Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/14 kr. 7
  • Video Foforo a Yɛde Befi Bible Adesua Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Video Foforo a Yɛde Befi Bible Adesua Ase
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɛyɛ Ɔkwan Foforo Koraa!”
    Nyan!—2016
  • Yehowa Adansefo​—Ahyehyɛde A Ɛhyɛ Edin No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Du Yɛn Intanɛt Dwumadibea Hɔ Ntɛm!
    Nyan!—2013
  • Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News
    Yɛn Ahenni Som—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 4/14 kr. 7

Video Foforo a Yɛde Befi Bible Adesua Ase

Wɔde video tiawa bi ato jw.org. Wɔato din Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible? Sɛnea wɔayɛ video no, sɛ obi hwɛ a ɛbɛkanyan no ama ɔne yɛn asua Bible a ontua hwee. Sɛ obi pɛ sɛ ɔhwɛ video no a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ “Ma Obi ne Wo Mmesua Bible” afã a ɛwɔ jw.org so no. Ɔpɛ nso a obetumi de n’afiri askaane “quick response code” ahyɛnsode a ɛwɔ nkratawa foforo no akyi no. Yebetumi afa akwan a edidi so yi mu biara so de video no ayɛ adwuma.

  • Sɛ worekɔyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi aka akyerɛ ofiewura no sɛ: “Mɛpɛ sɛ miyi video tiawa bi kyerɛ wo. Ɛbɛboa wo ma woanya Bible nsɛmmisa ho mmuae.” Sɛ n’ani gye ho na wukura afiri bi a etumi kɔ Intanɛt so a, wubetumi ayi video no akyerɛ no. Anyɛ saa a, ma ɔnhwɛ wɔ ne kɔmputa so.

  • Sɛ wode nkratawa foforo no bi ma obi a, kyerɛ no “quick response code” ahyɛnsode a ɛwɔ akyi no ma ɔmfa n’afiri nskaane. Nkratawa no bi wɔ hɔ a, sɛ wode w’afiri skaane “quick response code” no a, ɛde wobɛkɔ baabi a video no wɔ tẽẽ, enti wubetumi ahwɛ video no wɔ saa kasa no mu.

  • Ka video yi ho asɛm kyerɛ wo mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, abusuafo, ne amannifo na ma wɔnhwɛ bi. Wopɛ nso a, fa Wɛbsaet no address fa e-mail so kɔma wɔn ma wɔnhwɛ.

Sɛ yɛde video foforo yi di dwuma a, yebetumi ne nnipa pii afi ase asua Bible no, na yɛaboa “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no ma wɔabɛsom Onyankopɔn.—Aso. 13:48.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena