Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 12/1 kr. 21-25
  • Anigye A Yehowa Som Ama Manya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye A Yehowa Som Ama Manya
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Minyin wɔ United States
  • Fi Radio Adwuma So Kɔ Afiase
  • Bere Nyinaa Som Adwuma No
  • Awofoyɛ ne Asɛnka wɔ Bere a Wɔbaraa Yɛn Mu
  • Yɛtete Yɛn Mma no wɔ United States
  • Mesom wɔ Peru
  • Ecuador Frɛ Yɛn
  • Asetra a Anigye ne Mfaso Wom
  • Ahenni No A Wɔhwehwɛ No Kan—Ɛyɛ Asetra A Ahobammɔ Ne Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • M’ani ne Me Koma a Mekɔɔ so De Sii Botae no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Madi Botae A Mede Sii M’anim Bere A Na Madi Mfe Asia No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “W’adɔe Ye Sen Nkwa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 12/1 kr. 21-25

Anigye A Yehowa Som Ama Manya

SƐNEA GEORGE BRUMLEY KA KYERƐE

MENE Ɔhempɔn Haile Selassie polisifo asuafo nkumaa wiee radio asiesie ho adesua bi ara pɛ na wɔn mu biako ka kyerɛɛ me wɔ kokoam sɛ onim sɛ meyɛ Yehowa Adansefo Ɔsɛmpatrɛwfo. Ɔde ahopere bisae sɛ: “Wone me besua Bible no anaa?”

ESIANE sɛ na wɔabara yɛn adwuma no wɔ Ethiopia saa bere no nti, sɛ aban mpanyimfo no huu sɛ meyɛ Ɔdansefo a, anka wɔbɛpam me afi ɔman no mu sɛnea wɔyɛɛ Adansefo afoforo no. Misusuw ho sɛ ebia osuani no kura adwempa anaasɛ ebia ɔyɛ aban nipa bi a wɔasoma no sɛ ommesum me afiri. Sɛ́ abusua ti a mewɔ mmofra nkumaa abiɛsa a metete wɔn no, m’adwuma a ebefi me nsa ne hyɛ a wɔbɛhyɛ me ma mafi ɔman no mu agyaw me nnamfo a medɔ wɔn no ho nsusuwii ma mebɔɔ hu.

Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Amerikani a ɔwɔ abusua a ɔhwɛ wɔn benyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛtra Afrika atifi fam mmom, faako a ɛne ne kurom ne n’abusuafo ntam ware yiye no?’ Ma menkyerɛkyerɛ mu.

Minyin wɔ United States

Wɔ 1920 mfe no mu, bere a na meda so ara wɔ mfiase sukuu no, me papa kraa Ɔwɛn-Aban, nsɛmma nhoma no na ɔtɔɔ Studies in the Scriptures nhoma ahorow no nyinaa bi. Ná me papa ani gye akenkan ho, na ɔde ahopere kenkan nhoma ahorow no. Ná ɔyɛ obi a ɔpɛ nsɛnkwaa ne afoforo haw sɛnea ɔkwan a ɔfa so daadaa ahɔho a ɔto nsa frɛ wɔn Kwasida ma ɛda adi no. Ná ɔwɔ nhoma bi a wɔde aboa nhoma fɛfɛ bi adura ho na wɔde akokɔsrade akyerɛw “Kyerɛw Kronkron” wɔ anim ne nkyɛnmu. Ofi nkɔmmɔbɔ ase bere a ɔka sɛ, “Wiɛ, ɛnnɛ yɛ Kwasida. So wobɛkan nkyekyem kakraa bi ama yɛn?”

Ɔhɔho no pene so bere nyinaa, nanso obebue nhoma no mu no, na nkyerɛw biara nni kratafã no biara so! Onii no ho dwiriw no. Afei papa ka sɛ ‘asɛnkafo nnim Bible no mu hwee,’ afei ɔfa Bible no bi na ɔkan Genesis 2:7. Ɛhɔ na Bible no kyerɛkyerɛ sɛnea wɔbɔɔ onipa a odi kan no mu sɛ: “Onipa yɛɛ ɔkra teasefo.”​—Genesis 2:7.

Papa kyerɛkyerɛ mu sɛ onipa nni ɔkra na mmom ɔyɛ ɔkra, sɛ bɔne so akatua ne owu, ne sɛ, sɛ onipa wu a, na wawu ampa a onnim hwee. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4; Romafo 6:23) Ansa na merehu akenkan yiye mpo no, na makyere Genesis 2:7 agu me tirim. Eyi ne nneɛma a edi kan a mekae fa sɛnea ɛyɛ anigye ankasa sɛ obi behu Bible mu nokware ahorow na wakyerɛ afoforo nso no ho.

Esiane sɛ saa bere no na yɛn nsa ka Ɔwɛn-Aban no wɔ fie nti, abusua mũ no nyinaa fii ase dii honhom fam aduan yi. Ná me nanabea ne yɛn na ɛte na ɔbɛyɛɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo a odi kan wɔ yɛn abusua no mu. Ná asafo nni Carbondale, Illinois, faako a na yɛte no, nanso na yɛyɛ nhyiam horow a wɔnhyɛɛ da nyɛɛ ho nhyehyɛe. Nà maame de yɛn mmofra baanum no kɔ kurow no fã baabi a mmea mpanyimfo na wɔhwɛ Ɔwɛn-Aban adesua so no. Yefii asɛnkakɔ ase nso.

Fi Radio Adwuma So Kɔ Afiase

Mewaree wɔ 1937 mu bere a na madi mfe 17 pɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mesiesie radio na makyerɛkyerɛ afoforo saa adwuma yi yɛ de ahwɛ me ho. Yɛn mma baanu, Peggy ne Hank, awo akyi no, yɛn aware no gui. Aware no a egui no fi me; mamfa Kristofo asetra kwan antra ase. Madi nokwasɛm a ɛne sɛ mantumi antete me mma baanu a wodi kan no ho yaw me nkwa nna nyinaa.

Wiase Ko II fii ase, na ɛmaa mifii ase susuw nneɛma pii ho. Asraafo akuw kae sɛ wɔbɛyɛ me ɔpanyin na makyerɛ wɔn a wɔahyɛ wɔn ayɛ wɔn asraafo no radio ho adwuma, nanso Yehowa adwene wɔ akodi ho a midwenee ho no ma mifii ase bɔɔ mpae daa. Nà Ɔwɛn-Aban a mekra no asã na Lucille Haworth nsa kaa kratasin a wɔde kyerɛe sɛ asã no na ɔbɛsraa me. Ná Perry Haworth a ɔyɛ Lucille agya no ne n’abusua kɛse no mufo dodow no ara yɛ Adansefo fi 1930 mfe no mu. Me ne Lucille nyaa ɔdɔ maa yɛn ho na yɛwaree wɔ December 1943 mu.

Wɔbɔɔ me asu wɔ 1944 mu na mekɔkaa me yere ho wɔ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ ɔkwampaefo. Ankyɛ na wɔfrɛɛ me sɛ menkɔyɛ asraafo adwuma nanso mamfa me ho amma. Ne saa nti wɔde me too afiase wɔ El Reno, Oklahoma mfe abiɛsa. Ná ɛyɛ anigye sɛ mehu amane ama Yehowa. Sɛ minyan anɔpa biara na mekae beae a mewɔ ne nea enti a mewɔ hɔ a, ná minya akomatɔyam kɛse na meda Yehowa ase. Ɔko no akyi no, wɔkyerɛɛ sɛ, sɛ yɛn a na yɛadi boro mfe 25 no tumi di tebea horow bi ho dwuma a wobegyaa yɛn. Wogyaa me wɔ February 1946.

Bere Nyinaa Som Adwuma No

Bere a mesan kɔkaa Lucille ho no, na ɔresom sɛ ɔkwampaefo wɔ kurow ketewaa Wagoner, a ɛwɔ Oklahoma no mu. Ná yenni kar enti yɛnantew kɔɔ baabiara, na yɛyɛɛ kurow mũ no nyinaa mu adwuma. Akyiri yi yetu kɔɔ Wewoka, Oklahoma. Ankyɛ na minyaa adwuma wɔ radio adwumayɛbea bi a ɛbɛn hɔ mu na mifii ase kasae wɔ radio so. Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ mede nnɔnhwerew asia bɛyɛ adwuma da biara na manya bere ayɛ akwampae adwuma, nanso yɛn ani gyee hokwan a yenya de som Yehowa no ho. Yetumi tɔɔ kar dedaw bi bere a ɛsɛ mu ma yetumi de kɔɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Los Angeles wɔ 1947 mu no. Ɛhɔ no yefii ase susuw ho sɛ yebebisa kwan akogye asɛmpatrɛwfo ntetee wɔ Ɔwɛn-Aban Bible Gilead Sukuu no mu.

Yehuu sɛ eyi bɛyɛ adeyɛ titiriw, na na yɛmpɛ sɛ yɛde ahopere si United States a yebefi ho gyinae. Ná meda so ara di me mma a mehweree wɔn no ho yaw, enti yɛbɔɔ mmɔden bio sɛ yɛbɛkɔ akogye wɔn abɛtra yɛn nkyɛn. Esiane me kan abrabɔ ne m’afiasenna no nti, anyɛ yiye. Enti yesii gyinae sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ asɛmpatrɛwfo. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ Gilead adesua kuw a ɛtɔ so 12 no.

Yewiee sukuu no wɔ 1949 mu, nanso mfiase no wɔmaa yɛn dwumadi sɛ yɛnkɔsrasra asafo ahorow wɔ Tennessee. Yedii mfe abiɛsa wɔ akwantu adwuma no mu wɔ United States akyi no, yɛn nsa kaa krataa bi a efi Ɔwɛn Aban Asafo no titrani nkyɛn sɛ ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sukuufo ade wɔ Ethiopia ka asɛnka adwuma no ho a. Ná ɛhɔ aban no ahwehwɛde biako ne sɛ asɛmpatrɛwfo bɛkyerɛ ade. Yɛpenee so na wɔ 1952 ahohuru bere mu no, yesiim kɔɔ Ethiopia.

Yekoduu Ethiopia no, yɛkyerɛɛ mfiase sukuufo ade ampa na yɛyɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ awia a yɛannye hwee. Ankyɛ koraa na nnipa pii fii ase baa Bible adesua no ase araa ma na yɛtaa de nnɔnhwerew abiɛsa anaa anan na ɛkyerɛkyerɛ Bible no da biara. Ná asuafo no mu bi yɛ polisifo; na ebinom nso yɛ akyerɛkyerɛfo ne asɔfo nkumaa wɔ nsɔre sukuu ahorow ne Ethiopia Orthodox sukuu ahorow mu. Ɛtɔ mmere bi a na nnipa 20 anaa nea ɛboro saa na wɔwɔ Bible adesua kuw biara mu! Asuafo no pii fii atoro som mu na wofii ase som Yehowa. Yɛn ani gyei mmoroso. Ná minyan anɔpa biara a, meda Yehowa ase bio.

Awofoyɛ ne Asɛnka wɔ Bere a Wɔbaraa Yɛn Mu

Wɔ 1954 mu no, yehuu sɛ yɛrebɛyɛ awofo, enti na ɛsɛ sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛsan akɔ United States anaa yɛbɛkɔ so atra Ethiopia. Ná tra a yɛbɛkɔ so atra hɔ no begyina honam fam adwuma a menya so. Minyaa adwuma sɛ radio mfiri ho nimdefo, na na mehwɛ radio adwuma bi so ma Ɔhempɔn Haile Selassie. Enti yɛtraa hɔ.

Wɔ September 8, 1954 mu no, yɛwoo yɛn babea Judith. Ná misusuw sɛ mewɔ adwuma mu ahobammɔ esiane sɛ na meyɛ adwuma ma ɔhempɔn no nti, nanso mfe abien akyi no, saa adwuma no fii me nsa. Nanso annu ɔsram biako mpo na Polisifo Dwumadibea no faa me​—na wɔmaa me akatua a ɛsõ sen kan de no​—sɛ menkyerɛ mmerante kuw bi sɛnea wosiesie radio mfiri. Yɛwoo yɛn mmabarima Philip ne Leslie wɔ mfe abiɛsa a edi hɔ no mu.

Saa bere yi na ahofadi a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no resakra. Ná Ethiopia Orthodox Asɔre no atu aban no aso sɛ ɔmpam Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo nyinaa mfi ɔman no mu. Asafo ti no hyɛɛ me nyansa ma mesesaa ɛhɔnom tra hokwan krataa no fii ɔsɛmpatrɛwfo de so yɛɛ no obi a ɔyɛ honam fam adwuma de. Wɔbaraa yɛn asɛmpatrɛw adwuma no, na na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye ne anifere. Yɛkɔɔ so yɛɛ asafo nhyiam horow no nyinaa, nanso na yehyiam wɔ adesua akuw nketewa mu.

Polisifo kɔhwehwɛɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ Adansefo afi mu. Nanso na wonnim sɛ polisini panyin bi a na ɔyɛ Yehowa somfo yi yɛn aso bere biara a wɔhyɛ sɛ wɔbɛtua yɛn no. Ne saa nti wɔannye nhoma biara amfi yɛn nsam saa mfe no mu. Ná yɛyɛ yɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no Kwasida denam kurotia adidibea ahorow a ɛwɔ adidipon a wɔde didi wɔ abɔnten a yɛkɔ hɔ no so.

Ɛyɛ saa bere yi, bere a na merekyerɛkyerɛ polisifo nkumaa radio ho nneɛma no na osuani a mekaa ne ho asɛm wɔ mfiase hɔ no bisaa me sɛ me ne no nsua Bible no. Misusuwii sɛ ɔwɔ adwempa, enti yefii ase. Yesuaa ade mpɛn abien pɛ akyi no, osuani foforo bi kaa ne ho bae, afei nea otia abiɛsa nso bae. Mebɔɔ wɔn ano sɛ mma wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ me ne wɔn reyɛ adesua, na wɔanka ankyerɛ obiara da.

Wɔ 1958 mu no, wɔyɛɛ Ɔsoro Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam wɔ New York Yankee Stadium ne Polo Grounds. Saa bere no na Peggy ne Hank ne m’abusua kɛse no mufo afoforo pii abɛyɛ Adansefo a wɔyɛ hyew. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ mitumi kɔe! Ɛnyɛ me mma mpanyimfo baanu ne abusuafo afoforo a me ne wɔn san hyiae no nkutoo na ɛmaa m’ani gyei na mmom m’ani gyei nso sɛ mihuu nnipadɔm a wɔboro mpem ahanu ne aduonum sɛ wɔahyiam wɔ nhyiam no da a etwa to no!

Afe a edi hɔ no, Asafo ti no titrani, Nathan H. Knorr, bɛsraa yɛn wɔ Ethiopia. Ɔmaa yɛn sɛnea yɛbɛkɔ so ayɛ adwuma no wɔ bere a wɔabara yɛn no ho nyansahyɛ ahorow a eye na n’ani gyee yɛn abusua no ne sɛnea yɛrekɔ so wɔ honhom mu no ho. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛrekyerɛ mmofra no sɛnea wɔbɔ mpae. Mibisae sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ otie sɛnea Judith bɔ mpae anaa. Ɔkae sɛ yiw, na ɔbɔ wiei no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woayɛ ade paa, Judith.” Afei wɔ adidi ase no, mibisaa Onua Knorr sɛ ebia ɔbɛbɔ mpae no a, na bere a owiei no, Judith kae sɛ: “Woayɛ ade paa, Onua Knorr!”

Yɛtete Yɛn Mma no wɔ United States

Me ne Polisifo Dwumadibea no adwuma nhyehyɛe no baa awiei 1959. Ná yɛpɛ sɛ yɛkɔ so tra hɔ, nanso aban no ampene adwuma nhyehyɛe foforo biara so amma me. Enti ɛhe na na yebetumi akɔ? Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkɔ aman afoforo a wohia anuanom wɔ hɔ kɛse so nanso mantumi ankɔ. Enti bere a ɔkwan bi so no na yɛn werɛ ahow no, yɛsan kɔɔ United States. Bere a yedui no yenyaa abusua nkabom a ɛyɛ anigye bio; me mma baanum no nyinaa huu wɔn ho wɔn ho na wonyaa ɔdɔ maa wɔn ho mpofirim ara. Wɔakɔ so abɛn wɔn ho wɔn ho fi saa bere no.

Yɛtraa Wichita, Kansas, beae a minyaa adwuma sɛ radio mfiri ho nimdefo ne obi a ɔbɔ nnwom wɔ radio so. Lucille suae sɛ ɔbɛyɛ fie nnwuma, na mmofra no kɔɔ sukuu a ɛbɛn fie. Meyɛɛ abusua Ɔwɛn-Aban adesua Dwoda anadwo biara, na bere nyinaa mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma ayɛ anigye. Ná da biara yebisa sɛ ebia nsɛnnennen bi asɔre wɔ sukuu mu anaa.

Bere a mmofra no mu biara de ne ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no, ntetee yi boaa wɔn wɔ wɔn sukuu adesua mu. Yɛtetee wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu fi wɔn mmofraase. Wosuaa sɛnea wɔma Bible nhoma ahorow wɔ apon ano, na wɔkaa yɛn ho ma yɛkɔyɛɛ ofie Bible adesua ahorow.

Yɛbɔɔ mmɔden nso sɛ yɛbɛkyerɛ mmofra no asetra mu nneɛma atitiriw bi, na yɛkyerɛkyerɛɛ wɔn mu sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn mu biara nsa betumi aka ade a obiako nya. Sɛ nhwɛso no, wɔn nyinaa annya akyɛde koro no ara bere nyinaa. Yɛne wɔn susuw ho sɛ: “Sɛ wo nua nya agode bi na woannya bi a, so ɛbɛyɛ papa sɛ wubenwiinwii?” Bere foforo mu no, mmofra a aka no nso nsa kaa biribi, enti yɛammu yɛn ani angu obiara so. Yɛdɔɔ wɔn nyinaa bere nyinaa, na yɛampɛ obiako asɛm ansen baanu a aka no.

Ná ɛtɔ mmere bi a wɔma mmofra afoforo kwan ma wɔyɛ nneɛma a yɛmma yɛn mma kwan mma wɔnyɛ. Na metaa te sɛ wɔka sɛ, “Asiamasi tumi yɛ saa, dɛn nti na yentumi nyɛ bi?” Ná mebɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛkyerɛ wɔn mu, nanso ɛtɔ mmere bi a, na mmuae a ɛsɛ sɛ mede ma wɔn ara ne sɛ, “Munni saa abusua no mu; moyɛ Brumley fifo. Ɛsono yɛn mmara ahorow a yɛde di dwuma.”

Mesom wɔ Peru

Efi bere a yefi Ethiopia san bae no, me ne Lucille apɛ sɛ yɛbɛsan ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Afei wɔ 1972 mu no, hokwan buei sɛ yɛbɛkɔ Peru, wɔ Amerika Kesee Fam. Ná beae a yebetumi atete yɛn mma a wonnii mfe aduonu biara nni hɔ a yebetumi apaw a eye sen hɔnom. Fekuw a wɔne asɛmpatrɛwfo, akwampaefo atitiriw, ne afoforo a na wɔaba Peru rebɛsom nyae no boaa wɔn ma wɔn ankasa huu sɛnea wɔn a wɔhwehwɛ Ahenni ho nneɛma kan ampa no wɔ anigye fa. Philip frɛɛ fekubɔ no sɛ atipɛnfo nhyɛso a eye.

Bere tiaa bi akyi no, yɛn nnamfonom dedaw a wɔwɔ Kansas no bi tee sɛnea yɛrenya nkɔso wɔ Ahenni som adwuma mu no, na wɔbɛkaa yɛn ho wɔ Peru. Meyɛɛ yɛn fie hɔ nhyehyɛe te sɛ asɛmpatrɛwfo fie. Ná obiara wɔ dwumadi bi a wɔde ahyɛ ne nsa na ama obiara anya bere ayɛ asɛnka adwuma no. Yesusuw Bible mu asɛm bi ho anɔpa biara bere a yɛrebedidi. Ná ɛyɛ anigye bere ma yɛn nyinaa. Bere a manyan anɔpa biara na mihu beae a mewɔ ne nea enti a mewɔ hɔ no, mesan de aseda a emu dɔ maa Yehowa wɔ me tirim.

Akyiri yi Judith waree na ɔsan kɔɔ States, faako a ɔkɔɔ so yɛɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no. Bere a Philip de mfe abiɛsa somee sɛ ɔkwampaefo titiriw akyi no, ɔkyerɛw bisae sɛ ebia obetumi akɔsom wɔ Betel wɔ Brooklyn, New York a, na wɔfrɛɛ no. Awiei koraa no, Leslie nso san kɔɔ United States. Wɔn nyinaa kɔe a na ɛnyɛ wɔn yam, na wɔaka akyerɛ yɛn mpɛn pii sɛ Peru a yɛde wɔn kɔe no yɛ ade a ɛsen biara a yɛyɛ maa wɔn.

Bere a Peru sikasɛm sɛee kɛse no, yehui sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yefi hɔ. Bere a yɛsan kɔɔ Wichita wɔ 1978 mu no, yekohuu Adansefo kuw bi a wɔka Spania kasa. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛntra hɔ mmoa wɔn, na yɛde anigye yɛɛ saa. Wɔhyehyɛɛ asafo, na ntɛm ara na yenyaa ho dɔ te sɛ nea na yɛasom wom dedaw no ara pɛ.

Ecuador Frɛ Yɛn

Ɛwom sɛ minyaa mmubui yare a ɛmaa me fã dwudwoe de, nanso na mekɔn dɔ sɛ me ne Lucille betumi asom bio wɔ ɔman foforo so. Wɔ 1984 no, ɔhwɛfo kwantufo bi kaa nkɔso a ɛrekɔ so wɔ Ecuador ne sɛnea wohia Kristofo mpanyimfo wɔ hɔ no ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Meka mekyerɛɛ no sɛ esiane me mmubui no nti, mintumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, nanso ɔmaa me awerɛhyem sɛ ɔpanyin a wadi mfe 65 na ne fã adwudwo no mpo betumi ayɛ mmoa.

Bere a ɔkɔe akyi no yɛantumi anna anadwo no nyinaa, na yɛbɔɔ Ecuador a yebetumi akɔ ho nkɔmmɔ. Ná Lucille wɔ ɔpɛ kɛse a mewɔ no ara bi sɛ ɔbɛkɔ. Enti yɛbɔɔ yɛn mmoa a wɔde yare ba anosiw ho adwuma ketewa no ho dawuru, na yɛtɔn wɔ adapɛn abien ntam. Yɛtɔn yɛn fie wɔ dadu pɛ ntam. Enti wɔ yɛn mpanyin mfe mu no, yɛsan kɔyɛɛ adwuma a ɛma yɛn anigye kɛse sen biara, amannɔne asɛmpatrɛw som adwuma no.

Yɛtraa Quito na na asɛnka adwuma no yɛ anigye, na da biara yenya osuahu foforo. Nanso afei wɔ 1987 mu no, wohui sɛ manya akisikuru wɔ me nsono mu; na ehia sɛ wɔyɛ me oprehyen ntɛm ara. Yɛsan kɔɔ Wichita kɔyɛɛ oprehyɛn no, na wɔyɛe a bɔne biara amma. Yɛsan kɔɔ Quito mfe abien pɛ na wohuu akisikuru wɔ me ho bio, ma enti na ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ States kɔtra hɔ koraa. Yɛkɔtraa North Carolina, beae a yɛte mprempren no.

Asetra a Anigye ne Mfaso Wom

Minnim sɛnea me honam fam tebea bɛyɛ daakye. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ me to oprehyen wɔ 1989. Eyi nyinaa akyi no meda so som sɛ ɔpanyin na me ne nnipa pii a wɔba me fie no yɛ Bible adesua. Wɔ mfe no mu no, yɛaboa nnipa ɔhaha pii ankasa denam nokware no aba a yegui na yeguguu so nso so. Ɛno yɛ anigye a ano mmrɛ ase da ɛmfa ho mpɛn dodow a wotĩ mu ka.

Bio nso, manya anigye kɛse sɛ mihu sɛ me mma nyinaa som Yehowa. Peggy ne ne kunu, Paul Moske ayɛ akwantu adwuma no wɔ United States mfe 30. Philip ne ne yere, Elizabeth, ne Judith da so ara wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma titiriw mu wɔ New York. Hank ne Leslie ne wɔn ahokafo yɛ Adansefo a wɔyɛ hyew, na me nuanom mmarima ne mmea anan ne wɔn mmusua a me honam fam abusuafo 80 ka ho no nyinaa resom Yehowa. Na Lucille ayɛ Kristoni ɔyere a ɔyɛ nhwɛso pa wɔ nea ɛreyɛ adu mfe 50 a yɛde aware no mu. Wɔ nnansa yi mfe mu no wayɛ nnwuma ahorow pii a ne yɛ nna fam de aboa me wɔ me nipadua a ɛresɛe no hwɛ mu a onnwiinwii.

Nokwarem no, m’asetra ayɛ anigye. Ayɛ anigye sen nea wobetumi de nsɛm aka. Yehowa som yɛ anigye araa ma ɔpɛ a mewɔ wɔ me komam ne sɛ mɛsom no daa wɔ asase yi so. Bere nyinaa mekae Dwom 59:16, a ese: “Na me de, mɛto w’ahoɔden ho dwom, na mato w’adɔe ho ahurusi dwom anɔpa, sɛ woayɛ me abankɛse ne me hiada mu guankɔbea.”

[Mfonini wɔ kratafa 23]

George Brumley wɔ Ethiopia ɔhempɔn Haile Selassie nkyɛn

[Mfonini wɔ kratafa 25]

George Brumley ne ne yere, Lucille

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena