Nea Enti A Wɔde Ahotefo Ho Nneɛma Di Dwuma Wɔ Ɔsom Mu
NAPLES, Italy. Fa no sɛ wowɔ hɔ wɔ Yɛn Bere yi mu afeha a ɛto so 18 no mfe a edi kan pɛɛ no mu. Irelandni nyansapɛfo George Berkeley gyina ɔhotefo ho ade bi a agye din anim wɔ kurow no asɔredan mu. Ɔde adwenem naayɛ hwɛ “San Gennaro,” Katolekni “ɔhotefo” Januarius mogya a ɛte sɛ nea ɛredan nsu no.
Naples asakra kakra wɔ adeyɛ yi mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ wim a na ayɛ basaa da koro bi wɔ nnansa yi mfe no mu nyinaa akyi no, na nnipa asan abɛhyɛ asɔredan no mu ma, ɛda adi sɛ na anwonwasɛm bi asi. Wɔde nsambɔ kɛse hyiaa ɔhotefo ho ade no ne nnipa a wɔato santen a ɔsɔfo panyin no na odi anim no. Yiw, na eyi yɛ mmere pii a ɛte sɛ nea “San Gennaro” mogya redan nsu no mu bere foforo. Wɔde amanneɛbɔ ama sɛ ɔhotefo ho ade yi reyɛ anwonwade ahorow fi afeha a ɛto so 14.
Sɛnea Katolekfo atetesɛm kyerɛ no, ɔhotefo ho ade (efi Latin asɛmfua relinquere mu, ɛkyerɛ “sɛ wobegyaw wɔ akyi”) yɛ biribi ‘a obi a wobu no sɛ ɔhotefo wu gyaw hɔ. Sɛnea Dizionario Ecclesiastico da no adi no, “ntease ankasa mu no, ahotefo ho nneɛma yɛ ɔhotefo no nipadua anaa ne nipadua akwaa bi ne ne nsõ, na ntease a emu trɛw mu no, ɛyɛ biribi a ɛkaa ɔhotefo no nipadua, ma enti ɛfata sɛ wɔsom.”
Paapanom Mpeneso
Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii som ahotefo ho nneɛma esiane awonwade ahorow a ebia wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ no nti. Ɛda adi sɛ pene a paapanom pene so no nso yɛ ade biako nti a agye din.
Anyɛ yiye koraa no, paapanom baanan a wɔtraa ase wɔ mfe 70 a etwaam no mu kyerɛɛ ahotefo ho nneɛma ho anigye soronko bi. Katolekfo nsɛmma nhoma bi da no adi sɛ te sɛ Pius XI a odii n’anim no, Paapa Pius XII “de ɔhotefo a ofi Lisieux ho nneɛma hyɛɛ ne ho.” Paul VI “de ɔsomafo [Thomas] nsateaa biako too ne kyerɛw pon mu wɔ faako a osua ade,” na John Paul II “de” “Ɔhotefo Benedict” ne “Ɔhotefo Andrew”. . . ho nneɛma asie n’ankasa fi.”—30 giorni March 1990, kratafa 50.
Esiane paapanom mpeneso a ɛte sɛɛ nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ahotefo ho nneɛma a wɔhwehwɛ de adi dwuma wɔ kokoam ne baguam ɔsom mu no renya nkɔanim. Nanso so ahotefo ho nneɛma a wɔsom sɔ Onyankopɔn?
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Akorade a wɔkora ahotefo ho nneɛma wom
[Mfonini Fibea]
Courtesy of The British Museum