Mebrɛɛ Me Ho Ase ma Minyaa Anigye
WƆ 1970 mu no, na madi mfe 23 na na mede botae akɛse asisi m’anim. Wɔyɛɛ me office adwumayɛfo so panyin wɔ m’adwumam, faako a wɔyɛ kar ho adwuma wɔ Ivrea, Italy no. Ná masi me bo sɛ mɛyɛ onipa titiriw. Nanso na mahaw na m’ani nnye. Dɛn ntia?
Ná me kunu de ne bere fã kɛse no ara ne ne nnamfo kɔbɔ spaa wɔ asanom mmeae, na ɔmaa me nkutoo dii abusua no asɛyɛde ahorow mu dodow no ara ho dwuma. Yɛn ntam abusuabɔ no fii ase sɛee. Ná yɛham wɔ nneɛma nketenkete koraa ho. Eyi maa nsusuwii ahorow a ɛmfata bɛhyɛɛ m’adwenem ma.
Ná mise me ho sɛ, ‘obiara nni wo ho anigye biara. Wɔpɛ sɛ wonya wo dibea no ho mfaso ara kɛkɛ.’ Meka kyerɛɛ me ho sɛ: “Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ efisɛ sɛ ɔwɔ hɔ a, anka ɔremma amanehunu ne amumɔyɛ pii hokwan saa. Asetra nyɛ biribiara sɛ mmirika a wotu kɔ owu mu.’ Mantumi ante nea enti a na eyi te saa no ase.
Nsakrae Mfiase
Da koro wɔ 1977 mu no, Yehowa Adansefo baanu bɛbɔɔ yɛn pon mu. Me kunu, Giancarlo ma wɔbaa mu na wɔkɔtraa asa so hɔ bɔɔ nkɔmmɔ. Ná n’adwene ne sɛ ɔbɛma wɔadan wɔn a wogye adannandi tom te sɛ ɔno ara pɛ, nanso wɔn mmom na wɔsakraa ne nsusuwii!
Ankyɛ na Giancarlo nso fii ase yɛɛ nsakrae ahorow wɔ n’asetram. Ɔbɛyɛɛ obi a ɔwɔ ntoboase pii na onyaa bere pii maa me ne yɛn babea no. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka nneɛma a ɔresua no ho asɛm akyerɛ me, nanso na metaa ka nsɛm a ɛyɛ yaw de twa nkɔmmɔbɔ no so.
Afei da koro bi a Adansefo no baa hɔ no, metraa ase tiee wɔn ankasa. Wɔkaa nneɛma nhyehyɛe yi awiei ne Onyankopɔn Ahenni, Paradise asase, ne awufo sɔre no ho asɛm. Me ho dwiriw me! Mantumi anna anadwo abiɛsa a edi hɔ no! Ná mepɛ sɛ mihu nneɛma pii, nanso ahomaso amma mantumi ammisa me kunu nsɛm. Afei, da koro ɔde anibere ka kyerɛɛ me sɛ: “Nnɛ de wubetie me. Mewɔ wo nsemmisa no nyinaa ho mmuae.” Afei ɔkaa Bible mu nokware ahorow ho nsɛm pii kyerɛɛ me.
Giancarlo ka kyerɛɛ me sɛ Ɔbɔadeɛ no din ne Yehowa, sɛ Ne su titiriw ne ɔdɔ, sɛ Ɔsomaa Ne Ba bae sɛ agyede na yɛatumi anya daa nkwa, ne sɛ abɔnefo sɛe wɔ Harmagedon akyi no, Yesu Kristo benyan awufo wɔ ne Mfirihyia Apem Ahenni no mu. Ɔkae sɛ wɔn a wobenyan wɔn no bɛkɔ akodu adwene ne honam fam pɛyɛ mu na wobenya hokwan atra ase daa wɔ asase so wɔ Paradise.
Ade kyee no, me ne me kunu kɔɔ Ahenni Asa so nea edi kan. Ɛno akyi no meka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurɔfo yi dodɔ wɔn ho wɔn ho. Mepɛ sɛ mekɔ so ba ha efisɛ wɔwɔ anigye ankasa.” Mifii ase kɔɔ nhyiam horow no daa, na wɔne me yɛɛ Bible adesua. Misusuwii nea meresua no ho yiye na ankyɛ na migye dii sɛ mahu Onyankopɔn nkurɔfo ampa. Wɔbɔɔ me ne me kunu asu wɔ January 1979 mu de yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.
Bere Nyinaa Ɔsom Adwuma No
Wɔmaa ɔkasa bi a ɛhyɛɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no ho nkuran wɔ ɔmansin nhyiam bi a wɔyɛe bere bi akyi wɔ saa afe no mu no ase. Ɛkanyan me sɛ memfa me ho nhyɛ saa ɔsom adwuma no mu, na mede asɛm no kɔɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Nanso minyinsɛnee, na ɛno sɛee me nhyehyɛe no. Yɛwoo mma baasa wɔ mfe anan a edi hɔ no mu. Wɔn mu baanu dii dɛm a ɛde wɔn nkwa too asiane mu wɔ mmere horow mu. Nanso anigyesɛm ne sɛ, wɔn mu biara tee apɔw koraa.
Afei metee nka sɛ merentumi nkɔ so ntu nhyehyɛe a mereyɛ na mayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no nhyɛ da bio. Migyaee honam fam adwuma a meyɛ no na ama matumi adi m’asɛyɛde sɛ ɔyere ne ɛna no ho dwuma yiye. Me ne me kunu yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛde ne nkutoo akatua ahwɛ yɛn ho, na na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma a ɛho nhia nyinaa tɔ. Nanso, Yehowa hyiraa yɛn pii, na wamma yɛanni hia.
Wɔ 1984 mu no, me babea a na wadi mfe 15 na wɔabɔ no asu saa bere yi no, fii ase yɛɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no sɛ ɔkwampaefo. Bere koro no ara mu no, wɔpaw me kunu sɛ ɔpanyin. Na me nso ɛ? Esiane sɛ metee nka sɛ merentumi nyɛ ɔkwampaefo nti, mede yɛɛ me botae sɛ mede nnɔnhwerew 30 bɛyɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara. Mitumi duu ɛno ho na meka kyerɛ me ho sɛ: ‘Woayɛ ade! Woreyɛ pii.’
Nanso, ahomaso bɛyɛɛ asɛnnennen maa me bio. (Mmebusɛm 16:18) Mekɔɔ so susuw sɛnea merebɔ mmɔden no ho ne sɛ enhia sɛ minya honhom mu nkɔso pii bio. Me honhom fam yiyedi fii ase kɔɔ fam, na mifii ase hweree su pa ahorow a na manya no mpo. Afei wɔmaa me nteɛso a na mihia no.
Wɔ 1985 mu no, ahwɛfo akwantufo baanu ne wɔn yerenom bɛsoɛɛ yɛn fie hɔ bere a wɔbɛsraa yɛn asafo no sɛnea wɔyɛ bere ne bere mu no. Kristofo ahobrɛasefo a wɔde wɔn ho abɔ afɔre yi a mihuu wɔn no maa misusuwii nsɛm ho yiye ankasa. Mede Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow no yɛɛ asɛmti a ɛne ahobrɛase no mu nhwehwɛmu. Misusuw ahobrɛase kɛse a Yehowa da no adi wɔ ɔne yɛn adesamma abɔnefo nsennii mu no ho. (Dwom 18:35) Mihui sɛ ɛsɛ sɛ mesakra me nsusuwii.
Mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me na minnya ahobrɛase na matumi asom no sɛnea ɔhwehwɛ sɛ meyɛ, na ɔnkyerɛ me sɛnea mede akyɛde ahorow a mewɔ no bedi dwuma de ahyɛ no anuonyam. Mehyehyɛɛ akwampae adwuma no akwammisa krataa, na mifii ase som no wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu wɔ March 1989 mu.
Metumi aka mprempren sɛ mewɔ anigye ampa ne sɛ me ho ase a mebrɛe no na aboa ma manya anigye yi. Manya asetra mu atirimpɔw ankasa—na ɛno ne wɔn a ahia wɔn a mɛboa wɔn ma wɔabehu sɛ nokware Nyankopɔn Yehowa, ne wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no ntam kwan nware.—Sɛnea Vera Brandolini ka kyerɛe.