Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 11/8 kr. 26-27
  • So Ohia Ma Korɔnbɔ Fata?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ohia Ma Korɔnbɔ Fata?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Onyankopɔn Ka?
  • Dɛn na Ahiafo Betumi Ayɛ?
  • Korɔnbɔ—Dɛn Nti na Enye?
    Nyan!—1995
  • Dɛn Nti na Korɔnbɔ Renya Nkɔanim Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nyɛ Owifo Da!
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Sɛnea Wubegyina Abrabɔ Mu Asɛnnennen A Ɛne Ohiani A Woyɛ No Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 11/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

So Ohia Ma Korɔnbɔ Fata?

“Ohia yɛ adesamma anigye ho tamfo kɛse; akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛe hokwan ahorow na ɛmma su horow bi a eye a wɔbɛda no adi no nyɛ mmerɛw, na ɛma ɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛda afoforo nso adi.”—Samuel Johnson, afeha a ɛto so 18 mu kyerɛwfo.

ROMAN manyɛfo Magnus Aurelius Cassiodorus kae sɛ: “Ohia na ɛde bɔne ba.” Ɛte sɛ nea nsusuwii a ɛtete sɛɛ kyerɛ sɛ bɔne bi wɔ hɔ a, ohia na ɛma wɔyɛ. Ɛte sɛ nea nnipa pii pene so nnɛ, titiriw sɛ bɔne no yɛ korɔnbɔ a.

Adwene a ɛne sɛ nhyɛso ne ohia ma korɔnbɔ fata no abu so yiye. Susuw afeha a ɛto so 14 mu Engiresi nnwom bi a ɛfa Robin Hood ho, a ɛkyerɛ ɔsɛmmɔnedifo bi a na wagye din a na owia adefo nneɛma kyekyɛ ma ahiafo no ho hwɛ. Wofi mfehaha pii abu no sɛ dɔmmarima.

Nokwarem no, nnipa pii hyia sikasɛm mu ahokyere nnɛ. Wiase Nyinaa Sikakorabea bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ nnipa ɔpepepem 1.3 di nea ennu dɔla biako da koro. Wɔ nhwehwɛmu biako mu no, Philippinesfo ɔha mu nkyekyem 70 kae sɛ wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ ahiafo. Wɔ Brazil no, ɔman no mu nnipa mu ɔha biara mu nkyem 20 a wɔwɔ sika paa no akatua boro wɔn a wɔyɛ ahiafo buruburoo a wɔyɛ ɔha biara mu nkyem 20 no akatua a wogye no so mpɛn 32. Tebea a ɛtete saa betumi ama nkurɔfo bi ahaw araa ma wɔafa ɔkwan biara, a korɔnbɔ mpo ka ho so, na ama wɔn nsa aka wɔn da biara da ahiade a ehia na wɔatra nkwa mu kɛkɛ.

Bible kasa tia korɔnbɔ pefee. Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so awotwe ka sɛ: “Mmɔ korɔn.” (Exodus 20:15) Nanso, sɛ sikasɛm mu ahokyere na epiapiaa ɔkorɔmfo no a, ɛka nnipa pii a wogye Bible di no ma wɔkyerɛ sɛ korɔnbɔ no fata.

Eyi ma nsɛmmisa a ɛyɛ anibere sɔre: So ohia ma korɔnbɔ fata ankasa? Sɛ obi wɔ sikasɛm mu ahokyere a emu yɛ den mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Na sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ mmofra a wɔyare anaa ɔkɔm de wɔn nso ɛ? So Yehowa Nyankopɔn bɛma korɔnbɔ ho kwan wɔ tebea horow a ɛtete saa mu, titiriw sɛ ade a wɔfa no yɛ wɔn a ebia ɛho renhia wɔn no de a?

Dɛn na Onyankopɔn Ka?

Esiane sɛ Yesu daa N’agya nipasu no bi adi nti, ne nhwɛso betumi aboa yɛn ma yɛate Onyankopɔn adwene ase. (Yohane 12:49) Bere a na Yesu wɔ asase so no, na ɔda mmɔborohunu adi wɔ ɔne ahiafo nsɛnnii mu. Bible ka sɛ “bere a ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn.” (Mateo 9:36) Nanso, wamfoa korɔnbɔ so wɔ ɔkwan biara so da. Saa ara na ɛwom sɛ Onyankopɔn susuw ahiafo ho de, nanso ommu ohia sɛ ade a ɛma korɔnbɔ fata. Wɔ Yesaia 61:8 no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn ‘kyi atirimɔden so dwowtwa.’ Na ɔsomafo Paulo ka ma emu da hɔ fann sɛ akorɔmfo rennya Onyankopɔn Ahenni no. Enti obi ntumi nnye kyim biara wɔ Onyankopɔn adwene ho.—1 Korintofo 6:10.

Nanso, Mmebusɛm 6:30 ka sɛ “owifo, sɛ owia ade sɛ ɔredi amee, efisɛ ɔkɔm de no a, wommu ani ngu so.” So asɛm yi ma korɔnbɔ ho kwan? Dabida. Nsɛm a ɛfa ho no ma ɛda adi sɛ Onyankopɔn da so ara bu ɔkorɔmfo no sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe n’aso wɔ ne bɔne ho. Nkyekyem a edi so no ka sɛ: “Na sɛ wohu no a, ɔbɔ ho mpɛn ason, ɔde n’afide nyinaa bɛma.”—Mmebusɛm 6:31.

Bere a ebia ɔkorɔmfo a ɔkɔm ma owia ade no ho nyɛ ahi te sɛ nea anibere anaa nsɛmmɔne a ɔpɛ sɛ odi nea owia n’ade nti na ɛma owia ade no, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ Onyankopɔn anim dom no di korɔnbɔ biara ho fɔ. Wɔ ohia buruburoo mu mpo no, korɔnbɔ nni Onyankopɔn ni. Mmebusɛm 30:8, 9 ka no saa kwan yi so sɛ: “Ma minnya m’aduan a ehia me no minni; . . . [na] manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.” Yiw, ɔkorɔmfo de ahohorabɔ ba Onyankopɔn din so. Esiane sɛ korɔnbɔ nkyerɛ ɔdɔ nti, ɛyɛ bɔne, ɛmfa ho sɛ wɔyɛ tia ɔdefo anaa ohiani no. Wɔ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo fam no, korɔnbɔ mfata ɔkwan biara so.—Mateo 22:39; Romafo 13:9, 10.

Ntease nni asɛm a wɔka sɛ obi a ne ho akyere no no wɔ hokwan sɛ owia ade no mu. Eyi a obi ka no bɛyɛ te sɛ nea ɔka sɛ ogumadifo a ne ho nyɛ den wɔ hokwan sɛ ɔnom nnuru a wɔabara na ama wadi nkonim no. Sɛ odi nkonim mpo a, wafa ɔkwan a ɛnteɛ so. Afoforo nso bɛte nka sɛ ɔnam kwammɔne so ama wɔn nkonimdi abɔ wɔn. Saa ara na ɛte wɔ ɔkorɔmfo fam. Ɔnam kwammɔne so fa nea ɛyɛ afoforo de. Ne ho a akyere no no mma ɔkwan a ɔfaa so no mfata.

Ɛsɛ sɛ ɔkorɔmfo biara a ɔpɛ sɛ onya Nyankopɔn anim dom no sakra fi ne suban no ho. Bible tu fo sɛ: “Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa.” (Efesofo 4:28) Wɔn a na kan wɔyɛ akorɔmfo a wɔanu wɔn ho ampa no betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de befiri wɔn.—Hesekiel 33:14-16.

Dɛn na Ahiafo Betumi Ayɛ?

Bible hyɛ bɔ sɛ: “[Yehowa, NW] mma ɔkɔm nne ɔtreneeni kra, na abɔnefo adepɛ de, ɔka gu.” (Mmebusɛm 10:3) Onyankopɔn remmoa wɔn a wɔhyɛ da bu ne mmara so de dwudwo wɔn akɔnnɔ ano no. Nanso ohu wɔn a wofi komam bɔ mmɔden sɛ wobetie no no mmɔbɔ, na ɔbɛdom wɔn ama wɔn nsa aka nea wohia.—Dwom 37:25.

Nnipa ɔpepem pii ahu dedaw sɛ sɛ wodi nnyinasosɛm horow a eye akyi a, wɔn asetra tu mpɔn. Sɛ nhwɛso no, Bible afotu a ɛfa nsi a yɛbɛyɛ na yɛakwati nneyɛe bɔne te sɛ kyakyatow, asabow, sigaretnom, ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ho a wɔadi akyi no ama wɔanya nea wohia ankasa pii. (Galatifo 5:19-21) Eyi hwehwɛ sɛ wɔkyerɛ gyidi, na wɔn a wɔayɛ saa no ahu sɛ ‘Yehowa ye’ ne sɛ ɔboa wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no ampa.—Dwom 34:8.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

Robin Hood: General Research Division/The New York Public Library/Astor, Lenox and Tilden Foundations

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena