Hena Na Ɔwɔ Onyankopɔn Anim Dom?
YƐN nyinaa pɛ sɛ yɛn ayɔnkofo pɛ yɛn asɛm. Kristoni wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sen ɛno koraa sɛ obenya Onyankopɔn anim dom. Wɔka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm wɔ Dwom 84:11 sɛ: “[Yehowa] ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.” Bere a wɔwoo Yesu no, ɔsoro abɔfo no anigye nteɛm no hyɛɛ “asomdwoe wɔ asase so ma nnipa a ɔdom wɔn!” ho bɔ.—Luka 2:14, Mofatt.
Nanso henanom na wonya Onyankopɔn anim dom? So Onyankopɔn gyinapɛn ahorow te sɛ onipa de ara pɛ? Ɔkwan a ntease wom so no, ɛnte saa, sɛnea asɛm a edi kan no mu nsɛm daa no adi no. Nokwarem no, esiane sɛ wotu Kristofo fo sɛ ‘wonsuasua Onyankopɔn’ nti, ɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, So medom nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn anim dom, anaasɛ mepɛ sɛ mede wiasefo gyinapɛn ahorow di dwuma wɔ sɛnea mibu nnipa no mu? (Efesofo 5:1) Sɛ yebenya Yehowa anim dom ne ne mpeneso a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yebesusuw nsɛm ho sɛnea osusuw ho no.
Onyankopɔn Gyinapɛn Ahorow a ɛkorɔn No
Ɔsomafo Petro kae sɛ, “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” Bio nso, ɔsomafo Paulo dii ho adanse sɛ Onyankopɔn ‘maa nnipa aman nyinaa fii [onipa] biako mu.’ (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 17:26) Enti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Onyankopɔn ani so no, nnipa nyinaa yɛ biako, ɛmfa ho sɛnea wɔn honam fam yɛbea te. Ne saa nti, ɛmfata Kristoni sɛ ɔbɛpɛ obi asɛm ɔkwan a ɛmfata so, esiane sɛ onii ko fi ɔmantam pɔtee bi mu anaa esiane ne honam ani hwɛbea anaasɛ ofi abusua foforo bi mu ara kwa nti. Mmom no, ɛbɛyɛ papa sɛ osuasua ne nhwɛsofo, Yesu Kristo, a n’atamfo mpo gye toom wɔ ne ho sɛ na ɔnhwɛ nnipa anim no.—Mateo 22:16.
Ɛtɔ mmere bi a wɔde asɛm “aniani” no di dwuma de ka biribi a ɛnkɔ akyiri anaa ɛho nhia ho asɛm. Saa pɛpɛɛpɛ na honam ani hwɛbea te; ɛyɛ aniani ara kwa. Obi honam ani hwɛbea nkyerɛ ne nipasu anaa onipa ko a ɔyɛ no ɔkwan biara so. Sɛ yɛrepaw nnipa a yɛne wɔn bɛbɔ, adidi, anaa yɛakyia wɔn nsam a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ honam ani hwɛbea titiriw koraa. Kae sɛ, abeawa a ne nti wɔkyerɛw ɔdɔ ho anwensɛm a ɛyɛ dɛ sen biara no mu bi no kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ, . . . Monnhwɛ me sɛ mibiri, sɛ owia ahyehye me.” (Nnwom mu Dwom 1:5, 6) Obi abusua a ofi mu anaa ne honam ani hwɛbea nyinaa nyɛ adepa a ɛno na ɛsɛ sɛ wogyina so dom no. Nea ɛho hia kɛse ne sɛ́ obi suro Nyankopɔn na ɔyɛ ade trenee anaa ɔnyɛ saa.
Onyankopɔn te nka dɛn wɔ honam fam ahonyade a obi wɔ ho? Nnipa a Onyankopɔn dɔ wɔn na wɔwɔ n’anim dom nyinaa mu no, ne Ba Yesu Kristo na odi kan. Nanso, bere a Yesu wɔ asase so no, na “onni nea ɔde ne ti to.” (Mateo 8:20) Ná onni nsase, afie, mfuw, nnuaba mfuw, anaa nyɛmmoa. Nanso, Yehowa dii no ni ara na ɔmaa no dibea a ɛkorɔn sen obi foforo biara a ɔwɔ amansan yi mu gye ɔno Nyankopɔn ankasa.—Filipifo 2:9.
Yesu Kristo nyaa Onyankopɔn anim dom efisɛ na ɔyɛ ɔdefo wɔ nnwuma pa mu, na ɛnyɛ honam fam ahonyade mu. (Fa toto 1 Timoteo 6:17, 18 ho.) Otuu n’akyidifo fo sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. Na monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia.” (Mateo 6:19, 20) Enti, sɛ́ anka Kristofo bɛpɛ wɔn a wɔyɛ wiase ahonyade mu adefo nkutoo asɛm no, ɛnsɛ sɛ wogyina wiase yi mu ahonyade so yɛ nyiyim. Wɔbɛhwehwɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn fam adefo a sɛ́ wɔyɛ honam fam nneɛma mu adefo anaasɛ ahiafo no mfa ho. Mma wo werɛ mfi da sɛ ‘Onyankopɔn paw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne Ahenni adedifo.’ (Yakobo 2:5) Sɛ wokɔ so kura Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho mu a, woremfa wo ho nhyɛ nneyɛe a abu so a ɛne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔyɛ adefo wɔ honam fam ani no mu da.
Ɛdefa nhomasua ho de, Bible no ma ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ nimdeɛ ne nyansa ne sɛ na Yesu Kristo ne ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a ɔsen biara a watra asase so pɛn. (Mmebusɛm 4:7; Mateo 7:29; Yohane 7:46) Nanso ɛnyɛ wiase nyansa anaa nhomasua na ɛma wonya Onyankopɔn anim dom. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ “ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo pii [na wɔafrɛ wɔn], . . . na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu.”—1 Korintofo 1:26, 27.
Onyankopɔn dom wɔn a wɔasua nokware ‘kasa kronn’ a ɛwɔ n’Asɛm Bible no mu yiye no, na ɛnyɛ wɔn a wɔasua wiase adesua ahorow a wɔkyerɛkyerɛ wɔ sukuu akunini mu no. (Sefania 3:9) Nokwarem no, Yehowa ankasa rekyerɛkyerɛ ne nkurɔfo nnɛ denam ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi a akodu asase afanan nyinaa so. Sɛnea odiyifo Yesaia ka siei no, nnipa a wofi aman nyinaa mu regye so denam nea edi hɔ yi a wɔka no so: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” Enti, sɛ́ anka Kristofo bɛkamfo wiase nhomasua mmom no, wɔbɛhwehwɛ wɔn a wɔnam wɔn nsɛm ne nneyɛe so kyerɛ sɛ wɔyɛ ‘nnipa a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn’ ampa no akyi kwan. Wɔnam saa a wɔbɛyɛ no so benya ‘asomdwoe pii’ a Onyankopɔn de ma no.—Yesaia 2:3; 54:13.
Yebetumi Anya Onyankopɔn Anim Dom
Yiw, ɛsono Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ogyina so dom afoforo no koraa wɔ onipa de ho. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yenya n’anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma n’akwan kyerɛ yɛn kwan. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yesua sɛ yebebu afoforo sɛnea Onyankopɔn bu wɔn, na ɛnyɛ sɛnea egyina onipa gyinapɛn ahorow a pɛsɛmenkominya ne afoforo ho adwemmɔne wɔ so nkɛntɛnso no so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ onipa koma mu na ɔdom wɔn a wɔda su horow te sɛ ɔdɔ, papayɛ, ayamye, ne abodwokyɛre adi no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saara. (1 Samuel 16:7; Galatifo 5:22, 23) Ehia sɛ yɛhwɛ obi nipasu, sɛnea yɛn sɛ́ nnipa no betumi, na ɛnyɛ ne honam ani hwɛbea anaa abusua a ofi mu. Sɛ́ anka yɛbɛhwehwɛ wɔn a wɔyɛ adefo wɔ honam fam akyi kwan mmom no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛma sɛnea Onyankopɔn bu ahonyade no atra yɛn adwenem na yɛabɔ mmɔden ayɛ ‘adefo nnwuma pa fam, akyɛ ade fɛw so, na yɛama ade.’ (1 Timoteo 6:18) Sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Onyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo, ho nokware nimdeɛ, na yɛyɛ wɔn a wɔasua nokware kasa kronn no yiye. (Yohane 17:3, 17) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nso yɛbɛyɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn anim dom.