Wubetumi Agyina Abasamtu Ano!
SUSUW tebea a ɛyɛ awerɛhow a ɔbarima bi a wadi mfe 23 wom no ho. Ne nhomasua nkɔ anim, na n’adwuma akatua sua. Ɛte sɛ nea ontumi nware na ontumi nnya asetra a akomatɔyam wom. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ne maame ka sɛ: “Odi awerɛhow yiye na ɔte abasamtu kɛse nka.” Tebea a aberante yi wom no yɛ nea afoforo ɔpepem pii wom ho nhwɛso. Nneɛma ahorow nti, nnipa a wɔn asetra gyinapɛn gu ahorow nyinaa te abasamtu nka.
Abasamtu yɛ “ahobammɔ a obi nni, sɛnea ɔbotow, ne akomatɔyam a onni ho nkate a emu yɛ den a ɛmma awiei, a anidaso a ɛyɛ ɔkwa, basaayɛ, anaa ɔhaw afoforo a onnii ho dwuma na ɛde ba.” (Webster’s Third New International Dictionary) Yɛte abasamtu nka bere a yɛyere yɛn ho denneennen sɛ yɛbɛyɛ biribi na yɛantumi anyɛ no. Yɛte nka sɛ yentumi nyɛ hwee koraa, te sɛ nea yɛde yɛn ti pempem ɔbo fasu, na yenni nkonimdi ho anidaso biara. Yɛn nyinaa nim sɛnea ɛte.
Adwumayɛfo a wɔyɛ nnwuma a ɛte sɛ nea akomatɔyam nnim betumi ate nka sɛ wɔn ho nni mfaso. Sɛ wɔannyi ɔyerenom anaa ɛnanom a wɔrebɔ mmɔden adi da biara ahiade ahorow ho dwuma, ayɛ nnwuma a ɔbrɛ wom ayɛ a, wobetumi ate nka sɛ wonni akomatɔyam, na wɔnkyerɛ wɔn ho anisɔ. Mmofra a wohyia sɔhwɛ ahorow wɔ sukuu mu betumi ate abasamtu nka wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobesua nhoma no mu. Mmusuakuw a esusuae mufo betumi ahaw adi awerɛhow, a wogye di sɛ wobu ani gu wɔn so ɔkwan a ɛnteɛ so. Adwumawuranom asisifo a wɔmfa nnyinasosɛm nni dwuma betumi ama wɔn mfɛfo a wɔde nokwaredi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ aguade anaa nnwuma pa no abɔ ka. Eyinom ne nneɛma a ɛtete saa de abasamtu ba, na ɛma nnipa pii te nka sɛ wɔnsɛ hwee.
Onyansafo bi a ɔtraa ase mfehaha pii a atwam ni no tumi kaa n’abasamtu ho asɛm wɔ ɔkwan a yebetumi ate ase so. Israel hene Salomo kae sɛ: “Ɛnna medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu, na mfaso bi nni mu owia ase. Na ɛdɛn na onipa nya ne brɛ nyinaa ne ne koma mu dadwen a ɔde haw ne ho owia ase no mu? Na ne nna nyinaa yɛ ayayade, na ne haw yɛ no awerɛhow, nso anadwo po ne koma ntɔ ne yam: eyi nso, ahuhude ne no.” (Ɔsɛnkafo 2:11, 22, 23) Nsɛm a Salomo kae no da sɛnea nnipa pii aba mu bu, bere a wɔrebɔ mmɔden agyina abasamtu ahorow a ɛmma wonnya asetra a akomatɔyam wom ano no adi.
Nnipa a wɔte abasamtu nka ho betumi ayeraw wɔn mpo. Wɔ tebea a emu yɛ den mu no, ebinom gyae ɔhaw no ho dwumadi, wɔkwati nnipa na wobu ɔbra a ɛmfata. Nea ɛbɛyɛ na wɔn nsa aka nea wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya no, ebinom di nsɛmmɔne, na wɔyɛ basabasa. Ahokyere a ɛto ntwa da asɛe aware ne mmusua ahorow ntam.
Ebia ɛsɛ sɛ yɛn mu pii yere yɛn ho yiye hwehwɛ akwan a yɛbɛfa so agyina abasamtu ano. Wɔ nea yɛyɛ nyinaa akyi no, ebia tebea no bɛyɛ te sɛ nea ɛresɛe. Mmebusɛm 13:12 sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare.” Yɛn honam fam ne honhom fam yiyedi betumi aba asiane mu. So yentumi nyɛ tebea no ho hwee? So ɛsɛ sɛ yɛte abasamtu nka daa wɔ asetra mu sɛ yɛn sintɔ anaa yɛn mfomso ahorow ho asotwe? So yebetumi ayɛ biribi pa bi de agyina abasamtu ano na yɛanya asetra a akomatɔyam kɛse wom? Momma yɛnhwɛ.
Akwan Bi a Yɛbɛfa so Agyina Abasamtu Ano
Sɛ yehyia ɔhaw bi na yehia afotu a, yɛtaa kɔ obi a onim de na ɔwɔ osuahu a yebetumi de yɛn ho ato no so nkyɛn. Mmebusɛm 3:5, 6 kamfo kyerɛ sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Yebetumi anya afotu pa afi Onyankopɔn Asɛm Bible no mu. Susuw nhumu a ɛma yenya no ho nhwɛso no bi ho.
Hwɛ a yɛbɛhwɛ yɛn ho betumi ama yɛate abasamtu nka. Sɛ nhwɛso no, honam fam adwuma a yɛyɛ betumi ama yɛanya akomatɔyam, nanso akatua a esua betumi ama yɛahaw. Yɛdɔ yɛn mmusua na yɛpɛ sɛ yenya nea eye sen biara ma wɔn. Bio nso, ɛte sɛ nea yɛn sika fam asɛyɛde ho dwumadi ho adwennwene to ntwa da. Ebia yɛyɛ adwumapɔn akyi adwuma ne adwuma foforo ka ho. Bere bi akyi no, asetra yɛ te sɛ adeyɛ a ɔbrɛ wom a adidi, nna, ne adwumayɛ na ɛwom. Nanso, aka a yɛde no kɔ soro, na abasamtu no yɛ kɛse.
Honam fam adwuma atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛma yɛanya yɛn ahiade ahorow. Nanso ahe na yehia? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno araa nnɔɔ yɛn so.” So yɛrebɔ mmɔden anya nea ɛsen saa, na nea yɛwɔ ne nea afoforo wɔ anaa wɔatumi ayɛ no ayɛ pɛ? Sɛ saa a, ebia na yɛretwa aba a ɛne abasamtu. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ennye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sika [ho dɔ] a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Timoteo 6:7-10) Nokwaredi a yɛde bɛhwehwɛ honam fam nneɛma a yɛhwehwɛ no mu bɛma yɛahu sɛ yenhia nneɛma bi koraa. Nsakrae a ntease wom kakraa bi a yɛbɛyɛ na yɛatumi akora sika so ne asetra kwan a ɛfata betumi aboa pii ma yɛn abasamtu no so atew.
Nneɛma a wofi awosu mu hwehwɛ a nsa ntumi nka de abasamtu pii aba. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ awosu sɛ ababaa benya nkate a emu yɛ den sɛ ɔbɛware anya ahobammɔ, ne ɔdɔ a emu yɛ hyew, a abusua asetra na ɛde ba no. Ebia ɔde bere pii bɛbɔ mmɔden kɛse de ntade, agude, ne srade a aba so asiesie ne ho ma ne ho ayɛ fɛ, anaasɛ ebia ɔbɛkenkan nsɛmma nhoma a ɛde sɛnea ɔbɛma wɔadɔ no ho afotu ma pii. Ebia ɔbea no bɛkɔ apontow pii ase, a ɔwɔ anidaso sɛ obehyia obi a ɔfata no—nanso ne nyinaa nkosi hwee. Mfe pii twam, na afei ontumi nnyina abasamtu no ano. Abasamtu nti, ebia ɔbɛware obi a ɔmfata. Nea ennye koraa no, ebia obebu bra bɔne de adi ɔdɔ a ɔhwehwɛ no ho dwuma.
Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no, boasetɔ ne atɛmpa ho hia. Obi a ɔmfata a wɔware no—ne titiriw obi a onni Yehowa mu gyidi—bɛyɛ mfomso a anibere wom. (1 Korintofo 7:39; 2 Korintofo 6:14, 15) Ɛda adi sɛ nea efi abrabɔ bɔne mu ba ara ne awerɛhow ne abasamtu. (Mmebusɛm 6:32, 33) Nokwaredi a obi de bɛhwehwɛ ne ho mu ne nyansa a ɔde bedi asɛm no ho dwuma betumi aboa. “Honhom a edwo na ɛyɛ komm” betumi atwetwe aware mu ɔhokafo a ɔfata koraa asen nea ntade a aba so foforo ne nnuru soronko a wɔde keka wɔn ho no betumi ayɛ. (1 Petro 3:3, 4) Sɛ́ anka ɔde ne ho bɛto wiasefo abenfo afotu hunu a mpɛn pii edi nneɛma ho dwuma bere tiaa bi so mmom no, ehia sɛ ɔkɔ aware Hyehyɛfo no nkyɛn kosua nea ehia na wayɛ ɔyere a wɔdɔ no na wodi no ni. (Mmebusɛm, ti 31) Ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea ahokwafo bɔ mmɔden da su horow a wɔbɛpɛ sɛ wohu wɔ ɔhokafo ho no adi. Hwɛ nyansa a ɛwom sɛ yɛbɛhwehwɛ sɛ yɛne nnipa a wodi Bible mu nnyinasosɛm ahorow so bɛbɔ. Sɛ yɛde eyinom di dwuma wɔ asetra mu a, anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya aware a anigye wom no bɛyɛ papa daa. Sɛ yɛantumi anware ntɛm ara mpo a, ade a yɛbɛyɛ ma ɛne Kyerɛwnsɛm no ahyia no bɛma yɛanya anigye, na ama tra a yɛtra ase sɛ ahokwafo no ayɛ nea mfaso wɔ so yiye.
Asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru betumi ama yɛahaw. Yɛn ho betumi akyere yɛn akwan horow nyinaa so. Yɛn ho pere yɛn sɛ yebedi yɛn abusua ahiade ahorow ho dwuma, na ebia yɛn adwumawura ani rensɔ nea yɛyɛ da. Bere biara a yɛn abusuafo behyia ɔhaw no, ebia wɔbɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛboa wɔn. Ahokyere pii nti, ehia sɛ yedi yɛn ankasa nsɛm pii a yɛabu yɛn ani agu so ho dwuma. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden di nneɛma bebree ho dwuma bere koro mu. Abasamtu betumi ama yɛahaw, na ebia yɛbɛpa abaw. Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛsan ahwehwɛ nneɛma a ɛho hia yɛn no mu. Esiane sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ nti, yɛrentumi nyɛ nea afoforo hwehwɛ no nyinaa. Ehia sɛ yɛtew nneɛma so ma ɛka “nneɛma a eye koraa no” nkutoo. (Filipifo 1:10) Ne nyinaa akyi no, “ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.” (Ɔsɛnkafo 9:4) Asɛyɛde ahorow bi ho hia yiye, na yɛrentumi mpia nto nkyɛn, nanso yebetumi de nea ɛho nhia pii no ato hɔ atwɛn. Ebia yɛyɛ adwuma bi a ɛsɛ sɛ yɛne afoforo yɛ no nyinaa. Sɛ asɛyɛde ahorow bi ho nhia a, ɛsɛ sɛ yeyi fi mu koraa. Ɛwom sɛ mfiase no ebetumi ahaw afoforo anaa ama wɔn nsa asi fam de, nanso ehia sɛ yedwen faako a yɛn honam fam ne nkate mu ahoɔden kodu ho.
Ɔyare a ɛma yɛyɛ mmerɛw betumi ama yɛate abasamtu a emu yɛ den nka, efisɛ ebetumi aka yɛn ato hɔ nna anaa adapɛn bi bere koro mu. Ɛyaw a ano yɛ den betumi ama yɛadi awerɛhow. Bere a yɛhwehwɛ ano aduru no, ebia yɛbɛkɔ nnuruyɛfo pii hɔ, anaa yebetumi afa nnuru pii a yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛma yɛanya ahotɔ bi. Nanso, ebia yɛbɛkɔ so ahu amane, na ebia yɛafi ase abisa sɛ ebia asetra fata mmɔden a yɛbɔ no anaa.
Eyi betumi ayɛ ɔhaw a wobetumi adi ho dwuma wɔ Onyankopɔn wiase foforo no nkutoo mu. (2 Petro 3:13; fa toto Yesaia 33:24 ho.) Esiane sɛ nnipa nyɛ pɛ nti, ɛnyɛ ɔyare biara na nnuruyɛfo ne nnuru betumi asa. Edu bere bi a, ebia ɛsɛ sɛ yegye yɛn amanehunu tom sɛ asetra fã. Ná ɔsomafo Paulo wɔ “ɔhonam mu nsɔe” bi, ebia na ɛyɛ ɔyare bi a ɛkaa n’aniwa anaa ne nipadua no akwaa foforo bi, na ɛhaw no yiye ma ɔbɔɔ mpae mpɛn pii de bisaa ayaresa. (2 Korintofo 12:7-10) Nanso Onyankopɔn ansa Paulo yare, na ebia na ɛsɛ sɛ ɔsomafo no gyina ɔyare no ano kosi ne wu mu. Ɔde n’amanehunu no traa ase, wammisa mmɔborohunu, na wanhwere n’anigye da. (2 Korintofo 7:4) Ɛwom sɛ ɔbarima Hiob a ɔteɛ no huu amane kɛse de, nanso ɔkɔɔ so nyaa Yehowa mu gyidi, na eyi maa onyaa akatua kɛse. (Hiob 42:12, 13) Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nkoa a, yebetumi anya ahoɔden akɔ so asom no denam nhwɛso ahorow yi a yebedwen ho ne mpae a yɛbɛbɔ asrɛ Yehowa hɔ mmoa no so.—Dwom 41:1-3.
Wɔyɛ Den wɔ Abasamtu Nyinaa Akyi
Abasamtu ahorow nyinaa akyi no, Yehowa nkurɔfo betumi ayɛ den honhom mu. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ ebia ɛsɛ sɛ yegyina ɔyare ano de, nanso yebetumi ‘ayɛ den wɔ gyidi mu’ denam Onyankopɔn honhom mu nsiesiei nyinaa a yɛde bedi dwuma no so. (Tito 2:1, 2) Ɛwom sɛ ebia yedi hia buroburo de, nanso yebetumi ayɛ adefo akɛse wɔ honhom mu.
Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so sɛ ɔmma yɛn nyansa ne ahoɔden a, yebetumi agyina abasamtu ahorow a ebetumi aba yɛn afie mu no ano. Sɛ nhwɛso no, susuw Nabal yere Abigail ho. Na Nabal ‘yɛ den, na ne nneyɛe nnye,’ na ne din ankasa asekyerɛ ne “Ogyennyentwi; Ɔkwasea.” Hwɛ abasamtu a ɛbɛyɛ sɛ wɔne onipa a ɔte sɛɛ bɛtra! Nanso, Abigail kuraa “adwempa” mu, na wampa abaw. Nokwarem no, na nyansa wɔ nsɛm a ɔkae ne nea ɔyɛe wɔ ɔhaw bi a esii mu yiye ma otumi dan Dawid ti sɛ ɛnsɛ sɛ otua Nabal ɔyaw ne bonniayɛ so ka denam mogya a obehwie agu so, na ankyerɛ sɛ ɔmfa ne ho nto Yehowa so.—1 Samuel 25:2-38.
Sɛ tebea a obi a ɔne Kristofo asafo no bɔ wom ma yɛte abasamtu nka a, yɛnam ahoɔden a Yehowa de ma no so betumi agyina ano. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Diotrefe abrabɔ a etumi ma wɔte abasamtu nka no amma Gaio a osuro Onyankopɔn no annyae papayɛ, ma enti onyaa anigye ne honhom fam akatua pii no da eyi adi.—Asomafo no Nnwuma 20:35; 3 Yohane 1-10.
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom yɛn mfɛfo gyidifo wɔ asafo no mu, nanso wobu ani gu yɛn so bere a wɔpaw afoforo sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo no a, yebetumi ate abasamtu nka. Nanso, sɛ́ anka yɛbɛma huammɔdi abunkam yɛn so mmom no, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho den honhom mu, na yɛama Onyankopɔn honhom no asow n’aba pa no wɔ yɛn mu yiye. (Galatifo 5:22, 23) Mfe 40 a Mose de traa Midian no, Onyankopɔn maa onyaa odwo, boasetɔ, ne su afoforo a ohia no kɛse na ɔde agyina ahokyere ne abasamtu a obehyia sɛ Israelfo kannifo no ano. Saa ara na ebia na Yehowa resiesie yɛn ama daakye ɔsom mu hokwan ahorow a yɛn nsa betumi aka, sɛ yɛkɔ so yɛ den honhom mu na yɛamma abasamtu ammunkam yɛn so a.
Abasamtu Begyae—Nnansa Yi Ara!
So abasamtu bɛba awiei da bi, a sɛnea ɛte biara no mfa ho? Yɛn de, ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea anidaso biara nni yɛn tebea no mu, nanso yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn mmu no saa. Ɔnte abasamtu nka. Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.” (Yesaia 55:11) Esiane sɛ Yehowa wɔ ade nyinaa so tumi nti, hwee nni hɔ a ontumi nyɛ. (Marko 10:27) Ne bɔhyɛ ahorow a ese ɔde nhyira horow a enni awiei bɛbrɛ ne nkurɔfo no bɛbam ampa.—Yosua 21:45.
Abasamtu mu nneɛma atitiriw yɛ adwenem naayɛ ne gyidi a wonni. Nanso, nea ɛne eyi bɔ abira no, “gyidi ne nneɛma a ani da so ho akwanhwɛ a wɔasi so dua.” (Hebrifo 11:1, New World Translation) Onyankopɔn mu gyidi ma yenya awerɛhyem sɛ yɛn anidaso ahorow a egyina Bible so nyinaa bɛbam. Bible mũ no nyinaa asɛmti si Yehowa Ahenni nniso a asase no bɛdan paradise a edi mu, a atreneefo bɛtra so daa anigye mu wɔ ase ho bɔhyɛ no so dua. (Dwom 37:11, 29) Adebɔne biara—abasamtu ka ho—befi hɔ, efisɛ Onyankopɔn ‘bɛma ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee.’—Dwom 145:16.
Ansa na saa nhyira horow no bɛba no, yɛn nyinaa bɛte abasamtu nka. Nanso Kyerɛwnsɛm mu anidaso betumi ama yɛanya akokoduru ne ahoɔden de agyina ano. Afotu pa a yenya wɔ Bible mu no betumi akyerɛ yɛn sɛnea yɛde atɛmpa ne odwo bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛn asetra asi pi, na yɛanya komam asomdwoe so. Yɛn huammɔdi nyinaa akyi no, yebetumi anya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” no. (Filipifo 4:6, 7) Enti ko a yɛko tia abasamtu no renyɛ ɔkwa. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi agyina ano nnɛ, na yɛadi so nkonim daakye.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]
Onyankopɔn betumi aboa wo ma woagyina abasamtu ano, te sɛ nea ɔboaa Hiob, Mose, Abigail, ne Paulo no