Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News
Yehowa Adansefo aka asɛmpa no bɛboro mfe 100 ni. Wɔ asɛnka adwuma a wɔnyɛɛ bi saa da wɔ wiase yi mu no, yɛka asɛm no wɔ kasa horow pii mu wɔ nsase bɛboro 230 so. (Mat. 24:14) Dɛn nti na adwuma yi ho hia? Wɔyɛ dɛn tumi yɛ wɔ wiase nyinaa? Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News video no kyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no afã horow mu de bua saa nsɛmmisa no. Bere a woahwɛ video no awie no, susuw nsɛmmisa yi ho:
Ɔkwan bɛn so na video yi ama woanya anisɔ ama (1) mmɔden a Yehowa ahyehyɛde no rebɔ sɛ ɛbɛka asɛmpa no? (2 Tim. 4:2) (2) Betel abusua a ɛwɔ wiase nyinaa no? (3) ntetee a wɔde ma ahwɛfo ne asɛmpatrɛwfo? (2 Tim. 2:2) (4) hia a ehia sɛ yɛyɛ daa asɛm no de fi da no ase na yesiesie yɛn ho ma asafo nhyiam nnawɔtwe biara no? (Aso. 17:11) (5) mfaso a ɛwɔ Kristofo nhyiam a yɛkɔ so? (Heb. 10:24, 25) (6) nhyira a Paradise a ɛbɛba asase so no bɛma yɛanya? (Yes. 11:9) (7) hokwan a woanya sɛ wode wo ho bɛhyɛ otwa adwuma a ɛrekɔ so no mu?—Yoh. 4:35.
Video yi yɛ adwinnade a ɛfata paa a ɛbɛboa anigyefo ma wɔahu adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ wɔ wiase nyinaa no. (8) Bere bɛn na ɛbɛfata sɛ yeyi video no kyerɛ yɛn Bible asuafo, yɛn abusuafo, ne afoforo? (9) Sɛ wuyi kyerɛ nkurɔfo a, asɛmpa bɛn na wɔka wɔ ho?
Bere a yɛresusuw nneɛma a Yehowa ayɛ ho no, momma video yi nka yɛn mma yennya adwene a na odwontofo no wɔ yi bi: “Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn, O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene; Wɔrentumi mfa obiara nto wo ho.” (Dw. 40:5) Momma yɛmfa video no nni dwuma yiye mfa mmoa afoforo mma wonnya anisɔ mma Yehowa ne n’asafo no!