Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Sɛ Kristoni bi nnya aware mu ɔhokafo a ɔfata a, dɛn na ɔbetumi ayɛ?
Ɛwom sɛ yɛyɛ Kristofo a wɔwɔ ahofama de, nanso yebetumi ahaw bere a yɛn nsa nka biribi a yɛwɔ anidaso a emu yɛ den sɛ yebenya no. Wɔka yɛn nkate horow ho asɛm yiye wɔ Mmebusɛm 13:12 sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare.” Saa na Kristofo binom ate nka bere a wɔpɛ sɛ wɔware nanso wonnya ɔhokafo a ɔfata no. Ɛba saa tititiriw wɔ wɔn a ɔsomafo Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ”akɔnnɔ ho ɔhyew” aka wɔn no fam.—1 Korintofo 7:9, New World Translation.
Yehowa de ɔpɛ a ɛbɛma wɔahwehwɛ nokware boafo a ɛsono ne bɔbeasu hyɛɛ nnipa mu. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nkate a ɛte sɛɛ sɔre wɔ Kristofo ahokwafo pii mu. (Genesis 2:18) Nkate horow a ɛyɛ awosu yi ano betumi ayɛ den wɔ aman a wosi aware (anaa mfe bi a wodi a ɛsɛ sɛ wɔware) so dua kɛse wom no mu anaa bere awarefo a wɔwɔ anigye atwa Kristofo ahokwafo ho ahyia wɔ asafo no mu no. Nanso ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛdwenwenne ma akyɛ yiye. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Kristofo komapafo betumi agyina tebea no ano a wɔrenhaw ntra so?
Ɛnyɛ mmerɛw, na ɛnsɛ sɛ afoforo bu ahiasɛm yi te sɛ nea ɛyɛ asɛm bi a wogugu mu dodo kɛkɛ anaa ɔhaw ketewaa bi ara kwa. Nanso mpɛn pii no, tumi a ɔhokwafo no betumi agyina tebea no ano anaa wadi ho dwuma no gyina nneɛma a obetumi ayɛ no so. Yehu ɔkwan bi a obetumi afa so agyina ano no wɔ Bible nnyinasosɛm yi mu: “Ɔma mu wɔ [anigye] sen ogye.”(Asomafo no Nnwuma 20:35) Yesu Kristo a ɔyɛ ɔhokwafo no na ɔkaa saa asɛm no, na na onim nea ɔreka. Nneɛma a wɔyɛ ma afoforo a ɛnyɛ pɛsɛmenkominya adwene na wɔde yɛ no yɛ adepa a ɛbɛboa yɛn mu biara ma wadi nkate horow a anidaso a ɛkyɛ mu ba ma onya no so. Eyi kyerɛ dɛn ma Kristoni ɔhokwafo?
Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ ayamye ama w’ankasa abusua ne asafo no mufo afoforo, na ma wo dwumadi wɔ ɔsom adwuma no mu nnya nkɔanim. Afotu yi nyɛ ɔkwan bi ara kwa a wɔfa so ka sɛ,’Yɛ pii na wo werɛ befi pɛ a wopɛ sɛ woware no.’ Dabi. Bere a woyɛ pii wɔ Kristofo nnwuma a ɛsow aba yi mu no, wubetumi ahu sɛ ‘wagyina pintinn wo komam, na wowɔ w’ankasa pɛ so tumi,’ na wubetumi de wo tebea a wowom mpremprem no adi dwuma wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so.—‘1 Korintofo 7:37.
Ebinom a wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛware no ama eyi abɛyɛ dadwen kɛse. Wɔabɔ dawuru wɔ atesɛm nkrataa mu mpo sɛ wɔhwehwɛ ahokafo. Nanso, hwɛ sɛnea eye sɛ wɔde adwene besi kyerɛ a wɔbɛkyerɛ mfaso horow a wobetumi anya afi sigyadi bere mu ho anisɔ so kɛse.—Yɛsrɛ wo sɛ hwɛ nsɛm “Unmarried but Complete for God’s Service” ne “Singleness—A Rewarding Way of life” a ɛwɔ November 15, 1987 The Watchtower no mu, ne “So Aware Nkutoo na Ɛde Anigye Ba?” a ɛwɔ May 15, I992 Ɔwɛn-Aban mu no.
Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na gyina wo sigyadi no mu. (Filipifo 4:6, 7, 13) Kristofo ahokwafo pii ahu sɛ bere a wɔde wɔn bere sua Onyankopɔn Asɛm na wosusuw ho, no wɔkɔ Kristofo nhyiam horow na wonya mu kyɛfa no, wɔanya ‘ɔhome foforo ama wɔn kra’ sɛnea Yesu hyɛɛ n’akyidifo bɔ no. (Mateo 11:28-30) Eyi aboa wɔn ma wɔanya nkɔso wɔ honhom fam, ma enti wɔbɛyɛ okununom anaa ɔyerenom pa, sɛ wonya ɔhokafo a ɔfata wɔ bere a ɛsɛ mu a.
Mma wo werɛ mfi da sɛ Yehowa te tebea a ahokwafo a wɔresom no nyinaa wom no ase. Onim sɛ wubetumi ate nka sɛ tebea a wowɔ mu mprempren no nyɛ nea wopɛ. Yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no nso nim nea ɛde mfaso a ɛtra hɔ daa bɛbrɛ wo, wɔ honhom mu ne nkate mu. Wo nso wubetumi ahu eyi pefee: Sɛ wode boasetɔ twɛn Yehowa na wode n’Asɛm mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma da biara da wɔ asetra mu a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ obedi w’ahiade ahorow a ɛsen biara no ho dwuma ama wo wɔ ɔkwan a ɛde daa yiyedi bɛbrɛ wo so.—Fa toto Dwom 145:16 ho.