Ɔfã 3—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No
NA ƐYƐ March 14, 1990. Saa da titiriw no, na meka wɔn a wɔwɔ hɔ no ho bere a East Berlin Ɔsom ho nsɛm Asoɛe aban panyin bi de nhoma a egye Yehowa Adansefo tom wɔ mmara mu mae wɔ nea saa bere no wɔfrɛ no German Democratic Republic, anaa East Germany no. Bere a na adeyɛ no rekɔ so no, misusuw bere a mebɛyɛɛ Ɔdansefo, ne mmere a emu yɛ den a yɛafa mu no ho.
Bere a me yɔnko dwumayeni ɔdansefo bi kaa ne gyidi a egyina Bible so ho asɛm kyerɛɛ me nea edi kan wɔ 1950 mfe no mfinimfini mu hɔ no, na ɔtaa a Yehowa Adansefo hyia wɔ East Germany no mu yɛ den. Ɛno akyi pɛɛ no, ofii hɔ kɔyɛɛ adwuma wɔ baabi foforo, na mifii ase ne Ɔdansefo foforo suaa Bible no. Wɔbɔɔ me asu wɔ 1956 mu, na me ne Margarete waree saa afe no ara. Na yɛyɛ East Berlin Lichtenberg Asafo no mufo. Na Ahenni adawurubɔfo 60 a wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa na wɔwom.
Mfe abien wɔ m’asubɔ akyi no, aban mpanyimfo baa nea odi anim wɔ yɛn asafo no mu no fie. Na wɔpɛ sɛ wɔkyere no, nanso na ɔkɔ adwuma wɔ West Berlin. N’abusua tumi kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔntra hɔ, na asram bi akyi no, wɔkɔkaa ne ho wɔ West Berlin. Ɛwom sɛ na madi mfe 24 pɛ de, nanso wɔmaa me asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru wɔ asafo no mu. Meda Yehowa ase sɛ ɔde nyansa ne ahoɔden a ehia na yɛde ayɛ nnwuma a ɛte saa no ma.—2 Korintofo 4:7.
Honhom Fam Aduan a Wɔde Ma
Bere a wɔtoo Berlin Ɔfasu no wɔ August 1961 mu no, Apuei Fam Yehowa Adansefo hui sɛ wɔatew wɔn afi wɔn Atɔe Fam anuanom no ho mpofirim. Enti bere a yɛhwɛɛ yɛn nhoma no so kyerɛw bi fae, nea edi kan denam typewriter so, ne afei denam mfiri a wɔde yɛ saa so no fii ase. Efi 1963 no, mede mfe abien sii hintabea bi wɔ yɛn fie a mitintim nhoma wɔ hɔ. Bere a mede da mũ no nyinaa ayɛ adwuma sɛ ɔtomfo akyi no, me ne anuanom afoforo bi tintim Ɔwɛn-Aban no anadwo. Na aban mpanyimfo no awe ahinan so sɛ wobehu ahyehyɛde a etintim yɛn nhoma no dwumadi, nanso Yehowa boaa yɛn ma yɛn aduan, sɛnea na yɛfrɛ no no, bae wɔ bere a ɛsɛ mu.
Na yehia nkrataa bebree na yɛatumi atintim yɛn nsɛmma nhoma no pii, na na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya dodow yi. Sɛ na yɛtɔ nkrataa bebree daa a, anka eyi bɛtwetwe aban mpanyimfo no adwene aba yɛn so. Enti, na yɛwɔ Adansefo ankorankoro a wɔtɔ nkrataa kakraa bi de ba yɛn kuw Bible adesua no ase. Yɛde fi hɔ kɔ faako a yetintim nsɛmma nhoma no. Afei Adansefo afoforo kyekyɛ nsɛmma nhoma no a yɛatintim awie no.
Esiane sɛ aban mpanyimfo no nyaa adwene sɛ meka ho na yetintim nsɛmma nhoma no nti, wɔtetɛw me. Wɔ 1965 awiei no, mihui sɛ na wodi m’akyi mpɛn pii, na metee nka sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe bi. Mpofirim, wɔbaa me so da koro anɔpatutu bi.
Ɛkaa Bakraa Bi na Wɔkyere Me
Na merekɔ adwuma saa awɔw bere no anɔpa. Na anim ntetewee, na mehyɛɛ me ho den maa awɔw a ano yɛ den no. Bere a na merekɔ no, mihuu ti anan wɔ ban no akyi. Mmarima no manee wɔ twea no so na wɔde wɔn anim kyerɛɛ faako a mifi rekɔ no. Nea eyii me hu ne sɛ mihui sɛ wɔyɛ aban mpanyimfo. Na dɛn na mɛyɛ?
Na wɔatu sukyerɛmma pii agu nkyɛn baabi ma anammɔnkoro kwan hihiaa bi abɛda hɔ. Menantew kɔɔ m’anim. Misii me ti ase, na mehwɛɛ fam. Mebɔɔ mpae ntɛmntɛm. Mmarima no kɔɔ so nantew hyiaa me. So wɔahu me? Bere a yedii nsianeho wɔ ɔkwan hihiaa no so no, mannye nea ɛrekɔ so no anni. Mekɔɔ so nantew ntɛmntɛm. Wɔn mu biako teɛɛm sɛ: “Hwɛ, ɛyɛ ɔno. Gyina!”
Mituu mmirika ntɛmntɛm sɛnea metumi. Bere a mituu mmirika kɔmanee wɔ twea no so no, mihuruu me fipamfo bi ban kosii m’afikyiri. Bere a mede ahoɔhare hyɛn fie hɔ no, metoo pon no mu safe, na mebram akyi. Mede nne kɛse teɛɛm sɛ: “Obiara nsɔre. Wɔaba sɛ wɔrebɛkyere me.”
Margarete sian atrapoe no ntɛm ara, na obegyinaa ɔpon no akyi. Ankyɛ na mewɔ adekoradan no mu resɔ ogya ano. Mesesaw asafo no kyerɛwtohɔ nyinaa a ɛwɔ me nkyɛn no de ogya no hyewee.
Mmarima no teɛɛm sɛ: “Bue pon no! Ɛyɛ aban mmaranimfo no.”
Margarete ammue ɔpon no ma mehyew biribiara dwerɛbee. Afei mekɔkaa Margarete ho na mebɔɔ me ti nko kyerɛɛ no sɛ ommue ɔpon no. Mmarima no bɔ wuraa fie hɔ.
Wobisae sɛ: “Dɛn nti na wuguanee?”
Ankyɛ aban mpanyimfo pii baa hɔ, na wɔhwehwɛɛ ofie no mu nyinaa. Na nea midwen ho titiriw ne hintabea a yɛn tintim afiri no ne krataa 40,000 wɔ no. Nanso wɔanhu ano kwan a ahintaw no. Ɛwom sɛ wobisabisaa me nsɛm nnɔnhwerew pii de, nanso Yehowa boaa me ma mansuro. Saa osuahu no twee yɛn bɛn yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no yiye, na ɛhyɛɛ yɛn den ma yegyinaa mu.
Wɔde Me Kɔtoo Afiase nanso na Mede Me Ho
Wɔ 1960 mfe no awiei mu hɔ no, wɔbɔɔ me amanneɛ sɛ memmra mmɛyɛ ɔsraani. Esiane sɛ na mintumi mfi ahonim mu nyɛ saa nti, wɔde me kɔtoo afiase ne adwumayɛban mu asram ason. Na Adansefo 15 wɔ adwumayɛban no mu wɔ Cottbus, wɔ Berlin kesee fam apuei. Na ɔfã biara a yenni sɛ Kristofo no nti na yɛn nyinaa wɔ hɔ. (Yesaia 2:2-4; Yohane 17:16) Na yɛn adwumayɛ nna no ware, na na adwuma no yɛ den. Na yɛsɔre anɔpa 4:15, na wɔde yɛn kɔ adwumayɛban no akyi kɔyɛ keteke kwan ho adwuma. Nanso, bere a na yɛda afiase no, yenyaa hokwan ahorow de kaa Yehowa Ahenni ho asɛm kyerɛɛ afoforo.
Sɛ nhwɛso no, na asumanfo baanu na wɔne yɛn wɔ Cottbus. Da koro bi metee sɛ akumaa no ho pere no sɛ ɔne me bɛkasa. Na ɔhwehwɛ dɛn? Ɔkaa biribiara kyerɛɛ me. Na ne nenabea yɛ osumanni, na onyaa saa tumi no bi bere a ɔkenkan ne nhoma ahorow akyi. Ɛwom sɛ na ɔbarima yi wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛde ne ho afi tumi a ɛhyɛ no so no ase de, nanso na osuro sɛ wɔbɛyɛ no biribi de atua so ka. Osui pii. Nanso na eyi nyinaa fa me ho dɛn?
Bere a yɛrebɔ nkɔmmɔ no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ ɔwɔ Yehowa Adansefo ntam a, ontumi nka nea ɛbɛba daakye. Mekyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ ahonhommɔne anaa adaemone ne ahonhom pa anaa abɔfo atreneefo nyinaa wɔ hɔ. Bere a mede wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo wɔ tete Efeso yɛɛ nhwɛso no, misii sɛnea ehia sɛ ɔtow asumanne ne ahonhonsɛmdi foforo biara ho nneɛma nyinaa gu no so dua. (Asomafo no nnwuma 19:17-20) Meka kyerɛɛ no sɛ: “Afei kohu Yehowa Adansefo. Adansefo wɔ baabiara.”
Aberante no fii adwumayɛban no mu kɔe wɔ nna kakraa bi akyi, na mante ne nka bio. Nanso saa ɔbarima a ehu aka no, na ontumi nnya awerɛkyekye, a na ɔpɛ ahofadi osuahu no maa ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no yɛɛ kɛse. Na yɛn gyidi nti na yɛn Adansefo 15 no wɔ adwumayɛban no mu, nanso na yɛwɔ ahofadi wɔ honhom fam. Na wɔayi saa ɔbarima no afi afiase de, nanso na ɔda so ara yɛ akoa ma ‘onyame’ bi a oyi ne hu. (2 Korintofo 4:4) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Adansefo no ani gye yɛn ahofadi no ho!
Wɔsɔɔ Yɛn Mma Hwɛe
Na ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na ɛsɛ sɛ wogyina pintinn ma wɔn gyidi a egyina Bible so no, na mmom mmofra nso yɛɛ saa ara. Wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonyaa nsɛm mu nsiesie wɔ sukuu ne adwuma mu nyinaa. Na ɛsɛ sɛ yɛn mma baanan no nyinaa gyina ma wɔn gyidi.
Na wɔyɛ frankaa kyia ho guasodeyɛ wɔ sukuu Dwoda biara. Na mmofra no to santen fi adi, wɔto dwom, na bere a wɔde frankaa no sɛn soro no, wokyia nea wɔfrɛ no Thälmann nkyia no. Na Ernst Thälmann yɛ Germanni Komunistni a Nasifo SS no kum no wɔ 1944 mu. Wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no akyi no, Thälmann bɛyɛɛ ɔkatakyi wɔ East Germany. Esiane yɛn gyidi a egyina Bible so a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ɔsom kronn ma Yehowa Nyankopɔn nkutoo nti, me ne me yere kyerɛkyerɛɛ yɛn mma no sɛ wɔmfa obu nsɔre nnyina hɔ wɔ guasodeyɛ no mu na wɔmmfa wɔn ho nnhyem.
Wɔkyerɛɛ sukuufo mmofra Komunistfo nnwom nso. Me ne Margarete kɔɔ yɛn mma no sukuu mu kɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a wɔrento amammui nnwom a ɛte saa no mu. Nanso, yɛkae sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobesua nnwom foforo a ɛnte sɛ ɛno. Enti, yɛn mma no suae sɛnea wobegyina pintinn na wɔayɛ soronko wɔ wɔn atipɛnfo ho fi wɔn mmofraase pɛɛ.
Ɛrekɔ 1970 mfe no awiei no, na yɛn babea panyin koraa no pɛ sɛ osua adwuma bi wɔ adwumayɛbea bi. Nanso, na wɔhwehwɛ sɛ wɔtete osuani biara sɛ ɔsraani nnafua 14. Esiane sɛ na Renate ahonim remma no kwan ma ɔnnyɛ bi nti, ɔde akokoduru sii gyinae, na awiei koraa no, wɔamfa ntetee a ɛte saa amma no.
Bere a Renate resua adwuma no, ɔkɔɔ adesua bi a wɔka kyerɛɛ no wɔ ase sɛ ommesua otuo tow. Ɔkyerɛkyerɛfo no se: “Renate, wo nso wobɛba abesua otuo no tow bi.” Ɔkyerɛkyerɛfo no antie anoyi a ɔde mae no. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Enhia sɛ wotow bi. Wubetumi ahwɛ nnɔkɔnnɔkwade no so.”
Saa anwummere no yesusuw nneɛma ho sɛ abusua. Yɛtee nka sɛ otuo tow no ase a Renate bɛkɔ no nteɛ, sɛ wamfa ne ho anhyem tẽe mpo a. Esiane sɛ nneɛma a yɛne no susuw ho, ne mpaebɔ hyɛɛ no den nti, wammɔ hu. Nkuranhyɛ bɛn na yenyaa sɛɛ yi bere a yehui sɛ yɛn babea kumaa kuraa trenee nnyinasosɛm ahorow mu no!
Yɛn Baguam Dwumadi a Yɛma Enyaa Nkɔanim
Bere a ɔsɔretia a wɔde baa yɛn adwuma no so ano brɛɛ ase wɔ 1970 mfe no mu no, wofii ase de Kristofo nhoma pii fii Atɔe Fam brɛɛ yɛn. Ɛwom sɛ na eyi yɛ adwuma a asiane wom de, nanso anuanom akokodurufo de wɔn ho sii hɔ yɛe. Yɛn ani sɔɔ nhoma a ɛdɔɔso a wɔde brɛɛ yɛn no ne mmɔden a wɔn a wɔde brɛɛ yɛn no bɔe no yiye. Bere a ɔtaa no mu yɛɛ den wɔ bere a wɔbaraa yɛn no mfe a edi kan no mu no, na afie afie asɛnka adwuma no yɛ adwumaden ankasa. Nokwarem no, asotwe a aban no de bɛma ho hu maa ebinom gyaee adwuma no yɛ. Nanso, ankyɛ yɛn baguam asɛnka adwuma no nyaa nkɔanim wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Wɔ 1960 mfe no mu no, na Ahenni adawurubɔfo no mu ɔha biara mu 25 pɛ na wɔde wɔn ho hyɛ afie afie adwuma no mu daa. Nanso, ebeduu 1980 mfe no awiei mu hɔ no, na wɔn a wonya saa ɔsom adwuma no fã yi mu kyɛfa dodow adu ɔha biara mu nkyem 66! Saa bere no na aban mpanyimfo no nhaw wɔn ho kɛse wɔ yɛn baguam asɛnka adwuma no ho.
Da koro onuabarima bi a me ne no yɛ asɛnka adwuma de ne babea kumaa kaa ne ho bae. Esiane sɛ aberewa bi a yɛne no kasae no ani gyei sɛ abeawa no ka yɛn ho nti, ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra ne fie. N’ani gyee Kyerɛwnsɛm mu asɛm a yɛkae no ho, na ɔpenee so sɛ yɛnsan mmra ne nkyɛn bio. Akyiri yi medan ɔbea no maa me yere na ɔne no fii ofie Bible adesua ase ntɛm ara. Wɔ onyin ne apɔw mu den a onni nyinaa akyi no, awuraa yi bɛyɛɛ yɛn nuabea na ɔkɔ so de nnamyɛ som Yehowa.
Nsakrae Ahorow Bere a Ahofadi Bɛn No
Yehowa siesiee yɛn maa bere a yebenya ahofadi kɛse. Mfatoho ni: Bere a aka bere tiaa bi na wɔatwa bara a wɔabara yɛn no mu no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsakra sɛnea yɛfrɛ yɛn ho yɛn ho wɔ nhyiam horow ase no. Ahobammɔ nti, na yɛde yɛn din a edi ‘kan nkutoo na ɛfrɛ yɛn ho yɛn ho. Na pii a wonim wɔn ho wɔn ho mfe bebree no nnim wɔn yɔnko gyidini din a etwa to. Nanso, bere a yɛresiesie yɛn ho ama anigyefo afoforo pii akwaaba aba yɛn nhyiam horow ase no, wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn abusua din mfrɛ yɛn ho yɛn ho. Ebinom fam no, na ɛte sɛnea ɛnkyerɛ hwee, nanso wɔn a wotiee afotu no tumi yɛɛ nsakrae ntɛm ara akyiri yi, bere a yenyaa yɛn ahofadi no.
Wɔhyɛɛ yɛn nkuran nso sɛ yɛmfa dwom mfi yɛn nhyiam horow ase. Saa kwan yi so no, yebehuu sɛnea asafo ahorow a ɛwɔ mmeae afoforo yɛ wɔn ade. Nsakrae foforo nso fa sɛnea yɛn akuw adesua no kɛse te no ho. Nkakrankakra no, akuw no mufo dodow fi anan wɔ 1950 mfe no mu koduu awotwe. Akyiri yi ɛbɛyɛɛ 10, na awiei koraa no eduu 12. Afei nso, wɔhwehwɛɛ tebea no mu na ama asafo biara nhyiambea abɛn Adansefo no mu fã kɛse.
Ɛtɔ mmere bi a, bere a wɔadi nsakrae bi a wɔahyɛ ho nyansa no ho dwuma akyi nkutoo na yetumi hu nyansa a ɛwom. Hwɛ sɛnea Yehowa daa ne ho adi sɛ ɔyɛ Agya onyansafo a odwen afoforo ho! Nkakrankakra ɔboaa yɛn ma yɛyɛɛ yɛn ade ma ɛne n’asase so ahyehyɛde no afã a aka no hyiae, na yɛtee nka sɛ yɛyɛ ne nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa onuayɛ no fã kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn fi ɔdɔ mu abɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ bɛyɛ mfe 40 a wɔde yɛɛ adwuma bere a na wɔabara wɔn wɔ East Germany no mu. Hwɛ sɛnea mprempren yedi ahurusi sɛ wɔagye yɛn atom wɔ mmara mu.
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo 22,000 anaa nea ɛboro saa na wɔwɔ nea kan wɔfrɛ hɔ East Germany. Wɔyɛ Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ a nyansa wom ne ɔhwɛ a ɔdɔ wom no ho adanse. Mmoa a ɔde mae wɔ mfe a na wɔabara yɛn no mu no kyerɛ sɛ yebetumi agyina tebea biara ano. Akode biara a wɔbɛbɔ ahyɛ ne nkurɔfo no renyɛ yiye. Yehowa hwɛ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no yiye bere nyinaa.—Yesaia 54:17; Yeremia 17:7, 8.—Sɛnea Horst Schleussner ka kyerɛe.
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Horst ne Margarete Schleussner wɔ Asafo ti no atrae wɔ East Berlin