Nnipa Bɛn na Wopɛ Wɔn Asɛm?
“WƆHWEHWƐ ƆYERE. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ne honam ani yɛ kɔkɔɔ na ɔnso, obi a wawie sukuupɔn anaa watoa sukuupɔn so awie. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ofi abusua a emu ye na wɔwɔ ahonyade mu. Wɔpɛ obi a ofi nnipa mu nkyekyem kuw koro no ara mu.”
SAA na aware ho dawurubɔ a wubetumi ahu wɔ India atesɛm krataa bi mu no pii mu nsɛm te. Ebetumi aba sɛ wubetumi ahu biribi a ɛte sɛ eyi ara wɔ wiase afã horow pii. Wɔ India no, obi a ɔpɛ ɔyere aware no awofo na wɔtaa bɔ dawuru no. Ɛho mmuae no fã bi betumi ayɛ abeawa bi a wahyɛ sari atade kɔkɔɔ bi na ɔhyɛ sika agude pii mfonini. Sɛ aberante no abusua ani gye ne ho a, wobefi ase ayɛ wɔn aware ho nhyehyɛe.
Obu ho Gyinapɛn Ahorow a Pii de Di Dwuma
Ɔyere a ɔyɛ kɔkɔɔ a wɔhwehwɛ wɔn yɛ ade a abu so wɔ India. Eyi fi gyidi bi a agye ntini a ɛwɔ hɔ sɛ Hindufo nnipa mu nkyekyem kuw a wɔba fam no yɛ tuntum. Nnansa yi ara, dwumadi bi a ɛbaa India TV so no kaa mmeawa baanu bi a obiako yɛ kɔkɔɔ na ɔfoforo no yɛ tuntum ho asɛm. Ná abeawa kɔkɔɔ no tirim yɛ den na ommu ade; tuntum no yam ye na odwo. Wɔnam anwonwa kwan so sakraa wɔn tebea no, na wɔmaa abeawa kɔkɔɔ no bɛyɛɛ tuntum de twee n’aso, na wɔmaa abeawa tuntum no bɛyɛɛ kɔkɔɔ. Ɛda adi sɛ asɛm yi mu asuade ne sɛ bere a awiei koraa no, papayɛ na edi nkonim no, kɔkɔɔ a obi honam ani yɛ no yɛ akatua a wɔpɛ.
Nnipa mu nyiyim nkate a ɛte sɛɛ taa yɛ nea agye ntini sen sɛnea obi betumi ahu. Sɛ́ nhwɛso no, ebia Asiani bi bɛkɔ Atɔe Fam man bi mu na wanwiinwii sɛ wosisii no esiane ne honam ani hwɛbea ne n’ani a ɛyɛ nteateaa nti. Nneyɛe a ɛtete sɛɛ no haw no, na ɔte nka sɛ wɔasisi no. Nanso sɛ ɔsan kɔ ɔman a ofi so no mu a, ebia ɔde asɛm koro no ara bedi nnipa a wofi abusua foforo bi mu. Nnɛyi mpo, nnipa pii gyina afoforo honam ani hwɛbea ne abusua a wofi mu so titiriw na wobu wɔn.
Ɔhene Salomo a ɔtraa ase wɔ tete mmere mu no kyerɛw sɛ: “Sika na ɛyɛ ade nyinaa.” (Ɔsɛnkafo 10:19, New World Translation) Hwɛ sɛnea ɛno yɛ nokware! Ahonyade nso nya sɛnea wobu afoforo no so nkɛntɛnso. Wɔntaa mmisa nea ahonyade no fi ho asɛm. So adwumaden ne nhyehyɛe a wɔde ahwɛyiye yɛ nti na obi anya ne ho anaasɛ nokware a onni nti? Ɛno ho nhia pii. Ahonyade, sɛ́ wɔfaa ɔkwan bɔne so nyae anaa ɛnte saa no, ma nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔnam adɛfɛdɛfɛ so benya nea ɔwɔ bi no anim dom..
Wobu nhomasua a ɛkɔ akyiri nso yiye wɔ wiase a akansi wom kɛse yi mu. Wonya wo abofra bi ara pɛ a, wɔhyɛ awofo no nkuran sɛ womfi ase nsie sika pii mma ne nhomasua. Bere a obedi mfe abien anaa abiɛsa no, wodwen mmofra mmofra sukuu a ɛfata mu kwan a wobenya ama no sɛ́ adeyɛ a edi kan a ɛbɛma bere tenten bi akyi no, wanya sukuupɔn mu abodin no ho. Ɛte sɛ nea nnipa binom susuw sɛ nhomasua adanse krataa bi a wobu yiye no ma obi nya hokwan a ɛbɛma afoforo apɛ n’asɛm na wɔabu no.
Yiw, honam anim hwɛbea, nhomasua, sika, ne abusua a obi fi mu—eyinom abɛyɛ gyinapɛn ahorow a nnipa pii gyina so bu afoforo anaasɛ, wodi kan nya wɔn ho adwene bi mmom. Eyinom na ɛkyerɛ wɔn a wɔbɛpɛ wɔn asɛm ne wɔn a wɔrempɛ wɔn asɛm. Wo nso ɛ? Hena na wopɛ n’asɛm? So wubu obi a ɔwɔ sika, ɔyɛ kɔkɔɔ, anaa wasua nhoma akɔ akyiri sɛ ɔno na ɔfata sɛ wopɛ n’asɛm na wubu no kɛse? Sɛ saa na ɛte a, ɛnde ehia sɛ wususuw nea wo nkate ahorow gyina so no ho anibere so.
So Eyinom Yɛ Gyinapɛn Ahorow a Ntease Wom?
Nhoma Hindu World ka sɛ: “Wobetumi ayɛ obiara a ɔwɔ nnipa mu nkyekyem kuw a ɛba fam no bi mu a okum brāhmini (nnipa mu nkyekyem kuw a ɛkorɔn sen biara muni) no ayayade akum no na wɔafa n’ahode, na wɔde daa nnome aba ne kra so. Nea wotumi yɛ brāhmini biara a okum obi no ara ne sɛ wɔbɛbɔ no ka, ná wontumi mfa owu ntwe n’aso da.” Ɛwom sɛ nhoma no reka tete mmere ho asɛm de, nanso nnɛ nso ɛ? Mmusua afoforo ho adwemmɔne ne ɔmanfo ntam ntawntawdi ama wɔahwie mmogya pii agu wɔ afeha 20 yi mpo mu. Na ɛnyɛ India nkutoo na eyi akɔ so. Ɔtan ne basabasayɛ a nnipa mu nyiyim ama akɔ so wɔ South Africa abesi nnɛ, mmusua afoforo ho adwemmɔne a ɛwɔ United States, aman afoforo ho adwemmɔne a ɛwɔ Baltic aman no mu—afoforo ka ho pii—nyinaa yɛ nea atenka a nnipa nya wɔ wɔn mu sɛ wɔkorɔn sen afoforo na ɛde ba. Nokwarem no, obi a wɔpɛ n’asɛm sen ɔfoforo esiane abusua ne ɔman a ofi mu sɛɛ yi mfaa ade pa, asomdwoe aba mmae.
Na ahonyade nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ pii nam nokwaredi ne adwumaden so na ɛbɛyɛ adefo. Nanso, nsɛmmɔnedifo, sum ase aguadifo, nnubɔnetɔnfo, wɔn a wɔtɔn akode a mmara mma ho kwan, ne afoforo atumi anya ahonyade pii. Ampa, eyinom mu bi de sika kyɛ ahiafo anaasɛ wɔboa ma wɔyɛ nhyehyɛe ahorow a wɔde bɛboa ahiafo. Nanso, wɔn nsɛmmɔnedi no de amanehunu ne ɔhaw pii aba wɔn a wodi wɔn nsɛmmɔne no so. Wɔn a sɛ wɔde wɔn toto eyinom ho a, wonni nsɛmmɔne akɛse mpo, te sɛ wɔn a wogye adanmude anaa wɔde wɔn ho hyɛ nnwuma bi a nokwaredi nnim mu no, ama abasamtu, opira, ne owu aba afoforo so bere a wɔn aguade anaa nnwuma no adi huammɔ anaa anyɛ adwuma yiye no. Nokwarem no, ahonyade a obi wɔ no nkutoo nyɛ nea ɛsɛ sɛ wogyina so pɛ n’asɛm.
Ɛnde, nhomasua nso ɛ? So nhomasua mu abodin pii a wɔde ka obi din ho no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni? So ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔpɛ n’asɛm? Nokwarem no, nhomasua tumi ma obi hu nneɛma pii, na pii a wɔde wɔn nhomasua adi dwuma ma afoforo anya ho mfaso no fata nidi ne obu. Nanso nhomanimfo a wɔasisi nnipa na wɔahyɛ wɔn so no ho nhwɛso abu so pii wɔ abakɔsɛm mu. Na susuw nea ɛrekɔ so wɔ kɔlege anaa sukuupɔn ahorow mu nnɛ no ho hwɛ. Nsɛnnennen te sɛ nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ne nyarewa a wonya fi nna mu haw sukuupɔn ahorow mufo, na asuafo pii wɔ hɔ a sika, tumi, ne din a wobegye nkutoo nti na wɔkɔ sukuu no. Ɛyɛ den sɛ obi nhomasua nkutoo bɛyɛ nea ɛma wohu ne suban ankasa. Dabi, honam ani hwɛbea, nhomasua, sika, abusua a obi fi mu, anaa nneɛma afoforo a ɛtete saa nyɛ ade a ntease wom sɛ wogyina so bu obi. Ɛnsɛ sɛ Kristofo ma eyinom gye wɔn adwene sɛ wɔde rebɔ mmɔden anya afoforo anim dom. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ ehia obi? Gyinapɛn ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ obi de di dwuma?