So Amanaman Ntam Dwoodwoo Asetra Ho Nhyehyɛe Bɛyɛ Yiye?
NSƐMMA nhoma, One World, a WCC (World Council of Churches) yɛe no ka sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛnam Onyankopɔn mmɔborɔhunu so no, Ɔko Nwininwini a ahaw wiase no mfe 40 ne akyi no aba awiei.” Na Anglikan ɔkyerɛwfo John Pobee a ɔyɛ WCC no Nhyehyɛe ma Nyamekyerɛ Adesua ho adwuma no de ka ho sɛ: “Ɛte sɛ nea nsɛm atitiriw a ɛresisi wɔ Europa Mfinimfini ne Apuei Fam . . . kyerɛ sɛ asomdwoe ne dwoodwoo asetra bɛba Europa ne wiase a aka no mu.”
Ɛnyɛ WCC ananmusifo nkutoo na wɔka sɛ Onyankopɔn nsa wɔ onipa nhyehyɛe ma amanaman ntam dwoodwoo asetra mu. April 1991 mu, wɔ Persian Gulf ɔko no akyi pɛɛ no, Paapa John Paul de nkrasɛm bi kɔmaa Javier Peréz de Cuéllar a saa bere no ɔne Amanaman Nkabom no ɔkyerɛwfo panyin no, na ɔkaa wom sɛ: “Katolek Asɔre a ɛwɔ Mfinimfini Fam Apuei ne Atɔe Fam no mu asɔfo mpanyimfo wɔ Amanaman Nkabom no adwuma mu ahotoso . . . Wɔn anidaso ne sɛ, ɛnam Amanaman Nkabom no ne mu ahyehyɛde atitiriw so no, amanaman no bɛte nka ama wɔn a nnansa yi ara ɔko no ama ahia wɔn kɛse no na wɔaboa wɔn.”
Bio nso, na Vatican no ka Aman 35 a wɔhyehyɛɛ 1975 Helsinki Apam ne 1986 Stockholm Krataa no na wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ho. Bere a Amanaman Nkabom no kae sɛ 1986 yɛ “Amanaman Ntam Asomdwoe Afe” no, paapa no gyee so denam nsa a ɔto frɛɛ wiase nyamesom atitiriw ananmusifo sɛ wommenya “Wiase Mpaebɔ Da ma Asomdwoe” afahyɛ no mu kyɛfa no so. Wɔ October 1986 mu no, Budhafo, Hindufo, Nkramofo, Anglikanfo, Lutheranfo, Greek Ortodoksfo, Yudafo, ne gyidi afoforo ananmusifo kɔtraa faako wɔ Assisi, Italy, na wɔbɔɔ mpae nnidiso nnidiso maa wiase asomdwoe.
Mfe bi akyi no, Anglikanfo Sɔfo Panyin a ɔwɔ Canterbury no kaa asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no ho asɛm wɔ ɔkasa bi a ɔmae wɔ Rome no mu. Ɔkae sɛ: “Yehui wɔ Assisi sɛ Rome Ɔsɔfopɔn [paapa no] betumi aboaboa Kristofo Asɔre ahorow no ano. Na yebetumi abom abɔ mpae, abom akasa, na yɛayɛ ade abom ama adesamma asomdwoe ne yiyedi . . . Metee nka wɔ saa adeyɛ ma wiase asomdwoe no ase sɛ migyina Onyankopɔn a ɔkae sɛ ‘Hwɛ, mereyɛ ade foforo’ no anim.”
Ɛwom sɛ ɔsom afoforo bi ananmusifo ankɔ Assisi de, nanso wɔn nso hwɛ kwan sɛ biribi pa befi onipa nhyehyɛe ma amanaman ntam dwoodwoo asetra no mu aba. Samufo asɛm bi a ɛwɔ South Africa Dutch Reformed Church no nsɛmma nhoma Die Kerkbode mu no kae sɛ: “Yɛrehu nsakrae a ɛde kɔ wiase nhyehyɛe foforo bi mu no. Nsɛm a mfe kakraa bi a atwam ni no, na ɛte sɛ nea ɛrentumi mma no resisi a yɛn ani tua. Nkabom a ɛrekɔ so wɔ wiase no mu wɔ Soviet Union ne Atɔe Fam aman no ntam no bɛkyerɛ biribi titiriw wɔ mmeae pii. Wɔ yɛn wiase no fã yi mu no, akuw a anka wɔtaa sɔre tia wɔn ho wɔn ho ne wɔn a wɔtan wɔn ho wɔn ho yiye ne wɔn ho wɔn ho rekasa, na ‘asomdwoe’ ho atenka reda adi wɔ baabiara . . . Kristofo adwene ne sɛ ɛsɛ sɛ wogye mmɔden biara a wɔbɔ na wɔama asomdwoe aba nnipa ntam no tom. Yebetumi abɔ asomdwoe ho mpae wɔ yɛn bere yi so.”
So Onyankopɔn rehyira onipa nhyehyɛe ma amanaman ntam dwoodwoo asetra no so?
Dɛn na Bible no Ka?
Bible no de nnipa mmɔdenbɔ mu ahotoso ho kɔkɔbɔ ma pefee sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe no yera.” (Dwom 146:3, 4) Asomdwoe nya ho nkɔso a aba nnɛyi betumi ayɛ sɛ nea ɛhyɛ nkuran. Nanso ɛsɛ sɛ yehu nneɛma sɛnea ɛte. Nnipa tumi sua. Nsɛm a esisi no taa yɛ nea ɛsõ sen wɔn. Ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobehu nneɛma a aniwa nhu, tumi a ahintaw a ɛsɛe nhyehyɛe ahorow a wɔasusuw ho yiye ayɛ no.
Mfe ahanson ansa na Yesu reba, wɔ odiyifo Yesaia bere so no, na Yudafo akannifo reyɛ dwoodwoo asetra a wɔnam apam a wɔne amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia bɛyɛ so benya no ho nhyehyɛe, wɔ ɔkwan a ɛne nea ɛrekɔ so nnɛ yi sɛ so. Saa nna no mu nso, nyamesom akannifo no gyinaa nea amammuifo no reyɛ no akyi. Nanso Yesaia bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Muntu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina.” (Yesaia 8:10) Wɔn agyina no dii nkogu koraa. So ade koro no ara betumi asi nnɛ?
Yiw, ebetumi asi, efisɛ Onyankopɔn nam odiyifo koro no ara so bɔɔ amanneɛ sɛ N’ankasa wɔ Ne kwan a ɔnam so de dwoodwoo asetra bɛba asase so. Ɛnam Israel hene Dawid aseni bi so na ɛbɛba, na ɛnyɛ onipa ahyehyɛde bi so. (Yesaia 9:6, 7) Yesu Kristo ne saa Ɔhene Dawid Ɔdedifo no, nea bere a Pontio Pilato rebisabisa no nsɛm no, ogye toom sɛ ɔyɛ Ɔhene, nanso ɔkae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase” no. (Yohane 18:36; Luka 1:32) Nokwarem no, na Yesu Ahenni no bɛyɛ nea efi soro. Na ɛno—ɛnyɛ Amanaman Nkabom no anaa asase so amammui ɔman bi—na ɛde dwoodwoo asetra a ɛbɛtra hɔ daa, na wobetumi de ho ato so bɛba asase so.—Daniel 2:44.
Yesu Kristo ka siei sɛ n’Ahenni no befi ase adi tumi afi soro wɔ bere bi a “ɔko ne akosɛm” rekɔ so, na ‘ɔman sɔre ɔman so ne ahenni ahenni so’ no mu. Nkɔmhyɛ mmamu hyɛ 1914 nsow sɛ bere a saa asɛm no sii na ema wohu sɛ mfe a aba wɔ ɛno akyi no ne ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei.’—Mateo 24:3, 6-8.
Dɛn na eyi kyerɛ? Sɛ mprempren wiase nhyehyɛe no bere a aka sua, na ɛrenkyɛ na aba awiei. So ɛsɛ sɛ ɛno haw adwene anaa ɛhyɛ awerɛhow? Sɛ yɛkae atirimɔden, atɛnkyea, nhyɛso, akodi, ne amanehunu pii a ahyɛ nneɛma nhyehyɛe yi mu ma no a, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Nokwarem no, ɛbɛyɛ nea ahotɔ wom sɛ yebenya sodifo bi a Bible no ka ne ho asɛm sɛ: “Na [Yehowa] honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne [Yehowa] suro honhom.”—Yesaia 11:2.
Dwoodwoo Asetra Ankasa wɔ Asase So
Nokwarem no, dwoodwoo asetra ankasa remma asase yi so kosi sɛ Yesaia nkɔmhyɛ yi bɛbam wɔ wiase nyinaa wɔ Onyankopɔn Ahenni ase: “Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.” (Yesaia 65:17) Ɛmfa ho sɛ mpae ahe ara na nyamesom akannifo bɛbɔ ama wiase yi no, nnipa nhyehyɛe ma amanaman ntam dwoodwoo asetra rentumi nsi Onyankopɔn kwan a ɔnam so de asomdwoe ne dwoodwoo asetra bɛba no ananmu.
Wiase nyinaa dwoodwoo asetra a ɛbɛtra hɔ daa a Onyankopɔn Ahenni de bɛba no bɛyɛ anigye. Ɛho nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Bible no mu no biako pɛ ni: “Na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remmã afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa] ano na aka.”—Mika 4:3, 4.
Dwoodwoo asetra a Onyankopɔn ankasa ahyɛ ho bɔ no nkutoo na ebetumi atra hɔ daa a wotumi de ho to so. Enti sɛ anka wode wo ho bɛto ahene so no, dɛn nti na womfa wo ho nto no so mmom? Ɛno na afei wubehu sɛ odwontofo no nsɛm yi yɛ nokware: “Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da [Yehowa], ne Nyankopɔn so. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokware daa.”—Dwom 146:5, 6.
[Adaka wɔ kratafa 7]
Katolek Asɔre no ne Amanaman Ntam Amammuisɛm
“Ɛwom sɛ Kristo kae sɛ n’ahenni ‘mfi wiase yi’ de, nanso asɔfo a wɔn dibea korɔn ne paapanom no de wɔn ho ahyɛ amanaman ntam ne aman ahorow amammui apereperedi ahorow mu dennennen sɛ ahyehyɛde, fi Constantine bere so.”—”The Catholic Church in World Politics,” a Ɔbenfo Eric Hanson a ɔwɔ Jesuit Santa Clara Sukuupɔn no mu kyerɛw no.