Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Aberante Bi a N’ani Gye Keteke Akwantu ho Hu Nokware No
SƐ OBI fi ne koma mu pɛ sɛ ɔyɛ adetrenee a, ɛnde nea ɛbɛyɛ biara Yehowa Nyankopɔn nam Kristo Yesu ne ɔsoro abɔfo no so bɛhwɛ ma wɔde Ahenni asɛmpa no akɔ onipa a ɔte sɛ oguan yi nkyɛn. Bere a ɛfata mu no, saa onipa no betumi anya adom wɔ Yesu nifa. (Mateo 25:31-33) Eyi baa saa wɔ aberante bi a n’ani gye keteke akwantu ho wɔ Austria a ɔnam ɔkwan soronko bi so behuu nokware no ho.
Nea na aberante yi ani gye ho kɛse paa ne sɛ keteke adwuma mpanyimfo bɛma no kwan ma ɔno nso akɔtra faako a keteke akãfo tra no bi. Otwaa akwantu biara mfonini guu ne video afiri so sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahwɛ bio wɔ ne fie. Wɔ ɔkwan bi a otu fii Vienna kɔɔ Salzburg mu no, na keteke kãfo no yɛ Yehowa Adansefo no biako. Ɔde hokwan no kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nea n’ani gye keteke akwantu ho yi. Mfiase no ɛyɛɛ aberante no nwonwa sɛ ɔtee sɛ keteke kãfo no reka Onyankopɔn ne Bible no ho asɛm, nanso wɔ akwantu no mu no, ɔde n’adwene sii nneɛma a na wohu wɔ ɔkwan so no so kɛse sen nea na keteke kãfo no reka akyerɛ no no.
Bere a aberante yi san beduu fie no, wanhwɛ mfonini a ɔde ayɛ video yi pɛnkoro na mmom mpɛn du, efisɛ n’ani gyee akwantu no ho yiye. Esiane sɛ ɔkyeree kasa ne nnyigyei nso guu afiri no so nti, ɔtee nea Ɔdansefo no ka kyerɛɛ no no mpɛn pii. Ɔrehwɛ video no pii no, no ɔrete nea wɔka kyerɛɛ no no nso ase kɛse. Afei ofii ase susuw ho, na awiei koraa no, n’ani begyee Bible mu nsɛm a ɛyɛ anigye no ho. Ɔpɛe sɛ ohu pii.
Ɔkaee keteke kãfo no din, na na onim sɛ ɔte Vienna baabi. Enti ɔkɔɔ post office na ɔhwɛɛ nhoma a telefon nɔma ahorow wɔ mu no mu fii ase frɛɛ nɔma ahorow a ɛwɔ saa din no ase no pii. Asɛm a obisaa wɔn a wobegyee telefon no so ne sɛ: “Woyɛ keteke kãfo?” Sɛ ɔka sɛ dabi a, na wafrɛ nɔma foforo. Awiei koraa no, ohuu keteke kãfo no. Ɔbɔɔ n‘amanneɛ kyerɛɛ no, na ɔkae sɛ n’ani gye Bible mu asɛm a ɔtee wɔ video so no ho.
Ɔdansefo no nam baa dwumadibea no so yɛɛ nhyehyɛe maa obi a ɔte bɛn aberante no kɔɔ ne nkyɛn. Ɛyɛ nwonwa nso sɛ, ná Ɔdansefo bi wɔ asafo a ɛbɛn aberante no mu a ɔno nso yɛ keteke kãfo. Keteke kãfo foforo yi kɔsraa aberante a nani gye keteke akwantu ho yi, no wofii Bible adesua ase. Wɔbɔɔ aberante no asu wɔ 1991 ahohuru bere mu.
Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa a ɔhwehwɛ koma nyinaa mu no hui sɛ onipa yi fi ne koma mu dɔ trenee. Enti, ɔma obehuu Bible mu nokwasɛm no ɛwom sɛ ɔnam ɔkwan a ɛyɛ soronko so de.—1 Beresosɛm 28:9; Yohane 10:27.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]
Courtesy of the Austrian Railways