Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/1 kr. 4-8
  • Nkitahodi—Ɛsen Kasa Ara Kwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkitahodi—Ɛsen Kasa Ara Kwa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhumu a Yɛbɛda no Adi
  • Nea Atwam a Wobɛte Ase
  • Sɛ Wɔyɛɛ Obi Basabasa Bere Bi a Atwam A
  • Nea Abufuw de Ba
  • Adeyɛ a Wontumi Nnyae Sɛe Nkitahodi
  • Nsɛnnennen a Wosiesie
  • Ɛsen Tra a Ɛtra Hɔ
  • Di Wo Aware Ni Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nneɛma a Ɛbɛma Wo ne Wo Hokafo Abɔ Nkɔmmɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wubetumi Abɔ W’aware Ho Ban!
    Nyan!—2001
  • Sɛnea Wobɛkyerɛ Obu Ama Wo Hokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/1 kr. 4-8

Nkitahodi​—Ɛsen Kasa Ara Kwa

FA NO sɛ akwantufo dɔm bi rehwɛ asase bi a wɔaduadua nneɛma wɔ so ma ayɛ fɛ. Ɛwom sɛ kuw no nyinaa hwɛ ade koro de, nanso ɛsono sɛnea obiara hu no. Dɛn ntia? Efisɛ ɛsono faako a obiara gyina. Nnipa baanu ntumi nnyina beae pɔtee bi mma ɛnyɛ yiye. Afei nso, ɛsono baabi a obiara hwɛ. Obiara wɔ nea n’ani gye ho kɛse. Saa ara ne ɛte wɔ aware mu. Sɛ ahokafo baanu no fata wɔn ho yiye mpo a, ɛnyɛ biribiara mu na wɔn adwene behyia pɛpɛɛpɛ. Ɛsono okunu ne ɔyere wɔ nneɛma bi te sɛ nkate, mmofrabere mu osuahu ne abusuafo nkɛntɛnso mu. Nea nsonoe ahorow yi de ba no betumi de ntawntawdi a ɛhaw adwene aba. Ɔsomafo Paulo kaa no pefee sɛ: “Wɔn a wɔware no bedi yaw ne awerɛhow.”​—1 Korintofo 7:28, The New English Bible.

Nkitahodi fã bi ne sɛ mobɛbɔ mmɔden aka nsonoe ahorow no abom ayɛ no ɔhonam-koro abusuabɔ. Eyi hwehwɛ sɛ mugye bere bɔ nkɔmmɔ. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 7 no.) Nanso nneɛma pii ka ho.

Nhumu a Yɛbɛda no Adi

Bible abebusɛm bi se: “Onyansafo koma kyerɛ n’ano [nhumu], na ema adenim dɔ n’anom.” (Mmebusɛm 16:23) Nea Hebri asɛmfua a wokyerɛɛ ase ‘kyerɛ nhumu’ wɔ ha no kyerɛ titiriw ne sɛ wubehu nyansa, asusuw nsɛm ho yiye wɔ w’adwenem. Enti, ade titiriw a wofi mu di nkitaho wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ne koma no, na ɛnyɛ ano. Ɛsɛ sɛ nkitahodifo pa biara yɛ ade sen ɔkasafo; ɛsɛ sɛ ɔyɛ otiefo a ɔwɔ tema. (Yakobo 1:19) Ɛsɛ sɛ ɔte nkate ahorow ne nneɛma a ɛma ne hokafo da suban bi adi ase.​—Mmebusɛm 20:5.

Ɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Ɛtɔ mmere bi a obetumi ayɛ eyi denam nneɛma a ɛde akasakasa bi ba a ɔbɛhwehwɛm so. So nkate a emu yɛ den bi hyɛ wo hokafo no so anaasɛ wabrɛ dodo? So ɔyare bi ka ho nti na wo hokafo no reyɛ saa? Bible no se: “Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wobɛka asɛm a ɛfata wɔ bere a ɛfata mu!” (Mmebusɛm 15:23, Today’s English Version) Enti sɛ wususuw tebea horow no ho a, ɛbɛboa wo ma woada nneyɛe a ɛfata adi. Mmebusɛm 25:11. Nanso, mpɛn pii no, nsɛm a atwam na ɛde akasakasa ba.

Nea Atwam a Wobɛte Ase

Mmofrabere mu suahu ahorow wɔ sɛnea yesusuw nsɛm ho so nkɛntɛnso pii bere a yɛanyinyin. Esiane sɛ aware mu ahokafo fi mmusua a ɛsono ebiara mu nti, ɛnyɛ biribiara mu na wɔn adwene behyia.

Asɛm bi a esii a wɔakyerɛw wɔ Bible mu da eyi adi. Bere a wɔde apam adaka no san kɔɔ Yerusalem no, Dawid sɛpɛw ne ho wɔ abɔnten. Na ne yere Mikal nso ɛ? Bible no se: “Saul babea Mikal hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohuu ɔhene Dawid sɛ ɔrehuruhuruw na ɔresaw [Yehowa] anim, na obuu no animtiaa ne koma mu.”​—2 Samuel 6:14-16.

Mikal daa n’agya Saul a ɔnteɛ na onni gyidi no suban no bi adi. Bible nkyerɛkyerɛmufo C. F. Keil ne F. Delitzsch susuw sɛ ɛno nti na wɔnka Mikal ho asɛm wɔ nkyekyem 16 sɛ Dawid yere na mmom wɔfrɛ no “Saul babea” no. Ɔkwan biara so no, akasakasa a ɛde baa Dawid ne Mikal ntam no kyerɛ sɛ na wɔn adwene nhyia wɔ adeyɛ a ɛyɛ anigye yi ho.​—2 Samuel 16:20-23.

Nhwɛso yi kyerɛ sɛ nkɛntɛnso nketenkete bi a ɔkwan a wɔnam so tetee yɛn anya wɔ yɛn so no betumi ama nsonoe kɛse abɛda sɛnea okunu ne ɔyere susuw nsɛm ho mu. Eyi te saa wɔ ahokafo baanu a wɔn nyinaa bom som Yehowa mpo fam. Sɛ́ nhwɛso no, ebia ɔyere a wɔakorɔkorɔ no sɛnea ɛfata wɔ mmofrabere mu bɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛpene ne so wɔ nneɛma pii mu na wɔama no anya awerɛhyem kɛse. Eyi betumi ahaw ne kunu. Ebia ɔbeka se, “Metumi aka akyerɛ no mpɛn ɔha sɛ medɔ no, nanso ɛno nko ara nnɔɔso mma no!”

Wɔ eyi mu no, nkitahodi bɛhwehwɛ sɛ ‘obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔbɛhwɛ ne mfɛfo de bi.’ (Filipifo 2:4) Sɛ okunu bi ne ne yere betumi adi nkitaho a, ɛsɛ sɛ ogyina ɔbea no suahu ahorow a atwam so susuw ne ho sen sɛ obegyina n’ankasa de so. Na ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere te nka sɛ ɔbɛyɛ saa ara ama ne kunu.​—1 Korintofo 10:24.

Sɛ Wɔyɛɛ Obi Basabasa Bere Bi a Atwam A

Sɛ wɔtoo ɔhokafo bi mmonnaa anaasɛ wɔyɛɛ no basabasa wɔ nna mu bere a ɔyɛ abofra​—a awerɛhosɛm ne sɛ ɛyɛ ɔhaw a ɛrenya nkɔanim nnɛ​—a, n’ahiade ho hia titiriw. Sɛ́ nhwɛso no, ebia ɔyere behu sɛ, sɛ edu bere a ɔne ne kunu nya nna mu nkitahodi a, ontumi nhu nsonoe a ɛwɔ nea atwam no ne nea ɛrekɔ so no mu, nsonoe a ɛwɔ ne hokafo no ne nea ɔtoo no mmonnaa no ntam, anaa nsonoe a ɛwɔ nna mu nkitahodi ne nna mu basabasayɛ mu. Eyi betumi ayɛ ahometew titiriw bere a okunu no nsusuw asɛm a ehia yi ho sɛnea ne yere hu no no.​—1 Petro 3:8.

Ɛwom sɛ wuntumi nsiesie nea asɛe no anaasɛ wuntumi nyi nkɛntɛnso horow a ɛde aba no nyinaa mfi hɔ de, nanso wubetumi ayɛ pii de akyekye ɔhokafo a wahaw werɛ. (Mmebusɛm 20:5) Ɔkwan bɛn so? Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ mo okununom sɛ mobɔ mmɔden sɛ mobɛte ɔyerenom a mo ne wɔn te no ase.” (1 Petro 3:7, Phillips) Wo hokafo suahu ahorow a atwam a wobɛte ase no yɛ nkitahodi fã a ɛho hia. Sɛ woanna tema ne ayamhyehyɛ adi a, mfaso biara remma nea wobɛka so.

Yesu “yam hyehyee no” maa ayarefo a ohuu wɔn no, ɛwom mpo sɛ na ɔno ankasa nyaa wɔn nyarewa no bi da de. (Mateo 14:14) Saa ara na ebia wɔmpow w’ankasa anaasɛ wɔnyɛɛ wo basasbasa sɛnea wɔayɛ wo yere no, nanso sɛ́ anka wubebu w’ani agu ne yaw nkate so no, te ne suahu a atwam no ase na boa no mmom. (Mmebusɛm 18:13) Paulo kyerɛwee sɛ: “Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛw na yɛnnsɔ yɛn ankasa ani.”​—Romafo 15:1.

Nea Abufuw de Ba

Aware te sɛ kuku a ɛsom bo yiye. Sɛ wɔnam awaresɛe so sɛe no a, ɛde ɛyaw pii ba. (Mmebusɛm 6:32) Nokwarem no, sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no yɛ n’adwene sɛ ɔde bɛkyɛ a, wobetumi aka abom atra hɔ bio. Nanso ná akam no da so ara wɔ hɔ, na sɛ akasakasa bi ba a, anhwɛ a ɔde n’adwene besi akam no so ma ɔde nea atwam no ayaw no.

Sɛ ɔhokafo sɛe aware a, ɛtaa de abufuw ba. Nanso sɛ wode kyɛ no a, hwɛ yiye na woamma ɛho abufuw kakra a ɛwɔ hɔ no ansɛe adepa a wonam bɔne fafiri so anya no. Sɛ́ ebia wo bo befuw ahyɛ wo mu anaasɛ ebepue denneennen no, abufuw a ɛtra hɔ kyɛ pira ahokafo baanu no nyinaa. Dun ntia? Oduruyɛfo bi susuw sɛ: “Sɛ wo hokafo yɛ biribi ma ɛyɛ wo yaw a, na ɛkyerɛ sɛ woda so ara dwen ne ho. Enti sɛ wotwe wo ho fi ne ho anaasɛ woyɛ biribi de tua ne so ka a, ɛnyɛ wo hokafo no nko na wupira no, na mmom wosɛe w’ankasa nso ho. Wotetew abusuabɔ a wopɛ sɛ ɛka bom no mu kɛse.”

Yiw, nea ɛte ara ne sɛ wuntumi mfa abufuw nni w’aware mu nsɛnnennen ho dwuma. Enti bere a mo mu biara bo mfuwii no, wo ne wo hokafo no nsusuw sɛnea wote nka wɔ nneɛma ho no ho. Kyerɛ no nea enti a asɛm no haw wo, nea ɛbɛma wo koma atɔ wo yam, ne nea mobɛyɛ na ama aware no akɔ so. Sɛ akasakasa bi ba a, ntwe adwene nsi nea atwam no so da na ama w’asɛm ayɛ dɛ.

Adeyɛ a Wontumi Nnyae Sɛe Nkitahodi

Sɛ ɔhokafo bi yɛ ɔsadweam anaasɛ ɔnom nnubɔne a, ɛde ɔhaw kɛse ba aware no mu. Ɔhokafo a ɔnyɛ nneɛma yi bi no betumi aba tebea a ɛte sɛ Abigail de no mu, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no. Bere a ne kunu Nabal bow titãã’ no, na Abigail ani abere rebɔ mmɔden asiesie nsɛm a ne kunu subammɔne de aba no. (1 Samuel 25:18-31, 36) Mpɛn pii no, aware a ɔhokafo biako hu amane fi biribi a ontumi nnyae yɛ mu na ɔfoforo no de ne bere nyinaa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsakra ɔmanehunufo no suban no te se Nabal ne Abigail de no.a

Ɛda adi sɛ, sɛ obi a ɔntumi nnyae biribi yɛ fi ase gyae a, ɛde ahotɔ kɛse ba. Nanso, eyi yɛ mfiase ara kwa. Susuw ahum bi a ɛsɛe nneɛma wɔ kurow ketewa bi mu ho hwɛ. Afie bubu, nnua tutu, tɛlefon nhama tetew gu fam. Sɛ ahum no gyae a, ɛde anigye kɛse ba. Nanso na abehia sɛ wosiesie nneɛma pii afei. Saa ara na ɛte bere a ɔhokafo bi fi ase gyae biribi a ɛte saa no. Ɛse sɛ wɔsiesie abusuabɔ ahorow a asɛe. Ɛsɛ sɛ ɔma afoforo nya ne mu gyidi ne ahotoso bio. Ehia sɛ wosiesie akwan a wɔnam so di nkitaho. Wɔ nea ɔregyae biribi yɛ fam no, nsiesiei a ɔyɛ no nkakrankakra no yɛ “onipa foforo” a Bible se Kristofo nhyɛ no fã. Ɛsɛ sɛ ‘tumi a edi w’adwene so’ kã onipa foforo no ho.​—Efesofo 4:22-24.

Bible adesua maa Leonard ne Elaine gyaee nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, nanso na tumi a edi adwene so no nnii mu.b Ankyɛ biara na wɔde wɔn ho hyɛɛ nneɛma afoforo a wontumi nnyae yɛ mu. Elaine ka sɛ: “Yɛde mfe 20 bɔɔ mmɔden sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma na yɛanya aware pa, nanso yɛantumi anyɛ da. Ná nneɛma a yentumi nnyae yɛ no adidi yɛn mu yiye. Yɛantumi ansua ade anaa yɛammɔ ho mpae amfa anni ho dwuma.”

Leonard ne Elaine hwehwɛɛ afotu de tee nea enti a wontumi nnyae nneɛma bi yɛ no ase. Nsɛm a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de baa bere a ɛfata mu wɔ mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa, sadweamyɛ ne obu ma mmea ho no aboa yiye.c (Mateo 24:45-47) Elaine ka sɛ: “Wɔaboa yɛn ma yɛasiesie tebea no, na yɛaka abom bio.”

Nsɛnnennen a Wosiesie

Rebeka ba Esau yerenom ho asɛm haw no yiye. Esiane sɛ na Rebeka suro sɛ ne ba Yakob nso bedi Esau nhwɛso bɔne no akyi nti, ɔkaa n’ahoyeraw no ho asɛm kyerɛɛ ne kunu Isak sɛ: “Het mmabea nti m’asetra afono me. Sɛ Yakob kɔware yere Het mmabea mu, sɛ eyinom, wɔ asase yi so mmabea mu a, nkwa yɛ dɛn na ɛma me?”​—Genesis 27:46.

Hyɛ no nsow sɛ, Rebeka kaa sɛnea ɔte nka pefee de, nanso wammɔ Isak ankasa sobo. Wanka sɛ, “Ne nyinaa firi wo!” anaasɛ “Wo na anka ɛsɛ sɛ wudi tebea no ho dwuma yiye!” Mmom no, Rebeka de asɛmfua “Me” na edii dwuma de kyerɛɛ sɛnea asɛm no haw no. Ɔkwan a ɔfaa so no maa Isak nyaa tema maa no, na ɛnyɛ ɔpɛ a ɔde bɛtetew ne ho. Esiane sɛ Isak ante nka sɛ wabɔ no sobo nti, ɛda adi sɛ odii Rebeka ahiade no ho dwuma ntɛm.​—Genesis 28:1, 2.

Okununom ne ɔyerenom betumi asua biribi afi Rebeka nhwɛso no mu. Sɛ akasakasa bi sɔre a, munni asɛm no ho dwuma mmom sen sɛ obiara de ɛho asodi bɛto ne yɔnko so. Te sɛ Rebeka no, ka nkɛntɛnso a asɛm no anya wɔ wo so fa kyerɛ sɛnea ɛhaw wo fa. Sɛ́ anka wobɛka sɛ, “Woyɛ ade ma ɛyɛ me yaw!” anaasɛ, “Wonte me ase da!” no, ɛyɛ papa sɛ wobɛka sɛ, “Asɛm no haw me efisɛ . . . ” anaasɛ, “Mete nka sɛ woante me ase efisɛ . . . ”

Ɛsen Tra a Ɛtra Hɔ

Nnipa baanu a wodi kan Adam ne Hawa aware no traa hɔ mfeha pii na wonyaa abusua a mmarima ne mmea wom. (Genesis 5:3-5) Nanso eyi nkyerɛ sɛ wɔn aware no fata sɛ yesuasua. Mfiase pɛɛ na ahofadi honhom ne Ɔbɔadeɛ no trenee mmara horow a wɔamfa anni dwuma sɛe wɔn honamkoro abusuabɔ no.

Saa ara na nnɛ nso, aware bi betumi atra hɔ akyɛ nanso ebia na nneɛma a ɛboa ma nkitahodi kɔ so nnim. Ebia ebehia sɛ woyi nsusuwii ahorow a wɔmpɛ sɛ wogyae mu koraa ne su ahorow a ɛmfata fi hɔ koraa. (Fa toto 2 Korintofo 10:4, 5 ho.) Eyi yɛ ntetee ho nhyehyɛe bi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ so daa. Nanso ɛfata sɛ wobɔ ho mmɔden. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne aware Yɛfo nti, n’ani gye aware nhyehyɛe no ho yiye. (Malaki 2:14-16; Hebrifo 13:4) Enti, sɛ yɛyɛ yɛn fam de a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ obehu yɛn mmɔdenbɔ no na wama yɛn nyansa ne ahoɔden a ehia a yɛde besiesie aware mu nkitahodi a asɛe biara. Fa toto Dwom 25:4, 5; 119:34 ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔaka mmoa ma mmusua a asadweam wom ho asɛm wɔ September 8, 1992 Nyan! mu wɔ nkratafa 3-7.

b Wɔasesa edin ahorow no.

c Hwɛ October 8, 1991 Awake!, September 8, 1992 ne October 8, 1992 Nyan! mu.

[Adaka wɔ kratafa 6]

“Bɔɔla nyaa bere pii!”

Wɔka kyerɛɛ ɔbarima bi ne ne yere a na wɔrehyia aware mu nsɛnnennen sɛ wommu bere a wɔde kɔto bɔɔla gu dapɛn biara ho akontaa. Wɔkae sɛ wɔsɛe bɛyɛ simma 35 dapɛn biara anaa simma 5 da biara. Afei wobisaa wɔn bere dodow a wɔde bom bɔ nkɔmmɔ. Ɔbarima no ho dwiriw no. Ɔkae sɛ: “Bɔɔla nyaa bere pii!” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ yesusuw sɛ yɛde simma anum da biara bɛma aware ayɛ yiye a, na yɛredaadaa yɛn ho. Na ɛda adi sɛ ɛnyɛ bere a ɛdɔɔso a wɔde ma aware nya nkɔso.”

[Adaka wɔ kratafa 7]

Momfa Akwankyerɛ Ahorow Bi Nsisi Hɔ

◻ Munsusuw nsɛm mmiako mmiako (1 Korintofo 14:33, 40)

◻ Ka sɛnea wote nka; mmɔ wo yɔnko sobo (Genesis 27:46)

◻ Obiara mmmɔ ne yɔnko (Efesofo 5:28,29)

◻ Obiara mmmɔ ne yɔnko ahohora (Mmebusɛm 26:20)

◻ Obiara mfa nyɛ ne botae sɛ mubesiesie mo ntam, ɛnyɛ sɛ obedi bem (Genesis 13:8,9)

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Sɛ akasakasa bi sɔre a, munni asɛm no ho dwuma mmom sen sɛ obiara de ɛho asodi bɛto ne yɔnko so

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ka sɛnea wote nka; mmɔ obi sobo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena