Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 10/15 kr. 3-4
  • Dɛn Nti na Korɔnbɔ Renya Nkɔanim Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Korɔnbɔ Renya Nkɔanim Saa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Nnipa Wia Ade?
  • Mmɔ Korɔn
  • Korɔnbɔ—Dɛn Nti na Enye?
    Nyan!—1995
  • So Ohia Ma Korɔnbɔ Fata?
    Nyan!—1997
  • Nyɛ Owifo Da!
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • So Ɛyɛ Korɔnbɔ Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 10/15 kr. 3-4

Dɛn Nti na Korɔnbɔ Renya Nkɔanim Saa?

RIO DE JANEIRO​—Kwasida, October 18,1992. Nnipa ayɛ Copacabana ne Ipanema mpoano a agye din hɔ ma. Mpofirim ara mmofra nsɛmmɔnedifo akuw ba mpoano hɔ, wɔne wɔn ho wɔn ho ko na wowia biribiara a ɛsom bo fi nkurɔfo a wɔwɔ mpoano hɔ no hɔ. Polisifo a wɔnnɔɔso no gyina hɔ dinn​—wontumi nyɛ tebea no ho hwee. Wɔ Rio de Janeiro ne akwantufo a wɔaba hɔ fam no, eyi yɛ ahude a ɛkɔ so awia ketee.

Nokwarem no, ahode a wowia abɛyɛ nsɛmmɔnedi a abu so. Wɔ nkurow akɛse mu no, awifo bɔ mmofra korɔn​—na ɛtɔ da bi a, wokum wɔn mpo​—de wia wɔn mpaboa. Awifo kɔ nkurɔfo afie, sɛ ebia nnipa wɔ fie hɔ anaasɛ wonni hɔ. Sɛ mmaawa a wonni nokware hu faako a wɔde nneɛma sie wɔ fie a, wowia agude ne sika na afei woguan. Nnipakuw fow sotɔɔ mu nneɛma. Akuw a wɔahyehyɛ wɔn ho yiye wia nnipa mpo, sɛnea wohu wɔ nnipa a wɔkyere wɔn sie a wɔredɔɔso wɔ Brazil mu no. W’ankasa suahu anaa nea asi wɔ wo man mu no betumi ama wode nhwɛso afoforo ama. Nanso dɛn nti na korɔnbɔ adɔɔso saa?

Dɛn Nti na Nnipa Wia Ade?

Ɛwom sɛ ohia a ɛrenya nkɔanim ne nnubɔne a wɔde di dwuma ne nneɛma atitiriw abien nti a wɔyɛ saa de, nanso mmuae no nna adi pefee. The New Encyclopœdia Britannica se: “Wɔagyae ade biako pɛ a wɔhwehwɛ sɛ ɛno nti na wodi nsɛmmɔne no akyidi sɛ ɛnkosi baabiara.” Nanso, nhoma koro no ara kyerɛ sɛ “te a mmofra te nka sɛ wɔnsɛ hwee ne ɛyaw a wodi sɛ wɔn nsa nka asetra mu honam fam nneɛma ne mfaso no bi” no na ɛde ɔhaw ahorow te sɛ korɔnbɔ no ba. Yiw, esiane nea wobedi ho nhyɛso nti, nnipa bebree hu sɛ wonni ɔkwan foforo biara a wɔbɛfa so anya nneɛma a wɔpɛ no sen sɛ wɔbɛbɔ korɔn.

Nanso, The World Book Encyclopedia da no adi sɛ: “Sɛ wɔde toto ho a, nsɛmmɔnedi nnya nkɔanim wɔ mmeae a ɛhɔ nnipa di tetefo asetra akyi na wogye di sɛ wɔn asetra kwan bɛkɔ so no. Nsɛmmɔnedi taa nya nkɔanim wɔ mmeae a nsakrae ba ntɛmntɛm wɔ baabi a nnipa no te ne nea wɔyɛ de hwɛ wɔn ho​—ne wɔn daakye yiyedi ho anidaso ahorow mu no.” Nhoma no de ka ho sɛ: “Hokwan kakraa bi na mmerante ne mmabaa wɔ sɛ wobenya adwuma ayɛ. Sɛ wɔde toto ho a, ɛte sɛ nea anigye nni famfam nnwuma mu te sɛ nea wonya fi korɔnbɔ mu mfaso a ɛyɛ anigye a wonya no ntɛmntɛm mu no. Afei nso, mmofra nsuro pii sɛ wɔbɛkyere wɔn efisɛ ɛmma wɔnhwere nneɛma pii.”

Nanso, nnipa a wɔnyɛ adwuma anaasɛ nnwuma a wɔyɛ no akatua sua no pii nwia ade, bere a office adwumayɛfo ne adwumayɛfo a wɔyɛ nsaanodwuma wiawia adwumam nneɛma te sɛ nea nneɛma a wowia no yɛ wɔn akatua fã. Nokwarem no, asetram dibea bi ho hia na ama obi atumi adi amim bi. So wontee sika akɛse a wodi ho animguasesɛm, a wɔn a wɔyɛ saa ne amammuifo, aban adwumayɛfo, ne aguadifo no? Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ ahiafo nkutoo na wɔbɔ korɔn.

Kae nso sɛ, sini ne TV so dwumadi ahorow taa de korɔnbɔ di agoru (ebia na emu dɔmmarima no mpo yɛ owifo), na ɛtaa ma wogye korɔnbɔ tom kɛse. Ɛyɛ ampa sɛ ebia wobebu sini a ɛte saa no hwɛ sɛ anigyede, nanso bere koro no ara ɛkyerɛ wɔn a wɔhwɛ no sɛnea wowia ade. So wɔnnaa adwene no adi wɔ anifere kwan so sɛ ebia mfaso wɔ nsɛmmɔnedi so? Akyinnye biara nni ho sɛ adifudepɛ, anihaw, ne adwene a ɛkyerɛ sɛ obiara rebɔ korɔn a ɛnhaw no koraa no ka ho bi na ama korɔnbɔ adɔɔso no. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” a wɔahyɛ ho nkɔm a ahopɛ ne sika ho dɔ bɛkɔ so no mu.​—2 Timoteo 3:1-5.

Mmɔ Korɔn

Wɔ wiase no gyinapɛn ahorow a akyinkyim no nyinaa akyi no, ɛho hia sɛ wodi ahyɛde yi so: “Owifo nnwia ade bio.” (Efesofo 4:28) Obi a obu honam fam nneɛma anaa anigyede ahorow ntraso no betumi adaadaa ne ho agye adi sɛ korɔnbɔ mu asiane fata. Nanso Onyankopɔn bu korɔnbɔ aniberesɛm na ɛkyerɛ ɔdɔ a obi nni mma ne yɔnko. Bio nso, korɔnbɔ nketenkete mpo betumi ama obi apirim ne koma. Na sɛ wobu obi sɛ ɔnyɛ ɔnokwafo nso ɛ? Hena na ɔde ne ho bɛto owifo so? Onyankopɔn Asɛm ka no nyansam sɛ: “Na mommma mo mu bi nnhu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa ɔdebɔneyɛfo.”​—1 Petro 4:15.

Ɛda adi sɛ w’ani nnye korɔnbɔ a ɛredɔɔso no ho, nanso ɔkwan bɛn so na nkurɔfo a wɔte mmeae a nsɛmmɔnedi abu so wɔ hɔ no tumi gyina ano? Ɔkwan bɛn so na ebinom a anka wɔyɛ awifo asakra wɔn asetra kwan? So wobegyae korɔnbɔ wɔ wiase nyinaa da bi? Yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan asɛm a edi so a ɛne “Wiase a Awifo Nni Mu” no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena