Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 5/15 kr. 3-4
  • Nokware Nkɔmhyɛ Ahorow a Wɔhwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Nkɔmhyɛ Ahorow a Wɔhwehwɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Wɔn Nkɔmhyɛ Ahorow No Biako Mpo Amma Mu’
    Nyan!—1982
  • Bible Nkɔmhyɛ Ahorow yɛ Nokware Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nkɔmhyɛ Nhoma
    Amansan Nhoma
  • So Wobetumi Asakra Wo Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 5/15 kr. 3-4

Nokware Nkɔmhyɛ Ahorow a Wɔhwehwɛ

CHINAFO bu bɛ bi sɛ: “Nea obetumi adi kan ahu biribi ansa na asi wɔ ne nnansa akyi no betumi ayɛ ɔdefo mfe mpempem pii.” Nkurɔfo pɛ sɛ wohu nea ɛbɛba daakye, na nnipa pii de anigye betua sika pii wɔ asɛm a ɛyɛ nokware sɛɛ ho. Wɔhwehwe nokware nkɔmhyɛ ahorow. Sɛnea wim tebea ne nea sikasɛm bɛyɛ ho nsɛm a wɔka sie da no adi no, yɛwɔ nsɛm a ebesisi daakye mu anigye. Afei, daakye ho nokware nimdeɛ betumi ama yɛayɛ nhyehyɛe pa wɔ yɛn asetram. Ɔpɛ a nnipa pii wɔ sɛ wobehu nea ɛbɛba daakye no ma wɔkɔ abisa wɔ asumanfo, Hindufo gurufo, nsoromma mu ahwɛfo, ne adunsinfo hɔ. Tete ne nnɛyi nhoma ahorow a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔreka nea ebesi daakye kyerɛwee no abu so wɔ mmeae a wɔtɔn nhoma ne nsɛmma nhoma. Nanso ebinom adwenem yɛ wɔn naa wɔ akwan a wɔfa so ka nsɛm sie yi ho. Wɔka Romani ɔmanyɛfo Cato ho asɛm sɛ ɔkaa sɛ: ‘Ɛyɛ me nwonwa sɛ bere biara a ɔdebisafo hu ɔdebisafo foforo no, ɔnserew.’

Nokwarem no, nsɛm a wɔka sie ahorow pii na ɛwɔ hɔ. Wɔ 1972 mu no, amanaman ntam kuw bi a animdefo ne adwumayɛfo na wɔwom, a wɔfrɛ no Club of Rome no, tintim nhoma bi a ɛkae sɛ ɛnkyɛ, asase mu nneɛma a wontumi mfa foforo nsi ananmu nyinaa bɛsa. Ebedu 1981 no na emu sika kɔkɔɔ asa, ebedu 1985 no na emu mercury asa, ebedu 1990 no na emu zinc asa, ebedu 1992 no na emu nneɛma a wɔde yɛ pɛtro asa, ne nea ɛkeka ho. Yehu mprempren sɛ nsɛm a wɔka siei yi amma mu. Wɔde nsɛm a wɔka sie pii agyina nyamesom adwene ahorow so. Sɛ́ mfatoho no: Ná Saxon ɔsɔfo panyin Wulfstan gye di sɛ tua a Denmark tuaa England wɔ afeha a ɛto so 11 mfiase no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wiase no awiei abɛn. Wɔ 1525 mu no Thomas Münzer dii Germany mpapahwekwa atuatew bi anim, efisɛ ohui wɔ anisoadehu mu sɛ abɔfo resew kantankrankyi ama nea osusuw sɛ ɛbɛyɛ otwa kɛse no. Ɛda adi pefee sɛ nkɔmhyɛ ahorow yi amma mu. Sɛnea ebia wunim no, nkɔmhyɛ pii wɔ Bible no mu. Afei nso, Bible akyerɛwfo kyerɛe sɛ Onyankopɔn na ɔde ne honhom kaa wɔn. Kristoni ɔsomafo Petro kae sɛ: Kyerɛw mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛase so; efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea honhom kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae. 2 Petro 1: 20, 21.

Nneɛma afoforo akyi no, Bible no kaa nsɛm a ebesisi a ɛbɛhyɛ awo ntoatoaso a ebehu sɛ Yesu aba wɔ ɔsoro Ahenni tumi mu no agyirae siei. Ná akodi, ɔkɔm, asasewosow, ne abrabɔ gyinapɛn a ɛbɛkɔ fam a ebi mmae da bɛhyɛ nea Bible frɛ no “nna a edi akyiri” no agyirae. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3-14, 34) Sɛnea Bible kyerɛ no, mprempren nneɛma nhyehyɛe a wobeyi afi hɔ no bebue kwan ma adesamma anya anigye wo wiase foforo a nhyira a enni ano wom mu. 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4.

Wubu Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛte sɛɛ dɛn? Te sɛ nsem afoforo pii a wɔka sie no, so eyɛ nsɛm a wɔbɔ tirim ka ara kwa? Yebetumi agyina Bible nkɔmhyɛ ahorow a atwam mmamu so ahwɛ sɛ ebia Bible nkɔmhyɛ ahorow a ennya nnyaa ne mmamu no bɛbam anaa. Yebesusuw eyinom bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Courtesy National Weather Service

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena