Yehowa Akyɛde A Ɛne Honhom Kronkron
“Mpɛn ahe ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa honhom kronkron mma wɔn a wobisa no!”—LUKA 11:13.
1, 2. (a) Honhom kronkron ho bɔhyɛ bɛn na Yesu de mae, na dɛn nti na eyi yɛ awerɛkyekye ampa? (b) Dɛn ne honhom kronkron no?
AFE 32 Y.B. twabere mu, bere a Yesu reka asɛmpa no wɔ Yudea no, ɔkaa Yehowa ayamye ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no. Ɔde mfatoho ahorow bi a tumi wom dii dwuma, na afei ɔde bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi mae sɛ: “Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo Agya a ɔwɔ Ɔsoro no remfa honhom kronkron mma wɔn a wobisa no!”—Luka 11:13.
2 Awerɛkyekye bɛn ara na saa nsɛm no yɛ sɛɛ yi! Bere a yegyina wiase yi nna a edi akyiri mu basabasayɛ ne Satan ne n’adaemone nitan ano, na yɛko tia yɛn ankasa bɔne su horow no, hu a yebehu sɛ Onyankopɔn nam ne honhom so bɛhyɛ yɛn den no ma yɛn akomatɔyam ampa. Nokwarem no, sɛ yɛannya saa mmoa no a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛde nokwaredi begyina. So woahu sɛnea honhom yi ahoɔden, a ɛne Onyankopɔn ankasa adeyɛ tumi no te anaa? So wote sɛnea ebetumi aboa wo yiye no ase? So wode di dwuma kosi ase?
Honhom Kronkron Tumi No
3, 4. Fa honhom kronkron no ahoɔden ho nhwɛso ma?
3 Di kan susuw honhom kronkron ahoɔden no ho. Susuw afe 1954 ho. Saa bere no na wɔtow hydrogen ɔtopae wɔ Bikini Supɔw a ɛwɔ South Pacific no so no. Ɔtopae no tow akyi ara pɛ, ogya kɛse tɔɔ saa supɔw fɛfɛ no mu na ɔtopae a anoden ne TNT tɔn ɔpepem 15 yɛ pɛ sɛee so pasaa. Na saa adesɛe tumi no nyinaa fi he? Efi nea wɔfrɛ no uranium ne hydrogen a ɛne nneɛma atitiriw a wɔde yɛɛ ɔtopae no fã ketewaa bi a wɔdan no yɛɛ no ahoɔden no mu na ɛbae. Nanso, sɛ nyansahufo betumi ayɛ ade a ɛne nea wotumi yɛe wɔ Bikini no bɔ abira nso ɛ? Sɛ wobetumi anya saa ogya ahoɔden no nyinaa adan no uranuim ne hydrogen nkaribo kakraa bi nso ɛ? Hwɛ sɛnea anka ɛno bɛyɛ ade kɛse a wɔayɛ! Nanso, Yehowa yɛɛ biribi a ɛte sɛ ɛno ara nanso ɛso sen saa koraa bere a “mfiase no, [ɔbɔɔ] ɔsoro ne asase” no.—Genesis 1:1.
4 Yehowa wɔ ahoɔden pii. (Yesaia 40:26) Ɛbɛyɛ sɛ ɔde saa ahoɔden yi bi dii dwuma bere a ɔyɛɛ nneɛma nyinaa a ɛka bom yɛ amansan no. Dɛn na ɔde dii dwuma wɔ adebɔ dwumadi yi mu? Honhom kronkron. Yɛkenkan sɛ: “[Yehowa] de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anom honhom na ɛyɛɛ emu asafo nyinaa.” (Dwom 33:6) Na Genesis adebɔ ho amanneɛbɔ no kenkan sɛ: “Na Onyankopɔn adeyɛ tumi [honhom kronkron] no di akɔneaba wɔ nsu no ani.” (Genesis 1:2, New World Translation) Tumi kɛse bɛn ara na honhom kronkron no yɛ sɛɛ yi!
Anwonwa Nnwuma
5. Akwan a ɛhyɛ anuonyam bɛn so na honhom kronkron no yɛ adwuma?
5 Honhom kronkron da so ara yɛ adwuma wɔ akwan a ɛhyɛ anuonyam so. Ɛkyerɛ Yehowa soro ahyehyɛde no kwan. (Hesekiel 1:20, 21) Te sɛ ahoɔden a efii hydrogen ɔtopae no mu no, wobetumi de abu Yehowa atamfo atɛn asɛe wɔn, nanso ayɛ adwuma wɔ akwan foforo a ɛma yɛn ho dwiriw yɛn so.—Yesaia 11:15; 30:27, 28; 40:7, 8; 2 Tesalonikafo 2:8.
6. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boaa Mose ne Israel mma no wɔ wɔne Misraim nsɛnnii mu?
6 Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa somaa Mose sɛ ɔnkɔ Misraim Farao anim nkobisa ahofadi mma Israel mma. Na Mose ayɛ oguanhwɛfo wɔ Midian wɔ mfe 40 a atwam mu, enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ Farao tie oguanhwɛfo? Efisɛ Mose bae wɔ nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, din mu. Sɛ eyi ho adanse no, Yehowa maa no ahoɔden ma ɔde yɛɛ anwonwade ahorow. Na eyi yɛ nwonwa araa ma ɛhyɛɛ Misrifo akɔmfo no ma wogye toom sɛ: “Onyankopɔn nsateaa ni!”a (Exodus 8:19) Yehowa de ɔhaw du baa Misraim so, na nea etwa to no hyɛɛ Farao ma ɔmaa Onyankopɔn nkurɔfo no fii Misraim. Bere a Farao de akomapirim ne n’asraafo dɔm tiw wɔn no, lsraelfo no guanee bere a wɔnam anwonwa kwan so buee ɔkwan bi wɔ Po Kɔkɔɔ no mu maa wɔn no. Misraim asraafo dɔm no tiw wɔn kɔɔ po no mu ma ɛfaa wɔn.—Yesaia 63:11-14; Hagai 2:4, 5.
7. (a) Nea enti a honhom kronkron no yɛɛ anwonwade ahorow no bi ne dɛn? (b) Ɛwom sɛ anwonwade ahorow a wɔde honhom kronkron yɛ nsi bio de, nanso dɛn nti na ɛho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible no mu no yɛ awerɛkyekye?
7 Yiw, Yehowa nam ne honhom no so yɛɛ anwonwade akɛse maa lsraelfo no wɔ Mose bere so, ne mmere afoforo mu nso. Na anwonwade ahorow yi ho atirimpɔw ne dɛn? Ɛmaa Yehowa atirimpɔw ahorow kɔɔ so, ne din hyetae, na ɛdaa ne tumi adi. Na mmere bi nso mu no, edii adanse a akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa gyina obi akyi, te sɛ nea esii wɔ Mose fam no. (Exodus 4:1-9; 9:14-16) Nanso, anwonwade ahorow a wɔnam honhom kronkron so yɛe no ho yɛ na wɔ abakɔsɛm nyinaa mu.”b Ebetumi aba sɛ, nnipa pii a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no anhu bi da, na ebi nsi bio nnɛ. Nanso, bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi nsɛnnennen a ebia ɛte sɛ nea yɛrentumi nni so nkonim ho dwuma no, so ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ sɛ yefi gyidi mu srɛ Yehowa a, ɔbɛma yɛn honhom koro no ara a ɛboaa Mose wɔ Farao anim na ebuee ɔkwan wɔ Po Kɔkɔɔ no mu maa Israelfo no bi?—Mateo 17:20.
Nkyerɛwee a Efi Honhom Mu
8. Dwuma bɛn na honhom kronkron no dii wɔ Mmara Nsɛm Du a wɔde mae no mu?
8 Wogyee lsraelfo no fii Misraim akyi no, Mose dii wɔn anim kɔɔ Bepɔw Sinai ho, faako a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam na ɔmaa wɔn ne Mmara. Mmara a ɔnam Mose so de mae no fã titiriw bi ne Mmara Nsɛm Du no a wɔkyerɛw nea edi kan no guu abopon so no. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam honhom kronkron so. Bible no se: “Na [Yehowa] ne Mose wiee kasa Sinai Bepɔw so no, ɔmaa no adanse apon abien, abopon a wɔde Nyankopɔn nsateaa akyerɛw so.”—Exodus 31:18; 34:1.
9, 10. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no dii dwuma wɔ Hebrifo Kyerɛwnsɛm no kyerɛw mu, na ɔkwan bɛn so na eyi da adi wɔ nsɛm a Yesu asuafo no kae mu?
9 Mmara Nsɛm Du no akyi no, Yehowa nam ne honhom no so de mmara ne ahyɛde ɔhaha pii maa Israel na akyerɛ mmarima ne mmea anokwafo asetra kwan. Na pii wɔ hɔ a na ɔbɛyɛ ama wɔn. Mose mmere no akyi mfehaha pii no, Lewifo dii adanse wɔ baguam mpae bi a wɔbɔɔ Yehowa mu sɛ: “Wukuraa [Israelfo no] mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse.” (Nehemia 9:5, 30) Wɔkyerɛw nkɔm a saa adiyifo no fi honhom mu hyɛe no pii. Bio nso, honhom kronkron kanyan mmarima anokwafo ma wɔkyerɛw abakɔsɛm kronn ne ayeyi nnwom a efi komam too hɔ.
10 Na Paulo reka nkyerɛwee ahorow yi nyinaa ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu” no. (2 Timoteo 3:16; 2 Samuel 23:2; 2 Petro 1: 20, 21) Nokwarem no, bere a Yesu afeha a edi kan no mu asuafo no faa kyerɛw nsɛm yi mu nsɛm kaa nsɛm no, na wɔtaa de nsɛm te sɛ “honhom kronkron nam Dawid anom . kae,” ‘honhom kronkron nam Yesaia so kae sɛ,’ anaasɛ “honhom kronkron ka” ara kɛkɛ di dwuma. (Asomafo no Nnwuma 1:16; 4:25; 28:25, 26; Hebrifo 3:7) Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ honhom kronkron koro no ara a wɔde kyerɛw Kyerɛw Kronkron no akora so sɛnea ɛbɛyɛ na akyerɛ yɛn kwan na akyekye yɛn werɛ nnɛ!—1 Petro 1:25.
Ho a Wɔde To Honhom Kronkron So
11. Honhom no dwumadi bɛn na wohui wɔ ahyiae ntamadan no si mu?
11 Bere a Israelfo no kɔbɔɔ nsra wɔ Bepɔw Sinai ase no, Yehowa hyɛɛ wɔn sɛ wonsi ahyiae ntamadan na ayɛ nokware som beae titiriw. Na wɔbɛyɛ dɛn ayɛ eyi? “Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Monhwɛ, [Yehowa] afrɛ Hura ba Uri ba Besaleel a ofi Yuda abusuakuw mu, na ɔde Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni nyinaa mu.” (Exodus 35:30, 31) Honhom kronkron hyɛɛ ɔdom akyɛde biara a Besaleel wɔ no mu den, ma enti na obetumi ahwɛ saa ntamadan nwonwaso no si so yiye.
12. Ɔkwan bɛn so na honhom no hyɛɛ ankorankoro den anwonwa kwan so wɔ Mose mmere no akyi?
12 Bere bi akyi no, Yehowa honhom baa Simson so maa no ahoɔden a ɛboro onipa de so ma otumi gyee Israel fii Filistifo nsam. (Atemmufo 14:5-7, 9; 15:14-16; 16: 28-30) Ɛno nso akyi no, wɔmaa Salomo nyansa titiriw bi sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wapaw wɔn no hene. (2 Beresosɛm 1: 12, 13) Israel dii yiye sen bere biara wɔ n’ase, na wɔn anigye tebea no bɛyɛɛ nhyira horow a Onyankopɔn nkurɔfo benya wɔ Salomo Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, Mfirihyia Apem Ahenni ase no ho nsusuwso.—1 Ahene 4:20, 25, 29-34; Yesaia 2:3, 4; 11:1, 2; Mateo 12:42.
13. Ɔkwan bɛn so na sɛnea honhom no hyɛɛ Besaleel, Simson, ne Salomo den no ho kyerɛwtohɔ no hyɛ yɛn nkuran nnɛ?
13 Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ Yehowa ma yenya honhom koro no ara! Sɛ yɛte nka sɛ dwumadi bi so sen yɛn anaasɛ yentumi nyɛ asɛnka adwuma no a, yebetumi asrɛ Yehowa na wama yɛn honhom koro no ara a ɔde maa Besaleel no bi. Sɛ yɛyare anaasɛ yegyina ɔtaa ano a, honhom koro no ara a ɛmaa Simson ahoɔden soronko no bɛhyɛ yɛn den—ɛwom, ɛnyɛ anwonwa kwan so de. Na sɛ yehyia nsɛnnennen anaasɛ ehia sɛ yesi gyinae ahorow a ɛho hia a, yebetumi asrɛ Yehowa a ɔmaa Salomo nyansa soronko no sɛ ɔmmoa yɛn na yɛnyɛ ade nyansam. Ɛno na te sɛ Paulo no, yɛbɛka sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Na Yakobo bɔhyɛ no bɛbam wɔ yɛn fam sɛ: “Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no.”—Yakobo 1:5.
14. Henanom na honhom kronkron awowaw wɔn wɔ tete ne nnɛ mmere yi nyinaa mu?
14 Na Yehowa honhom wɔ Mose nso so bere a na ɔrebu ɔman no atɛn no. Bere a wɔpaw afoforo sɛ wɔmmoa Mose no, Yehowa kae sɛ: “Na mede honhom a ɛwɔ wo so no bi magu wɔn so na wɔne wo aso ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.” (Numeri 11:17) Enti, na enhia sɛ saa mmarima no de wɔn ankasa ahoɔden yɛ ade. Honhom kronkron boaa wɔn. Yɛkenkan sɛ akyiri yi no, na Yehowa honhom wɔ nnipa afoforo binom so. (Atemmufo 3:10, 11; 11:29) Bere a Samuel sraa Dawid sɛ nea ɔbɛyɛ Israel hene daakye no, kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na [Yehowa] honhom [baa] Dawid so fi da no ara de rekɔ no.” (1 Samuel 16:13) Wɔn a nnɛ wɔwɔ asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru—abusua mu, asafo mu, anaa ahyehyɛde no mu—no betumi anya awerɛkyekye sɛ Onyankopɔn honhom da so ara hyɛ ne nkoa den bere a wodi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma no.
15. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron ahyɛ Yehowa ahyehyɛde no den (a) wɔ Hagai ne Sakaria mmere so? ne (b) nnɛyi?
15 Mose mmere no akyi bɛyɛ mfe apem no, Israel mma mu anokwafo bi san fii Babilon kɔɔ Yerusalem a wɔahyɛ wɔn sɛ wɔnsan nkosi asɔrefi no. (Esra 1:1-4; Yeremia 25:12; 29:14) Nanso, akwanside ahorow a emu yɛ den sɔree, na wɔn aba mu bui mfe pii. Awiei koraa no, Yehowa maa adiyifo Hagai ne Sakaria so ma wɔbɛhyɛɛ Yudafo no nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to wɔn ankasa ahoɔden so. Nanso na ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa awie adwuma no? “Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na me honhom so, asafo [Yehowa] na ose.” (Sakaria 4:6) Na ɛdenam Onyankopɔn honhom mmoa so no, wosii asɔrefi no. Saara na Onyankopɔn nkurɔfo atumi ayɛ pii nnɛ. Asɛmpaka adwuma no mu atrɛw wɔ asase so nyinaa. Wɔde nokware ne trenee rekyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii. Wɔyɛ nhyiam akɛse ho nhyehyɛe. Wosisi Ahenni Asa ne baa dwumadibea ahorow. Wɔayɛ eyi mu dodow no ara wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den nyinaa akyi. Nanso Yehowa Adansefo aba mu mmui ɛ, efisɛ wonim sɛ nea wɔatumi ayɛ biara mfi asraafo tumi, anaa onipa tumi, na mmom efi Onyankopɔn honhom no.
Onyankopɔn Honhom wɔ Afeha a Edi Kan no Mu
16. Onyankopɔn honhom no dwumadi mu osuahu bɛn na Yehowa asomfo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no nyae?
16 Sɛnea yɛahu no, na Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no nim tumi a Onyankopɔn honhom wɔ no yiye. Wɔde wɔn ho too so na aboa wɔn ma wɔadi asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru ho dwuma na wɔayɛ Onyankopɔn apɛde. Na wonim nso sɛ Mmara no ne kyerɛw kronkron afoforo no fi honhom mu, wɔkyerɛw wɔ Yehowa honhom no nkɛntɛnso ase, ma enti na ɛyɛ ‘Onyankopɔn Asɛm.’ (Dwom 119:105) Nanso, Kristofo bere so nso ɛ?
17, 18. Honhom no anwonwa kwan so adiyi wɔ Kristofo mmere so no bi ne nea ɛwɔ he, na atirimpɔw bɛn na eyinom dii ho dwuma?
17 Onyankopɔn honhom no dii dwuma anwonwa kwan so wɔ Yɛn Bere yi mu afeha a edi kan no nso mu. Wɔhyɛɛ nkɔm a efi honhom mu. (1 Korintofo 14:1, 3) Wɔnam honhom kronkron nkɛntɛnso so kyerɛw nhoma ahorow bi ma Yesu bɔhyɛ a ese honhom kronkron no bɛkaakae n’asuafo no nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa na akyerɛkyerɛ wɔn nokware no ho nsɛm afoforo no baam. (Yohane 14:26; 15:26, 27; 16:12, 13) Na wɔyɛɛ anwonwade ahorow nso, sɛnea yɛbɛka ho asɛm pii wɔ asɛm a edi hɔ no mu no. Nokwarem no, afeha a edi kan no de anwonwade bi a ɛyɛ anigye na efii ase. Bɛyɛ afe 2 A.Y.B. mu no, na wɔrebɛwo akokoaa titiriw bi, na sɛ sɛnkyerɛnne no, ne na a ɔyɛ ababaa no bɛyɛ ɔbaabun. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? Ɛdenam honhom kronkron so. Kyerɛwtohɔ no se: “Sɛnea Yesu awo te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef aware, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi honhom kronkron mu.”—Mateo 1:18; Luka 1: 35, 36.
18 Yesu nyinii no, ɔnam honhom kronkron ahoɔden so tuu adaemone, saa ayarefo yare, na onyan awufo mpo. N’akyidifo no mu binom nso yɛɛ anwonwade ne ahoɔdenne ahorow. Na nneɛma atitiriw a wotumi yɛe yi yɛ honhom akyɛde ahorow. Na ɛho atirimpɔw ne dɛn? Sɛnea tete anwonwade ahorow yɛe no, ɛmaa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow kɔɔ so na ɛdaa ne tumi adi. Bio nso, ɛdaa nokware a ka a Yesu kae sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no no yɛ no adi; na akyiri yi, edii adanse sɛ afeha a edi kan Kristofo asafo no ne ɔman a Onyankopɔn apaw wɔn.—Mateo 11:2-6; Yohane 16:8; Asomafo no Nnwuma 2:22; 1 Korintofo 12: 4-11; Hebrifo 2:4; 1 Petro 2:9.
19. Ɔkwan bɛn so na Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa anwonwade ahorow a Yesu ne n’asomafo no yɛe ho no hyɛ yɛn gyidi den?
19 Nanso, ɔsomafo Paulo kae sɛ honhom no anwonwa kwan so adiyi ahorow yi yɛ asafo no mfitiasede a ebetwam, enti yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nhu sɛ honhom kronkron no yɛ anwonwade ahorow a ɛte saa. (1 Korintofo 13:8-11) Nanso, anwonwade ahorow a Yesu ne n’asomafo no yɛe no kyerɛ pii sen abakɔsɛm ara kɛkɛ. Ɛhyɛ yɛn gyidi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ese ɔyare ne owu rentra Yesu nniso ase wɔ wiase foforo no mu no mu den.—Yesaia 25:6-8; 33:24; 65: 20-24.
Nya Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu Mfaso
20, 21. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛanya honhom kronkron a wɔde ma no mu mfaso?
20 Tumi kɛse bɛn ara na honhom yi yɛ sɛɛ yi! Nanso ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi anya mu mfaso? Nea edi kan no, Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛsrɛ, enti dɛn nti na wonyɛ saa? Bɔ mpae srɛ Yehowa na ɔmma wo akyɛde a ɛyɛ nwonwa yi bi, ɛnyɛ ahokyere bere mu nko, na mmom bere biara mu. Bio nso, kenkan Bible no, sɛnea ɛbɛyɛ na honhom kronkron akasa akyerɛ wo. (Fa toto Hebrifo 3:7 ho.) Susuw nea wokenkan no ho na fa di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ na honhom kronkron no atumi anya w’asetra so tumi. (Dwom 1:1-3) Bio nso, wo ne afoforo a wɔde wɔn ho to Onyankopɔn honhom so no mmɔ—sɛ ankorankoro anaa wɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase. Hwɛ sɛnea honhom kronkron hyɛ wɔn a wohyira wɔn Nyankopɔn wɔ “asafo ahyiae mu” no den!—Dwom 68:26.
21 So Yehowa nyɛ Onyankopɔn yamyefo? Ose nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛsrɛ honhom kronkron, na ɔde bɛma yɛn. Hwɛ sɛnea ɛyɛ agyimisɛm sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa nyansa ne ahoɔden so bere a yɛn nsa betumi aka mmoa a ahoɔden wom sɛɛ! Nanso, Onyankopɔn honhom no ho nsɛm afoforo wɔ hɔ a ɛfa yɛn ho sɛ Kristofo, na yɛbɛka eyi ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Asɛm “Onyankopɔn nsateaa” no taa kyerɛ honhom kronkron.—Fa toto Luka 11:20 ne Mateo 12:28 ho.
b Anwonwade ahorow a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no mu dodow no ara sii wɔ Mose, Yosua, Elia ne Elisa, ne Yesu ne n’asomafo no mmere so.
Wubetumi Abua Nsemmisa a Edidi so Yi?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔɔ nneɛma a ɛwɔ amansan yi mu no nyinaa?
◻ Akwan a honhom kronkron faa so yɛɛ adwuma ansa na Kristofo mmere no reba no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Ɔkwan bɛn so na hu a yehu nea honhom kronkron no tumi yɛe wɔ tete mmere mu no ma yɛn awerɛkyekye?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn na yɛanya honhom kronkron a wɔde ma no mu mfaso?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Honhom a ɛmaa Simson nyaa ahoɔden a ɛboro onipa de so no betumi ama yɛanya ahoɔden de ayɛ ade nyinaa