Hellgya—Ɛredɛw Anaasɛ Ɛredum?
NÁ PROTESTANTNI ɔsɛnkafo Jonathan Edwards de hell ho nsɛm a ɛkɔ akyiri hunahuna afeha a ɛto so 18 Amerikafo Atubrafo no. Bere bi, ɔkaa tebea bi a Onyankopɔn de abɔnefo asensɛn ogya so te sɛ ananse a wɔn ho yɛ tan ho asɛm. Edwards kaa n’asɔremma anim sɛ: “O ɔbɔnefo, wosɛn ahama teaa bi so, na Onyankopɔn abufuw gya redɛw fa ho, na ɛrenkyɛ ebehũ afa ho na ahyew no dwerɛbee.”
Nanso, Edwards asɛnka a ɛyɛ hu yi akyi bere tiaa bi na gyidi a wɔwɔ wɔ hellgya nkyerɛkyerɛ ho no fii ase kɔɔ fam, sɛnea yɛbɛka no no.a Nhoma The Decline of Hell a D. P. Walker kyerɛw no ka sɛ, “ebeduu afeha a ɛto so 18 no mfe aduanan no mu no, na wogye abɔnefo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ wɔn ayayade daa no ho kyim wɔ baguam.” Afeha a ɛto so 19 mu no, hellgya no kɔɔ so dumii, na ebeduu afeha a ɛto so 20 mfinimfini no, na wɔagyae adwene a Edwards kura sɛ hell te sɛ ‘ogya fononoo bi a wɔyɛ abɔnefo ayayade wɔ adwene ne nipadua mu daa wɔ mu’ no ho nkɔmmɔbɔ. Sɛnkyerɛwfo Jeffery Shelter ka sɛ: “Esiane sɛ nnɛ bere yi mu nhomanimfo kasa tiae, na nea efi Hiroshima ne Yudafo a wɔtɔre wɔn ase mu bae no yɛ hu kɛse nti, hell ho asɛm no mmɔ nnipa hu pii bio sɛ kan no.”
Asɛnkafo pii nso ani annye ho sɛ wɔbɛka ogya ne sufre ho asɛm bio. Hell amanehunu ho nsɛm a wɔka no denneennen yera fii Kristoman nsɔre akɛse no nsɛm a wɔka wɔ asɔredan mu no mu. Wɔ nyamekyerɛfo pii fam no, hell bɛyɛɛ ade a atwam dodo sɛ wobesua ɛho ade kɛse. Mfe bi a atwam ni no, na asɔre abɔkɔsɛm kyerɛwfo bi reyɛ hell ho nhwehwɛmu akɔkyerɛ ade wɔ sukuupɔn bi mu, na ɔhwehwɛɛ nhomanimfo nsɛmma nhoma mu nsɛmti a wɔahyehyɛ no pii mu. Wanhu asɛmti biako a ɛfa “hell” ho mpo. Sɛnea Newsweek nsɛmma nhoma ka no, abakɔsɛm kyerɛwfo no de twaa to sɛ: “Hell yerae. Nanso obiara anhu.”
Hell Sanba
Ayera? Ɛnte saa ankasa. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wɔ nnansa yi mfe mu no, hell nkyerɛkyere no aba bio wɔ mmeae bi. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Amerika kyerɛ sɛ, nnipa a wɔka sɛ wogye hell di no dodow kɔɔ anim fi ɔha biara mu nkyem 53 wɔ 1981 mu koduu ɔha biara mu nkyem 60 wɔ 1990 mu. Sɛ wode hell ho asɛmpakafo ahyehyɛde ahorow a abu so wɔ wiase nyinaa no ka ho a, ɛda adi sɛ hell asan aba Kristoman adwene mu denneennen wɔ wiase nyinaa ampa. Nanso, so asɔremma no nkutoo na hell sanba no anya wɔn so nkɛntɛnso, anaasɛ aka asɔfo no nso? Nokwasɛm no ne sɛ, sɛnea Jonathan Edwards kaa hellgya ho asɛm mfe 250 a atwam ni no amfi Kristoman nsɔre bi nkyerɛkyerɛ a wɔakora so no mu da. U.S. News & World Report kae wɔ 1991 mu sɛ: “Wɔ nsɔre a wotumi sakra wɔn nkyerɛkyerɛ no mu atitiriw no mu mpo no, nneɛma bi kyerɛ sɛ nyamekyerɛfo afi ase resusuw hell ho adwene no ho kɛse sen mfe du du a atwam no mu.” Ɛda adi sɛ mfe pii a wobuu ani guu hellgya so akyi no, asan agye din wɔ nyamesom mu bio, na wobu no sɛ biribi a ɛho hia wɔ wiase nyinaa. Nanso, so ɛho ogya nkyerɛkyerɛ no da so ara wɔ hɔ?
Nsemmisa a Asɔre
Nyamekyerɛfo W. F. Wolbrecht annye ho kyim biara, ose: “Hell yɛ hell, na onipa pɛ anaa ne nsusuwii biara ntumi mmrɛ daa afɔbu a ɛyeɛ no ase.” Asɔrekɔfo bebree nnye nni pii saa. Ɛwom sɛ wogye tom sɛ hell wɔ hɔ de, nanso wonnim sɛnea ɛte ankasa. Nyamekyerɛfo foforo bi gye tom sɛ: “Wɔ me nso me fam no, hell yɛ biribi a ɛwɔ hɔ ankasa a Bible di ho adanse, nanso ɛyɛ den sɛ wobehu sɛnea ɛte ankasa.” Yiw, ɛnnɛ, wɔ nyamekyerɛfo ne nnipa afoforo a wɔredɔɔso fam no, ɛnyɛ asemmisa no ne “So hell wɔ hɔ” bio, na mmom ɛne “Hell yɛ dɛn?”
Wubebua dɛn? Dɛn na wɔaka akyerɛ wo wɔ sɛnea hell te ho? Na den nti na saa nkyerɛkyerɛ yi haw nokware Kristofo?
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ July 8, 1741, Edwards de asɛm “Abɔnefo wɔ Onyankopɔn a ne Bo Afuw Nsam” yɛɛ asɔre.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Akyi: Sɛnea Doré yɛ Ɔhaw ne Emufi ho mfonini wɔ Dante Divine Comedy mu
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Sɛnea Doré’s yɛ Devils ne Virgil wɔ Dante Divine Comedy mu