Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 2/1 kr. 3
  • Hwɛ Yiye Wɔ Atoro Adiyifo Ho!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Yiye Wɔ Atoro Adiyifo Ho!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Nkɔmhyɛ Kyerɛ
  • “Mo Mmabarima ne Mo Mmabea Bɛhyehyɛ Nkɔm”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Ɛdɛn Ne Nkɔmhyɛ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Momfa Onyankopɔn Adiyifo no sɛ Nhwɛso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Dɛn Nti na Korɔnbɔ Renya Nkɔanim Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 2/1 kr. 3

Hwɛ Yiye Wɔ Atoro Adiyifo Ho!

BERE bi a Brazilfo awarefo bi akɔda anadwo no, wɔtee sɛ akorɔnfo rebu wɔn pon ani ahyɛn fie hɔ. Awarefo a ehu aka wɔn no tumi faa mfɛnsere mu fii adi kɔfrɛɛ polisifo. Nanso fi ɛno akyi no, nea esii yi haw ɔyere no araa ma wantumi anna fie hɔ ma enti na ɛsɛ sɛ ɔkɔ ne maame nkyɛn.

Obiara a akorɔnfo abu ne pon ani abewia no anaa wɔabɔ no korɔn ɔkwan foforo bi so pɛn no bɛte sɛnea ɔyere no tee nka no ase. Osuahu a ɛte saa betumi ama ehu aka obi, na awerɛhosɛm ne sɛ nnipa pii rehu amane wɔ ɔkwan a ɛte saa so. Nanso korɔnbɔ foforo bi wɔ hɔ a nea efi mu ba yɛ aniberesɛm kɛse sen eyi koraa.

Korɔnbɔ bɛn na anibere wom sɛɛ yi, na henanom ne akorɔnfo no? Yesu Kristo de eyi ho nsɛm bi maa yɛn bere a ɔkaa yɛn nna yi ho asɛm sɛ: “Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree” no. (Mateo 24:11) Atoro adiyifo yɛ akorɔnfo. Ɔkwan bɛn so? Dɛn na wɔrewia? Wɔn korɔnbɔ no fa wɔn nkɔmhyɛ no ho. Enti sɛnea ɛbɛyɛ na yɛate asɛm no ase yiye no, ehia sɛ yedi kan hu nea Bible no kyerɛ sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ.

Nea Nkɔmhyɛ Kyerɛ

Sɛ wususuw nkɔmhyɛ ho a, ebia nea edi kan ba w’adwenem ne nea ebesi daakye a wɔka ho asɛm sie. Nokwarem no, na eyi yɛ Onyankopɔn tete adiyifo dwumadi no fã bi, nanso na ɛnyɛ ɛno ne wɔn adwuma titiriw. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔka kyerɛɛ odiyifo Hesekiel wɔ anisoadehu bi mu sɛ “hyɛ nkɔm kyerɛ mframa” no, na nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔde Onyankopɔn ahyɛde bɛma. (Hesekiel 37:9, 10, New World Translation) Bere a wɔredi Yesu asɛm wɔ asɔfo no anim no, wohinam n’ani so ntasu bobɔɔ no sotɔre, na n’ataafo no dii ne ho fɛw kae sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ yɛn ɛ, wo Kristo. Hena na ɔbɔɔ wo?” Na ɛnyɛ nea wɔreka akyerɛ Yesu sɛ ɔnka nea ɛbɛba daakye. Na wɔregye no akyinnye sɛ ɔmfa Onyankopɔn tumi so nkyerɛ nnipa ko a wɔbɔɔ no no.​—Mateo 26:67, 68, NW.

Nokwarem no, adwene titiriw a Bible no mu mfitiase nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “hyɛ nkɔm” anaa “nkɔmhyɛ” no da no adi ankasa ne sɛ wɔbɛkyerɛ Onyankopɔn adwene wɔ asɛm bi ho, anaa, sɛnea Asomafo no Nnwuma ka no no, sɛ wɔbɛka “Onyankopɔn ade kɛse” akyerɛ. (Asomafo no Nnwuma 2:11) Ɛyɛ ntease a ɛte sɛɛ mu na atoro adiyifo rebɔ nnipa pii korɔn no. Nanso, henanom ne atoro adiyifo no, na dɛn na wɔrewia? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabua asemmisa yi no, momma yemmu kɔmpɔ nkɔhwehwɛ Israel man no abakɔsɛm mu wɔ Yeremia bere so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena