Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 10/1 kr. 10-15
  • So Onyankopɔn Nim Wo Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Nim Wo Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ohu Yɛn Akwan Nyinaa No
  • Baabiara a Yɛwɔ no, Onyankopɔn Betumi Aboa Yɛn
  • Nea Ɔte Yɛn Ase Ankasa NoNea Ɔte Yɛn Ase Ankasa No
  • Onyankopɔn Yɛɛ Yɛn Ma ‘Ɛyɛ Nwonwa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Bɔ Mmɔden Hu Afoforo Sɛnea Yehowa Hu Wɔn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yona Sua Yehowa Mmɔborohunu Ho Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Osuaa Biribi Fii Mfomso a Odii no Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 10/1 kr. 10-15

So Onyankopɔn Nim Wo Ankasa?

‘Yehowa, wunim m’akwan nyinaa mu yiye.’​—DWOM 139:1, 3.

1. Nkate a ɛne sɛ ‘afoforo nte’ dadwen, ɔhaw, ne nhyɛso a yehia no ‘ase’ no abu so dɛn?

SO OBI te dadwen, ɔhaw, ne nsɛnnennen a wuhyia no ase ankasa? Wɔ wiase nyinaa no, mmofra ne mpanyin ɔpepem pii wɔ hɔ a wonni abusuafo a wodwen wɔn ho. Wɔ aware mu mpo no, ɔyerenom pii​—yiw, ne okununom nso​—te nka sɛ wɔn aware mu ɔhokafo nte ɔhaw a ɛhyɛ wɔn so no ase ankasa. Ɛtɔ mmere bi a, wofi abasamtu mu ka sɛ: “Wonte m’ase!” Na mmofra pii nso aka sɛ obiara nte wɔn ase. Nanso wɔn a wɔpɛ sɛ afoforo te wɔn ase kɛse no mu bi ne wɔn a akyiri yi wɔn asetra benyaa atirimpɔw kɛse. Ɔkwan bɛn so na etumi ba saa?

2. Dɛn na ebetumi aboa Yehowa asomfo ma wɔanya asetra a akomatɔyam kɛse wom?

2 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛmfa ho sɛ wɔn yɔnko nnipa te wɔn nkate ase wie anaasɛ ɛnte saa no, wɔwɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn te nea ɛto wɔn no ase, na afei sɛ n’asomfo no, ɛnsɛ sɛ wɔn nkutoo di wɔn nsɛnnennen no ho dwuma. (Dwom 46:1) Afei nso, Onyankopɔn Asɛm no ne Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ nhumu boa wɔn ma wɔhwɛ tra wɔn nsɛnnennen no. Kyerɛwnsɛm no boa wɔn ma wohu sɛ wɔn som a efi nokwaredi mu no som bo wɔ Onyankopɔn ani so, na wɔn a wɔde wɔn ho to ɔno ne nhyehyɛe a ɔnam Yesu Kristo so ayɛ so no wɔ daakye a ahobammɔ wom.​—Mmebusɛm 27:11; 2 Korintofo 4:17, 18.

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na nokwasɛm a eye sɛ ‘Yehowa ne Nyankopɔn’ na ɔno na “ɔyɛɛ yɛn” no ho anisɔ betumi aboa yɛn ma yɛanya anigye wɔ ne som mu? (b) Dɛn nti na yɛwɔ awerɛhyem a edi mũ sɛ Yehowa befi ɔdɔ mu adwen yɛn ho?

3 Ebia wunim Dwom 100:2 hɔ asɛm no, baabi a ese: “Momfa anigye nsom [Yehowa], na momfa ahurusi dwom mmara n’anim.” Nnipa ahe na wɔsom Yehowa wɔ saa kwan no so ankasa? Nkyekyem 3 bobɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, na ɛkae yɛn sɛ: “Munhu sɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na yɛwɔ no, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.” Hebri asɛmfua a wɔde gyinaa hɔ maa no wɔ ha ne ‘Elo-him’, na ɛkyerɛ ne kɛseyɛ, ne nidi, ne korɔn a ɔkorɔn. Ɔne nokware Nyankopɔn koro no. (Deuteronomium 4:39; 7:9; Yohane 17:3) Ɛnyɛ sɛ n’asomfo nim nokwasɛm a ɛfa ne Nyamesu ho no sɛ biribi a wɔakyerɛ wɔn kɛkɛ, na mmom ɛyɛ biribi a wonya mu suahu ankasa, na wɔnam osetie, gyidi, ne ahofama so di eyi ho adanse.​—1 Beresosɛm 28:9; Romafo 1:20.

4 Esiane sɛ Yehowa yɛ Nyankopɔn ɔteasefo na otumi hu yɛn komam mpo nti, biribiara nni hɔ a onhu. Onim nea ɛrekɔ so wɔ yɛn asetram no yiye. Ɔte nea ɛde nsɛnnennen a yehyia no ba ne afei adwene ne nkate fam ɔhaw a efi eyinom mu ba no ase. Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, onim yɛn yiye sen sɛnea yenim yɛn ho no. Afei nso onim sɛnea ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina yɛn tebea no ano ne sɛnea ɔbɛma yɛn ahotɔ a ɛtra hɔ daa. Obefi ɔdɔ mu aboa yɛn​—te sɛ oguanhwɛfo a ɔde oguammaa to ne kokom no​—bere a yefi koma nyinaa mu de yɛn ho to no so no. (Mmebusɛm 3:5, 6; Yesaia 40:10, 11) Dwom 139 a yebesua no betumi aboa ama yɛahyɛ saa ahotoso no mu den.

Nea Ohu Yɛn Akwan Nyinaa No

5. Dɛn na yɛn mu a Yehowa ‘hwehwɛ’ no kyerɛ, na dɛn nti na ɛho hia?

5 Odwontofo Dawid de anisɔ kɛse kyerɛw sɛ: “[Yehowa], wohwehwɛ me mu, na wuhu me.” (Dwom 139:1) Ná Dawid wɔ ahotoso sɛ nim a Yehowa nim no nyɛ aniani. Onyankopɔn anhu Dawid sɛnea anka nnipa behu no, ahwɛ sɛnea ne nipadua te, sɛnea otumi kasa yiye, anaa n’ahokokwaw wɔ sankubɔ mu nkutoo no. (1 Samuel 16:7, 18) Ná Yehowa ‘ahwehwɛ’ Dawid mu nipa mu, na esiane ne honhom mu yiyedi a odwen ho yiye nti na ɔyɛɛ saa. Sɛ woyɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ ahofama no biako a, onim wo yiye sɛnea na onim Dawid no ara pɛ. So ɛno nkanyan wo mma wunnya anisɔ ne ɔsuro nyinaa?

6. Ɔkwan bɛn so na Dwom 139:2, 3 kyerɛ sɛ Yehowa nim biribiara a yɛyɛ, ne yɛn nsusuwii nyinaa mpo?

6 Ná Yehowa hu Dawid nneyɛe nyinaa, na na Dawid nim saa. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wo na wunim m’asetra ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri. Wopɛɛ me nantew ne me nna mu, na wunim m’akwan nyinaa mu yiye.” (Dwom 139:2, 3) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa wɔ soro, a ɛne asase ntam kwan ware yiye, no ansiw no kwan sɛ obehu nea Dawid reyɛ anaa nea ɔresusuw ho. ‘Ɔpɛe,’ anaa ɔhwehwɛɛ Dawid nneyɛe mu yiye, awia ne anadwo, na ama wahu sɛnea ɛte.

7. (a) Gyina nsɛm a esisii wɔ Dawid asetra mu no so ka nneɛma a ɛwɔ yɛn asetra mu a Onyankopɔn nim no bi ho asɛm. (b) Ɛsɛ sɛ eyi a yenim no ka yɛn dɛn?

7 Bere a Onyankopɔn ho dɔ ne ogye tumi a Ɔwɔ no mu ahotoso kaa Dawid wɔ ne mmofraberem maa ɔde ne ho mae sɛ ɔne Filistini ɔbran Goliat bɛko no, ná Yehowa nim. (1 Samuel 17:32-37, 45-47) Akyiri yi, bere a ɔtan a Dawid hyia fii nnipa hɔ maa odii komam yaw, na nhyɛso no mu yɛɛ den araa ma osuu anadwo no, onyaa awerɛkyekye fii nim a na onim sɛ Yehowa tie ne nkotɔsrɛ no mu. (Dwom 6:6, 9; 55:2-5, 22) Saa ara na bere a anisɔ hyɛɛ Dawid koma mã maa osusuw Yehowa ho anadwo bi a wanna no, na Yehowa nim yiye. (Dwom 63:6; fa toto Filipifo 4:8, 9 ho.) Anwummere bi, bere a na Dawid rehwɛ ne yɔnko yere a ɔreguare no, na Yehowa nim ɛno nso, na ohuu nea ɛbae bere a, wɔ bere tiaa bi mu mpo no, Dawid maa bɔne ho akɔnnɔ yii Onyankopɔn ho adwene fii ne nsusuwii mu no. (2 Samuel 11:2-4) Akyiri yi, bere a wɔsomaa odiyifo Natan maa ɔkɔkaa anibere a Dawid bɔne no yɛ ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛnyɛ nsɛm a efi Dawid anom no nko na Yehowa tee, na mmom ohuu koma a anu ne ho a nsɛm no fi mu bae no nso. (2 Samuel 12:1-14; Dwom 51:1, 17) So ɛnsɛ sɛ eyi ma yɛde anibere susuw baabi a yɛkɔ, nea yɛyɛ, ne nea ɛwɔ yɛn komam ho?

8. (a) Ɔkwan bɛn so na ‘asɛm a ɛwɔ yɛn tɛkrɛma so’ no ka yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi tɛkrɛma a wɔmfa nni dwuma ɔkwampa so no ho dwuma? (Mateo 15:18; Luka 6:45)

8 Esiane sɛ ‘Onyankopɔn nim biribiara a yɛyɛ nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ obehu sɛnea yɛde yɛn nipadua mu akwaa a esua koraa te sɛ tɛkrɛma, di dwuma no. Ɔhene Dawid huu eyi na ɔkyerɛw sɛ: “Na asɛm biara nni me tɛkrɛma so gye nea wo, [Yehowa], wunim [no] nyinaa.” (Dwom 139:4) Ná Dawid nim yiye sɛ wɔn a wɔbɛma wɔasoɛ wɔ Yehowa ntamadan mu no yɛ nnipa a wontwiri afoforo na wɔpow sɛ wɔde wɔn tɛkrɛma bedi nseku de agu wɔn nnamfo a wɔbɛn wɔn anim ase. Wɔn a wonya Yehowa anim dom ne wɔn a wɔka nokware wɔ wɔn koma mu mpo no. (Dwom 15:1-3; Mmebusɛm 6:16-19) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔbetumi adi ne tɛkrɛma so korakora, nanso Dawid amfi mmerɛwyɛ mu anka sɛ biribiara nni hɔ a ɔbetumi ayɛ na ama ne tebea no ayɛ yiye. Ɔde bere pii hyehyɛe, na ɔtoo ayeyi nnwom maa Yehowa. Wantwentwɛn ne nan ase nso sɛ obegye hia a ohia mmoa no atom, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae srɛɛ mmoa. (Dwom 19: 12-14) So ehia sɛ yɛn nso yɛbɔ sɛnea yɛde yɛn tɛkrɛma di dwuma no ho mpae?

9. (a) Dɛn na nsɛm a ɛwɔ Dwom 139:5 no kyerɛ wɔ sɛnea Onyankopɔn nim yɛn tebea yiye no ho? (b) Eyi ma yenya ahotoso bɛn?

9 Ɛnyɛ sɛ Yehowa hu yɛn anaa yɛn tebea no fã ne fã kɛkɛ. Onim yɛn ho biribiara. Bere a Dawid de kurow a wɔatwa ho ahyia yɛɛ nhwɛso no, ɔkyerɛwee sɛ: “Woaka me ahyɛm, m’akyi ne m’anim.” Wɔ Dawid tebea no mu no, na Yehowa nyɛ ɔtamfo bi a waka no ahyem; mmom no, na ɔyɛ ne sohwɛfo a n’ani di n’akyi. Dawid de eyi kaa ho de kyerɛe sɛ Onyankopɔn di wɔn a wɔdɔ no so na ɔbɔ wɔn ho ban ma ɛde mfaso a ɛtra hɔ daa brɛ wɔn: “Wode wo nsa ato me so.” Dawid gye toom sɛ: “Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo, ɛkɔ soro dodo, mintumi koraa.” (Dwom 139:5, 6) Nimdeɛ a Onyankopɔn wɔ wɔ n’asomfo ho no di mũ, na ɛkɔ akyiri araa ma yentumi nte ase nwie. Nanso yenim pii a ɛma yenya ahotoso sɛ Yehowa te yɛn ase ankasa, na mmoa a ɔde ma no bɛyɛ nea eye sen biara.​—Yesaia 48:17, 18.

Baabiara a Yɛwɔ no, Onyankopɔn Betumi Aboa Yɛn

10. Nokware a ɛhyɛ nkuran bɛn na nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛwɔ Dwom 139:7-12 no da no adi?

10 Bere a ɔdwontofo no reka Yehowa ɔhwɛ a ɔdɔ wom ho asɛm wɔ ɔkwan foforo so no, ɔtoaa so sɛ: “Ɛhe na mefi wo honhom no anim maguan makɔ? Na ɛhe na mefi w’anim maguan makɔ?” Ná onni ɔpɛ biara sɛ ɔbɛbɔ mmɔden aguan afi Yehowa nkyɛn; mmom no, na onim sɛ baabiara a ɔbɛkɔ no, Yehowa behu, na na ɔnam ne honhom kronkron no so betumi aboa no. Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ, na mekɔsɛw me kɛtɛ asaman a, wuni! Sɛ mefa adekyee ntaban mitu mekɔtra po akyi nohɔ a, ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akogya me, na wo nifa beso me mu. Na mise: Esum nko mmɛkata me so, na me ho hann nnan anadwo a, esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo haran sɛ awia, esum ne hann yɛ wo pɛ.” (Dwom 139:7-12) Baabiara nni hɔ a yɛbɛkɔ, tebea biara ni hɔ a yɛbɛkɔ mu, a Yehowa nhu yɛn anaa ne honhom no ntumi mmoa yɛn.

11, 12. (a) Ɛwom sɛ bere bi Yona werɛ fii sɛnea Yehowa tumi hu nneɛma nyinaa na ɔboa nkurɔfo no de, nanso ɔkwan bɛn so na ɛdaa adi wɔ Yona tebea no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yona suahu no boa yɛn?

11 Bere bi odiyifo Yona werɛ fii eyi. Ná Yehowa de ahyɛ ne nsa sɛ ɔnka asɛm nkyerɛ Niniwefo. Biribi nti osusuwii sɛ ontumi nyɛ saa adwuma no. Ebia esiane sɛ na Asiriafo agye din sɛ atirimɔdenfo nti, na Yona suro sɛ ɔbɛsom wɔ Niniwe. Enti ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeguan. Wɔ Yopa po so hyɛn gyinabea hɔ no, ɔfaa hyɛn bi a na ɛrekɔ Tarsis (a nnipa pii kyerɛ sɛ ɛyɛ Spain, a ɛwɔ Niniwe atɔe fam bɛboro kilomita 3,500). Nanso Yehowa hui sɛ waforo hyɛn no, na wakɔda wɔ hyɛn no ase. Ná Onyankopɔn nim baabi a Yona wɔ bere a akyiri yi wɔtoo no fii hyɛn no mu no nso, na bere a Yona hyɛɛ bɔ wɔ apataa kɛse no yam sɛ obedi n’asɛyɛde ahorow ho dwuma no, Yehowa tee. Bere a woyii Yona maa ɔbaa asase kesee so bio no, wɔmaa no hokwan bio sɛ onni n’asɛyɛde no ho dwuma.​—Yona 1:3, 17; 2:1-3:4.

12 Sɛ mfiase no Yona de ne ho too Yehowa honhom so na aboa no ma wayɛ n’adwuma no a, hwɛ sɛnea anka ɛbɛyɛ papa ama no! Nanso akyiri yi, Yona fi ahobrɛase mu kyerɛwee ne suahu no too hɔ, na efi saa bere no, saa kyerɛwtohɔ no aboa nnipa bebree ma wɔada Yehowa mu ahotoso a na ɛte sɛ nea ɛyɛ den kɛse sɛ Yona benya no adi.​—Romafo 15:4.

13. (a) Nneɛma bɛn na na Elia de nokwaredi adi ho dwuma ansa na ɔreguan Ɔhemaa Isebel? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa boaa Elia bere a ofii Israel man mu kohintawee mpo no?

13 Ná Elia suahu no yɛ soronko kakra. Ná ɔde nokwaredi apae mu aka Yehowa atemmu a ɛkyerɛ sɛ osukɔm bɛba Israel sɛ́ wɔn bɔne ho asotwe no. (1 Ahene 16:30-33; 17:1) Ná ɔde akokoduru agyina nokware som akyi wɔ asɛm a ɛbaa Yehowa ne Baal ntam wɔ Bepɔw Karmel so no mu. Na na watoa so akunkum Baal adiyifo 450 wɔ Kison asuten ho. Nanso bere a Ɔhemaa Isebel kaa ntam sɛ ɔbɛma wɔakum Elia no, Elia guan fii ɔman no mu. (1 Ahene 18:18-40; 19:1-4) So na Yehowa bɛboa no wɔ saa ahohia bere no mu? Yiw, saa pɛpɛɛpɛ na na ɛte. Sɛ anka Elia foroo bepɔw tenten bi, te sɛ nea ɔrekɔ soro; sɛ ɔkosiee bɔn bi a ɛwɔ asase ase tɔnn, te sɛ nea ɔwɔ ɔdamoa mu; sɛ ɔde mmirika a ɛte sɛ adekyee hann a ɛkata asase nyinaa so guan kɔɔ supɔw bi a atew ne ho so a​—anka Yehowa nsa bɛhyɛ no den na akyerɛ no kwan wɔ hɔ. (Fa toto Romafo 8:38, 39 ho.) Na Yehowa hyɛɛ Elia den nso, a ɛnyɛ n’akwantu mu aduan nko na ɔde maa no, na mmom ɔde N’adeyɛ tumi no nso yɛɛ anwonwade de hyɛɛ no den. Bere a Elia nyaa denhyɛ a ɛte saa no, ɔkɔɔ ne dwumadi a edi hɔ so.​—1 Ahene 19:5-18.

14. (a) Dɛn nti na ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka sɛ Onyankopɔn ankasa wɔ baabiara? (b) Tebea ahorow bɛn mu na Yehowa fi ɔdɔ mu awowaw n’asomfo wɔ nnɛ bere yi mu? (d) Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛwɔ Sheol mpo a, Onyankopɔn bɛwɔ hɔ?

14 Nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Dwom 139:7-12 no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ankasa wɔ baabiara bere nyinaa. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ pefee sɛ ɛnte saa. (Deuteronomium 26:15; Hebrifo 9:24) Nanso, otumi boa n’asomfo wɔ tebea biara mu. Ɛno yɛ nokware wɔ wɔn a wɔn teokrase dwumadi de wɔn akɔ akyirikyiri no fam. Ná ɛyɛ nokware wɔ Adansefo anokwafo a na wɔwɔ Nasifo nneduaban mu wɔ Wiase Ko II mu no fam, na na ɛyɛ nokware wɔ asɛmpatrɛwfo a wɔde wɔn guu afiase wɔ China wɔ 1960 mfe no awiei ne 1960 mfe no mfiase no fam. Ná ɛyɛ nokware wɔ yɛn nuanom adɔfo mmarima ne mmea a na wɔwɔ Afrika Mfinimfini Fam ɔman bi mu, a na ɛsɛ sɛ mpɛn pii no woguan fi wɔn nkuraase, anaa ɔman no mu mpo no fam. Sɛ ɛho behia a, Yehowa nsa betumi adu Sheol, nnipa adamoa mu, de anokwafo aba bio denam owusɔre so.​—Hiob 14:13-15; Luka 20:37, 38.

Nea Ɔte Yɛn Ase Ankasa NoNea Ɔte Yɛn Ase Ankasa No

15. (a) Efi bere bɛn na Yehowa tumi huu yɛn sɛ yɛrenyin? (b) Ɔkwan bɛn so na ka a odwontofo no ka asaabo ho asɛm no kyerɛ sɛnea Onyankopɔn nim yɛn kɛse?

15 Odwontofo a wɔde honhom kaa no no twe adwene si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Onyankopɔn nim yɛn mpo ansa na wɔrewo yɛn no so, na ɔka sɛ: “Na wo na wobɔɔ m’asaabo, wonwenee me, me nã yam. Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma eye hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” (Dwom 139:183, 14) Awosu mu nneɛma a efi yɛn papa ne yɛn maame hɔ a ɛka boom bere a wonyinsɛnee yɛn no ma yenya su a ɛwɔ nea yɛn nipadua ne yɛn adwene betumi ayɛ so tumi kɛse. Onyankopɔn te nea eyi tumi yɛ no ase. Wɔ saa dwom yi mu no, wɔka asaabo, a Kyerɛwnsɛm no mu no wɔtaa de gyina hɔ ma obi komam nipasu no, ho asɛm wɔ ɔkwan titiriw so.a (Dwom 7:9; Yeremia 17:10) Ná Yehowa nim yɛn ho nneɛma nketenkete yi ansa na wɔrewo yɛn. Ɔno ara nso na ofi ɔdɔ mu yɛɛ ɔdesani nipadua no sɛnea ɛbɛyɛ a mmadwowa a agya no nkwaboaa wom a ɛwɔ ɛna bi awotwaa mu no betumi ayɛ nkataho bi de ‘agye’ mogyatow no ‘ho ban’ na abɔ ho ban bere a ɛrenyin no.

16. (a) Ɔkwan bɛn so na Dwom 139:15, 16 si sɛnea Onyankopɔn hu ade kɔ akyiri no so dua? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn nkuran?

16 Afei odwontofo no resi tumi a Onyankopɔn tumi hu ade kɔ akyiri no so dua no, ɔde ka ho sɛ: “Me nnompe anhintaw wo, bere a woyɛɛ me ahintawee mu na wɔnwenee me, asase mu tɔnn no [ɛda adi sɛ ɛyɛ anwensɛm a ɛfa ne na awotwaa ho nanso ɛtwe adwene si dɔte a wɔde bɔɔ Adam no so]. Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw [nipadua akwaa no] nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ [nipadua nkwaa no biara] nnya mmae no.” (Dwom 139:15, 16) Akyinnye biara nni ho​—sɛ́ nnipa afoforo te yɛn ase anaa wɔnte yɛn ase no, Yehowa de ɔte yɛn ase. Ɛsɛ sɛ ɛno ka yɛn dɛn?

17. Sɛ yehu Onyankopɔn nnwuma sɛ ɛyɛ nwonwa a, dɛn na ɛka yɛn ma yɛyɛ?

17 Dwom 139 kyerɛwfo no gye toom sɛ Onyankopɔn nnwuma a na ɔreka ho asɛm no yɛ nwonwa; Wo nso wote nka saa? Biribi a ɛyɛ nwonwa ma obi susuw nsɛm ho kɔ akyiri anaa ɔde n’adwene si so yiye. Ebia saa na woyɛ wɔ Yehowa nnwuma a ɛne n’abɔde a aniwa hu no ho. (Fa toto Dwom 8: 3, 4, 9 ho.) So wususuw nea wayɛ de Mesia Ahenni no asi hɔ, asɛmpa no a ɔrema wɔaka wɔ wiase nyinaa, ne sɛnea n’Asɛm no sakra nnipa su no nso ho saa ara?​—Fa toto 1 Petro 1:10-12 ho.

18. Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn nnwuma kanyan hu a, ɛbɛka yɛn dɛn?

18 So woahu nso sɛ Onyankopɔn nnwuma a wususuw ho no ma ehu ka wo, na ɛma wunya osuro pa, nea etumi kanyan wo yiye, na ɛka wo nipasu ne sɛnea wobɔ wo bra no kɛse? (Fa toto Dwom 66:5 ho.) Sɛ ɛte saa a, wo koma bɛka wo ma woakamfo Yehowa, ‘woayi no ayɛ, na woahwehwɛ hokwan de aka n’atirimpɔw ne nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɔde bɛma wɔn a wɔdɔ no no ho asɛm akyerɛ afoforo.​—Dwom 145:1-3.

[Ase hɔ asɛm]

a See Insight on the Scriptures, published by the Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., Volume 2, page 150.

Wubebua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na nim a yinim sɛ ‘Yehowa ne Nyankopɔn’ no boa yɛn ma yɛde anigye som no?

◻ Ɛsɛ sɛ nim a Onyankopɔn nim biribiara a yɛyɛ no ka yɛn asetra dɛn?

◻ Dɛn nti na nokawasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn hu yɛn bere nyinaa no hyɛ yɛn nkuran?Why is the fact that we are never out of God’s view encouraging?

◻ Dɛn nti na Onyankopɔn tumi te yɛn ase wɔ akwan a onipa biara ntumi so?

◻ Dɛn nti na adesua a ɛte sɛ eyi ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛkamfo Yehowa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena