Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 6/15 kr. 3-4
  • So Ɔkwan Bi A Wɔbɛfa So Afi Onipa Bɔne Tebea Mu Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔkwan Bi A Wɔbɛfa So Afi Onipa Bɔne Tebea Mu Wɔ Hɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wobetumi Apopa Bɔne Afi Hɔ?
  • Bere a Bɔne Nni Hɔ Bio
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wiase a Bɔne Nni Mu​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Agyede A Wɔde Gye Nnipa Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Mogya a Ɛsom Bo” na Wɔde Gyee Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 6/15 kr. 3-4

So Ɔkwan Bi A Wɔbɛfa So Afi Onipa Bɔne Tebea Mu Wɔ Hɔ?

NÁ CHISAKO ne ne mma baanan a wonnii mfe aduonu taa siesie kuropɔn bi a ɛne ne fie ntam kwan yɛ kilomita 600 no mu tiafi ahorow so. Bere a ɔreyɛ saa no na ɔde sutra, Budhasom mu nsɛm bi a ɔnte ase to dwom. Ɛyɛ nyamesom kuw a wɔhwehwɛ sɛ wohu ade ankasa a nyamesom nyinaa gyina so no nneyɛe biako.

Chisako ka sɛ: “Nneɛma a ne yɛ nna fam a mekɔɔ so yɛe nyinaa akyi no, mantumi ansakra me nipasu. Mantumi amfa afoforo bɔne amfiri wɔn wɔ me komam tɔnn, na mantumi amfa adwempa annɔ afoforo.”

Wɔ Apuei Fam nsase a nnipa no mu fã kɛse no ara nnim bɔne a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Bible no mu ho hwee mpo so no, nnipa pii ahonim haw wɔn wɔ wɔn bɔne su horow ho, te sɛ nea ɛhaw Chisako no. (Romafo 2:14, 15) Hena na sɛ wannyi ayamye adi ankyerɛ mmɔboroni bi a, ɛnhaw no, anaa onni yaw wɔ asɛm bi a anka ɛnsɛ sɛ ɔka ho? (Yakobo 4:17) Na so ninkuntwe su bɔne nni mmofra ne mpanyimfo nyinaa mu?

Dɛn nti na nnipa wɔ nkate a ɛhaw wɔn saa? Efisɛ, sɛ wonim anaasɛ wonnim no, wɔwɔ mfomso ne bɔne ho nkate wɔ wɔn mu. Nokwarem no, sɛ ebia nkurɔfo nim Bible no nkyerɛkyerɛ a ɛfa bɔne ho anaasɛ wonnim no, bɔne su horow haw yɛn nyinaa. Asɛm yi ho ɔbenfo bi kaa bere bi sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.”​—Romafo 3:23.

So Wobetumi Apopa Bɔne Afi Hɔ?

Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ, ne titiriw Kristoman mufo reyere wɔn ho anibere so sɛ wɔbɛpopa bɔne ne afɔdi ho nkate afi wɔn ahonim mu. Ɔbenfo Karl Menninger kae wɔ ne nhoma Whatever Became of Sin? no mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ asɛmfua ‘bɔne’ no ankasa . . . atu ayera. Nanso asɛmfua “bɔne” a wɔkwati no mmoa ahe biara te sɛ nea asɛmfua “onyin” a akwakoraa bi pɛ sɛ ɔkwati no mmoa no ahe biara no. Ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm no tom sɛ yɛwɔ bɔne su horow, na ehia sɛ wogye yɛn fi saa tebea a awerɛhow wom no mu? Hena na obegye yɛn?

Kristoni ɔsomafo Paulo bisaa saa asɛm no bere a ogyee n’ankasa bɔne su a ɛma ɔyɛ bɔne, bere a na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ saa no nyinaa akyi toom sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?” Afei Paulo toaa so buae sɛ: “Aseda mfa Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn ayɛ bɔne fafiri ho nhyehyɛe denam Yesu agyede afɔrebɔ no so.​—Romafo 7:14-25.

Nanso, wiase no nnipa 3,500,000,000 a wɔnyɛ Kristofo no mu pii (wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no dodow mmɔho) hu sɛ ɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛte agyede ho adwene no ase. Sɛ nhwɛso no, agyede ɔkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ akwanside a ɛsen biara maa Kramoni bi a ɔte Japan a osuaa Bible no kakra no. Wɔ Apuei Famfo pii fam no, adwene a ɛne sɛ onipa biako betumi awu ama nnipa nyinaa no nyɛ ade a wɔyɛ.

Ntease wɔ eyi mu, efisɛ ɛyɛ den ma Kristoman mufo binom mpo sɛ wɔbɛte mfitiase ɔkyerɛkyerɛ titiriw yi ase. New Catholic Encyclopedia no gye tom sɛ: “Agyede ho nyamekyerɛ no fã bi nni mu, na ɛkɔ so ara yɛ asɛnnenenn wɔ nyamekyerɛ mu.”

Nyamesom ho ɔkyerɛwfo N. H. Barbour nsɛm a edi so yi kyerɛkyerɛ faako a adwene atu afra wɔ ɔkyerɛkyerɛ yi ho akodu no mu sɛ: “Kristo wu no nyɛ ade a wɔde tua onipa bɔne ho ka te sɛnea asase so ɔwofo bi remmu akoroteaa a wɔde wɔ anwansena mu ma ohu amane, na owu no sɛ ne ba basabasayɛ ho akatua a ɛfata.” Afei Charles T. Russell a ɔne no bɔ no hui sɛ ehia sɛ ogye agyede nkyerɛkyerɛ no ti ntɛm ara. Ɔtwee ne ho fi Barbour ho, na ofii ase tintim nsɛmma nhoma foforo bi wɔ 1879 mu, na akyiri yi ɛbɛyɛɛ nsɛmma nhoma a worekenkan yi. Ɔwɛn-Aban no abɔ Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no dawuru fi ne mfiase.

Nanso, so wɔn a wɔamfa “Kristosom” antete wɔn no betumi agye ɔkyerɛkyerɛ yi atom? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛahu no, momma yɛnhwehwɛ onipa biako a owu ma yɛn nyinaa ho ɔkyerɛkyerɛ no mu yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena