Asɛnka Adwuma Kɛse a Wɔnyɛɛ Bi Saa Da wɔ Wiase!
Bɛboro mfe 100 ni na Yehowa Adansefo aka asɛmpa no. (1 Kor. 9:23) Yɛka asɛm yi wɔ kasa horow pii mu de yɛ asɛnka adwuma kɛse a wɔnyɛɛ bi saa da wɔ wiase no mu. Yɛka asɛm no wɔ nsase bɛboro 230 so. (Mat. 24:14) Nanso, dɛn nti na adwuma yi ho hia? Wɔyɛ dɛn tumi yɛ wɔ wiase nyinaa?
Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News video no kyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no afã horow mu de bua saa nsɛmmisa no. Bere a worehwɛ no, susuw nsɛmmisa yi ho: (1) Ɔkwan bɛn so na wɔahyehyɛ yɛn adwuma no na wɔde ho akwankyerɛ ma? (2) Dɛn na Akyerɛw, Kasa Nkyerɛase, Mfoniniyɛ, ne Kasɛt ne Video Dwumadibea ahorow no yɛ de boa ma yɛka asɛmpa no? (3) Dɛn nti na yetintim nhoma pii de mena? (Yoh. 17:3) (4) Nhoma ahe na wotintim no afe biara? (5) Dɛn na yɛn Bible ho nhoma ahorow no atumi ayɛ? (Heb. 4:12) (6) Dɛn na wɔreyɛ de aboa anifuraefo ne asotifo ma wɔanya Bible nkyerɛkyerɛ? (7) Yɛyɛ dɛn nya sika de yɛ yɛn adwuma no? (8) Mmoa bɛn na yenya fi Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea, Ɔsom Dwumadibea, ne Nhyiam Dwumadibea ahorow no hɔ? (9) Sɛ́ Yehowa Dansefo no, dɛn na ama anisɔ a wowɔ ma nea edidi so yi ayɛ kɛse? (a) Mmɔden a Yehowa ahyehyɛde no rebɔ sɛ wɔbɛka asɛmpa no. (b) Betel afie bɛboro 100 a ɛwɔ wiase nyinaa. (d) Ntetee a wɔde ma ahwɛfo ne asɛmpatrɛwfo. (e) Hia a ehia sɛ yɛyɛ daa asɛm no de fi da no ase na yesiesie yɛn ho ma asafo nhyiam nnawɔtwe biara. (ɛ) Mfaso a ɛwɔ Kristofo nhyiam a yɛkɔ so. (f) Nea asase so Paradise bɛyɛ ama yɛn. (Yes. 11:9) (g) Yɛn ho a yɛde bɛhyɛ otwa adwuma a ɛrekɔ so no mu.—Yoh. 4:35.
Bere a wuyii video yi kyerɛɛ w’abusuafo, wo nnamfo, wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ, ne wo Bible asuafo no, adepa bɛn na efii mu bae? Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe nyi video yi nkyerɛ obi foforo nnansa yi ara, na wonka asɛmpa no nkyerɛ no?—Mat. 28:19, 20.