehowa Nyankopɔn no, na ɛnyɛ ɔhotefo ho ade bi anaasɛ abɔde bi. (Romafo 1:24, 25; Adiyisɛm 19:10) Ɛsɛ sɛ yenya Bible no mu nokware nimdeɛ nso na yɛanya gyidi a emu yɛ den. (Romafo 10:17; Hebrifo 11:6) Na sɛ yɛsom nokware som a, yɛbɛyɛ ade ma ɛne Kyerɛwnsɛm mu adanse pefee a ɛne sɛ ahotefo ho nneɛma nsɔ Onyankopɔn ani no ahyia.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Wɔansom Elisa nnompe, ɛwom sɛ enyan obi fii owu mu de

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena