Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
So Yehowa Adansefo kwati awodadi esiane sɛ na adeyɛ no kyerɛ biribi wɔ nyamesom mu wɔ tete mmere mu nti anaa?
Awodadi nyaa ne mfiase wɔ gyidihunu ne atoro som mu, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo anaa ɛnyɛ ɛne ade titiriw nti a Yehowa Adansefo kwati adeyɛ no.
Amanne binom a na ɛyɛ nyamesom mu adeyɛ no nte saa bio wɔ mmeae pii. Sɛ nhwɛso no, na anka ayeforohyia kawa no kyerɛ biribi wɔ nyamesom mu, nanso nnɛ ɛnte saa bio wɔ mmeae pii. Enti, nokware Kristofo pii gye wɔn hɔnom amanne a ɛne sɛ obi bɛhyɛ ayeforohyia kawa de akyerɛ sɛ ɔyɛ ɔwarefo no tom. Wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu no, nea mpɛn pii no wagyina so si gyinae ne sɛ ebia wɔde atoro som bata adeyɛ bi ho mprempren anaa dabi.—Hwɛ “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ January 15, 1972, The Watchtower ne Vol. 112, No. 20 mu.
Nanso, wɔrentumi nnye ho kyim sɛ nhwehwɛmu nhoma ahorow pii da gyidihunu ne nyamesom mu nneɛma a ɛde awodadi bae no adi. The Encyclopedia Americana (1991 de no) se: “Tete Misraim, Hela, Roma, ne Persia wiase no dii anyame, ahemfo, ne adehye awoda.” Ese Romafo no dii Artemi ne Apolo awoda. Nea ɛne ɛno bɔ abira no, “ɛwom sɛ tete Israelfo no yɛɛ wɔn manfo a wɔyɛ mmarima no mfe a wɔadi ho kyerɛwtohɔ de, nanso adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔhyɛɛ wɔn awoda no ho fã.”
Nhwehwɛmu nhoma afoforo kyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a awodadi bae no mu kɔ akyiri: ‘Wofii awodadi apontow ahorow ase mfe pii ni wɔ Europa. Ná nkurɔfo gye di sɛ ahonhom pa ne ahonhommɔne a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ wɔn mmoatia papa ne bɔne wɔ hɔ. Na obiara suro ahonhom yi, sɛ wobepira nea odi n’awoda no, enti ne nnamfo ne n’abusuafo betwa ne ho hyia, na yiyedi a wɔpae gu ne so, ne ɛhɔ ankasa a wɔwɔ no, abɔ ne ho ban afi asiane ahorow a wonnim a ɛwɔ n’awoda mu no ho. Akyɛde a wɔde ma no mpo de ahobammɔ kɛse ba. Didi a wɔbom didi no nso de ahobammɔ pii ba na ɛboa ma wonyaa ahonhom pa no nhyira. Enti mfiase no na awodadi apontow no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛbɔ obi ho ban afi bɔne ho na ama afe a ɛbɛba no ayɛ papa ama no.’—Birthday Parties Around the World, 1967.
Nhoma no kyerɛ sɛnea awodadi mu amanne ahorow no bae nso. Sɛ nhwɛso no: “Nea enti a [wɔde kyɛnere di dwuma] no fi tete Helafo ne Romafo a na wosusuw sɛ kyɛnere wɔ nkonyaa tumi bi no. Wɔbɔ mpae na wɔde adesrɛde ahorow fa kyɛnere gya no so kɔma anyame no. Afei anyame no de nhyira ahorow brɛ wɔn na ebia wobua wɔn mpaebɔ no.” Wɔaboaboa eyi ho nsɛm afoforo a ɛtete sɛɛ ano wɔ nhoma Reasoning From the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, lnc. tintimii no mu wɔ kratafa 69, 70.
Nanso, sɛnea wɔaka ho asɛm no, asemmisa yi mu wɔ nsɛm afoforo pii sen sɛ ebia na awodadi yɛ nyamesom mu adeyɛ anaa ɛda so ara yɛ anaa dabi no. Bible no ka awodadi ho asɛm, na Kristofo a wɔn ho akokwaw fi nyansam hyɛ nea ɛka biara nsow.
Onyankopɔn tete asomfo no hyɛɛ bere a wɔde woo nnipa ankorankoro no nsow, na ɛno na ɛma wotumi huu nkurɔfo mfe a wɔadi. Yɛkenkan sɛ: “Noa dii mfirihyia ahannum, na Noa woo Sem, Ham ne Yafet.” “Noa nkwa mu afe a ɛto so ahansia mu, . . . da no ara ebun kɛse no nsu aniwa nyinaa paapaee.”—Genesis 5:32; 7:11; 11:10-26.
Sɛnea Yesu mpo kae no, na abawo yɛ ade a nhyira wom na ɛyɛ anigye ma Onyankopɔn nkurɔfo. (Luka 1:57, 58; 2:9-14; Yohane 16:21) Nanso, Yehowa nkurɔfo anhyɛ awoda ho fã; wodii afahyɛ afoforo nanso wɔanni awoda. (Yohane 10:22, 23) Encyclopaedia Judaica se: “Awodadi yɛ ade a wonnim wɔ Yudafo atetesɛm mu amanne mu.” Nhoma Customs and Traditions of Israel ka sɛ: “Wonyaa awodadi fii aman afoforo nneyɛe mu, efisɛ wɔnka amanne yi ho asɛm wɔ Yudafo mu wɔ Bible no, Talmud no, anaa Anyansafo a wɔbae akyiri yi no nkyerɛwee mu. Nokwarem no, na ɛyɛ tete Misraimfo amanne.”
Awodadi bi a wɔkaa ho asɛm wɔ Bible no mu, nea na ɛnyɛ nokware asomfo na wɔredi no, ma ɛda adi pefee sɛ efi Misraim ampa. Ɛyɛ Farao a odii tumi bere a na Yosef da Misraimfo afiase no awodadi. Ebia saa abosonsomfo no mu binom ani gyee saa apontow no ho, nanso saa awodadi no ase na wotwaa Farao abodootofo so panyin no ti.—Genesis 40:1-22.
Biribi a ɛmfata saa ara sii wɔ awodadi foforo a wɔkaa ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ase—Herode Ɔkɛseɛ no ba Herode Antipa awodadi ase. Wɔnka awodadi yi ho asɛm wɔ Bible no mu sɛ afahyɛ a na bɔne biara nni ho koraa. Mmom no, ɛno na ɛma wotwaa Osuboni Yohane ti. Afei, “n’asuafo bae bɛfaa amu na kosiei, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu,” ‘na ofii hɔ kɔɔ sare so nkyɛn baabi.’ (Mateo 14:6-13) So wususuw sɛ saa asuafo no anaa Yesu ani gyee awodadi adeyɛ no ho?
Esiane nea wonim sɛ ɛno na ɛde awodadi bae, ne titiriw no, sɛnea wɔka ho asɛm wɔ Bible mu sɛ ade a ɛmfata no nti, Yehowa Adansefo wɔ ntease a ɛdɔɔso a enti wɔtwe wɔn ho fi adeyɛ no ho. Ɛho nhia sɛ wodi saa wiasefo amanne yi akyi, efisɛ wobetumi atow apon a ɛyɛ anigye bere biara wɔ afe no mu, na wɔyɛ saa nso. Akyɛde a wɔde ma no nyɛ ɔhyɛ anaa nea apontow bi ase a wɔkɔ no hyɛ wɔn ma wɔde ma; ɛyɛ akyɛde a wofi wɔn komam de ma bere biara esiane ayamye ne nokware dɔ a wɔwɔ nti.—Mmebusɛm 17:8; Ɔsɛnkafo 2:24; Luka 6:38; Asomafo no Nnwuma 9:36, 39; 1 Korintofo 16:2, 3.