Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 54 kr. 130-kr. 131 nky. 1
  • Yehowa Nyaa Yona Ho Abotare

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Nyaa Yona Ho Abotare
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Osuaa Mmɔborɔhunu Ho Ade
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yona Sua Yehowa Mmɔborohunu Ho Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Yona ne Apataa Kɛse No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Osuaa Biribi Fii Mfomso a Odii no Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 54 kr. 130-kr. 131 nky. 1
Yona remem akɔ po ase; apataa kɛse bi reba ne nkyɛn

ADESUA 54

Yehowa Nyaa Yona Ho Abotare

Ná nnipa a wɔte Asiria kurow Niniwe mu no yɛ nneɛma bɔne paa. Enti Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo Yona sɛ ɔnkɔ Niniwe, na ɔnkɔka nkyerɛ nkurɔfo no sɛ wɔnsesa wɔn suban. Nanso Yona de n’ani kyerɛɛ baabi foforo. Ɔtenaa ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis mu sɛ ɔreguan.

Bere a ɛhyɛn no wɔ po so no, mframa kɛse bi bɔe. Ɛmaa ehu kaa ɛhyɛn no mu adwumayɛfo no. Ɛbaa saa no, obiara bɔɔ ne nyame mpae, na wɔbisaa sɛ: ‘Dɛn na ɛde wei nyinaa aba?’ Awiei koraa no, Yona ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ne nyinaa fi me. Yehowa ama me adwuma bi. Nanso mereguan. Enti montow me nto po no mu, na mframa no begyae.’ Ná ɛhyɛn no mu adwumayɛfo no mpɛ sɛ wɔtow Yona to po no mu. Nanso Yona kɔɔ so kaa sɛ wɔnyɛ saa. Bere a wɔtoo no too po no mu no, mframa kɛse no gyaee bɔ.

Ná Yona adwene yɛ no sɛ obewu. Bere a ɔremem akɔ po no ase no, ɔbɔɔ Yehowa mpae. Afei Yehowa maa apataa kɛse bi bɛmenee Yona, nanso Yona anwu. Bere a Yona wɔ apataa no yam no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: ‘Mehyɛ wo bɔ sɛ nea wobɛka biara, metie.’ Yehowa bɔɔ Yona ho ban wɔ apataa no yam nnansa. Afei ɔmaa apataa no kɔfee Yona too asaase kesee anaa asaase a ɛso awo so.

Esiane sɛ Yehowa gyee Yona nkwa nti, afei de na ɔrenkɔ Niniwe bio anaa? Ɛnte saa koraa. Yehowa san ka kyerɛɛ Yona sɛ ɔnkɔ Niniwe. Saa bere yi de, Yona tiei. Yona kɔɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Aka nna mmaako mmaako 40 na wɔasɛe Niniwe.’ Afei anwanwasɛm bi sii. Niniwefo no tiei, na wɔsesaa wɔn suban. Niniwe hene ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: ‘Munsu mfrɛ Onyankopɔn, na monsesa mo suban. Ebia ɔrensɛe yɛn.’ Bere a Yehowa huu sɛ nkurɔfo no asesa no, wansɛe Niniwe.

Yona rebɛn Niniwe

Esiane sɛ kurow no ansɛe nti Yona bo fuwii. Wo de, dwen wei ho hwɛ: Yehowa nyaa Yona ho abotare, na ohuu no mmɔbɔ. Nanso Yona de, na Niniwefo no nyɛ no mmɔbɔ. Mmom, ofii kurow no mu kɔtenaa kɔntoa bi ase gyee nwini. Ɔte hɔ no, na wamuna kusuu. Afei kɔntoa a efifii no wui, na Yona bo fuwii. Enti Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wudwen kɔntoa yi ho sen Niniwefo no. Mahu wɔn mmɔbɔ, enti wɔanya nkwa.’ Dɛn na wei kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ na Niniwefo no ho hia sen afifide biara.

‘Yehowa wɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.’—2 Petro 3:9

Nsɛmmisa: Dɛn na Yehowa maa Yona suae? Nea ɛtoo Yona no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

Yona 1:1–4:11

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena