Romafo Asraafo Ha So Panyin Yamyefo No
NA WONIM Romafo asraafo ha so mpanyin sɛ wɔnyɛ ayamyefo. Esiane sɛ wɔpaw asraafo ha so panyin sɛ onni asraafo ɔha a ɔko atii wɔn anim nti, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔsraani panyin a onim nsrabɔ, n’asɛm yɛ den, na ɛtɔ mmere bi a ɔyɛ ɔbrafo mpo. Nanso, Bible no ka Augusto kuw no mu Romafo asraafo ha so panyin bi a oyii ayamye ne ayamhyehye ankasa adi kyerɛɛ ɔsomafo Paulo ho asɛm. Wɔfrɛ no dɛn? Yulio.
Bible no da ɔbarima yi adi kyerɛ yɛn wɔ Asomafo no Nnwuma ti 27. Na ɔsomafo Paulo abisa sɛ Kaesare nni n’asɛm a ɔde abɛdan no no wɔ Roma. Enti, wɔde Paulo ne nneduafo afoforo pii hyɛɛ “asraafo ha so panyin bi a ne din de Yulio a ofi otumfoɔ asraafo kuw mu” no nsa sɛ ɔnhwɛ wɔn so. Wɔde po so hyɛn sim fii Kaesarea, Yerusalem kusuu fam mpoano kurow a na ɛyɛ Romafo asraafo atrae ti no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Luka se: “Na n’adekyee no, yekogyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔe maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn nkogye n’ahome.”—Asomafo no Nnwuma 27:1-3.
Wɔanka nea ɛkanyan Yulio ma oyii ayamye a ɛte sɛɛ adi no wɔ Bible no mu. Ebia na Amrado Festo na ɔhyɛɛ no sɛ ɔne Paulo nni wɔ ɔkwan soronko so. Anaasɛ ebia esiane sɛ na Yulio nim tebea a wɔkyeree Paulo wom no nti, ebia na n’ani gye Paulo akokoduru ne ne nokwaredi ho kɛkɛ. Sɛnea ɛte biara no, ɛte sɛ nea Yulio hui sɛ na Paulo yɛ ɔdeduani soronko bi.
Nanso, Yulio paw sɛ ɔrentie Paulo kɔkɔbɔ a ese ɛnsɛ sɛ wofi Hyɛn-Agyinaye kɔ no. Ankyɛ hyɛn no kɔkaa ahum kɛse bi a anka ɛreyɛ ma abɔ mu wɔ Afrika kusuu fam mpoano anhwea no mu. (Asomafo no Nnwuma 27:8-17) Wɔ ahum yi mu no, Paulo sɔre gyinae na ɔmaa akwantufo a ehu aka wɔn no awerɛhyem sɛ “mo mu biara kra renyera, gye hyɛn yi.” Nanso, akyiri yi hyɛn no mu adwumayɛfo no mu binom bɔɔ mmɔden sɛ wobeguan. Afei Paulo ka kyerɛɛ Yulio sɛ: “Sɛ eyinom antra hyɛn yi mu de a, morennya nkwa.”—Asomafo no Nnwuma 27:21, 22, 30, 31.
Bere yi mu de, Yulio paw sɛ obetie Paulo, enti wosiankaa hyɛn no mu adwumayɛfo no ma wɔantumi anguan. Sɛnea Paulo dii kan kae no, hyɛn no kotimii na ɛbɔe. Esiane sɛ na asraafo no suro sɛ nneduafo no beguan nti, wosii wɔn bo sɛ wobekum wɔn nyinaa. Nanso, Yulio de ne ho gyee asɛm no mu bio, na osiankaa n’asraafo no ma enti ogyee Paulo nkwa.—Asomafo no Nnwuma 27:32, 41-44.
Bible no nka nea ɛtoo saa asraafo ha so panyin yamyefo yi anaasɛ ebia ogyee Kristofo gyidi no toom no nkyerɛ yɛn. Sɛ yɛhwɛ ayamye a oyii adi kyerɛe no yiye a, ɛda ahonim a Onyankopɔn de ama no dwumadi adi. (Romafo 2:14, 15) Nanso, Kristofo yɛ ade kɔ akyiri sen ayamye a nnipa yi adi kyerɛ, na wɔda Onyankopɔn ayamye a Onyankopɔn honhom a wɔwɔ no ma woyi kyerɛ no adi. (Galatifo 5:22) Nokwarem no, sɛ ɔsraani ɔbosonsonni a na onnim Onyankopɔn tumi yii ayamye adi akyerɛ a, mpɛn dodow ahe na ɛsɛ sɛ wɔkanyan Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔyɛ saa!