Sɛnea Wonya Anidaso Wɔ Abasamtu Mu
FA NO sɛ nsɛm a edidi so yi ato wo: W’agyapade nyinaa asɛe, ama woayɛ ohiani. Wo mma—w’asetram anigye—nni hɔ bio. Wo hokafo nhyɛ wo nkuran. W’akwahosan asɛe koraa. Wudi yaw a emu yɛ den da biara da.
Sɛ wo na wobaa tebea a ɛte saa mu a, so anka wubetumi anya anidaso bi a ɛbɛma woakɔ so atra ase? Anaasɛ anka wobɛma abasamtu adi wo so?
Tebea a ɛyɛ awerɛhow a yɛaka ho asɛm mprempren no too Hiob, ɔbarima a ɔtraa ase Bible mmere mu no ankasa. (Hiob atiri 1, 2) Bere a Hiob werɛ how kɛse no, ɔbɔɔ abubuw sɛ: “Me nkwa yɛ me kra nwini.” Sɛ owu kɔhomee a, na anka ɔpɛ. (Hiob 10:1; 14:13) Nanso, Hiob amanehunu bebrebe no nyinaa akyi no, okuraa ne mudi mu maa Nyankopɔn. Enti Yehowa “hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase.” Owui a na “wabɔ akora, na wadi nna amee.”—Hiob 42:12, 17.
Hiob yɛɛ boasetɔ ho nhwɛso a wɔaka ho asɛm abesi nnɛ da yi. Ne sɔhwɛ ahorow no maa ne nipasu tuu mpɔn, na ɛkanyan afoforo ma wɔyɛɛ nnwuma pa. (Yakobo 5:10, 11) Nea ɛsen ne nyinaa no, Hiob mudi mu kura a edi mũ no maa Yehowa koma ani gyei. (Mmebusɛm 27:11) Enti awiei koraa no, ɛyaw a ɛyɛ hu no kowiee onyamesom pa, gyidi, ne mudi mu kura ho nkonimdi kɛse a ɛde nhyira pii brɛɛ Hiob ne obiara a ne nhwɛso no akanyan no no.
Nya Anidaso Ɛmfa Ho Sɔhwɛ Ahorow
Wubetumi ahyia sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛ Hiob de no ara. Ɔdɔfo bi wu betumi ahaw w’adwene. Yare a emu yɛ den betumi ama woadi yaw kɛse wɔ asetra mu. Awaregyae a ɛyɛ yaw yiye betumi ama w’asetra ayɛ basaa. Sikasɛm mu huammɔdi betumi ama woadi hia. Asɔretiafo a wokyi nokware som betumi ataa wo denneennen. Ebia mmɔden a wobɔ sɛ wubegyina wo sɔhwɛ ano no bɛma woate nka sɛ wunni anidaso biara daakye.—1 Petro 1:6.
Sɛ́ anka wobɛma w’abam abu no, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na merehu amane?’ Nea enti a worehu amane ne sɛ wote wiase a ‘ɛda ɔbɔnefo’ Satan Ɔbonsam ‘tumi mu.’ (1 Yohane 5:19) Ne saa nti, obiara hu amane. Ɔkwan bi so no, nitan a Ɔbonsam ma ɛba nkurɔfo so wɔ Ahenni ho asɛm no ho, nsɛm a ɛnyɛ dɛ a afoforo ka kyerɛ yɛn, anaa nneyɛe bɔne a ɛyɛ hu a abu so wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, ka yɛn nyinaa.—2 Timoteo 3:1-5.
Sɛ awerɛhosɛm bi ato wo wɔ w’asetram a, ebia ɛyɛ “ɛbere ne asiane.” (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Ɔkwan foforo so no, ɛtɔ mmere bi a nneɛma nkɔ yiye wɔ asetram esiane yɛn ankasa bɔne a yenya fii awo mu no nti. (Romafo 5:12) Sɛ woayɛ bɔne a anibere wom mpo nanso woanu wo ho ahwehwɛ honhom fam mmoa a, nsusuw sɛ Onyankopɔn apo wo. (Dwom 103:10-14; Yakobo 5:13-15) Odwen yɛn ho sen onipa foforo biara. (1 Petro 5:6, 7) Wubetumi anya ahotoso sɛ “Awurade [Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Ɛmfa ho sɛnea ebia wo sɔhwɛ no yɛ awerɛhow anaa emu yɛ den fa no, Yehowa betumi ama wo nyansa a wode begyina ano. (Yakobo 1:5-8) Kae bere nyinaa sɛ Yehowa betumi adi ɔhaw nyinaa ho dwuma. Sɛ wunya n’anim dom a, biribiara nni hɔ a ebetumi asi wo kwan a ɛremma wunnya nkwa akatua no.—Romafo 8:38, 39.
So Biribi Pa Bi Betumi Afi Sɔhwɛ Ahorow Mu Aba?
Tete asɛm bi ka sɛ, “Dwetɛ da omununkum biara ano.” Ɛno yɛ ɔkwantiaa a wɔfa so ka sɛ ɛmfa ho sɛnea nneɛma asɛe no, wubetumi anya biribi a ɛbɛma woanya anidaso bere nyinaa. Biribiara a wɔakyerɛw wɔ Onyankopɔn Asɛm mu atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma ‘yɛanya anidaso.’ (Romafo 15:4) Ɛmfa ho sɛnea wo tebea no mu yɛ den fa no, bɔhyɛ ne nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu no betumi ama woanya anigye ne anidaso foforo.
Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ “amanehunu yɛ bere tiaa mu ade na ɛyɛ hare,” sɛ yɛde toto daa nhyira ahorow a wɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no bɔ no ho a. (2 Korintofo 4:16-18, NW) Bible kyerɛ nso sɛ su pa ahorow a wonya wɔ sɔhwɛ ahorow mu no som bo sen din anaa honam fam ahonyade biara. (1 Yohane 2:15-17) Enti, amanehunu tumi de biribi pa mpo ba. (Hebrifo 5:8) Nokwarem no, nea wusua wɔ sɔhwɛ ahorow mu a wode bedi dwuma no betumi ama woanya nhyira horow a wonhwɛ kwan.
Ebia sɔhwɛ bi a emu yɛ den betumi ama woadwo. Ebia wubegye atom sɛ bere bi a atwam no na wowɔ su bi a na ɛhyɛ afoforo abufuw, na ɛmma wunnya nkɔso wɔ honhom fam mpo. Ebia na wugye wo ho di dodo. Bere a amanehunu bi too wo no, ebia woahu sɛnea woyɛ mmerɛw ne sɛnea wuhia afoforo yiye no ntɛm ara. Sɛ wo sɔhwɛ no akyerɛ wo nyansa na woayɛ nsakrae a ɛho hia a, ɛso aba wo mfaso.
Na sɛ bere bi a atwam no, na ɛyɛ den ma afoforo sɛ wɔne wo bɛbɔ esiane sɛ ɛnkyɛ biara na wo bo afuw nso ɛ? Ebetumi aba sɛ eyi ama woahu amane wɔ w’akwahosan mu. (Mmebusɛm 14:29, 30) Nanso, mprempren de ebia tebea no ayɛ yiye esiane sɛ wode wo ho reto Onyankopɔn honhom so na aboa wo ma woada ahosodi adi nti.—Galatifo 5:22, 23.
Te sɛ afoforo no, ebia bere bi na wunni ayamhyehye a ɛbɛma woahu wɔn a wɔyɛ bɔne tia wo no mmɔbɔ. Nanso sɛ w’ankasa wokɔɔ tebea bi mu a ɛmaa ebehiae sɛ woyi mmɔborohunu adi kyerɛ wo kɛse a, ɛda adi sɛ wubetumi ahu afoforo mmɔbɔ kɛse mprempren. Tema, dwen a wodwen wo ho, ne mmɔborohunu a woyii no adi kyerɛɛ wo maa wo koma tɔɔ wo yam no ama woahu sɛ ɛsɛ sɛ wo nso woda su ahorow a ɛte saa ara adi kyerɛ nnebɔneyɛfo a wonu wɔn ho no. Sɛ w’amanehunu no aka wo ma woasiesie saa mmerɛwyɛ ahorow yi wɔ wo nipasu mu a, eyi yɛ mfaso biako a woanya afi wo suahu no mu. Woahu sɛ “mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.”—Yakobo 2:13; Mateo 5:7.
Na sɛ nteɛso a Kristofo asafo no de ama wo ama woahwere hokwan ahorow a w’ani gye ho, ne obu a afoforo wɔ ma wo nso ɛ? Mma w’abam mmmu. Nteɛso boa ma asafo no ho tew, nanso nea ɛka ne botae ahorow ho ne sɛ ɛbɛma ɔdebɔneyɛfo asan anya honhom fam gyinabea pa. Ɛyɛ nokware sɛ, “asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.” (Hebrifo 12:11; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛwom sɛ nteɛso betumi ahaw adwene yiye de, nanso ɛma ɔhobrɛasefo a onu ne ho nya anidaso. Wɔde nteɛso a emu yɛ den maa tete Israel Hene Dawid wɔ bɔne bi a ɔyɛe ho, nanso onuu ne ho, na awiei koraa no, obenyaa din soronko sɛ onipa a ɔwɔ gyidi kɛse.—2 Samuel 12:7-12; Dwom 32:5; Hebrifo 11:32-34.
Sɔhwɛ betumi anya wo nipasu so tumi kɛse. Bere a atwam no, ebia na w’adwene wɔ honam fam nneɛma ne nneɛma a wubetumi ayɛ a ɛbɛma woagye din na woanya gyinabea wɔ wiase yi mu so. Ebia sika fam ahokyere anaa honam fam nneɛma a woahwere no ama wode w’adwene asi nneɛma a ɛho hia kɛse no so. (Fa toto Filipifo 1:10 ho.) Afei woahu sɛ honhom fam nneɛma ne botae ahorow a ɛwɔ ɔsom kronn mu nkutoo ne ade a ɛde nokware anigye ne abotɔyam a ɛtra hɔ daa ba.
Fa Wo Ho To Yehowa So
Ɔsom kronn a wode bɛma Yehowa no betumi ama woahyia ɔtaa ne amanehunu wɔ wɔn a wɔsɔre tia wo Kristofo gyidi ahorow no nsam. Ebia wobɛte nka sɛ wɔhyɛ wo so esiane sɔhwɛ yi nti, nanso nneɛma pa betumi afi mu aba. Sɔhwɛ yi betumi ahyɛ wo gyidi den. Afei nso, ebetumi ahyɛ afoforo a wɔrehyia ɔtaa no nkuran na ahyɛ wɔn den bere a wohu sɛ wugyina pintinn no. Ebetumi akanyan wɔn a wohu wo nneyɛe pa no ma wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ebia wɔn a wɔsɔre tia wo no mpo ani bewu na wɔahu wo nnwuma pa no!—1 Petro 2:12; 3:16.
Ehia sɛ wunya Yehowa mu ahotoso na ama woakwati abasamtu bere a wuhyia ɔtaa no. N’asɛm da no adi sɛ bere bi bɛba a yebenya ahofadi afi sɔhwɛ biara mu, nanso ebia ɛremma ntɛm sɛnea wohwehwɛ no. Ansa na saa bere no bɛba no, ‘mmrɛ wɔ papayɛ mu.’ (2 Tesalonikafo 3:13) Kɔ so hwehwɛ akwan a wobɛfa agyina sɔhwɛ ano. Sɛ tebea ahorow yɛ te sɛ nea anidaso biara nnim mpo a, “dan w’adesoa to Awurade [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Sɛ́ anka wubesu wo ho mmɔbɔ no, susuw nhyira a ɛyɛ sɛ woahu Yehowa, sɛ woka ne nkurɔfo ho, ne daa nkwa ho anidaso a woanya, no ho.—Yohane 3:16, 36.
Fa w’adwene si nneɛma a ɛho hia so. Bɔ Yehowa mpae da biara da srɛ ahoɔden a wode begyina ano. (Filipifo 4:6, 7, 13) Tow adwene biara a wowɔ sɛ wobɛyɛ biribi de atua wɔn a wɔrema wuhu amane so ka no twene. Gyae nsɛm mu ma Yehowa. (Romafo 12:19) Kɔ so hwehwɛ akwan a wobɛfa so ama wo nipasu atu mpɔn, na nya Kristofo su ahorow. (2 Petro 1:5-8) Kyerɛ biribiara a afoforo yɛ ma wo, a mpanyimfo a wofi ɔdɔ mu di wo honhom fam ahiade ho dwuma no de ka ho, no ho anisɔ. (Hebrifo 13:7, 17) Di Onyankopɔn nokware, na fa w’ani si nkwa akatua no so, a wowɔ ahotoso sɛ owu mpo ntumi mma emfi wo nsa.—Yohane 5:28, 29; 17:3.
Sɛ woredi awerɛhow kɛse anaa worehyia sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den mprempren a, “fa wo koma nyinaa bata Awurade [Yehowa, NW] ho,” na awiei koraa no, anigye kɛse bɛba abesi w’awerɛhow ne ahokyere ananmu. (Mmebusɛm 3:5, 6; Yohane 16:20) Anigye besi awerɛhow ananmu bere a Onyankopɔn hyira wo sɛnea ɔyɛɛ Hiob no. Sɛ wode nnɛyi amanehunu toto w’akatua no ho a, ɛnsɛ hwee. (Fa toto Romafo 8:18 ho.) Nokwaredi a wode begyina ano no betumi ahyɛ afoforo nkuran, na aboa wo ma woanya Kristofo su pa a ‘nipasu foforo’ de ba no. (Efesofo 4:23, 24; Kolosefo 3:10, 12-14) Enti afei, ma ɔsomafo Petro afotu a nyansa wom yi nka wo bo ntɔ wo yam: “Wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ ɔbɔadeɛ nokwafo, wɔ papayɛ mu.”—1 Petro 4:19.
[Kratafa 23 mfonini]
Yɛ sɛ Hiob. Mpa abaw da
[Kratafa 24 mfonini]
Fa wo koma nyinaa bata Yehowa ho