Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/1 kr. 26-29
  • Ɔfã 2​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 2​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Migye Asɛyɛde Tom
  • Wosiesie Yɛn ma Ntetewmu
  • Sukuu bi a Wɔyɛɛ no Kokoam
  • Sukuu no mu Mfaso Horow
  • Yɛyɛ Hyew wɔ Asɛnka Adwuma no Mu
  • Atumfo no Kɔ so Tetɛw Yɛn
  • Ɔfã 1​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɔfã 3​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Adansefo A Wɔwɔ Europa Epuei Fam
    Nyan!—1991
  • Yɛabɔ Mmɔden Sɛ Yɛbɛkɔ So Ayɛ Den Wɔ Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/1 kr. 26-29

Ɔfã 2​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No

WIASE Ko II mu no, na wɔakyerɛw “Onyankopɔn Wɔ Yɛn Afã” wɔ me Nasi ɔsraani atade abɔso ano pɔw no so. Na eyi yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛ sɛnea asɔre no de ne ho hyɛ akodi ne mogyahwiegu mu no ma me. Na ɛyɛ me tan. Enti bere a Yehowa Adansefo baanu fii ase ne me bɔɔ nkɔmmɔ wɔ Limbach-Oberfrohna, East Germany no, na nyamesom ho nsɛm afono me ma madan obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne nea ogye adannandi di.

Meka kyerɛɛ Adansefo a wɔbaa me nkyɛn no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mususuw sɛ mɛdan Kristoni.” Nanso nsɛm a wɔkae no ma mihui sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ. Esiane sɛ na mepɛ sɛ mihu nsɛm bi mu nti, metɔɔ Bible na me ne wɔn fii ase suae wɔ bere bi akyi. Na ɛno yɛ 1953 fefɛw bere mu, bere a na Komunistfo no abara East Germany Yehowa Adansefo dwumadi dedaw bɛyɛ mfe abiɛsa a na atwam no.

August 15, 1953 The Watchtower no kaa Yehowa Adansefo tebea wɔ saa bere no mu ho asɛm sɛ: “Ɛwom sɛ wɔtetɛw wɔn na wohunahuna wɔn bere nyinaa, ɛwom sɛ, sɛ wɔrekɔsra wɔn ho wɔn ho ahwɛ a, gye wɔahwɛ ahu sɛ obiara ntetɛw wɔn ansa, ɛwom sɛ kyere a wɔbɛkyere wɔn sɛ Ɔwɛn-Aban hyɛ wɔn ho no bɛkyerɛ sɛ wɔbɛkɔ afiase mfe abien anaa abiɛsa ‘esiane sɛ wɔrekyekyɛ nhoma a ɛkanyan ɔsɔretia nti,’ na ɛwom sɛ anuanom a wɔn ho akokwaw ɔhaha pii, wɔn a na wodi anim no, wɔ afiase de, nanso na Yehowa nkoa a wɔwɔ East Germany no kɔ so ka asɛm no.”

Wɔ 1955 mu no, me ne me yere, Regina, kɔɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam a wɔyɛɛ no Nuremberg, West Germany no, na afe a edi hɔ no, wɔbɔɔ yɛn baanu nyinaa asu wɔ West Berlin. Nokwarem no, yɛyɛɛ eyi ansa na wɔreto Berlin Ɔfasu no wɔ 1961 mu de atew East Germany afi West Berlin ho. Nanso ansa na merebɔ asu mpo no, wɔsɔɔ me nokwaredi ma Yehowa no hwɛe.

Migye Asɛyɛde Tom

Na Yehowa Adansefo asafo a yefii ase ne wɔn bɔe wɔ Limbach-Oberfrohna no hia obi a obetumi akɔfa Bible nhoma ahorow wɔ West Berlin aba. Na yɛwɔ adwuma ketewaa bi ne mmofra nkumaa baanu, nanso na Yehowa a yɛbɛsom no no abɛyɛ yɛn asetra mu ade titiriw dedaw. Yɛyɛɛ nsakrae bi wɔ yɛn kar dedaw no ho, na ɛmaa yetumi de nhoma 60 siee mu. Na nneɛma a mekɔfa ba no yɛ adwuma a asiane wom, nanso ɛkyerɛɛ me sɛnea mede me ho bɛto Yehowa so.

Na kar a yɛde bɛtra East Berlin ɔhye no akɔ Atɔe Fam no nyɛ mmerɛw, na metaa susuw nea ɛmaa yetumi yɛɛ saa no ho. Sɛ yekodu beae a ahofadi wɔ hɔ no a, yekogye nhoma no de sie kar no mu ansa na yɛatra ɔhye no asan akɔ East Germany.

Da koro bi, yɛde nhoma no siee kar no mu wiei ara pɛ na obi a yennim no pue fii ofie bi mu. Ɔteɛɛm sɛ, “Hwɛ.” Me yam hyee me. So na wɔahu nea yɛreyɛ no anaa? “Bere foforo mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ mokɔ baabi foforo. East Germanfo polisifo kar no gyina abɔntentwea a ɛwɔ hɔnom no so, na moanhwɛ a wɔbɛkyere mo.” Miguu ahome kɛse. Yetwaa ɔhye no a biribiara ansi, na yɛn baanan a yɛwɔ kar no mu nyinaa too dwom wɔ kwan so koduu fie.

Wosiesie Yɛn ma Ntetewmu

Wɔ 1950 mfe no mu no, na East Germany anuanom no de wɔn ho to wɔn a wɔwɔ Atɔe Fam no so na wɔama wɔn nhoma ne akwankyerɛ. Nanso wɔ 1960 mu no, wɔyɛɛ nhyehyɛe ahorow bi a ɛboaa East Germany Ɔdansefo biara ma ɔne mfɛfo Adansefo a wɔte ne mpɔtam hɔ no dii nkitaho pii. Afei wɔ June 1961 mu no, wɔyɛɛ Ahenni Som Sukuu ma mpanyimfo a edi kan no wɔ Berlin. Mekɔɔ dapɛn anan adesua a edi kan yi bi. Nnawɔtwe asia akyi ara pɛ na wɔtew yɛn fii Atɔe Fam ho mpofirim bere a wɔtoo Berlin Ɔfasu no. Afei na ɛnyɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwuma no wɔ kokoam nko, na mmom wɔtetew yɛn mu nso.

Na ebinom suro sɛ East Germany Yehowa Adansefo dwumadi no de nkakrankakra begyae. Nanso, ahyehyɛde no mu nsakrae horow a wɔyɛe wɔ bɛyɛ nea ennu afe mu no boaa yɛn ma yɛkɔɔ so kuraa honhom fam biakoyɛ ne ahoɔden mu. Bio nso, ntetee a mpanyimfo a wɔkɔɔ Ahenni Ɔsom Sukuu adesua a edi kan no nyae no ma wotumi tetee mpanyimfo afoforo no. Enti Yehowa siesiee yɛn maa tew a wɔtew yɛn fii anuanom afoforo ho no, sɛnea ɔde 1949 mu ɔmantam nhyiam horow no siesiee yɛn maa bara a wɔbaraa yɛn wɔ 1950 mu no ara pɛ.

Bere a wɔatew yɛne Atɔe Famfo ntam no, na ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi na ama ahyehyɛde no akɔ so ayɛ adwuma. Yɛkyerɛw krataa kɔmaa yɛn Kristofo nuanom a wɔwɔ West Berlin no sɛ yɛne wɔn bɛyɛ nhyiam bi wɔ Apuei Fam lɔre kwan bi a Atɔe Fam akwantufo tumi fa hɔ no so. Yɛyɛɛ sɛ yɛn kar asɛe wɔ faako a yɛahyɛ sɛ yebehyia no. Ankyɛ na anuanom no de kar beduu hɔ na wɔbrɛɛ yɛn Bible nhoma ahorow. Anigyesɛm ne sɛ wɔde me Ahenni Som Sukuu osua nhoma, nsɛntitiriw a mekyerɛw, ne Bible a esiane ahobammɔ nti migyaw wɔ Berlin no brɛɛ me. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ me nsa kae bio! Manhu sɛ saa nneɛma yi ho behia me wɔ mfe kakra a edi hɔ no mu no koraa.

Sukuu bi a Wɔyɛɛ no Kokoam

Nna kakraa bi akyi no, wɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ Ahenni Som Sukuu adesua ho nhyehyɛe wɔ East Germany nyinaa. Wɔpaw akyerɛkyerɛfo baanan a meka ho. Nanso ɛyɛɛ me sɛ mpanyimfo no nyinaa a yɛbɛtete wɔn bere a wɔabara yɛn adwuma no yɛ adwuma a yɛrentumi nyɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanhu nea yɛreyɛ no, misii gyinae sɛ yɛbɛyɛ adesua no te sɛ nea yɛasi ntamadan wɔ abɔnten baabi redi akwamma wɔ hɔ.

Na asuafo baanan ne me sɛ ɔkyerɛkyerɛfo na yɛbom yɛ adesuakuw biako, na onua a ɔtɔ so asia no noaa aduan. Na yɛn yerenom ne yɛn mma nso wɔ hɔ. Enti na yɛtaa nya kuw a emufo bɛyɛ nnipa 15 kosi 20. Na ɛte sɛ nea yɛrentumi nnya baabi a yebesi ntamadan a ɛfata ama dwumadi no, enti me ne m’abusua siim sɛ yɛkɔhwehwɛ beae bi a ɛfata.

Bere a yɛretwam wɔ akuraa bi ase bere bi no, yehuu ɔkwan bi a ɛkɔ nnua kuw bi mu, faako a ɛmmɛn kwankyɛn koraa. Na ɛte sɛ nea ɛhɔ fata, enti mikohuu ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ no. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛhwehwɛ baabi a yebetumi ne mmusua afoforo kakraa bi asi ntamadan atra hɔ adi yɛn akwamma adapɛn kakraa bi. Yɛpɛ sɛ yɛn nkutoo tra hɔ na ama mmofra no atumi adi agoru. So yebetumi ayɛ saa wɔ nnua a ɛwɔ hɔnom no ase anaa?” Ɔpenee so, enti yɛyɛɛ nhyehyɛe ahorow.

Yesisii ntamadan no de me dan a lɔre twe no sii hɔ sɛnea ɛbɛma ɔkwan bi abɛda ntam a sɛ wugyina akyi a wunhu. Yɛde dan a lɔre twe no yɛɛ osuadan. Yehyiaa wom suaa nneɛma pii nnɔnhwerew 8 da biara, na yɛyɛɛ saa nnafua 14. Na yɛde nkongua ne ɔpon asisi ntamadan no ntam hɔ ɔkwan no mu, na ama sɛ nnipa bi a yɛnhwɛ wɔn kwan ba hɔnom a, wɔanhu hwee. Na ebinom baa hɔ! Na wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu no, yɛn ani sɔɔ mmoa a yɛn mmusua no fi ɔdɔ mu de maa yɛn no yiye.

Bere a yɛresua ade no, yɛn mmusua no wɛnee. Bere bi mu no, wohui sɛ ɔpanyin a ɔhwɛ akuraase hɔ a ɔsan yɛ Komunist Ɔmanyɛkuw no kyerɛwfo wɔ hɔnom no nam ɔkwan no so reba yɛn nnua no ase. Ɔwɛnfo no miaa ade bi a wɔde hama asa so a ɛbɔ dɔn wɔ yɛn dan no mu hɔ no so. Ntɛm ara na yehuruhuru fii ɔdan no mu kɔtratraa nkongua a wɔasiesie ama yɛn dedaw no so wɔ ɔpon no ho na yefii ase bɔɔ spaa. Na yɛwɔ schnapps toa biako mpo si hɔ a ɛbɛma ayɛ sɛ yɛredi agoru ampa. Ɔpanyin no bɛsraa yɛn na ɔsan kɔɔ fie a wɔanhu nea na ɛrekɔ so wɔ hɔ ankasa no ho hwee.

Wɔyɛɛ Ahenni Som Sukuu no wɔ ɔman no mu nyinaa fi 1962 fefɛw bere mu kosi 1965 afe no awiei. Ntetee a ɛkɔ akyiri a wonyae wɔ hɔ, a sɛnea ɛsɛ sɛ wodi tebea pɔtee a yɛwom wɔ East Germany no ho dwuma ho nsɛm ka ho no, siesiee mpanyimfo no maa asɛnka adwuma no a wɔbɛhwɛ ma wɔayɛ no. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi akɔ sukuu no bi no, ɛnyɛ sɛ mpanyimfo no de wɔn akwamma bɔɔ afɔre nko na mmom wɔde wɔn ho too asiane a ɛne sɛ wobetumi akɔda afiase no mu.

Sukuu no mu Mfaso Horow

Na atumfo no rehwɛ yɛn dwumadi no yiye, na wɔ 1965 afe no awiei mu, bere a mpanyimfo no mu dodow no ara akɔ sukuu no awie no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛn ahyehyɛde no dwumadi no aba awiei. Wɔkyekyeree Adansefo 15 a wobu wɔn sɛ wɔn na wodi anim wɔ adwuma no yɛ mu no. Ɛyɛ ade a wɔhyɛɛ da siesiee wɔn ho yiye yɛe, na ɛkɔɔ so wɔ ɔman no mu mmaa nyinaa. Nnipa pii susuw bio sɛ Adansefo no dwumadi no begyae. Nanso ɛnam Yehowa mmoa so no, yetumi gyinaa tebea no ano na yɛkɔɔ so yɛɛ yɛn adwuma no sɛ kan no ara pɛ.

Nea ɛmaa eyi tumi yɛɛ yiye titiriw ne ntetee a mpanyimfo no nyae wɔ Ahenni Som Sukuu no mu ne wɔn ho wɔn ho mu ahotoso a wɔnam adesua no mu fekubɔ so nyae no. Ahyehyɛde no nam saa kwan yi so daa sɛnea ɛwɔ ahoɔden no adi. Hwɛ sɛnea na ɛho hia sɛ yɛde osetie dii ahyehyɛde no akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ!​—Yesaia 48:17.

Ɛbɛdaa adi wɔ asram a edii hɔ no mu sɛ anohyeto a emu yɛ den a aban atumfo de baa yɛn so no antumi ansɛe yɛn dwumadi no ahe biara. Bere tiaa bi akyi no, yetumi fii Ahenni Som Sukuu adesua ahorow no ase bio. Bere a atumfo no hui sɛ wontumi nsɛe yɛn dwumadi no, ɛmaa wɔyɛɛ nsakrae wɔ ɔkwan a wɔfa so yɛ ade no mu. Nkonimdi ma Yehowa bɛn ara ni!

Yɛyɛ Hyew wɔ Asɛnka Adwuma no Mu

Saa bere no, na nnipa baanum na ɛwɔ yɛn Asafo Nhoma Adesua kuw biara mu. Na yɛn mu biara nsa ka ne Bible nhoma denam saa nhoma mu adesua nhyehyɛe yi so, na wofi adesua akuw nketewaa yi mu na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe. Efi mfiase pɛɛ no, Yehowa hyiraa me ne Regina ma yenyaa nnipa pii a wɔpɛ sɛ wosua Bible no.

Wɔyɛɛ afie afie asɛnka dwumadi no ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛbɔ yɛn ho ban na wɔanhu yɛn ankyere yɛn. Yɛkɔ ofie biako mu a, yetwa afie kakraa bi ho ansa na yɛakɔbɔ ofie foforo bi pon mu. Wɔ ofie bi mu no, awuraa bi de me ne Regina kɔɔ ɔdan mu. Bere a yɛne no rebɔ asɛmti bi a egyina Kyerɛwnsɛm so ho nkɔmmɔ no, ne babarima bɔ wuraa ɔdan no mu. Ɔne yɛn kasae penpen.

Obisae sɛ: “Moahu mo Nyankopɔn no pɛn? Mepɛ sɛ muhu sɛ nea mihu nkutoo na migye di. Nea aka biara yɛ nkwaseasɛm.”

Mibuae sɛ: “Mintumi nnye ɛno nni. Woahu w’adwene pɛn? Nea woyɛ biara kyerɛ sɛ wowɔ bi.”

Me ne Regina maa no nneɛma afoforo a yenhu nanso yegye tom sɛ ɛwɔ hɔ ho nhwɛso, te sɛ anyinam ahoɔden. Aberante no yɛɛ dinn tiei, na yɛne ɔno ne ne maame fii ofie Bible adesua ase. Wɔn baanu nyinaa bɛyɛɛ Adansefo. Nokwarem no, nnipa a me ne me yere ne wɔn suaa ade no mu 14 bɛyɛɛ Adansefo. Yehyiaa wɔn mu fã wɔ afie afie nsrahwɛ no mu, na yehyiaa fã a aka no nea edi kan denam bɔnnɔ so adansedi so.

Sɛ yefi ase ne obi yɛ ofie Bible adesua daa na yebu onii no sɛ yebetumi de yɛn ho ato no so ara pɛ a, yɛto nsa frɛ no ba yɛn nhyiam horow no ase. Nanso, na nea yesusuw ho titiriw ne sɛ ebia osuani no de Onyankopɔn nkurɔfo ahobammɔ bɛto asiane mu anaa dabi. Enti, na ɛtɔ mmere bi a, afe akyi ansa na yɛto nsa frɛ Bible osuani bi kɔ nhyiam bi ase, na ɛtɔ mmere bi a, ɛkyɛ sen saa koraa mpo. Mekae ɔbarima bi a na wonim no yiye; na Komunist Amanyɛkuw no mu mpanyimfo no bi yɛ ne nnamfo paa. Wɔne no suaa ade mfe akron ansa na wɔmaa kwan ma ɔbaa nhyiam horow ase! Ɛnnɛ ɔbarima yi yɛ yɛn nua Kristoni.

Atumfo no Kɔ so Tetɛw Yɛn

Wɔ 1965 akyi no, wɔankyekyere anuanom pii bio, nanso wɔamma yɛn asom annwo yɛn nso. Atumfo no kɔɔ so hwɛɛ nea yɛyɛ no yiye. Ɛbɛyɛ saa bere yi mu na meyɛɛ yɛn ahyehyɛde no dwumadi ho adwuma pii, ma enti aban mpanyimfo ani baa me so. Wɔkyeree me mpɛn pii sɛ wɔrekobisabisa me nsɛm, na wɔde me traa kar mu kɔɔ polisifo adwumayɛbea kobisabisaa me nsɛm. Na wɔka sɛ: “W’ahofadi rebefi wo nsa afei. Worebɛkɔ afiase mprempren.” Nanso bere nyinaa wogyaa me akyiri yi.

Wɔ 1972 mu no, aban mpanyimfo baanu bi bɛsraa me na wɔkamfoo yɛn ahyehyɛde no a na wonnim. Na wɔawia wɔn ho atie yɛn asafo Ɔwɛn-Aban Adesua no. Wɔkaa m’anim sɛ: “Yɛn ani annye asɛm a na moresua no ho koraa.” Ɛda adi sɛ na nea ɛhaw wɔn ne sɛ, sɛ afoforo kenkan asɛm a na yɛresua no a, adwene bɛn na wobenya wɔ Komunistfo amammui adwene ho. Wɔkae sɛ: “Wotintim Ɔwɛn-Aban bɛyɛ ɔpepem anum anaa asia, na wɔkenkan wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu. Ɛnyɛ atesɛm nkrataa a ɛso nni mfaso bi ara kwa.” Mekaa wɔ me tirim sɛ, ‘Nea moka no yɛ nokware sɛ!’

Ebeduu 1972 mu no, na wɔabara yɛn mfe 22, na Yehowa fi ɔdɔ ne nyansa mu akyerɛ yɛn kwan. Na yɛadi n’akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ, nanso ɛno akyi mfe 18 ansa na wɔregye East Germany Yehowa Adansefo atom wɔ mmara mu. Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ yɛanya ahofadi ahorow a ɛyɛ anigye mprempren de som yɛn Nyankopɔn, Yehowa!​—Sɛnea Helmut Martin ka kyerɛe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena