Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/15 kr. 3-5
  • Nsuyiri A Yɛn Werɛ Remfi Da No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsuyiri A Yɛn Werɛ Remfi Da No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsuyiri no ho Bible Kyerɛwtohɔ
  • Adaka no Hwehwɛ
  • Nsuyiri Kɛse No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nnipa Nwɔtwe Nyaa Nkwa Kɔɔ Wiase Foforo Bi Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Noa Asetena Mu Nsɛm Ne Nsuyiri Kɛse No—Ɛyɛ Anansesɛm Bi Kɛkɛ Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Noa Adaka
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/15 kr. 3-5

Nsuyiri A Yɛn Werɛ Remfi Da No

BƐYƐ mfe 4,300 a atwam ni no, nsuyiri a ɛsɛe ade kataa asase no so nyinaa. Ɛkame ayɛ sɛ ɛtɔree biribiara a nkwa wom ase mpofirim. Ɛyɛ kɛse araa ma ɛma adesamma kae bere nyinaa, na awo ntoatoaso biara ka ho asɛm kyerɛ foforo a edi akyi ba no.

Bɛyɛ mfe 850 wɔ Nsuyiri no akyi no, Hebrini kyerɛwfo Mose kyerɛw asase so nyinaa Nsuyiri no ho asɛm too hɔ. Wɔakora so wɔ Bible nhoma a ɛne Genesis no mu, faako a yebetumi akenkan nkyerɛkyerɛmu fefeefe no wɔ atiri 6 kosi 8.

Nsuyiri no ho Bible Kyerɛwtohɔ

Genesis de nkyerɛkyerɛmu yi ma, nea ɛda adi sɛ ɛyɛ obi a ɔde n’aniwa hui de: “Noa nkwa mu afe a ɛto so ahansia mu, ɔsram a etia abien so, ɔsram no dadu nnanson so, da no ara ebun kɛse no nsu aniwa nyinaa paapaee, na ɔsoro mfɛnsere buebuei. Na nsuyiri no baa asase so adaduanan, na nsu no dɔe, na ɛsoaa adaka no, na ɛmaa so fii asase so. Na nsu no boroo so ara wɔ asase so, na ɛkataa mmepɔw atenten a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa so.”​—Genesis 7:11, 17, 19.

Bible no ka nea Nsuyiri no yɛɛ nneɛma a nkwa wom ho asɛm sɛ: ‘Na ɔhonam a ɛkeka ne ho asase so nyinaa, nnomaa, ntɔteboa, wuram mmoa, mmoa a wɔwea asase so nyinaa, ne nnipa nyinaa wuwui.’ Nanso, Noa ne nnipa afoforo baason, ne aboa biara bi, wim mmoa, ne mmoa a wɔwea asase so no mu bi nyaa nkwa. (Genesis 7:21, 23) Na wɔakora wɔn nyinaa so wɔ adaka a ne tenten bɛyɛ mita 133, na ne tiaa mu yɛ mita 22 na ne sorokɔ yɛ mita 13 a ɛtɛn nsu no ani mu. Esiane sɛ nea ɛsɛ sɛ adaka no yɛ nkutoo ne sɛ ɛnsɛ sɛ nsu kɔ mu, na ɛsɛ sɛ ɛtɛn nsu ani nti, na ase no nyɛ kurukuruwa, enni anim, enni biribi a ɛtwe anaasɛ sitia a wɔde ka. Na Noa adaka no te sɛ hyɛn a wɔapam no sɛ adaka ara kɛkɛ.

Asram anum wɔ Nsuyiri no mfiase akyi no, adaka no kɔtaa bepɔw Ararat a ɛwɔ nnɛyi Turkey apuei fam no so. Afe biako wɔ Nsuyiri no mfiase akyi no, Noa ne n’abusua pue fii adaka no mu baa asase a ɛso awo no so, na wɔsan fii asetra ase bio. (Genesis 8:14-19) Ankyɛ na adesamma adɔɔso yiye ma wotumi fii ase kyekyee kurow Babel ne n’abantenten a egyee dimmɔne no wɔ Asubɔnten Eufrate ho. Nnipa fi hɔ hwetee asase ani nkakrankakra bere a Onyankopɔn yɛɛ adesamma kasa basaa no. (Genesis 11:1-9) Nanso adaka no faa he?

Adaka no Hwehwɛ

Efi afeha a ɛto so 19 reba no, wɔabɔ mmɔden pii sɛ wobehu adaka no wɔ Ararat mmepɔw so. Mmepɔw yi mu abien ware yiye, biako sorokɔ yɛ mita 5,165 na foforo no yɛ mita 3,914. Nsukyerɛmma kata mmepɔw abien yi mu nea ɛware sen biara no so bere nyinaa. Esiane wim nsakrae a ɛbae wɔ Nsuyiri no akyi nti, na ɛrenkyɛ na sukyerɛmma akata adaka no so. Nhwehwɛmufo binom wɔ gyidi a emu yɛ den sɛ adaka no da so ara wɔ hɔ na ɛhyɛ sukyerɛmma ase tɔnn. Wɔkyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a, sukyerɛmma no nan ma adaka no ho baabi da hɔ wɔ bere tiaa bi mu.

In Search of Noah’s Ark nhoma no faa George Hagopian, Armeniani bi a ɔkyerɛe sɛ ɔforoo Ararat Bepɔw no kohuu adaka no wɔ 1902 mu, ne afei 1904 mu no asɛm kae. Ose bere a ɔkɔɔ hɔ nea edi kan no, ɔforo kogyinaa adaka no atifi ankasa. “Migyinaa so na mehwɛɛ hyɛn no so nyinaa hyiae. Na ɛware. Ne sorokɔ bɛyɛ mita dumien.” Ɔkaa nea ohui bere a ɔsan kɔɔ hɔ bio no ho asɛm sɛ: “Manhu sɛ baabi akyinkyim. Ɛnte sɛ hyɛn foforo biara a mahu pɛn. Na ɛte sɛ ɔkorow a ase yɛ tratraa.”

Efi 1952 kosi 1969 no, Fernand Navarra bɔɔ mmɔden mpɛn anan sɛ obehu adaka no ho biribi. Ɔkɔɔ Ararat Bepɔw so ne mprensa so no, ɔkɔɔ sukyerɛmma obon bi ase, na ohuu duasin bi sɛ ɛhyɛ sukyerɛmma no mu. Ose: “Ɛbɛyɛ sɛ na ɛware, na ebia ɛda so fam hyɛn no ho. Mitumi twaa ne fã baabi kɛkɛ kosii sɛ mewaee sin bi a ne tenten bɛyɛ mita 1.5.”

Abenfo pii a wɔyɛɛ dua no ho nhwehwɛmu mu biako, Ɔbenfo Richard Bliss se: “Na Navarra duasin no yɛ mpuran a wɔde ama afa ho. Na wɔakeka asisi anim. Na ɛda adi pefee sɛ wɔde wɔn nsa na etwitwaam na wɔyɛɛ no ahinanan.” Wobuu akontaa sɛ dua no anya bɛyɛ mfe mpem anan anaasɛ anum.

Ɛwom sɛ wɔabɔ mmɔden sɛ wobehu adaka no wɔ Ararat Bepɔw no so de, nanso adanse pɔtee a ɛkyerɛ sɛ wɔde dii dwuma de nyaa nkwa wɔ nsuyiri a ɛsɛee nneɛma mu no ho asɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible nhoma a wɔfrɛ no Genesis no mu. Yebetumi ahu nea esi saa kyerɛwtohɔ no so dua wɔ tetefo a wɔtraa wiase nyinaa no nsuyiri ho atetesɛm pii no mu. Susuw wɔn adanse no ho wɔ asɛm a edi so yi mu.

[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]

Na adaka no betumi afa nneɛma a keteke 10 a emu biara kura Amerika keteke adan bɛyɛ 25 tumi fa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena