Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 6/1 kr. 9
  • Nigeriafo Sukuufo Mmofra Nya Nokwaredi so Nhyira

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nigeriafo Sukuufo Mmofra Nya Nokwaredi so Nhyira
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam Ayɛ Kama?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Sukuu ne Yehowa Adansefo—Nhomawa no Reboa
    Nyan!—1986
  • Akyerɛkyerɛfo—Dɛn Nti na Yehia Wɔn?
    Nyan!—2002
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1984
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 6/1 kr. 9

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Nigeriafo Sukuufo Mmofra Nya Nokwaredi so Nhyira

ƆSOMAFO Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Romafo 12:18) Yehowa Adansefo sukuufo mmofra a wɔwɔ Nigeria de afotu yi di dwuma bere a wɔtaa wɔn mpo. Ne saa nti, Yehowa hyira wɔn.

◻ Na ɔkyerɛkyerɛfo bi mpɛ Yehowa Adansefo asɛm koraa. Anɔpa bi a na wɔahyiam no, ɔfrɛɛ Adansefo no nyinaa begyinaa anim na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnto ɔman dwom no. Wɔpow sɛ wɔbɛyɛ saa na wɔkae sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nkutoo. Afei ɔkyerɛkyerɛfo no de wɔn nyinaa fii adi na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnɔw sare no. Saa bere no mu no, sukuufo afoforo no kɔɔ so suaa ade.

Ɔdansefo bi a n’ani afi de Sukuu brochure no bi kɔmaa ɔkyerɛkyerɛfo no, na ɔkyerɛkyerɛɛ no afã biara a Yehowa Adansefo nni no mu. Nanso, ɔkyerɛkyerɛfo no ampene sɛ ɔne no besusuw asɛm no ho na wannye brochure no. Nokwarem no, ɔhyɛɛ mmofra no asotwe no mu den ntɛm ara.

Adansefo nkumaa yi kɔɔ so gyinaa asotwe yi ano na wɔkɔɔ so dɔw sare no bere a ɔkyerɛkyerɛfo no nni hɔ mpo. Da koro bi ɔkyerɛkyerɛfo no kɔtɛw baabi a wonhu no na ɔhwɛɛ wɔn bere a wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma na wɔtoo Ahenni nnwom no. N’ani gyee nea wɔyɛe no ho araa ma ɔma wɔsan kɔɔ sukuu dan no mu, na ɔkae sɛ wɔn nneyɛe no ama ne ho adwiriw no. Dɛn na efii mu bae? Ɔkyerɛkyerɛfo no ne Yehowa Adansefo reyɛ Bible adesua mprempren!

Nokwarem no, wohyiraa sukuufo mmofra yi esiane wɔn nokwaredi ma Yehowa ne ne nnyinasosɛm no nti.​—Mmebusɛm 10:22.

◻ Wohyiraa Ruth ne ne nnamfo nso wɔ Yehowa ahwehwɛde a ese ‘wɔnnyɛ wiase no fã’ no so a wodii ho. (Yohane 17:16) Ruth a wadi mfe 18 no fii ase yɛɛ akwampae adwuma no bere a odii mfe 12 no. Esiane sɛ ɔne Adansefo afoforo powee sɛ wɔbɛto ɔman dwom no nti, sukuu mu akyerɛkyerɛfo no sɔre tiaa wɔn. Ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ ɔpɛ sɛ ohu mmeawa no awofo. Bere a ɔkyerɛkyerɛfo no nsa kaa nkyerɛkyerɛmu bi a wofi Sukuu brochure no mu de maa no akyi no, ɔtee ase na wanhaw sukuufo no bio.

Nanso, da koro bi, ɔkyerɛkyerɛfo bi a ofi India yeyaw mmeawa no mu biako na ɔtwee n’aso wɔ sukuufo no anim bere a ɔpowee sɛ ɔbɛto ɔman dwom no. Abeawa no de akokoduru kaa ne gyidi ho asɛm na ɔkyerɛkyerɛfo no de no kɔɔ sukuu panyin no hɔ. Bere a woduu hɔ no, Ɔdansefo kumaa no hui sɛ sukuu panyin no abadiakyiri nso wɔ hɔ. Nea ɛyɛɛ no nwonwa yiye ne sɛ sukuu panyin no ne n’abadiakyiri no fii ase serew. Sukuu panyin no dan ne ho ka kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ: “Awuraa, nhaw wo ho wɔ mmeawa yi ho. Sɛ wukum wɔn koraa mpo a, wɔbɛpɛ sɛ wowu mmom sen sɛ wɔbɛto dwom no. Wontee wɔn ho asɛm pɛn anaa?” Afei ɔne n’abadiakyiri no kaa Yehowa Adansefo gyidi ne wɔn akokoduru ho asɛm. Sukuu panyin no ka kyerɛɛ abeawa no sɛ ɛyɛ no yaw sɛ ohyiaa ɔhaw a ɛte sɛɛ. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Kɔ so yɛ wo gyidi nnwuma no. M’ani gye wo som ne wo gyinabea a akokoduru wom wɔ sukuu mu ha ne akyi nyinaa no ho.” Akyiri yi no, ɔkyerɛkyerɛfo a na ɔsɔre tia no paa Ɔdansefo no kyɛw, na ɔkae sɛ afei de wate afã biara a Adansefo no nni no ase.

Mmofra yi dii Hebrifo baasa a wɔannyaa wɔn mudi a wokura mu ma Onyankopɔn no mu denam ohoni a wɔbɛkotow no no so, ne Daniel a wannyae mpae a ɔbɔ Yehowa no, nhwɛso akyi. Yehowa hyiraa mmarima yi efisɛ wodii nokware maa Onyankopɔn trenee mmara ahorow no.​—Daniel, atiri 3 ne 6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena