Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 6/15 kr. 4-7
  • Agyede A Wɔde Gye Nnipa Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agyede A Wɔde Gye Nnipa Pii
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkataso ne Gyaa a Wogyaa Obi
  • Agyede a Ɛfata
  • Wɔde Onipa Biako Sesaa Nnipa Pii
  • Agyede Nhyehyɛe no ne Wo
  • Agyede A Ɛfata Ma Yɛn Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yehowa Ama Yɛn “Agyede De Agye Nnipa Bebree”
    Bɛn Yehowa
  • Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 6/15 kr. 4-7

Agyede A Wɔde Gye Nnipa Pii

MARCH 31, 1970, no, wogyee wimhyɛn bi anuɔden so wɔ Bepɔw Fuji ho wɔ Japan. Kuw bi a wɔfrɛ wɔn Japanese Red Army Faction no mu baakron faa akwantufo ne wimhyɛn no mu adwumayɛfo bɛboro 120 nnommum, na wɔkae sɛ wɔmfa wɔn nkɔ North Korea dwoodwoo.

Bere a wimhyɛn no sii fam wɔ Seoul, Republic of Korea no, Japanfo ɔsoafo a ɔhwɛ akwantu ho nsɛm so no abadiakyiri, Shinjiro Yamamura, de ne ho mae sɛ ɔde ne nkwa bɛto asiane mu ama nnommum no. Esiane sɛ wɔn a wogyee wimhyɛn no anuɔden so no penee sɛ onni wɔn agyinam na ayɛ ahobammɔ ama wɔn ankasa nti, wogyaa nnommum no nyinaa ma ɛkaa wimhyɛn no mu adwumayɛfo no nkutoo. Afei wɔkɔɔ Pyongyang, faako a wɔde wɔn ho maa North Korea aban mpanyimfo. Owura Yamamura ne wimhyɛn no kafo san baa Japan akyiri yi a wɔanyɛ wɔn hwee.

Wɔ asɛm yi mu no, onipa biako de ne nkwa sesaa nnommum bɛboro 120 de. Eyi betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea onipa biako betumi de ne nkwa ama sɛ agyede de agye nnipa pii. Nanso, sɛ yɛbɛte Bible no ɔkyerɛkyerɛ a ɛfa agyede no ho ase a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asɛm yi mu fefeefe.

Ade biako ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nea ɛyɛe a bɔne bae no mu yiye. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Onipa a wɔka ne ho asɛm no ne Adam, onipa a wodii kan bɔɔ no no. Wubetumi akenkan abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛfa ne bɔ ho, ne nea ɛma ɔtwee ne ho fii Onyankopɔn gyinapɛn ho no ho asɛm. Wɔaka eyi wɔ Bible nhoma a ɛne Genesis no atiri abiɛsa a edi kan no mu.

Kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ na osutufo bi a nnipa nhu no wɔ hɔ, bere a Adam dii kan yɛɛ bɔne no. Osutufo no bɔɔ ne tirim sɛ obedi Adam ne n’asefo biara a ebia obenya wɔn no so, na ama wadi n’ani a ɛbere tumi no ho dwuma. Osutufo no ne Satan Ɔbonsam. Wɔfrɛ no nso sɛ “ɔwɔ dedaw,” efisɛ ɔwɔ na ɔde no dii dwuma ma ɔmaa Adam yɛɛ bɔne. (Adiyisɛm 12:9) Ɛwom sɛ na adesamma Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no aka akyerɛ Adam sɛ ɔnkyerɛ obu mma hokwan a Ɔwɔ sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne de, nanso ɔwɔ no daadaa Adam yere Hawa ma wantie Onyankopɔn. Afei Hawa maa ne kunu yɛɛ asoɔden. Bere a Adam yɛɛ saa no, ɔtwee ne ho fii Onyankopɔn ho, ɔhyɛɛ da yɛɛ ɔbɔnefo, na na saa asetra no nkutoo na obetumi de ama n’asefo.

Yɛda so ara hu nea efii mu bae no mu amane. Ɔkwan bɛn so? Na Ɔbɔadeɛ no ahyɛ mmara wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ, sɛ Adam ne Hawa hyɛ da yɛ asoɔden a, nea ebefi mu aba ne owu. Enti, Adam nam bɔne a ɔyɛe no so tɔn adesamma nyinaa kɔɔ bɔne ne owu nkoasom mu.​—Genesis 2:17; 3:1-7.

Ɛnde wɔbɛyɛ dɛn atumi agye adesamma afi saa bɔne tebea no mu? Yesu Kristo baa asase so “na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii,” na abue kwan ma wɔagye adesamma.​—Mateo 20:28.

Nkataso ne Gyaa a Wogyaa Obi

Bible no kyerɛ sɛ nneɛma abien na ɛwɔ ɔkwan a wɔfa so gye adesamma no mu: (1) tɔ a wɔbɛsan atɔ wɔn (2) gyaa a wobegyaa wɔn. Bible no ho ɔdenimfo Albert Barnes kyerɛw Hela asɛmfua (ly’tron) a wɔakyerɛ ase sɛ “agyede” no ho asɛm sɛ: “Nea asɛmfua “agyede” kyerɛ ankasa ne biribi a wotua de gye nnommum. Wɔ ɔko mu no, sɛ ɔtamfo bi fa nnommum a, wɔfrɛ sika a obisa ansa na wagyaa wɔn no sɛ agyede; kyerɛ sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔnam so nya ahofadi. Enti wɔfrɛ biribiara a egye obi fi asotwe, anaa amanehunu anaasɛ bɔne mu no sɛ agyede.” Yiw, wobetumi afrɛ “biribiara a ɛma wogyaa obi” sɛ ly’tron. Enti Hela asɛmfua yi si adeyɛ anaasɛ ɔkwan a wɔfa so gyaa obi so dua.a

Ɔsomafo Paulo de asɛmfua an·tiʹly·tron a ɛne no sɛ no dii dwuma de sii sɛnea bo a wotuae sɛ agyede no som no so dua. Ɔkyerɛwee wɔ 1 Timoteo 2:6 sɛ: ‘Yesu de ne ho mae’ sɛ ‘agyede a ɛfata maa nnipa nyinaa.’ Parkhurst Greek and English Lexicon to the New Testament reka eyi ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Ɛkyerɛ bo a wɔnam so gye nnommum fi atamfo nsam; na ɛyɛ nsesa a wodi a wɔde obi nkwa gye obi foforo nkwa.” Wɔ ha no, wosi sɛnea bo a wotuae no maa atemmu nsenia no karii pɛ, anaasɛ etumi yɛɛ nea wɔhwehwɛ no so dua. Ɔkwan bɛn so na wobetumi abu Yesu agyede afɔrebɔ sɛ ‘agyede a ɛfata’?

Agyede a Ɛfata

Adam tɔn adesamma nyinaa, a yɛn nso yɛka ho kɔɔ bɔne ne owu mu. Ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ, a na ebetumi atra ase daa no na etuaa ho ka. Nea ɛbɛyɛ na wɔakata eyi so no, na ɛsɛ sɛ wɔde​—ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ foforo​—agyede a ɛfata tua. Nanso, na nnipa a wɔnyɛ pɛ no muni biara nni hɔ a obetumi de ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a wohia no ama. (Hiob 14:4; Dwom 51:5) Nanso, Onyankopɔn nam ne nyansa so buee ɔkwan a wɔbɛfa so afi ɔhaw yi mu. Oyii ne Ba a ɔwoo no koro no nkwa fii soro bɛhyɛɛ ɔbaabun bi awotwaa mu, na ɔma wɔwoo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ. (Luka 1:30-38; Yohane 3:16-18) Yesu a ɔbaabun woo no ho nkyerɛkyerɛ yi nyɛ asɛm bi a wɔbɔɔ wɔn tirim kae na ama wɔakamfo obi a ɔtew nyamesom bi. Mmom no, ɛkyerɛkyerɛ agyede a Onyankopɔn de mae no mu adeyɛ bi a nyansa wom mu.

Nea ɛbɛyɛ na Yesu agye yɛn no, na ɛsɛ sɛ onya kyerɛwtohɔ pa bere a na ɔwɔ asase so no. Na ɔyɛɛ saa. Afei owuu afɔrebɔ wu. Saa kwan yi so no, Yesu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛ agyede de gyee adesamma. (1 Petro 1:19) Enti yebetumi aka no nokwarem sɛ “obiako wu maa wɔn nyinaa.” (2 Korintofo 5:14) Yiw, “sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.”​—1 Korintofo 15:22.

Wɔde Onipa Biako Sesaa Nnipa Pii

Wɔ wimhyɛn a wogyei a yɛadi kan aka ho asɛm no mu no, na nnommum no nni ɔkwan biara a wɔbɛfa so agye wɔn ho, sɛ na wɔyɛ adefo mpo a. Na mmoa ho hia fi baabi foforo, na na ɛsɛ sɛ onipa a wɔde no sesa wɔn no di nneɛma bi ho dwuma. Ɛte saa ara wɔ ɔkwan kɛse so wɔ agyede a na wohia na wɔde agye adesamma no ho. Odwontofo bi kyerɛwee sɛ: “Wɔn . . . a wɔkɔ so hoahoa wɔn ho wɔ wɔn ahonyade dodow ho no, ɔkwan biara nni hɔ a wɔn mu bi betumi afa so agye onua mpo, na ɔrentumi mfa agyede mma Onyankopɔn mma no; (na wɔn kra ho mpatade no bo yɛ den ara ma agyae de kosi bere a wonnim pɔtee).” (Dwom 49:6-8, New World Translation) Nokwarem no, na ehia sɛ wonya mmoa fi baabi foforo ma adesamma. Na onipa biako nkwa betumi agye adesamma nyinaa, sɛ otumi di nneɛma a wɔhwehwɛ na ama Onyankopɔn atemmu nsenia akari pɛ no ho dwuma a. Yesu Kristo ne onipa biako pɛ a ɔyɛ pɛ a oduu nea wɔhwehwɛ no ho.

Yehowa Nyankopɔn nam agyede a Yesu Kristo tuae no so de nea wɔde begye adesamma no ama. Nanso Onyankopɔn ayɛ pii sen saa. Wabu Satan Ɔbonsam, nea ɔmaa adesamma yɛɛ bɔne no kumfɔ. (Adiyisɛm 12:7-9) Ɛrenkyɛ Yehowa de Satan a wabu no fɔ no bɛto afiase, na awiei koraa no, ɔde atemmu bɛba no so denam “ogya ne sufre tare” a egyina hɔ ma daa ɔsɛe ‘no mu a ɔbɛtow no akyene’ no so. (Adiyisɛm 20:1-3, 7-10, 14) Bere a wɔayi saa honhom abɔde bɔne yi afi hɔ, na wɔde agyede no adi dwuma no, wobegye adesamma afi Satan nkɛntɛnso nso ase, na ɛnyɛ bɔne ne owu nkutoo mu. Enti bere a wɔde Kristo agyede afɔrebɔ no bo adi dwuma akosi ase no, adesamma asoɔmmerɛfo bɛkɔ wɔn anim akodu pɛyɛ mu.

Agyede Nhyehyɛe no ne Wo

Bere a nnipa a wɔwɔ Apuei Fam no mu pii tee Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no ho asɛm no, wɔn ani sɔɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama wɔn no. Kazuo yɛ wɔn mu biako. Na ade titiriw a ɔyɛ wɔ n’asetra mu ne sɛ obebua aduru bi a ɛte sɛ mmosa akɔ ne mu ma abow no. Sɛ ɛbow no na ɔde ka kar a, ɔtaa sɛe ne kar ahorow no. Ne nnamfo baasa kum wɔn ho bere a na wɔasɛe wɔn akwahosan akyi no. Kazuo nso bɔɔ mmɔden sɛ obekum ne ho. Akyiri yi ofii ase suaa Bible no. Esiane sɛ nea osuae no kaa ne koma nti, osii gyinae sɛ obesiesie n’asetra. Ɔyeree ne ho sɛ ɔremfa ade a ɛte sɛ mmosa no nsɛe ne nipadua bio, nanso odii nkogu mpɛn pii. Na ontumi nhu sɛ onni ne honam akɔnnɔ no akyi, anaasɛ ɔnyɛ nea ɛteɛ. Hwɛ sɛnea n’ani gyei sɛ ɔnam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ bo no so tumi bɔɔ Onyankopɔn mpae di bisaa fafiri! Kazuo nam mpaebɔ ne mmoa a onnya fii ne Kristofo nnamfo hɔ no so tumi dii ne subammɔne no so, na mprempren ɔresom Yehowa sɛ ɔsomfo a ɔwɔ anigye ne ahonim a emu tew.

So wokae Chisako a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mfiase no? Ɔno nso nam Bible no sua so bɛtee agyede nhyehyɛe a ɔdɔ wom no ase. Bere a ohuu sɛ Onyankopɔn de ne Ba mae sɛ onnye adesamma mfi bɔne mu no, ɛkaa ne koma yiye. Chisako hyiraa ne nkwa so maa Yehowa. Mprempren a wadi mfe 77 mpo no, ɔde bɛyɛ nnɔnhwerew 90 ka Yehowa dɔ kɛse ne n’ayamye a ɛnsɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ afoforo ɔsram biara.

Ɛsɛ sɛ agyede no yɛ ade titiriw ma wo nso. Onyankopɔn nam ɛno so bebue kwan ma adesamma anya nokware ahofadi​—bɔne ne owu mu ahofadi. Daakye a ɛyɛ nwonwa a daa nkwa wom da wɔn a wɔgye Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no tom no anim pɛɛ. Yɛsrɛ sɛ hu Yehowa Adansefo na w’ankasa hwehwɛ sɛnea wubetumi afa agyede nhyehyɛe a ɔdɔ wom no so atumi anya ahofadi afi bɔne ne owu mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔkyerɛ pa·dhahʹ ne nsɛmfua a ɛte saa ase sɛ “ogye” anaasɛ “ogye bo,” na esi gyaa a wogyaa obi no so dua.​—Deuteronomium 9:26.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]

Courtesy of the Mainichi Shimbun

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena