Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 70
  • Yona ne Apataa Kɛse No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yona ne Apataa Kɛse No
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Nyaa Yona Ho Abotare
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Osuaa Biribi Fii Mfomso a Odii no Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yona Sua Yehowa Mmɔborohunu Ho Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Yona Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 70
Apataa kɛse bi rebɛmene Yona

ASƐM 70

Yona ne Apataa Kɛse No

HWƐ ɔbarima a ɔwɔ nsu no mu no. Asɛm ato no kɛse, ɛnte saa anaa? Apataa no reyɛ amene no! Wunim saa barima yi? Wɔfrɛ no Yona. Ma yɛnhwɛ nea ɛyɛe a asɛnkɛse yi too no.

Yona yɛ Yehowa diyifo. Odiyifo Elisa wu akyi bere tiaa bi na Yehowa ka kyerɛɛ Yona sɛ: ‘Kɔ Niniwe kurow kɛse no mu. Nnipa a wɔwɔ hɔ no bɔne sõ dodo, na mepɛ sɛ wokasa kyerɛ wɔn wɔ hɔ.’

Nanso na Yona mpɛ sɛ ɔkɔ. Enti ɔforoo hyɛn a ɛrekɔ baabi foforo a ɛnyɛ Niniwe. Yehowa ani annye Yona ho sɛ na ɔreguan. Enti ɔmaa ahum kɛse bi tui. Ná ano yɛ den araa ma na hyɛn no reyɛ abɔ. Ehu kaa hyɛn no mufo, na wosu frɛɛ wɔn anyame.

Wɔn a wɔtoo Yona no fii po so hyɛn no mu no rehwɛ nea ɛbɛto no

Akyiri yi Yona ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mesom Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no. Mereguan afi adwuma a Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ menyɛ ho.’ Enti hyɛn no mufo bisae sɛ: ‘Dɛn na yɛnyɛ wo na ahum no agyae?’

Yona kae sɛ: ‘Montow me nkyene po no mu, na ɛpo no bedwo.’ Ná hyɛn no mufo mpɛ sɛ wɔyɛ saa, nanso bere a ahum no ano yɛɛ den kɛse no, wɔtow Yona kyenee po no mu. Amonom hɔ ara ahum no gyaee na ɛpo no ano dwoe.

Bere a Yona rekɔ nsu no ase no, apataa kɛse no menee no. Nanso wanwu. Odii nnansa, adekyee ne adesae, wɔ saa apataa no yam. Ɛyɛɛ Yona yaw sɛ wantie Yehowa ankɔ Niniwe. Enti wunim nea ɔyɛe?

Yona bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa mmoa. Na Yehowa maa apataa no kɔfee Yona too asase kesee so. Ɛno akyi no Yona kɔɔ Niniwe. So eyi mma yenhu hia a ehia sɛ yɛyɛ nea Yehowa ka biara anaa?

Yona nhoma a ɛwɔ Bible mu no .

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena