Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 5/15 kr. 24-28
  • Yona Sua Yehowa Mmɔborohunu Ho Ade

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yona Sua Yehowa Mmɔborohunu Ho Ade
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛpo So Asiane!
  • Ɛpo no Mu!
  • Yona Mpaebɔ a Emu Yɛ Den
  • Yona Tie
  • Odiyifo a Wamuna
  • “Yona Sɛnkyerɛnne No”
  • Osuaa Biribi Fii Mfomso a Odii no Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Osuaa Mmɔborɔhunu Ho Ade
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yehowa Nyaa Yona Ho Abotare
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yona Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 5/15 kr. 24-28

Yona Sua Yehowa Mmɔborohunu Ho Ade

YEHOWA wɔ dwumadi bi ma ne diyifo Yona. Ɛbere no yɛ afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu, na Yeroboam II di ade wɔ Israel. Yona fi Sebulon kurow, Gat-Hefer mu. (Yosua 19:10, 13; 2 Ahene 14:25) Onyankopɔn resoma Yona akɔ Asiria kuropɔn Niniwe a ɛda bɛboro kilomita 800 wɔ ne kurom kusuu fam apuei no. Ɛsɛ sɛ ɔbɔ Niniwefo kɔkɔ sɛ Onyankopɔn rebɛsɛe wɔn.

Ebia na Yona asusuw ho sɛ: ‘Menkɔ saa kurow ne ɔman no mu? Wɔnsom Nyankopɔn mpo. Asiriafo mogyapɛfo yi ne Yehowa nyɛɛ apam biara da sɛnea Israelfo yɛe no. Hwɛ, ɔman abɔnefo yi mu nnipa bɛfa me kɔkɔbɔ yi sɛ atirisopam na wɔabɛsɛe Israel! Ɛnyɛ me! Merenkɔ. Meguan akɔ Yopa na mede hyɛn afa ɔkwan foforo so—akɔ Tarsis tɔnn wɔ Ɛpo Kɛse no ano. Saa na mɛyɛ!’—Yona 1:1-3.

Ɛpo So Asiane!

Ankyɛ, Yona du Yopa wɔ Mediterranea mpoano. Otua ka foro hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis a wonim no yiye sɛ ɛne Spain a ɛwɔ Niniwe atɔe fam bɛboro kilomita 3,500 no. Bere a ɔwɔ po so no, odiyifo a wabrɛ no sian kɔ hyɛn no yam na ɔda. Ankyɛ biara, Yehowa ma mframa a ano yɛ den bɔ ɛpo no so, na hyɛn no mufo a wɔabɔ hu no mu biara frɛ ne nyame hwehwɛ mmoa. Hyɛn no redi adaneadane na ɛkɔ soro ba fam denneennen ara ma wɔtotow emu aguade gugu po no mu na ayɛ hare. Nanso ɛte sɛ nea hyɛn no bɛbɔ ɔkwan biara so, na Yona te sɛ hyɛn no mu panyin a ne ho adwiriw no no reka sɛ: “Dɛn na ɛyɛ wo na woda hatee sɛɛ? Sɔre sũ frɛ wo Nyankopɔn, sɛ ebia Onyankopɔn bedwen yɛn ho na yɛanyera.” Yona sɔre na ɔforo kɔ hyɛn no mu.—Yona 1:4-6.

Na apofofo no ka sɛ: “Mommra mma yɛmmɔ ntonto mfa nhu nea ne nti saa amane yi aba yɛn so yi.” Ntonto no bɔ Yona. Susuw ehu a ɛbɛka no ho, bere a apofofo no ka sɛ: “Kyerɛ yɛn nea ne nti saa amane yi aba yɛn so yi! W’adwuma ne dɛn, na ɛhe na wufi? W’asase de dɛn, na ɔman bɛn mu na wufi?” Yona ka sɛ ɔyɛ Hebrini a ɔsom ‘Yehowa ɔsoro Nyankopɔn no’ ne sɛ ɔwɔ osuro pa ma nea “ɔyɛɛ ɛpo ne asase kesee no.” Esiane sɛ ɔreguan afi Yehowa anim sen sɛ anka ɔbɛyɛ osetie de Onyankopɔn asɛm akɔ Niniwe nti na ahum no aba wɔn so no.—Yona 1:7-10.

Apofofo no bisa sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ wo, na ɛpo no ano nnwo mma yɛn?” Bere a ɛpo no huru denneennen no, Yona ka sɛ: “Momfa me na montow me nkyene po no mu, na ɛpo no bedwo ama mo; na minim sɛ me nti na ahum kɛse yi aba mo so yi.” Esiane sɛ mmarima no mpɛ sɛ wɔde Yehowa somfo bɛto ɛpo no mu ma wawu nti, wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛsan aba asase kesee so. Wɔantumi no, wɔteɛɛm sɛ: “O Awurade, onipa yi kra nti mma yɛnnyera, na mfa mogya a yedi ho bem ngu yɛn so. Na wo, Awurade, na woyɛ sɛnea wopɛ.”—Yona 1:11-14.

Ɛpo no Mu!

Apofofo no ka saa na wɔma Yona so to no kyene po no mu. Bere a ɔmem no, ɛpo no fi ase gyae ne hamahamayɛ no. Wohu eyi na, ‘mmarima no fi ase suro pii, na wɔbobɔ afɔre ma Yehowa, na wɔhyehyɛ bɔ.’—Yona 1:15, 16.

Akyinnye biara nni ho sɛ bere a nsu no kata Yona so no, ɔbɔ mpae. Afei ɔte nka sɛ ɔfa ɔka bi a emu yɛ tofoo mu kɔtɔ ebun kɛse bi mu. Anwonwasɛm, ɔda so tumi home! Bere a Yona resane ɛpo mu wura a akyekyere ne ti no, obehu sɛ ɔwɔ beae soronko bi. Eyi te saa efisɛ “Awurade asiesie apataa kɛse bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.”—Yona 1:17.

Yona Mpaebɔ a Emu Yɛ Den

Yona nya bere de bɔ mpae wɔ apataa kɛse no yam. Ne nsɛm no bi ne dwom mu nsɛm bi di nsɛ. Akyiri yi, Yona kyerɛw ne mpaebɔ a ɛda abasamtu ne ahonu adi no. Sɛ nhwɛso no, wɔ ne fam no, na ɛte sɛ nea na apataa no yam bɛdan Sheol, ne damoa. Enti ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mifi m’ahohia mu misu mefrɛɛ Awurade, na otiee me; mifi asaman yafunu mu meteɛɛm, na woate me nne.” (Yona 2:1, 2) Mforoso Dwom abien—a ɛbɛyɛ sɛ Israelfo a wɔreforo akɔ Yerusalem akodi afe afe afahyɛ na wɔtoe—no da adwene a ɛte saa ara adi.—Dwom 120:1; 130:1, 2.

Bere a ɔresusuw ɛpo mu a osian kɔe ho no, Yona bɔ mpae sɛ: ‘Na wo, Yehowa tow me kyenee ebun mu, ɛpo koma mfinimfini mu, na ɔhweam twaa me ho hyiae; w’asorɔkye ne w’aworo nyinaa bu faa me so.’—Yona 2:3; fa toto Dwom 42:7; 69:2 ho.

Yona suro sɛ n’asoɔden no bɛma wahwere Onyankopɔn anim dom, na ɔrenhu Onyankopɔn asɔrefie bio. Ɔbɔ mpae sɛ: “Na me nso mise: Wɔatu me afi w’anim, nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefi kronkron no kwan.” (Yona 2:4; fa toto Dwom 31:22 ho.) Na ɛte sɛ nea Yona tebea no nye koraa ma enti ɔka sɛ: “Nsu betwaa me ho hyiae beduu ɔkra ho [ɛsɛee ne nkwa], ebun twaa me ho sii, ɛpo mu wura kyekyeree me ti.” (Yona 2:5; fa toto Dwom 69:1 ho.) Susuw tebea a na Yona wom no ho, efisɛ ɔka sɛ: “Misian mekɔɔ mmepɔw ntini ho, [apataa yam] asase apon akyi adaban [te sɛ ɔdamoa] kaa me too akyiri kosii daa, ɛnna womaa me nkwa so fii amoa mu, [da a ɛto so abiɛsa] Awurade me Nyankopɔn.”—Yona 2:6; fa toto Dwom 30:3 ho.

Ɛwom sɛ Yona wɔ apataa no yam de, nanso ɔnka sɛ: ‘Mahaw ara ma mintumi mmɔ mpae.’ Mmom ɔbɔ mpae sɛ: “Me kra tɔɔ me mu piti [de rekɔ owu mu] no, mekaee Awurade [gyidi mu, sɛ Nea wontumi mfa biribiara ntoto ne tumi ne ne mmɔborohunu ho], na me mpaebɔ duu wo nkyɛn w’asɔrefi kronkron hɔ.” (Yona 2:7) Onyankopɔn tiee Yona fii ne soro asɔrefie hɔ, na ogyee no.

Awiei koraa no, Yona bɔ mpae sɛ: “Wɔn a wodi atoro ahoni akyi [denam wɔn ho a wɔde to anyame a nkwa nni wɔn mu so] no, wɔpa wɔn guankɔbea [bere a wɔpow Nea ɔda su yi adi] no. Na me de, mede aseda nne mɛbɔ wo [Yehowa Nyankopɔn] afɔre, nea mahyɛ ho bɔ [wɔ tebea yi mu ne mmere foforo mu] no, metua; nkwagye wɔ Awurade.” (Yona 2:8, 9; fa toto Dwom 31:6; 50:14 ho.) Bere a onim sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi agye no afi owu mu no, odiyifo a wanu ne ho (te sɛ Ahene Dawid ne Salomo a wodii n’anim kan no) kyerɛe sɛ nkwagye firi Yehowa.—Dwom 3:8; Mmebusɛm 21:31.

Yona Tie

Adwennwen ne mpaebɔ a emu yɛ den pii akyi no, Yona te nka sɛ wɔrepia no fi bɔn a ɔfaa mu bae no mu. Awiei koraa no, ɔbɛtɔ asase kesee so. (Yona 2:10) Ogye a onyae ho anisɔ nti, Yona tie Onyankopɔn asɛm: “Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ wo no kyerɛ wɔn.” (Yona 3:1, 2) Yona sim kɔ Asiria ahenkurow mu. Bere a ohu da ko a saa da no yɛ no, ohu sɛ odii apataa no yam nnansa. Odiyifo no twa Asubɔnten Eufrate wɔ n’atɔe fam beae a ɛkontɔn hɔ, ɔfa apuei twam wɔ Mesopotamia kusuu fam, odu Asubɔnten Tigris ho na awiei koraa no odu kurow kɛse no mu.—Yona 3:3.

Yona hyɛn Niniwe, kurow a ɛso mu. Ɔde da koro nantew mu na afei ɔpae mu ka sɛ: “Ɛha adaduanan na Niniwe abutuw.” So na Yona nam anwonwakwan so nim Asiria kasa no? Yennim. Nanso sɛ ɔkasa wɔ Hebri mu na obi kyerɛ ase mpo a, ne mpaemuka no sow aba. Niniwefo fi ase gye Onyankopɔn di. Wɔpae mmuadadi, na wofurafura ntweaatam fi wɔn mu nnipa akɛse so kosi wɔn mu akumaa so. Bere a asɛm no du Niniwe hene nkyɛn no, ɔsɔre fi n’agua so, na oyi ne nguguso gu hɔ na ofura atweaatam, na ɔtra nsõ mu.—Yona 3:4-6.

Hwɛ sɛnea Yona ho dwiriw no fa! Asiria hene no soma abɔfo ma wɔpae mu ka sɛ: “Nnipa ne afieboa, anantwi ne nguan mmfa hwee nnka wɔn ano, wɔmmma wonnkodidi, wonnnom nsu nso. Na nnipa ne afieboa mfurafura ntweaatam, na wonsũ denneennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfi ne kwammɔne so ne amim ade a ɛwowɔ wɔn nsam no ho. Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsan na wanu ne ho, na wadan ne ho afi abufuhyew no ho, na yɛanyera.”—Yona 3:7-9.

Niniwefo tie wɔn hene ahyɛde no. Na bere a Onyankopɔn hu sɛ wɔasan afi wɔn kwammɔne so no, onu ne ho, bɔne a ɔkae sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ. (Yona 3:10) Wɔn ahonu, ahobrɛase, ne gyidi nti, Yehowa amfa atemmu a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛba wɔn so no amma.

Odiyifo a Wamuna

Adaduanan twam a biribiara anto Niniwe. (Yona 3:4) Ohui sɛ wɔrensɛe Niniwefo no, ɛhaw Yona yiye na ne bo fuw na ɔbɔ mpae sɛ: “Ao, Awurade! So ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase so no mekae ni? Eyi ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ mereguan makɔ Tarsis, efisɛ minim sɛ wo de, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfo ne mmɔborohunufo, wo bo kyɛ fuw na w’adɔe dɔɔso, na wunu wo ho bɔne ho. Na afei, Awurade, gye me kra fi me so ɛ, na owu ye ma me sen nkwa.” Onyankopɔn de asɛmmisa yi bua no sɛ: “So eye sɛ wo bo afuw yi?”—Yona 4:1-4.

Bere a ɔka saa no, Yona fi adi fi kurow no mu. Na ɔkɔtra kurow no apuei, na ɔbɔ ɔsese hɔ fa, na ɔtra ase onwini no mu sɛ enkosi sɛ obehu dekode a ɛbɛyɛ kurow no. Yehowa nso fi ayamye mu ‘siesie adedenkuruma, sɛ ɛmfefɛw nkata Yona so na ama n’atifi anya onwini, na agye no afi n’ahohia no mu.’ Hwɛ sɛnea Yona ani gye adedenkuruma no ho! Nanso Onyankopɔn siesie osunson bi ma ofiti adedenkuruma no mu ahemadakye ma efi ase kisa. Ankyɛ na ewui koraa. Onyankopɔn san siesie apuei mframa a emu yɛ hyew bi. Na afei owia no rebɔ odiyifo no atifi ma ɔtɔ piti. Ɔkɔ so srɛ sɛ onwu. Yiw, Yona kɔ so ka sɛ: “Owu ye ma me sen nkwa.”—Yona 4:5-8.

Afei Yehowa kasa. Obisa Yona sɛ: “So eye sɛ wo bo fuw adedenkuruma no ho yi?” Yona bua sɛ: “Eye sɛ me bo fuw de kɔ owu mu.” Sɛnea ɛte no, afei Yehowa ka kyerɛ odiyifo no sɛ: “Wo de, adedenkuruma no asɛm no yɛ wo yaw, nso wonyɛɛ ho adwuma bi, na ɛnyɛ wo na woma enyinii, na ɛbae anadwo koro na ɛsɛee anadwo koro.” Onyankopɔn toa so sɛ: ‘Na me de, Niniwe kurow kɛse a nnipa bɛboro 120,000 a wonnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no de renyɛ me yaw anaa?’ (Yona 4:9-11) Mmuae a ɛfata no da adi pefee.

Yona nu ne ho na ɔtra ase kyerɛw Bible nhoma a ne din da so yi. Ɔyɛɛ dɛn hui sɛ apofofo no suroo Yehowa, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre maa No, na wɔhyehyɛɛ bɔ? Ebetumi aba sɛ ɛdenam ɔsoro akwankyerɛ so anaa ebia efi apofofo no biako hɔ wɔ asɔrefie hɔ anaa wɔn a na ɔne wɔn retu kwan a wɔwɔ hyɛn no mu no bi hɔ.—Yona 1:16; 2:4.

“Yona Sɛnkyerɛnne No”

Bere a kyerɛwfo ne Farisifo no bisaa Yesu Kristo sɛ ɔma wɔn sɛnkyerɛnne no, ɔkae sɛ: “Nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.” Na Yesu de kaa ho sɛ: “Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na onipa ba no bedi asase komam nnansa awia ne anadwo.” (Mateo 12:38-40) Na Yudafo da firi ase bere a owia akɔtɔ. Kristo wuu Fida awia, Nisan 14, afe 33 Y.B. Wɔde n’amu kɔtoo ɔboda mu ansa na owia retɔ saa da no. Nisan 15 fii ase saa anwummere no, kosii Memeneda owiatɔe a ɛyɛ dapɛn no mu da a ɛto so ason a etwa to no. Saa bere no na Nisan 16 fii ase kosii bere a owia puei wɔ da a yɛfrɛ no Kwasida no. Ne saa nti, anyɛ yiye koraa no, Yesu dii bere kakra sɛ owufo wɔ ɔdamoa mu wɔ Nisan 14, na ɔdaa ɔda mu Nisan 15 da mũ no nyinaa, na odii Nisan 16 anadwofa nyinaa wɔ ɔda no mu. Bere a mmea bi baa ɔda no ho Kwasida anɔpa no, na wanyan afi awufo mu dedaw.—Mateo 27:57-61; 28:1-7.

Yesu dii ɔda no mu nnansa. Enti n’atamfo no huu “Yona sɛnkyerɛnne no,” nanso Kristo kae sɛ: “Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ wɔsakraa wɔn adwene Yona asɛnka mu; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha.” (Mateo 12:41) Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware! Na Yudafo no wɔ Yesu Kristo—odiyifo a ɔsen Yona wɔ wɔn ntam. Ɛwom sɛ na Yona yɛ sɛnkyerɛnne a ɛfata ma Niniwefo no de, nanso Yesu de tumi ne adanse a edi mu sen biara kaa asɛm sen nea odiyifo no yɛe no. Nanso, Yudafo no mu fã kɛse no ara annye anni.—Yohane 4:48.

Sɛ́ ɔman no, Yudafo no amfi ahobrɛase mu annye Odiyifo a ɔsen Yona no antom, na wɔannya Ne mu gyidi. Na, wɔn nananom nso ɛ? Ná wɔn nso nni gyidi ne ahobrɛase honhom saa ara. Nokwarem no, ɛda adi sɛ Yehowa somaa Yona kɔɔ Niniwe sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma nsonsonoe a ɛda Niniwefo a wɔsakraa wɔn adwene no ne Israelfo a na wɔasen wɔn kɔn a na wonni gyidi no ntam ada adi.—Fa toto Deuteronomium 9: 6, 13 ho.

Na Yona ankasa nso ɛ? Osuaa sɛnea Onyankopɔn mmɔborohunu sõ fa ho ade. Bio nso, ɛsɛ sɛ sɛnea Yehowa yɛɛ n’ade wɔ sɛnea Yona nwiinwii wɔ mmɔborohunu a ɔdaa no adi kyerɛɛ Niniwefo a wɔsakraa wɔn adwene no ho no ma yɛkwati sɛ yebenwiinwii bere a yɛn soro Agya no trɛw ne mmɔborohunu mu ma ɛso nnipa a wɔwɔ yɛn bere yi mu so no. Nokwarem no, momma yenni ahurusi sɛ afe biara ɔpepem pii fi gyidi ne koma a edwo mu dan ba Yehowa nkyɛn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena