Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 1/1 kr. 4-9
  • Apuei ne Atɔe, Yehowa Hyɛ ne Nkurɔfo Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Apuei ne Atɔe, Yehowa Hyɛ ne Nkurɔfo Den
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɔso a Wonya Ɛmfa ho sɛ Wɔabara Wɔn
  • Amerika Aman Mu Nso Ɛ?
  • Wɔ Afrika a Akodi Asɛe Hɔ
  • “Ɔkɔre Asase” So
  • “Ma Wo Mtampehama Nware”
  • Yehowa Annyaw Yɛn Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 1/1 kr. 4-9

Apuei ne Atɔe, Yehowa Hyɛ ne Nkurɔfo Den

WƆ MMEAE a wɔabara asɛnka adwuma no, aman a basabasayɛ asɛe hɔ, ne aman a wɔama asɛnka adwuma no ho kwan nnansa yi ara—nokwarem no, wɔ wiase nyinaa—no, Yehowa kɔ so ma n’Adansefo “tumi a ɛboro so.”—2 Korintofo 4:7.

Nkɔso a Wonya Ɛmfa ho sɛ Wɔabara Wɔn

Wɔ Apuei Fam Akyirikyiri nsupɔw bi so no, wɔabara asɛnka adwuma no mfe 17 ni. So Adansefo no aba mu abu? Ɛnte saa koraa! Wɔ May a etwaam mu no, wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 10,756 a na emu 1,297 yɛ bere nyinaa asomfo. Bere a wiase tebea kɔ so sɛe no, nsupɔw no sofo adwene afi ase reba nokware no so. Enti wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔne anigyefo yɛ Bible adesua 15,654 wɔ wɔn afie mu. Ansa na wɔreyɛ eyi no, nnipa 25,397 hyiaam wɔ kokoam kaee Yesu wu no.

Bere a wɔyɛɛ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam horow—a ɛno nso wɔyɛɛ no anifere kwan so sɛnea ɛne ɛhɔ tebea hyia—no, anuanom no ani gyei sɛ wɔn ankasa nyaa nhoma ahorow a woyii no adi wɔ United States no ara bi wɔ wɔn kasa mu. Nsɛm asekyerɛfo ne afoforo tuu wɔn ho ma yɛɛ adwuma nnɔnhwerew pii kaa ho na ama wɔatumi awie nhoma titiriw a woyii no adi a ekura nkratafa ɔhaha pii no ho adwuma wɔ bere ano. Na nhomatintimbea bi a ɛnyɛ Adansefo dea de anigye yɛɛ adwuma fɛfɛ, tintim nhoma no. Wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no ani gyei sɛ wonyaa nhoma a mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ bɛboro apem wɔ mu no. Aban mpanyimfo pii bu Yehowa Adansefo, na Kristoman asɔfo titiriw na wɔsɔre tia wɔn. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛnkyɛ wɔbɛma adwuma no ho kwan.

Amerika Aman Mu Nso Ɛ?

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Atɔe fam aman yi mu ne wɔn nuanom a wɔwɔ Apuei Fam no yɛ biako wɔ akokoduru a wɔde di wɔn nsɛnnennen ho dwuma no mu, na Yehowa honhom boa wɔn ma wodi tebea ahorow a ɛyɛ den so. Sɛ́ nhwɛso no, susuw amanneɛbɔ a edi so yi a efi Latin-America ɔman bi a wɔn a wodi nnubɔne ho gua taa nantew kwae mu mu no ho.

Adansefo kuw bi de bɔs kɔɔ asasesin bi a atew ne ho mu. Bere a wɔresi afi bɔs no mu no, wohuu ɔkwan ketewa bi a ɛmane fi akuraa no ase. Enti anuanom mmarima baanum a wɔka ho no maa anuanom mmea ne mmofra no yɛɛ adwuma wɔ akuraa no ase na wɔn nso wɔfaa mfutukwan no so kɔhwɛɛ faako a ɛkɔ. Anuanom mmarima no biako bɔ amanneɛ sɛ:

“Bere a yɛnantew nnɔnhwerew abien no, afie kakraa bi na yehui. Afei, mmarima baawɔtwe a wokurakura akode na biribi katakata wɔn ti fi kwae no mu puee mpofirim. Ná wɔn mu bi kurakura atuo, na ebi kurakura nkrante. Dɛn na na yɛahyia yi? Yefii ase bisaa nea wɔhwehwɛ, nanso wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ komm—yɛn de yɛnkɔ yɛn anim. Yɛyɛɛ saa! Bere a yɛnantew nnɔnhwerew abien wɔ kwaeberentuw mu no, yeduu baabi a na ɛda adi sɛ ɛyɛ asraafo atrae. Ná awɛmfo a wokurakura atuo atwa hɔ nyinaa ahyia. Ná ɔdan fɛfɛ bi wɔ mfinimfini, na wɔmaa yɛkɔɔ mu.

“Bere a yɛtraa ase no, ɔbarima biako a na ɛda adi sɛ ɔyɛ atrae hɔ panyin ne yɛn kasae. Ná wasiesie ne ho yiye, onim nhoma, na ɔwɔ anuonyam. Ɔde ne nsa kyerɛɛ yɛn mu biako so ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsɔre. Afei obisaa no sɛ: ‘Mudwen [yɛn] kuw yi ho dɛn?’ Esiane sɛ na onua no nim faako ankasa a yɛwɔ nti, obuae sɛ: ‘Yenim mo kuw no, nanso yenni ɛno, anaa amammui kuw foforo biara ho anigye biara. Ade biako pɛ a enti yɛwɔ ha ne sɛ yɛbɛka Yehowa Nyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa no ho asɛm. Ɛnkyɛ ɛbɛsɛe nneɛma nhyehyɛe yi amammui nniso nyinaa na ɛde nhyira a ɛso nni abrɛ nnipa a wɔwɔ asase so wɔ Paradise tebea horow mu—biribi a onipa anaa nnipakuw biara ntumi nyɛ.’

“Ɔbarima no su sakrae. Ofii ase bisabisaa nsɛm. ‘Ɛhe na wusuaa eyi nyinaa? Ntetee bɛn na wunyae a ɛma wutumi kasa saa?’ Wɔ bɛyɛ dɔnhwerew biako ne fã mu no, yetumi dii adanse yiye faa wiase tebea horow ho, kyerɛe sɛ Bible no kyerɛ yɛn adesamma anidaso biako pɛ no. Yɛkyerɛkyerɛɛ Romafo ti 13 nso mu—sɛ, yɛyɛ osetie ma atumfo a wodi yɛn so no, nanso sɛ nea wɔka no ne Yehowa Asɛm bɔ abira a, yedi kan yɛ osetie ma Yehowa Nyankopɔn. Awiei koraa no, yɛde nhoma a na yɛwɔ kyerɛɛ no. Ogyee emu abiɛsa ne Bible biako, na ɔmaa yɛn ɛho ntoboa ma ɛyɛɛ yɛn nwonwa. Ɔkae sɛ ɔbɛkenkan.

“Afei, ɔpanyin no yɛɛ sɛnkyerɛnne kyerɛɛ mmarima no biako sɛ ɔmfa yɛn mfi atrae hɔ. Afei yefii ase sɛ yɛresan akɔ, na yɛdaa Yehowa ase sɛ wama yɛadi nkonim wɔ asɛnka asasesin foforo mu.”

Wɔ Afrika a Akodi Asɛe Hɔ

Afrika asasepɔn no wɔ Apuei Fam nohoa ne Atɔe Fam nohoa ntam. Mmusua ntam akodi ama basabasayɛ ayɛ aman a ɛwɔ hɔ no bi mu ma. Wɔ Liberia no, ɔmanko a ɛsan sɔree mpofirim no asan aka Yehowa nkurɔfo kɛse. Ɔko no fii ase wɔ kuropɔn no mu ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ wɔ October ne November 1992 mu. Afei, bere a ɔko no trɛw kɔɔ ɔmantifi no, asafo pii mufo hwetee bere a anuanom no ne nnipa afoforo guan kɔɔ wuram no. Nanso, wɔn nsiyɛ no ano mmrɛɛ ase. Bere a woguanee no, na wɔka asɛm no, na eyi ama wɔadi adanse kɛse wɔ nkuraa a atew ne ho wɔ akyirikyiri no ase.

Asafo biako a anuanom a wɔaguan afi wɔn afie mu na wɔwom no bɔɔ apata bi de yɛɛ Ahenni Asa wɔ amane afuw bi mfinimfini. Wɔ kurow bi a ɛbɛn akono mu no, sɛ edu awia a, na nnipa a wɔnyɛ asraafo no guan kɔ amane mfuw a atwa hɔ ahyia no mu na amma atopae a wɔtoto fi wimhyɛn mu no anka wɔn. Ɛhɔ anuanom (a adawurubɔfo a wɔaguan afi kuropɔn, Monrovia mu ka ho) yɛɛ asɛnka ho nhyehyɛe na wɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn a na wɔaguan akɔ amane mfuw mu no! Bere biara a wimhyɛn bi bɛfa hɔ no, na anuanom mmarima ne mmea no huruw si amena bi a ɛbɛn hɔ mu, na sɛ etwam kɔ a, wɔtoa wɔn asɛnka adwuma no so.

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, sɛ wɔkyekyem a, adawurubɔfo apem ne akyi a wotumi de kyerɛwtohɔ kɔma Asafo ti no biara de nnɔnhwerew 18.1 yɛ asɛnka adwuma na wɔyɛ Bible adesua 3,111 ɔsram biara a ɔmanko no mfa ho.

Wɔ mfe anan a atwam mu no, wɔayi anohyeto afi Yehowa Adansefo so wɔ aman 18 mu wɔ Afrika. Na hwɛ anigye ara a ɛyɛ! Wɔ August 12 no, woyii anohyeto a wɔde too Adansefo a wɔwɔ Malawi so October, 1967 no fii hɔ. Ná asɛmpa a wɔka wɔ sum ase no akɔ so anya nkɔso, nanso mprempren, Adansefo no wɔ hokwan a wobetumi de akɔ wɔn anim, ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwɛn owusɔre no na wɔatumi asan ahyia wɔn mfɛfo adɔfo a atirimɔdenfo no kunkum wɔn no de.

Wɔ Mozambique no, wɔyɛɛ asomdwoe apam bi wɔ October 4, 1992. Wɔreka asɛm no wɔ nsasesin a ɔko a ɛsɛee ade mfe 16 nti na wontumi nkɔ hɔ mu. Wɔ Carioco no, wotumi ne anuanom mmarima ne mmea 375 a na wɔne ahyehyɛde no nnya nkitahodi biara wɔ mfe ason a atwam mu no dii nkitaho bio. Wɔyɛɛ nhyiam titiriw da wɔ Milange a ɛyɛ kuropɔn wɔ ɔmansin bi a kan na wɔfrɛ hɔ nneduaban asase ne beae a wɔde “ntetee foforo” ma Yehowa Adansefo a na wɔn mu pii yɛ aguanfo a wofi Malawi no. Nnipa dodow a na wɔnhwɛ kwan 2,915 na wɔkɔe, na na aban panyim a ɔwɔ kurom hɔ a ogyee Yehowa Adansefo fɛw so no ka ho. Enti beae a kan no na wɔde “ntetee foforo” ma no bɛyɛɛ beae a wɔde ɔsoro nkyerɛkyerɛ ma saa da no.

Ɔsɛmpatrɛwfo bi kyerɛw sɛ: “UNHCR (Amanaman Nkabom no dwumadibea a ɛhwɛ aguanfo ho nsɛm so) no nanmusifo bi kaa yɛn nuanom a na wɔwɔ aguanfo atrae ahorow wɔ Tete Ɔmantam mu no ho asɛm a ɛyɛ anigye bi. Ɔkae sɛ Yehowa Adansefo asiesie wɔn ankasa atrae soronko afi akuw afoforo ho. Ɔkae sɛ: ‘Ná wɔn atrae no nkutoo na wɔhwɛ hɔ yiye.’ Na ɔde kaa ho sɛ: ‘Yehowa Adansefo ho tew, wɔwɔ nhyehyɛe pa ne ntetee.’ Afei ɔkae sɛ ɔbɛpɛ sɛ meka ne ho fa wimhyɛn kɔfa nwura no mu na m’ankasa mihu. Bere a yɛwɔ wim no, wimhyɛn kafo no de ne nsa kyerɛɛ me atrae abien. Ná biako yɛ basaa na ɛhɔ yɛ fĩ, na wɔasisi dɔtedan abobɔ ho a nhyehyɛe biara nnim. Ná wɔasi atrae biako no yiye, na akwan deda afie no ntam. Na afie no mu tew, na wɔaprapra n’adiwo. Ná wɔaka ebi mpo ho akado. Wimhyɛn kafo no kae sɛ: ‘Wohwɛ a, emu nea ɛwɔ he na ɛyɛ mo de?’ M’ani gyee kɛse sɛ mihyiaa anuanom a wɔwɔ atrae hɔ no. Mprempren, asafo awotwe na ɛwɔ saa Adansefo akuraa yi ase.”

“Ɔkɔre Asase” So

Dabi, eyi nyɛ United States ɔkɔre no! Europa ɔman bi wɔ Apuei ne Atɔe ntam a wɔfrɛ no Albania, na ne din wɔ kasa a wɔka wɔ hɔ, Shqipëria mu no kyerɛ “Ɔkɔre Asase.” Nnansa yi ara, wɔayi anohyeto a wɔde too Yehowa Adansefo so mfe 50 de yɛɛ wɔn atirimɔdenne no afi hɔ, na wotumi ne wɔn nuanom a wofi Apuei Fam ne Atɔe Fam hyia esiane nyamesom mu ahofadi a wɔanya no nti. Nokwarem no, ‘wɔrehwɛ wɔn adagyew so yiye.’ (Efesofo 5:16) Wɔ Albania abakɔsɛm mu no, nhyiam a edi kan a wɔyɛe, da koro nhyiam, no baa so Kwasida, March 21, wɔ Ɔman Anigyebea a ɛwɔ kuropɔn Tiranë mu no mu. Memeneda awia no Adansefo 75 tuu wɔn ho mae siesiee nhyiambea a ɛhɔ asɛe no maa ɛyɛɛ nhyiam asa a ɛso tew. Mpanyimfo a wɔhwɛ ɔdan no so no ho dwiriw wɔn. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ nnipa 75 a wotuu wɔn ho mae no mu bɛyɛ 20 pɛ na na wɔabɔ wɔn asu!

Ná wim tebea no ye. Bere a anuanom a wofi amannɔne no bae no, kyia a wokyiakyiae—denam sɛnkyerɛnne a wɔde wɔn nipadua yɛe ne bam a wɔbam wɔn ho so titiriw—no maa nhyiam da titiriw no yɛɛ titiriw ankasa. Onua Nasho Dori maa ne nsa so kyerɛɛ soro bɔɔ mpae ma wofii ase. Wɔbɔɔ no asu wɔ 1930 mu na mprempren n’ani nhu ade yiye. Wɔyɛɛ dwumadi no wɔ Albanian kasa mu, na akwampaefo atitiriw a wofi amannɔne na wodii ɔfã kɛse no ho dwuma. Nnipa 585 a wohyiaam no too dwom a wɔato din sɛ “Kristofo Ahosohyira”—nnwom asia a na wɔakyerɛ ase akɔ Albania kasa mu ama dwumadi no mu biako—bere a anuanom mmarima ne mmea afoforo 41 nantew kɔɔ ɔtare bi a na anuanom Greecefo a wɔaba hɔ fi ayamye mu ayɛ wɔ ɛhɔ Ahenni Asa no so hɔ no ho. Nsakrae bɛn ara ni! Kan no, sɛ wohu obi a okura Bible a, na wɔde no kɔ nneduaban mu, na na nnipa a wɔboro baasa ntumi nhyiam.

Ade kyee no, anigyebea no sohwɛfo no frɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea hɔ mpanyimfo wɔ telefon so. Mpɛn pii no, wɔn a wɔba anigyebea hɔ ho asɛm mfa ne ho. Ɛno yɛ n’abadiakyiri no adwuma. Nanso ɔkae sɛ: “Mahu sɛ ɛsɛ sɛ mefrɛ mo da mo ase. Minhuu sɛ ɛha ayɛ fɛ saa da. Sɛ meka sɛ merekyerɛkyerɛ mu a, anka mɛka sɛ mframa bi fi soro sian baa yɛn anigyebea yi so nnɛra. Bere biara a mobɛpɛ sɛ muhyiam wɔ yɛn dan yi mu no, mesrɛ mo monsan mmra, na yebedi kan ahwɛ mo ansa. Nea ɛsɛ sɛ anka yɛyɛ ankasa ne sɛ yɛma moba ha asram abiɛsa biara a yennye mo hwee.”

Adansefo no san kɔɔ wɔn nkurow mu a wɔanya ahoɔden ne anisɔ, na wofii ase siesiee wɔn ho maa Yesu wu Nkaedi no. Nna 15 pɛ akyi wɔ Benada, April 6 no, Nkaedi a edi kan a wɔyɛɛ no baguam no baa so wɔ mmeae ason.

Wɔ Berat kurow mu no, nnipa a wɔkɔ adesua horow no dodow akɔ anim akodu bɛyɛ 170, na ɛhɔ sɔfo no ani abere. Ahenni adawurubɔfo 33 no mu 21 na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ ɔmansin nhyiam no ase. Nnipa 472 na Berat bɔɔ amanneɛ sɛ wɔbaa Nkaedi no. Nnipa a wɔkɔɔ Nkaedi no wɔ mmeae afoforo nso dɔɔso, na efi akwampaefo atitiriw a wodii adwuma no anim yiye no titiriw.

Wɔ Albania kurow Shkodër a nnipa dodow no ara yɛ Katolekfo, na wɔn asɔredan kɛse bi wɔ no, asɔre no fii ase tintim krataa bi a na ɛba ɔsram biara, na emu biara kaa “Sɛnea Wobetumi Akwati Yehowa Adansefo” ho asɛm. Nea etwa to a ɛbae no kae sɛ: “Yehowa Adansefo ato ahyɛ Shkodër so”! Adansefo dɔm kɛse a wɔyɛ baanu no nyaa nnipa 74 a wɔwɔ su pa na wɔn adwenem da hɔ ma wohyiaam wɔ Nkaedi no ase. Nkaedi kasa no akyi no, mmusua 15 kae sɛ wɔpɛ sɛ wɔne wɔn yɛ ofie Bible adesua. Wɔ kurow foforo a wɔfrɛ hɔ Durres mu, a Adansefo dɔm baanan na wɔwɔ hɔ no, nnipa 79 na wɔbaa Nkaedi no maa ɛyɛɛ nwonwa.

Wɔ Kalmeti i Vogel, akuraa bi a ɛwɔ bepɔw so mu no, esiane sɛ Katolekfo mmerante sɔre tiae, na wohunahunaa Adansefo no sɛ wɔde abo bɛpam wɔn afi hɔ nti, woyii nkaedi nhyiam no kɔɔ onua bi a ɔwɔ hɔ fie, na nnipa 22 na wɔbae wɔ asomdwoe mu. Adawurubɔfo baanum na wɔwɔ saa kuw yi mu, na wɔbɔɔ wɔn mu baasa asu wɔ Tiranë nhyiam no ase.

Wɔ Vlorë no, mmerante baanu nsa kaa Ɔwɛn-Aban, wɔkenkanee, na wɔkyerɛw Asafo ti no sɛ: “Afei de yɛfrɛ yɛn ho Yehowa Adansefo esiane nokware a yehu fii Ɔwɛn-Aban no mu nti. Yɛsrɛ mo momma obi mmɛboa yɛn.” Wɔmaa akwampaefo baanu kɔɔ hɔ, na ankyɛ na mmerante yi biako bɛfatae sɛ ɔdawurubɔfo. N’ani gyei sɛ na ɔka nnipa 64 a wɔkɔɔ Nkaedi wɔ Vlorë no ho.

Onua Albaniani bi a ohuu nokware no wɔ United States san kɔɔ kurow a ofi mu, Gjirokastër mu wɔ 1950 mfe no mu, na ɔyɛɛ ɔsom adwuma no sɛnea obetumi biara kosii ne wu mu. Oduaa nokware no aba wɔ ne babarima koma mu. Bere a woyii anohyeto no, ɔbabarima yi kyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ wɔmmoa no. Ná onigyeni foforo a ɔwɔ kurow no kusuu fam akuraa bi ase nso akyerɛw sɛ wɔmmoa no, enti wɔmaa akwampaefo atitiriw baanan kɔɔ hɔ. Wukuda anɔpa a edi Nkaedi no akyi no, wɔn mu biako frɛɛ Asafo ti baa dwumadibea a ɛwɔ Tiranë no mpanyimfo wɔ telefon so kae sɛ: “Ná mintumi ntwentwɛn me nan ase sɛ mɛka ade kɛse a Yehowa honhom ayɛ akyerɛ mo. Yɛn ani agye yiye! Nkaedi no kɔɔ so yiye.” Nnipa 106, a wɔn Ahenni adawurubɔfo dɔm baason no ka ho na wɔbae.

Sɛ wɔka ne nyinaa bom a nnipa ahe na wɔbaa Nkaedi no ase? Wɔ 1992 mu a na Ahenni adawurubɔfo 30 pɛ na wɔwɔ hɔ no, nnipa 325 na wɔkɔɔ ase. Wɔ 1993 mu no, adawurubɔfo 131 no nyaa nnipa 1,318 ma wɔbaa ase. Wɔ mfe abien no nyinaa mu no, dodow a wɔbae no yɛ adawurubɔfo dodow no mmɔho du. Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ wɔahu sɛ ‘nea osua koraa abɛdan apem’ wɔ bere tiaa a ɛte saa mu!—Yesaia 60:22.

“Ma Wo Mtampehama Nware”

Bere a Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no trɛw kɔ asase ano nyinaa no, wɔde ɔfrɛ yi ma: “Ma wo ntamadan mu ntrɛw, na wɔntwe wo trabea mmɔhɔɔ no mu, nkyɛe biara so. Ma wo ntampehama nware, na ma wo mmofunnua ntintim. Na wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum.” (Yesaia 54:2, 3) Nokwarem no, saa “trabea mmɔhɔɔ”—a n’asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa asafo no mu gyina hɔ ma no—ntrɛwmu no ada adi wɔ Europa Apuei Fam, titiriw wɔ kan Soviet Union nsase no so. Bere a Yehowa wowaw n’asomfo a wɔkaa wɔn hyɛe mfe pii akyi no, afei ɔrema n’Adansefo ahoɔden kɛse a wohia na ama wɔatumi atrɛw ahyehyɛde no mu ahyɛ no den.

Wɔ Locomotive Agumadibea a ɛwɔ Moscow, Rusia so no, nnipa 23,743 a wɔdɔɔso sen biara a wɔanya pɛn hyiaam wɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” amanaman ntam nhyiam titiriw a wɔyɛɛ no afe a etwaam fi July 22-25 no ase. Hena na anka mfe abien a atwam ni mpo obesusuw sɛ eyi betumi ayɛ yiye? Nanso etumi baa saa! Nnipa bɛboro 1,000 fi Japan ne Korea, bɛyɛ 4,000 fi United States ne Canada, na mpempem pii fi South Pacific, Africa, ne Europa aman bɛboro 30 mu ne mmeae afoforo bae—nokwarem no, Apuei ne Atɔe hyiae. Nkuranhyɛ bɛn ara na eyinom nyinaa nyae sɛ wɔne wɔn nuanom mmarima ne mmea 15,000 a wofi Rusia no dii afra! Wɔn ani gye boroo so.

Wɔbɔɔ Adansefo afoforo 1,489 asu maa ɛyɛɛ nwonwa. Wɔkaa asubɔ no ho asɛm wɔ wiase amanneɛbɔ nsɛm pii mu, a mfonini fɛfɛ a epuee wɔ The New York Times akyi no nso ka ho. Ɛwom sɛ wɔbɔɔ wɔn nsam denneennen bere a na asubɔ no rekɔ so no de, nanso wɔbɔɔ wɔn nsam sen saa wɔ ɔkasa a etwa to no mu, bere a ɔkasafo no daa nnipa 4,752 a wotuu wɔn ho ma yɛɛ nnwuma ahorow ne wɔn a wɔhwɛɛ nhyiam no so maa nneɛma kɔɔ so yiye no ase wiei na ɔkaa eyi no: “Nea ɛsen biara no, yɛda Yehowa ase!” Yiw, Yehowa honhom siw Ortodoks asɔrefo no sɔretia a emu yɛ den no ano, na ɛde ahoɔden a ehia na ama nhyiam no ayɛ anigye ankasa mae.

Nanso, na nsɛm pii rebesisi wɔ Ukrainian kurow Kiev mu fi August 5-8. Ɛha nso, nnipa a wɔwɔ ɔpɛ tuu wɔn ho ma yɛɛ agumadibea hɔ foforo koraa, na saa Ahenni Asa kɛse yi faa nnipa dodow 64,714 a na ɛsen biara a wɔanya pɛn no. Bio nso, Adansefo no fi Apuei ne Atɔe ne wiase afanan nyinaa kɔe. Wɔkyerɛɛ ɔkasa atitiriw ase kɔɔ kasa 12 mu. Ná ɛsɛ sɛ wokohyia nnipa bɛyɛ 53,000 a wɔde wimhyɛn, keteke, anaa bɔs kɔɔ nhyiam no wɔ keteke ne wimhyɛn gyinabea ahorow na wɔde wɔn kɔ wɔn atrae wɔ ahɔhodan, sukuu, ne nkurɔfo afie, ne afei asubɔnten so ahyɛmma mu. Wɔnam nhyehyɛe a edi mu na ɛyɛ wɔanowɔano a ɛmaa kurow no polisifo de ahodwiriw kamfoo wɔn so na wɔyɛɛ eyi nyinaa a wɔammɔ ho ka ahe biara.

Nhyiam no dwumadi a na ɛyɛ anigye no fã a na ɛyɛ anigye sen biara no ne asubɔ a egyee nnɔnhwerew abien ne fã no. Anuanom mmarima ne mmea afoforo 7,402 yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne, bere a nsambɔ no kɔɔ so na egyigyei wɔ agumadibea hɔ nyinaa no. Ná wɔdɔɔso sen asubɔfo a wɔdɔɔso sen biara 7,136 a wɔbɔɔ wɔn ho amanneɛ wɔ nhyiam bi a nnipa 253,922 kɔe wɔ New York City wɔ 1958 mu no.

Bere a atemmu bere yi rebɛn n’awiei no, wɔreboaboa nnipa a wɔte sɛ nguan a wofi Apuei Fam, Atɔe Fam, ne “asase ano nohɔ” mpo ano ma wɔanya biakoyɛ a ebi mmaa da wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu. Nokwarem no, “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” ka Onyankopɔn honhom fam Israel ho ma wɔpae mu ka gyidi a wɔwɔ wɔ Yesu agyede afɔrebɔ a ɛsom bo, nea nneɛma a wɔreyɛ de asan Yehowa amansan tumidi ho nyinaa gyina so no, mu.—Asomafo no Nnwuma 1:8; Adiyisɛm 7:4, 9, 10.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Apuei ne Atɔe hyia wɔ Moscow ne Kiev

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena