Nsuyiri No Wɔ Wiase No Atetesɛm Ahorow Mu
NA NOA nna no mu nsuyiri no yɛ ɔsɛe kɛse araa ma adesamma werɛ remfi da. Bɛboro mfe 2,400 akyi no, Yesu Kristo kaa ho asɛm sɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm. (Mateo 24:37-39) Adesamma abusua no kae asɛm a esii a ɛyɛ hu yi araa ma wɔwɔ ho atetesɛm ahorow wɔ wiase nyinaa.
Philip Freund bu akontaa wɔ ne nhoma Myths of Creation mu sɛ mmusua ne aman bɛboro 250 ka Nsuyiri no ho atetesɛm bɛboro 500. Sɛnea yebetumi ahwɛ kwan no, wɔde anansesɛm mu nsɛm ne nnipa ahyehyɛ atetesɛm ahorow yi mu kɛse wɔ mfehaha pii a atwam no mu. Nanso, yebetumi ahu nsɛdi atitiriw bi wɔ ne nyinaa mu.
Nsɛdi a Ɛyɛ Nwonwa
Bere a nnipa tu fii Mesopotamia wɔ Nsuyiri no akyi no, wɔde ɔsɛe no ho kyerɛwtohɔ kɔɔ asase no afanan nyinaa. Enti, nnipa a wɔte Asia, Pasifik nsupɔw so, Amerika Kusuu Fam, Amerika Mfinimfini, ne Amerika Kesee Fam wɔ anwonwasɛm a esii yi ho atetesɛm. Na Nsuyiri ho atetesɛm pii no wɔ hɔ dedadedaw ansa na saa nnipa yi rehu Bible no. Nanso, atetesɛm ahorow no ne Nsuyiri no ho Bible kyerɛwtohɔ wɔ nsɛdi atitiriw bi.
Atetesɛm ahorow bi ka abran basabasayɛfo a na wɔte asase no so ansa na Nsuyiri no reba ho asɛm. Saa ara na Bible no kyerɛ sɛ ansa na Nsuyiri no reba no, abɔfo asoɔdenfo faa ɔhonam nipadua, ne mmea dedae, na wɔwoo abran abusua bi a wɔfrɛ wɔn Nefilim.—Genesis 6:1-4; 2 Petro 2:4, 5.
Nsuyiri no ho atetesɛm ahorow no taa kyerɛ sɛ wɔbɔɔ ɔbarima bi kɔkɔ wɔ nsuyiri bi a Onyankopɔn de bɛba no ho. Sɛnea Bible no kyerɛ no Yehowa Nyankopɔn bɔɔ Noa kɔkɔ sɛ Ɔbɛsɛe nsɛmmɔnedifo ne basabasayɛfo. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Ɔhonam nyinaa awiei aba m’anim, efisɛ wɔn anuɔden ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.”—Genesis 6:13.
Nsuyiri no ho atetesɛm ahorow taa kyerɛ sɛ ɛde wiase nyinaa ɔsɛe bae. Saa ara na Bible no ka sɛ: “Na nsu no boroo so ara wɔ asase so, na ɛkataa mmepɔw atenten a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa so. Wɔn a nkwa honhom ahome wɔ wɔn hwenem, na wɔte asase kesee so nyinaa wuwui.”—Genesis 7:19, 22.
Nsuyiri ho atetesɛm pii ka sɛ ɔbarima bi ne onipa bi anaasɛ nnipa afoforo nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu. Atetesɛm no pii ka sɛ oguan kɔhyɛɛ ɔkorow bi a osen mu, na wɔma ɛkɔtaa bepɔw bi so. Saa ara nso na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Noa pam adaka bi. Ɛka nso sɛ: “Ɛkaa Noa nko ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no.” (Genesis 6:5-8; 7:23) Sɛnea Bible no kyerɛ no, “adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so” wɔ Nsuyiri no akyi, na Noa ne n’abusua si fii mu wɔ hɔ. (Genesis 8:4, 15-18) Atetesɛm ahorow kyerɛ nso sɛ wɔn a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no fii ase wo hyɛɛ asase no so, sɛnea Bible no kyerɛ sɛ Noa ne n’abusua yɛe no.—Genesis 9:1; 10:1.
Nsuyiri no ho Atetesɛm
Bere a nea yɛaka dedaw no wɔ yɛn adwenem no, ma yensusuw Nsuyiri no ho atetesɛm ahorow bi ho. Ma yemfi ase mfi Sumeriafo, tetefo bi a wɔtraa Mesopotamia no so. Wohuu nea wɔka faa Nsuyiri no ho wɔ ɔbopon bi a wotu fii Nippur amamfo so no so. Ɔbopon yi ka sɛ Sumeriafo anyame Anu ne Enlil bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔde nsuyiri kɛse bi bɛsɛe adesamma. Bere a Enki bɔɔ Ziusudra kɔkɔ no, ɔne n’abusua tumi nyaa nkwa wɔ ɔkorow kɛse bi mu.
Babilonfo Gilgamesh Anwensɛm kura nkyerɛkyerɛmu pii. Sɛnea ɛkyerɛ no, Gilgamesh kɔsraa ne nana Utnapishtim a wɔama no daa nkwa bere a onyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu akyi no. Wɔ wɔn ntam nkɔmmɔbɔ mu no, Utnapishtim kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ hyɛn bi na ɔmfa anantwi, wuram mmoa ne n’abusua nkɔ mu. Ɔyɛɛ hyɛn a ne fã biara kɛse yɛ mita 60, a ɛyɛ abansoro a ɛtoa so asia. Ɔka kyerɛɛ Gilgamesh sɛ ahum no dii nnansia awia ne anadwo, na afei ɔkae sɛ: “Bere a da a ɛto so ason no dui no, na ahum no, Nsuyiri no, ne akodi no ho hu agyae, na na atɔre asraafo dɔm kɛse bi ase. Po no yɛɛ dinn, ahum no gyaee, na Nsuyiri no gyaee. Mehwɛɛ po no so no, na ɛnne ahorow nnyigyei no agyae. Na adesamma nyinaa adan dɔte.”
Bere a hyɛn no kogyinaa Bepɔw Nisir so no, Utnapishtim gyaa aborɔdoma bi a ɔsan baa ahyɛmma no mu bere a wannya baabi a obesi ahome no. Ogyaa asomfena a ɔno nso san bae wɔ oyi akyi. Afei ogyaa kwaakwaadabi, na bere a wansan amma no, ohui sɛ nsu no atwetwe. Afei Utnapishtim gyaa mmoa no na ɔbɔɔ afɔre. Atetesɛm a akyɛ yiye yi te sɛ Nsuyiri no ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no wɔ ɔkwan bi so. Nanso, ɛnte sɛ Bible nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ fann na asete nyɛ den no, ɛnkyerɛ adaka no kɛse yiye na ɛmfa bere a esii a wɔkyerɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no mma. Sɛ nhwɛso no, Gilgamesh Anwensɛm no kae sɛ ahum no dii nnansia awia ne anadwo, bere a Bible no ka sɛ “osu tɔɔ asase so pii adaduanan awia ne anadwo”—osu kɛse a ɛkɔɔ so tɔe a awiei koraa no ɛkataa asase no nyinaa ani.—Genesis 7:12.
Ɛwom sɛ Bible no ka sɛ nnipa baawɔtwe na wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu de, nanso wɔ Helafo atetesɛm mu no, Deucalion ne ne yere Pyrrha nkutoo na wonyaa nkwa. (2 Peter 2:5) Sɛnea atetesɛm yi kyerɛ no, na mmarima basabasayɛfo a wɔfrɛ wɔn kɔbere mfrafraefo na wɔte asase no so ansa na Nsuyiri no reba. Onyame Seu bɔɔ ne tirim sɛ ɔde nsuyiri kɛse bɛsɛe wɔn, na ɔka kyerɛɛ Deucalion sɛ ɔmpam adaka kɛse bi na ɔnkɔhyɛ mu. Bere a nsuyiri no twetwee no, adaka no besii Bepɔw Parnassus so. Deucalion ne Pyrrha fi bepɔw no so sianee na wɔsan hyɛɛ adesamma abusua ase.
Akyirikyiri Apuei Fam Atetesɛm Ahorow
Wɔ India no, wɔwɔ Nsuyiri ho atetesɛm bi a Manu ne onipa a onyaa nkwa wom. Ɔfa apataa ketewa bi a onyin yɛɛ kɛse adamfo, na ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ nsuyiri a ɛsɛe ade bɛba. Manu pam hyɛn, na apataa no twee ara kosii sɛ ɛkɔkaa bepɔw bi so wɔ Himalayas. Bere a nsuyiri no twetwee no, Manu ne Ida, n’afɔrebɔ no a wɔayɛ no te sɛ onipa no fi bepɔw no so sian, na wɔsan fi adesamma abusua no ase.
Sɛnea Chinafo nsuyiri ho atetesɛm no kyerɛ no, ɔprannaa nyame no de ɛse ma mmofra baanu a wɔne Nuwa ne Fuxi. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ wonnua na wonkohintaw toa a ɛbɛsow no mu. Dua bi nyin fi ɛse no mu ntɛm ara na ɛsow toa kɛse bi. Bere a ɔprannaa nyame no maa osu kɛse bi tɔe no, mmofra no foro kɔhyɛɛ toa no mu. Ɛwom sɛ nsuyiri a ɛde bae no faa asase sofo a wɔaka no nyinaa de, nanso Nuwa ne Fuxi nyaa nkwa na wɔsan wo hyɛɛ asase no so.
Wɔ Amerika
Amerika Kusuu Fam Indiafo wɔ atetesɛm ahorow a ɛka nsuyiri bi a ɛsɛee nnipa nyinaa gye nnipa kakraa bi ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, Arikarafo a wɔyɛ Caddofo ka sɛ bere bi na nnipa abusua bi a wɔwɔ ahoɔden yiye ma enti wodii anyame no ho fɛw na wɔte asase no so. Onyame Nesaru nam nsuyiri so sɛee saa abran yi, nanso ɔkoraa ne nkurɔfo, mmoa ne aburow so wɔ ɔbodan bi mu. Na Havasupaifo ka sɛ onyame Hokomata maa nsuyiri kɛse bi a ɛsɛee adesamma bae. Nanso, ɔbarima Tochopa koraa ne babea Pukeheh so denam hyɛ a ɔde no hyɛɛ duasin bi a tokuru da mu mu no so.
Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam Indiafo wɔ nsuyiri ho atetesɛm ahorow a nsɛdi atitiriw wom. Na Mayafo a wɔwɔ Amerika Mfinimfini no gye di sɛ nsuwɔ kɛse bi nam nsu kɛse bi so sɛee wiase no. Wɔ Mexico no, Chimalpopoca atetesɛm ka sɛ nsuyiri bi kataa mmepɔw so. Onyame Tezcatlipoca bɔɔ ɔbarima Nata kɔkɔ ma otuu duasin bi mu tokuru, na ɔne ne yere Nena kohintaw mu kosii sɛ nsu no twetwee.
Peru no, Chinchafo wɔ nnafua anum nsuyiri a ɛsɛee nnipa nyinaa gye obiako pɛ a llama a ɔkasa ma oguan kɔɔ bepɔw bi so ho atetesɛm. Aymarafo a wɔwɔ Peru ne Bolivia ka sɛ onyame Viracocha fii Ɔtare Titicaca mu pue bɛbɔɔ wiase no ne mmarima abran a wɔn ho yɛ den yiye. Esiane sɛ abusua a edi kan yi hyɛɛ Viracocha abufuw nti, ɔde nsuyiri sɛee wɔn.
Brazil Tupinamba Indiafo kaa bere bi a nsuyiri kɛse bi faa wɔn nananom nyinaa gye wɔn a wonyaa nkwa wɔ akorow mu ne nnua atenten atifi no nko ho asɛm. Brazil Cashinauafo, Guyana Macushifo, Amerika Mfinimfini Caribfo ne Onafo ne Yahganfo a wɔwɔ Tierra del Fuego wɔ Amerika Kesee Fam no ka mmusua pii a wɔwɔ nsuyiri ho atetesɛm no ho.
Pasifik Kesee Fam ne Asia
Nsuyiri a nnipa kakraa bi nyaa nkwa wom nyɛ na wɔ Pasifik Kesee Fam nyinaa. Sɛ nhwɛso no, yɛwɔ tete bere no mu nsuyiri bi a ɛsɛee obiara gye Pili ne ne yere ho atetesɛm wɔ Samoa. Wonyaa ahobammɔ wɔ ɔbotan bi so, na nsuyiri no akyi no, wɔsan wo hyɛɛ asase no so. Wɔ Hawaiian Islands so no, onyame Kane bo fuw nnipa na ɔde nsuyiri sɛee wɔn. Nu’u nkutoo na ɔtraa ɔkorow kɛse bi a awiei koraa no ɛkɔkaa bepɔw bi so no mu ma ofii mu kae.
Wɔ Mindanao a ɛwɔ Philippines no, Atafo ka sɛ bere bi na nsu a ɛsɛee obiara gye mmarima baanu ne ɔbea biako kataa asase no ani. Ibanfo a wɔwɔ Sarawak, Borneo, ka sɛ nnipa kakraa bi na wonyaa nkwa wɔ nsuyiri bi mu denam mmepɔw a ɛware sen biara so a woguan kɔe no so. Philippines Igorotfo atetesɛm mu no, ɔbarima bi ne ne nuabea nkutoo na wonyaa nkwa denam Bepɔw Pokis so a wokohintawee no so.
Soyotfo a wɔwɔ Siberia, Rusia, ka sɛ apɔtorɔ kɛse bi a asase no da no so, twee ne ho ma nsu yiri faa asase no so. Akwakoraa bi ne n’abusua nyaa nkwa wɔ ntɛani bi a ɔyɛe no so. Bere a nsu no twetwee no, ntɛani no kosii bepɔw tenten bi so. Siberia atɔe fam ne Hungary Ugriafo nso ka sɛ wɔn a wonyaa nkwa wɔ saa nsuyiri no mu no de ntɛani dii dwuma, nanso ɛde wɔn kɔɔ asase no afã horow.
Fibea Koro
Dɛn na yebetumi aka wɔ Nsuyiri ho atetesɛm pii no ho? Ɛwom sɛ nkyerɛkyerɛmu no gu ahorow yiye de, nanso nsɛdi bi wom. Eyinom kyerɛ fibea bi wɔ ɔsɛe kɛse bi a yɛn werɛ remfi da no mu. Wɔ nsonsonoe a ɛwɔ asɛm no mu wɔ mfehaha pii a atwam no mu nyinaa akyi no, asɛmti titiriw no te sɛ asaawa bi a ɛkyekyere wɔn fam asɛm kɛse bi a esii ho—wiase nyinaa Nsuyiri a wɔka ho asɛm wɔ Bible kyerɛwtohɔ mu a asete nyɛ den na emu da hɔ pefee.
Esiane sɛ wɔtaa hu Nsuyiri no ho atetesɛm wɔ nnipa a nnansa yi mfehaha no mu ara na wobehuu Bible no mu nti, ɛbɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛka sɛ Kyerɛwsɛm no mu kyerɛwtohɔ no nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Afei nso, The International Standard Bible Encyclopedia se: “Wɔtaa fa nsuyiri no ho asɛm a wɔka wɔ baabiara no sɛ nnipa a wɔde nsuyiri sɛee wɔn wɔ wiase nyinaa no ho adanse . . . Afei nso, nnipa a na wɔsɔre tiaa Hebrifo ne Kristofo mpanyinsɛm kɛse no na wɔkyerɛw saa tete kyerɛwtohɔ no mu binom.” (Po 2, kratafa 319) Enti yebetumi de ahotoso aka sɛ Nsuyiri no ho atetesɛm ahorow no si nokware a Bible kyerɛwtohɔ yɛ no so dua. Esiane sɛ yɛte wiase bi a basabasayɛ ne ɔbrasɛe ayɛ mu ma mu nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛkenkan Nsuyiri no ho kyerɛwtohɔ a wɔakyerɛw wɔ Genesis atiri 6 kosi 8 no. Sɛ yedwen nea ɛmaa saa wiase nyinaa nsuyiri no bae—nea ɛyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so a wɔyɛe—no ho a, yebehu kɔkɔbɔ titiriw bi wom.
Ɛrenkyɛ Onyankopɔn atemmu bɛba mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so. Nanso, anigyesɛm ne sɛ ebinom benya nkwa wom. Ebia wobɛyɛ wɔn mu biako, sɛ wutie ɔsomafo Petro nsɛm a edi so yi a: “Nsu yirii wiase a ɛwɔ [Noa] bere no so no ma ɛsɛee. Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no. . . . Enti, sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, sɛ motwɛn na moma [Yehowa] da no ba yɛ ntɛm.”—2 Petro 3:6-12.
So wobɛma Yehowa da no ba atra w’adwenem? Sɛ woyɛ saa, na woyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia a, wubenya nhyira pii. Enti wɔn a wɔsɔ Yehowa Nyankopɔn ani no betumi anya gyidi sɛ wiase foforo a Petro kaa ho asɛm bere a ɔkaa eyi no bɛba: “Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no. yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”—2 Petro 3:13.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Na awo ntoatoaso biako ka Babilon nsuyiri no ho atetesɛm no kyerɛ awo ntoatoaso foforo
[Mfonini wɔ kratafa 8]
So woretie Petro kɔkɔbɔ no denam Yehowa da no a woma ɛtra w’adwenem no so?