Nhomasua Wɔ Bible Mmere Mu
“Momfa nkyerɛkyerɛ mo mma.”—DEUTERONOMIUM 11:19..
1. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ani gye n’asomfo nhomasua ho?
JYEHOWA ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no. Ɔmma ne nkoa nkɔ so nyɛ wɔn a wonnim hwee da. Ɛyɛ ne pɛ bere nyinaa sɛ ɔbɛma wɔanya nimdeɛ. Ɔkyerɛkyerɛ wɔn n’apɛde ne n’akwan. Wɔ mfe mpempem pii mu no, na ne Ba a ɔwoo no koro no wɔ ne nkyɛn resua ade bere nyinaa sɛ Onyankopɔn “odwumayeni a waben.” (Mmebusɛm 8:30, New World Translation) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “Sɛnea Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yohane 8:28) Elihu retwe adwene asi Onyankopɔn so sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a Obiara ne No Nsɛ no, obisae sɛ: “Hena ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?” (Hiob 36:22) Odiyifo Yesaia kaa Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse” ma Ne nkurɔfo, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” (Yesaia 30:20; 54:13, NW) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa pɛ sɛ n’abɔde a wɔwɔ nyansa yɛ wɔn a wonim ade na wɔakyerɛkyerɛ wɔn yiye.
Tete Agyanom Bere so Nhomasua
2, 3. (a) Tete agyanom anokwafo buu wɔn mma nhomasua dɛn, na ahyɛde bɛn na Yehowa de maa Abraham? (b) Atirimpɔw kɛse bɛn na na ɛwɔ ahyɛde a wɔde maa Abraham sɛ ɔnkyerɛkyerɛ n’asefo no akyi?
2 Ná ahwehwɛde atitiriw wɔ abusua ti ho wɔ tete agyanom bere so no mu biako ne ne mma ne ne fifo a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn. Wɔ Onyankopɔn asomfo fam no, na wɔn mma a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn no yɛ nyamesom mu asɛyɛde. Yehowa kaa n’akoa Abraham ho asɛm sɛ: “Mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n’akyi sɛ wonni [Yehowa] kwan so nyɛ ade trenee, mmu atɛntrenee, na [Yehowa] ama nea waka Abraham ho no aba no so.”—Genesis 18:19.
3 Asɛm a Onyankopɔn kae yi kyerɛ sɛ na Yehowa bu nhomasua sɛ ɛho hia kɛse. Ná Onyankopɔn hwehwɛ sɛ Abraham, Isak, ne Yakob kyerɛkyerɛ wɔn fifo wɔ Ne trenee ne atemmu akwan so sɛnea ɛbɛma akyiri yi awo ntoatoaso akɔ so anantew Yehowa kwan so. Ɛno bɛma Yehowa adi ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa Abraham asefo ne hyira a obehyira “wiase aman nyinaa” no so.—Genesis 18:18; 22:17, 18.
Nhomasua Nhyehyɛe wɔ Israel
4, 5. (a) Dɛn na ɛmaa Israel nhomasua nhyehyɛe no yɛɛ soronko wɔ aman afoforo de ho? (b) Nsonsonoe foforo bi a ɛho hia bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Encyclopaedia Judaica mu, na ɛda adi sɛ dɛn na ɛmaa nsonsonoe yi baa saa?
4 Encyclopaedia Judaica no ka sɛ: “Bible no ne nhoma titiriw a ɛma wɔte sɛnea nhomasua kɔɔ so wɔ tete Israel no ase.” Yehowa de Mose dii dwuma sɛ Israel ɔdesani kyerɛkyerɛfo a odi kan. (Deuteronomium 1:3, 5; 4:5) Mose kaa nsɛm a Yehowa de maa no no kyerɛe. (Exodus 24:3) Enti, nokwarem no, na Onyankopɔn ne Israel Kyerɛkyerɛfo titiriw. Eyi ankasa maa Israel nhomasua nhyehyɛe no yɛɛ soronko wɔ aman afoforo de no ho.
5 Nhwehwɛmu nhoma koro no ara ka sɛ: “Ná Mesopotamia ne Misraim nhomasua a ɛkɔ anim yɛ nea ɛkɔɔ so wɔ nhomasuabea nkutoo, na na ɛwɔ hɔ ma akyerɛwfo kuw no nkutoo a na ɛnte saa wɔ Israel. Akyinnye biara nni ho sɛ nsonsonoe a na ɛwom no fi nkyerɛwde nhyehyɛe a ɛnyɛ den a Hebrifo no de dii dwuma no. . . . Ɛnsɛ sɛ wobu ani gu hia a nkyerɛwde ho hia wɔ nhomasua ho abakɔsɛm mu no so. Ɛma wofii ase twee wɔn ho fii sɛnea na akyerɛwfo nkutoo na wosua nhoma wɔ Misraim, Mesopotamia, ne Kanaan wɔ mfirihyia apem a ɛto so abien mu no ho. Enti afei sɛ́ obi behu akenkan ne akyerɛw no nyɛ hokwan soronko bi a ɛwɔ hɔ ma akyerɛwfo ne asɔfo kuw bi a wɔaben na wonim tete nkyerɛwee ahorow bi nkutoo bio.”
6. Bible mu adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ efi Israelfo abakɔsɛm mfiase pɛɛ no, na wɔyɛ nnipa a wonim akenkan ne akyerɛw?
6 Bible no de adanse a ɛkyerɛ sɛ na Israelfo no nim akenkan ne akyerɛw ma. Ansa na wɔrehyɛn Bɔhyɛ Asase no so mpo no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛw Yehowa mmara no ngu apongua ne aponkɛse anim. (Deuteronomium 6:1, 9; 11:20; 27:1-3) Akyinnye biara nni ho sɛ na ahyɛde yi yɛ sɛnkyerɛnne kwan so ade de, nanso anka ntease biara remma mu mma Israelfo, sɛ na wonnim akenkan ne akyerɛw a. Kyerɛwnsɛm te sɛ Yosua 18:9 ne Atemmufo 8:14 kyerɛ sɛ wɔ akannifo te sɛ Mose ne Yosua akyi no, na afoforo nim akyerɛw bere tenten ansa na ahemfo reba Israel.—Exodus 34:27; Yosua 24:26.
Ɔkyerɛkyerɛ Akwan Horow
7. (a) Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, henanom na na wɔde mfitiase nhomasua ma Israelfo mma? (b) Asɛm bɛn na Franseni Bible ɔdenimfo bi kae?
7 Wɔ Israel no, na agya ne ɛna nyinaa kyerɛkyerɛ mma fi wɔn mmofraase pɛɛ. (Deuteronomium 11:18, 19; Mmebusɛm 1:8; 31:26) Wɔ Fransefo Dictionnaire de la Bible mu no, Bible ɔdenimfo E. Mangenot kyerɛwee sɛ: “Sɛ abofra fi ase kasa pɛ a, osua Mmara no mu nsɛm kakra. Ne na tĩ nkyekyem bi mu kyerɛ no; sɛ ohu a, ɔde foforo ka ho. Akyiri yi, wɔde emu nsɛm a mmofra no tumi fi wɔn tirim ka dedaw a wɔakyerɛw hyɛ wɔn nsam. Enti wɔkyerɛɛ wɔn akenkan, na bere a wɔanyinyin no, na wobetumi atoa wɔn nyamesom nkyerɛkyerɛ no so denam Awurade mmara no a wɔbɛkenkan na wɔasusuw ho no so.”
8. (a) Ɔkwan titiriw bɛn na wɔfaa so kyerɛkyerɛɛ wɔ Israel, nanso na dɛn ne emu ade a na ɛho hia? (b) Nneɛma a ɛbɛboa ma wɔakae nsɛm bɛn na wɔde dii dwuma?
8 Eyi kyerɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ kwan titiriw a wɔfaa so ne sua a wosua ade gu tirim. Ná ɛsɛ sɛ nneɛma a wɔasua a ɛfa Yehowa mmara ne sɛnea ɔne ne nkurɔfo di ho no sian kɔ koma no mu. (Deuteronomium 6:6, 7) Ná ɛsɛ sɛ wodwen ho. (Dwom 77:11, 12) Sɛnea ɛbɛboa mmofra ne mpanyimfo ma wɔakae no, wɔde nneɛma ahorow a ɛboa ma wotumi kaakae nsɛm dii dwuma. Eyinom mu bi ne nsɛm a wɔma ɛsono nkyerɛwde a edi emu biara kan a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso (te sɛ nea ɛte wɔ Mmebusɛm 31:10-31, NW); alliteration (nsɛmfua a nkyerɛwde anaa nnyigyei koro no ara na wɔde fi ase); ne nɔma a na wɔde di dwuma, te sɛ nea ɛwɔ Mmebusɛm ti 30 ɔfã a etwa to no. Nea ɛyɛ anigye no, Gezer Kalenda a ɛyɛ tete Hebrifo nkyerɛwee nhwɛso a akyɛ sen biara no biako no yɛ nea abenfo bi susuw sɛ ɛyɛ sukuu mmofra ade a na ɛboa ma wɔkae nneɛma.
Nneɛma a Wosua
9. (a) Ná Israelfo mma adesua nhyehyɛe no fã titiriw bi ne dɛn? (b) Dɛn na Bible encyclopedia bi ka wɔ nkyerɛkyerɛ a wɔde mae wɔ afe afe afahyɛ ahorow ho no ho?
9 Ná nhomasua wɔ Israel nyɛ nea ɛfa akenkan ne akyerɛw nkutoo ho. Ade titiriw biako a na wɔkyerɛkyerɛ ne abakɔsɛm. Ná nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo ho ade a wosua yɛ nhomasua no fã titiriw. Ná ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow yi fi awo ntoatoaso so kɔ awo ntoatoaso so. (Deuteronomium 4:9, 10; Dwom 78:1-7) Afe afe afahyɛ ahorow a na wodi no maa abusua ti no nyaa hokwan fɛfɛ de kyerɛkyerɛɛ ne mma. (Exodus 13:14; Leviticus 23:37-43) Ɛdefa eyi ho no, The International Standard Bible Encyclopedia ka sɛ: “Wɔ agya no ɔkyerɛkyerɛ wɔ fie ne ne nkyerɛkyerɛmu a ɔde ma wɔ nea afahyɛ ahorow no gyina hɔ ma mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ Hebrifo mmofra sɛnea Onyankopɔn daa Ne ho adi kyerɛe wɔn mmere a atwam no, sɛnea ɛsɛ sɛ wɔtra ase wɔ wɔn bere no so, ne nea na ɛyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ horow wɔ Ne nkurɔfo daakye ho.”
10. Adwuma ho ntetee bɛn na wɔde maa mmeawa? Mmarimaa nso ɛ?
10 Nea na ɛka awofo nkyerɛkyerɛ ho ne adwuma ho ntetee a wɔde bɛma. Wɔkyerɛkyerɛɛ mmeawa ofie nnwuma. Mmebusɛm ti a etwa to no kyerɛ sɛ na eyi dɔɔso na na ɛsonosonoe; nea ɛka eyi ho ne asaawatow, adenwene, aduannoa, aguadi, ne ofiehwɛ. Ná wɔkyerɛkyerɛ mmarimaa wɔn agya adwuma, sɛ́ ɛyɛ kuayɛ anaa nsaanodwuma anaa adwuma foforo bi. Akyiri yi, na Yudafo rabifo no taa ka sɛ: “Obiara a ɔnkyerɛkyerɛ ne babarima adwuma a mfaso wɔ so no retete no ma wabɛyɛ ɔkorɔnfo.”
11. Dɛn na ɛkyerɛ atirimpɔw a na ɛwɔ nhomasua wɔ Israel no akyi, na asuade bɛn na eyi de ma mmofra nnɛ?
11 Akwan a na wɔfa so kyerɛkyerɛ wɔ Israel no dɔ a emu dɔ honhom mu no da adi wɔ Mmebusɛm nhoma no mu. Ná atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ “ntetekwaa” nneɛma a ɛkorɔn te sɛ nyansa, nteɛso, ntease, nhumu, atemmu, anitew, nimdeɛ, ne adwene—eyi nyinaa wɔ “[Yehowa] suro” mu. (Mmebusɛm 1:1-7; 2:1-14) Esi adwene a ɛsɛ sɛ ɛka Onyankopɔn asomfo mu biara nnɛ na ɔma ne nhomasua nya nkɔanim no so dua.
Asɔfo, Lewifo, ne Adiyifo
12. Wɔ awofo akyi no, henanom na wonyaa Israelfo a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn no mu kyɛfã, na Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “mmara” no ntease titiriw ne dɛn?
12 Bere a awofo na wɔde mfitiase ɔkyerɛkyerɛ no mae no, Yehowa kɔɔ so kyerɛɛ ne nkurɔfo ade denam, asɔfo, Lewifo a wɔnyɛ asɔfo, ne adiyifo no so. Wɔ Mose nhyira a etwa to ma Lewi abusua no mu no, ɔkae sɛ: “Wɔde w’atemmude bɛkyerɛ Yakob na wɔde wo mmara akyerɛ Israel.” (Deuteronomium 33:8, 10) Nea ɛne no hyia no, woyii asɛmfua “mmara” wɔ Hebri mu (toh·rahʹ) no fii asɛm bi a n’adeyɛ asɛm kyerɛ “sɛ́ wɔkyerɛ obi biribi,” “sɛ́ wɔkyerɛkyerɛ,” “sɛ́ wɔde akwankyerɛ ma” mu. Encyclopaedia Judaica no se: “Enti asɛmfua [torah] nkyerɛase ne ‘ɔkyerɛkyerɛ,’ anaa ‘akwankyerɛ.’”
13. Dɛn nti na na ɛsono Israel mmara no wɔ aman afoforo no mmara nhyehyɛe ho?
13 Eyi nso maa Israel yɛɛ soronko wɔ aman afoforo no ne nnɛyi aman mpo ho. Ɛnnɛ amammui aman no wɔ mmara ahorow a emu kakraa bi pɛ na wɔn manfo no nim. Sɛ nkurɔfo tõ mmara a, ɛsɛ sɛ wotua sika kɛse ma mmaranimfo na wɔaka bi ama wɔn. Nnipa atitiriw bi na wɔkɔ mmara ho sukuu. Nanso wɔ Israel no, na Mmara no yɛ Onyankopɔn kwan a ɔnam so kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛnea ɔpɛ sɛ wɔsom no na wɔtra ase ma ɛne ne pɛ hyia. Esiane sɛ na eyi nte sɛ mmara afoforo a wɔpene so no nti, nea na ɛka ho ne ɔdɔ ma Onyankopɔn ne obi yɔnko. (Leviticus 19:18; Deuteronomium 6:5) Ná Mmara no nyɛ mmara nhoma bi ara kwa. Ɛde asetra kwan bi ho nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ a na ɛsɛ sɛ wosua mae.
14. Ade biako bɛn nti na Yehowa pow Lewifo asɔfo no? (Malaki 2:7, 8)
14 Bere a asɔfo ne Lewifo no di nokware no, wodii wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ ɔman no ho dwuma. Nanso na mpɛn pii no, asɔfo no bu wɔn ani gu wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ ɔman no so. Ná Onyankopɔn Mmara a wɔnkyerɛkyerɛ yi de ɔhaw kɛse bɛba asɔfo no ne ɔman no nyinaa so. Yehowa hyɛɛ nkɔm wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu sɛ: “Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopow nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso me werɛ befi wo mma.”—Hosea 4:6.
15. (a) Wɔ asɔfo akyi no, henanom nso na Yehowa ma wɔyɛɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Israel, na dɛn na Bible ɔdenimfo bi kyerɛw wɔ wɔn adwuma sɛ akyerɛkyerɛfo no ho? (b) Esiane sɛ Israel ne Yuda pow Yehowa ne n’akwan ho nimdeɛ nti, awiei koraa no, dɛn na ɛbaa wɔn so?
15 Te sɛ asɔfo no, Yehowa maa adiyifo so sɛ akyerɛkyerɛfo. Yɛkenkan sɛ: “[Yehowa] nam n’adiyifo nyinaa ne adehufo nyinaa so dii Israel ne Yuda adanse sɛ: monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so maa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.” (2 Ahene 17:13) Ɛdefa adiyifo no adwuma sɛ akyerɛkyerɛfo ho no, Franseni Bible ɔdenimfo Roland de Vaux kyerɛwee sɛ: “Ná adiyifo no nso wɔ adwuma sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no; anyɛ yiye koraa no na eyi yɛ wɔn adwuma sɛ wɔbɛka nea ɛbɛba daakye no fã. Nkɔmhyɛ a efi honhom mu maa wɔn asɛnka no nyaa tumi sɛ Onyankopɔn asɛm. Ɛda adi sɛ wɔ ahemfo no bere so no, na adiyifo no yɛ nyamesom ne abrabɔ ho akyerɛkyerɛfo ma ɔman no; na ebia yɛde bɛka ho sɛ na wɔyɛ wɔn a wɔsen biara wɔ wɔn akyerɛkyerɛfo nyinaa mu, ne wɔn a wotiee wɔn kɛse bere nyinaa.” Esiane ɔkyerɛkyerɛ pa a asɔfo no ne Lewifo no amfa amma ne tie a Israelfo no antie Yehowa adiyifo no nti, wogyaw Yehowa akwan. Asiriafo dii Samaria so nkonim wɔ 740 A.Y.B. mu, na Babilonfo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no wɔ 607 A.Y.B. mu.
Nhomasua wɔ Nnommumfa Mu ne Ɛno Akyi
16, 17. (a) Nhomasua nhyehyɛe bɛn na wɔde hyɛɛ Daniel ne ne nnamfo baasa no? (b) Dɛn na ɛma wotumi kɔɔ Babilonfo sukuu yi na bere koro no ara wɔkɔɔ so dii nokware maa Yehowa?
16 Bɛyɛ mfirihyia du ansa na wɔresɛe Yerusalem no, Ɔhene Nebukadnesar ma wɔbɛfaa Ɔhene Yehoiakin ne atumfo bii kɔɔ Babilon. (2 Ahene 24:15) Wɔn a na wɔka ho ne Daniel ne mmerante a wɔyɛ mmapɔmma baasa. ](Daniel 1:3, 6) Nebukadnesar hyɛe sɛ wɔmma wɔn baanan no mfe abiɛsa ntetee titiriw bi ma wonsua “Kaldeafo nhoma ne kasa.” Bio nso, wɔmaa wɔn “ahennuan no bi, da biara ne ne de, ne nsã a ɔnom no bi.” (Daniel 1:4, 5) Ná eyi betumi ayɛ nea asiane wom esiane nneɛma pii nti. Ebia nneɛma a wosuae no nyɛ mfe abiɛsa a wɔde sua kasa ara kwa. Nnipa binom susuw sɛ asɛm “Kaldeafo” a ɛwɔ asɛm yi mu no “nkyerɛ Babilonfo no sɛ ɔman, na mmom nhomanimfo kuw no.” (The Soncino Books of the Bible) Wɔ C. F Keil nhoma a ɛfa Daniel ho mu no, ɔka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ wɔde Kaldeafo asɔfo ne adenimfo nyansa a na wɔkyerɛkyerɛ wɔ Babilon sukuu ahorow mu no kyerɛkyerɛ Daniel ne ne mfɛfo no.” Ná ahennuan a wɔde maa wɔn no nso betumi ama wɔabu aduan ho anohyeto ahorow a Mose Mmara no de maa wɔn no so. Nneɛma kɔɔ so dɛn maa wɔn?
17 Sɛ́ Yudafo adehyɛ nkumaa baanan no kasamafo no, Daniel daa no adi pefee fi mfiase sɛ wɔrenni na wɔrennom biribiara a ɛbɛma wɔn ahonim ahaw wɔn. (Daniel 1:8, 11-13) Yehowa hyiraa gyinaesi pintinn yi so na ɔmaa Babilon ɔpanyin a na ɔhwɛ wɔn so no koma yɛɛ mmerɛw. (Daniel 1:9, 14-16) Ɛdefa wɔn nhomasua ho no, nsɛm a esisii wɔ Hebrifo mmerante baanan no asetra mu akyiri yi no daa no adi pefee sɛ mfe abiɛsa a wɔhyɛɛ wɔn kyerɛkyerɛɛ wɔn Babilonfo amanne no amma wɔamfi wɔn ho a wɔde abata Yehowa ne ne som kronn ho kɛse no ho. (Daniel, atiri 3 ne 6) Yehowa ma wofii mfe abiɛsa Babilonfo nhomasua a ɛkɔ anim a wɔde hyɛɛ wɔn yi mu fii a hwee anyɛ wɔn. “Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew; na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu. Na nyansa ne nhumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, wohuu wɔn sɛ wɔkyɛn akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu nyinaa mpɛn du.”—Daniel 1:17, 20.
18. Nhomasua nhyehyɛe bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Yuda wɔ Babilon nnommumfa no akyi?
18 Wɔ Babilon nnommumfa akyi no, Esra, ɔsɔfo a na ‘wasiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ [Yehowa] mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel’ no yɛɛ nhomasua adwuma kɛse bi. (Esra 7:10) Wɔ eyi mu no, Lewifo anokwafo bi a wɔmaa “ɔman no huu mmara no mu” boaa no. (Nehemia 8:7) Ná Esra yɛ Bible ɔdenimfo ne “ɔkyerɛwfo a wakokwaw.” (Esra 7:6) Ɛyɛ ne bere so na wohuu akyerɛwfo no yiye sɛ kuw.
Rabifo Sukuu Ahorow
19. Bere a Yesu baa asase so no, na akyerɛkyerɛfo kuw bɛn na wɔwɔ Israel, na dɛn titiriw nti na ɔne n’asuafo amfa wɔn ho anhyɛ Yudafo nhomasua a ɛkɔ anim no mu?
19 Bere a Yesu baa asase so no, na kyerɛwfo no abɛyɛ akyerɛkyerɛfo kuw a wɔkorɔn a wɔde wɔn ho fam atetesɛm ho kɛse sen Onyankopɔn Asɛm mu nokware nkyerɛkyerɛ no. Ná wɔpɛ sɛ wɔfrɛ wɔn “Rabi,” a na abɛyɛ nidi abodin a ɛkyerɛ “Me Wura Ɔkɛseɛ (Nea Ɔkyɛn So).” (Mateo 23:6, 7, NW ase hɔ asɛm) Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔtaa de kyerɛwfo on bata Farisifo a na wɔn mu binom ankasa yɛ Mmara no akyerɛkyerɛfo no ho. (Asomafo no Nnwuma 5:34) Yesu kasa tiaa akuw abien no sɛ wɔn atetesɛm ne “nsɛm a nnipa ahyehyɛ” a wɔkyerɛkyerɛ nti, wɔasɛe Onyankopɔn asɛm. (Mateo 15:1, 6, 9) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu ne n’asuafo no mu pii ansua nhoma wɔ rabifo sukuu ahorow no mu.—Yohane 7:14, 15; Asomafo no Nnwuma 4:13; 22:3.
20. Dɛn na nhomasua wɔ Bible mmere mu ho nhwehwɛmu yi akyerɛ yɛn, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa asomfo hia nhomasua?
20 Nea yɛahu afa nhomasua wɔ Bible mmere mu ho yi ada no adi sɛ Yehowa ne ne nkurɔfo Ɔkyerɛkyerɛfo a Ɔsen biara no. Onyankopɔn nam Mose so yɛɛ nhomasua ho nhyehyɛe a etu mpɔn wɔ Israel. Nanso bere tenten bi akyi no, Yudafo nhomasua a ɛkɔ anim nhyehyɛe bi bae a ɛkyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛbɔ Onyankopɔn Asɛm abira. Ɛwom sɛ Yesu ankɔ Yudafo sukuu ahorow yi bi de, nanso na ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a ne so bi nni. (Mateo 7:28, 29; 23:8; Yohane 13:13) Ɔhyɛɛ n’asuafo no nso sɛ wɔnkyerɛkyerɛ nkosi sɛ nneɛma nhyehyɛe no bɛba awiei mpo. (Mateo 28:19, 20) Sɛ wobetumi ayɛ eyi a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo pa ma enti na nhomasua ho behia. Enti ɛsɛ sɛ nokware Kristofo bu nhomasua dɛn nnɛ? Yɛbɛhwehwɛ asemmisa yi mu wɔ asɛm a edi so no mu.
Sɔhwɛ a Wɔde Kaakae
◻ Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Yehowa ani gye n’asomfo nhomasua ho?
◻ Akwan horow bɛn so no no ɛsono Israel nhomasua nhyehyɛe no wɔ aman afoforo de ho?
◻ Nhomasua bɛn na wɔde maa Israelfo mma?
◻ Akwan bɛn so no wɔfa kyerɛkyerɛe wɔ Israel?
◻ Dɛn nti na Yesu ne n’asuafo no ankɔ Yudafo nhomasua a ɛkɔ anim sukuu ahorow no bi?
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Nhomasua a wɔde hyɛɛ Daniel ne ne mfɛfo no wɔ Babilon no amma wɔannan amfi Yehowa ho