Nea Onyankopɔn Ahenni Kyerɛ Ma Nnipa Pii
YESU KRISTO kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm mpɛn pii. Abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells kyerɛw eyi ho asɛm sɛ: “Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛnea Yesu buu ɔkyerɛkyerɛ a ɔfrɛɛ no Ɔsoro Ahenni no titiriw, ne sɛnea wɔnka ho asɛm ahe biara wɔ Kristofo asɔre ahorow no nhyehyɛe ne nkyerɛkyerɛ pii mu no. Nokwarem no, saa Ɔsoro Ahenni kyerɛkyerɛ yi a na ɛne Yesu ɔkyerɛkyerɛ titiriw, a biribi ketewaa bi na ɛyɛ wɔ Kristofo gyidi ahorow mu no, yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ soronko koraa sen biara a akanyan nnipa nsusuwii na asakra no pɛn no mu biako.”
Dɛn nti na asɛm kakraa bi na asɔre ahorow no wɔ ka wɔ Onyankopɔn Ahenni no ho? Ebia ade biako ne sɛ wonnim dekode pɔtee a Ahenni no yɛ. Adwenhorow bɛn na wokura wɔ ho?
Sɛnea Wɔabu Ahenni No
Ebinom akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no ne Katolek Asɔre no. Bere a asɔfo mpanyin no gyee Ɔhempɔn Konstantino toom sɛ wɔn panyin wɔ Nicaea Nhyiam no ase wɔ afe 325 Y.B. mu no, asɔre no de ne ho hyɛɛ amansɛm mu, na wɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ Ahenni no aba dedaw. Encyclopœdia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ Augustine (354-430 Y.B.) nyamekyerɛ kyerɛ sɛ “Onyankopɔn Ahenni afi ase dedaw wɔ wiase yi mu fi bere a wɔhyehyɛɛ asɔre no,” na “ɛwɔ asɔre no nyamesom guasodeyɛ ahorow mu dedaw.”
Nnipa afoforo bu Onyankopɔn Ahenni sɛ biribi a nnipa de aba. Encyclopedia koro no ara ka sɛ: “Ankyɛ biara Protestant asɔre ahorow no . . . dan yɛɛ amansin asɔre ahorow, na ɛno nso kaa awiei bere ho akwanhwɛ” a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ba ho hyɛe. H. G. Wells kyerɛwee sɛ: “Nnipa twee wɔn ho fii Onyankopɔn ahenni ne adesamma onuayɛ a ɛyɛ wɔn asetra mu ade titiriw no ho kɔɔ nea ebia ɛda so ara wɔ hɔ ho, France, ne England, Holy Russia, Spain, Prussia . . . Na wɔne Europa anyame ankasa a wɔte ase.”
Nnɛyi nso, wɔadan Ahenni no ayɛ no wiase de. Encyclopœdia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Emu ade titiriw ne su titiriw a ɛne sɛ onipa ankasa na ɛsɛ sɛ osiesie daakye abusua a wɔyɛ pɛ no sɛ ahyehyɛde, ne sɛ wɔde onipa mmɔdenbɔ asi ‘anidaso’ ne ‘twɛn a wɔbɛtwɛn’ no ananmu.” Ɛdefa “Asɛmpa a Wɔka Denam Honam Fam Mmoa So” ho no, nhoma koro no ara toa so ka sɛ: “Adeyɛ yi buu Kristofo nkrasɛm a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no titiriw sɛ nkate a ɛma wɔsan hyehyɛ adesamma abusua no mu wiase nsɛm tebea horow a adwene no ne sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni ho nnyinasosɛm.”
Yudafo pii nso abu Ahenni no sɛ ade a nnipa de bɛba. Wɔ 1937 mu no, Reform asɔre no rabifo a wɔwɔ Columbus, Ohio, U.S.A. no kae sɛ: “Yebu no sɛ ɛyɛ yɛn adwuma titiriw sɛ yɛne nnipa nyinaa bɛyɛ biako wɔ Onyankopɔn ahenni, amansan onuayɛ, atɛntrenee, nokware ne asase so asomdwoe a wɔde besi hɔ no mu. Eyi ne yɛn botae a ɛfa mesia no ho.”
Adwene foforo a nnipa pii kura ne sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ obi komam tebea. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, 1925 mu Southern Baptist Convention se: “Onyankopɔn Ahenni ne tumi a Onyankopɔn di wɔ obi komam ne n’asetra mu wɔ adesamma abusuabɔ biara mu, ne wɔ adesamma abusua a wɔhyehyɛ no ne n’ahyehyɛde biara no mu. . . Onyankopɔn Ahenni no bedi mũ bere a wɔafa onipa nsusuwii ne apɛde biara nnommum de ahyɛ Kristo apɛde ase no.”
Ɛnde, so asɔre no ne Onyankopɔn Ahenni no? So wiase no na ɛde saa Ahenni no bɛba? So ɛyɛ komam tebea? Na dɛn na Onyankopɔn Ahenni betumi ayɛ ama wo?