‘Yehowa Nsa’ Wɔ M’asetra Mu
SƐNEA LAWRENCE THOMPSON KA KYERƐE
AFE 1946 anadwo bi no, me ne me papa traa kar mu hwɛɛ kusuu fam akanea a ɛwɔ wim no. Yɛkaa Yehowa kɛseyɛ ne ba a yɛba fam no ho asɛm. Yɛkaekaee nsɛm a esisii bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ Canada no. Paapa ma mihuu sɛnea Yehowa wowaw Ne nkurɔfo na ɔkyerɛɛ wɔn kwan wɔ saa mfe no mu.
ƐWOM sɛ na madi mfe 13 pɛ de, nanso mihui sɛ nea na Paapa reka no yɛ nokware. Ɔma mihui nso sɛ asɛnka adwuma a aka no gye ntɛmpɛ na ɛyɛ kɛse. Paapa faa Numeri 11:23 asɛm kae na osii so dua kyerɛɛ me sɛ, nokwarem no, wontwaa Yehowa nsa so da. Gyidi ne ahotoso a yennya wɔ ne mu nkutoo na esiw nea ɔyɛ ma yɛn no ano. Ná ɛyɛ agya ne ɔba ntam nkɔmmɔbɔ a me werɛ remfi da.
Ɔwɛn Aban Asafo nhoma ahorow a misuae, titiriw Salvation nhoma, a wotintim no 1939 mu no nso nyaa me so nkɛntɛnso kɛse wɔ me mmofrabere mu. Me werɛ remfi mfatoho fɛfɛ yi a wɔde fi nhoma no ase no da: “Ná keteke a nnipa pii wom no twa kilomita 160 dɔnhwerew biara. Ná ɛrekɔfa twene bi a akonton a ɛbɛma nnipa a wɔtete akyi hɔ ahu keteke no afiri so atwa asubɔnten no . . . Mmarima baanu a wɔte akyi hɔ . . . hui sɛ ogya atɔ twene no fã nohoa ma ɛrebu atɔ asubɔnten no mu. Wohui sɛ wɔrekɔ asiane kɛse mu. Ná ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm ankasa. So na wobetumi agyina keteke no ntɛm de agye akwantufo pii a wɔwom no nkwa?”
Bere a nhoma no rekyerɛkyerɛ mfatoho yi mu no, ɛde baa awiei sɛ: “Saa ara na nnɛ, amanaman no ne asase so nnipa nyinaa rehyia biribi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm sen biara. Wɔrebɔ wɔn kɔkɔ sɛnea Onyankopɔn hyɛ no, sɛ Harmagedon sɛe no abɛn yiye. . . . Bere a wɔabɔ nkurɔfo kɔkɔ no, ɛsɛ sɛ obiara a wɔabɔ no kɔkɔ saa no paw nea ɔbɛyɛ mprempren.”
Keteke a ɛde mmirika, twene a ɛrehyew, ne asɛnka adwuma a ɛho hia titiriw no traa m’adwene mu yiye.
Mfiase Asɛnka Adwuma
Mifii ase yɛɛ asɛnka adwuma wɔ 1938 mu, bere a na madi mfe anum. Ná Henry ne Alice Tweed a wɔyɛ akwampaefo (bere nyinaa asomfo), de me ka wɔn ho kɔ, na na yɛde efi nnɔnhwerew 10 kosi 12 ka asɛm kyerɛ nkurɔfo da biara. M’ani gyee nna mũ a midii wɔ Yehowa som adwuma mu no ho yiye. Enti bere a afe a edi hɔ no Paapa ne Maame penee so maa mebɛyɛɛ ɔdawurubɔfo na meyɛɛ me dwumadi ho kyerɛwtohɔ ankasa no, m’ani gyei.
Wɔ saa tete mmere no mu no, yɛde yɛn ho hyɛɛ mmɔnten so aperententu a wɔnam so ka asɛm mu, na yɛnantew nkurow mmɔnten akɛse so bere a na yɛde nkrataa a nsɛm a wɔde pa atoro som ho ntama na ɛbɔ Onyankopɔn Ahenni ho dawuru wɔ so abobɔ yɛn ho. Yɛde gramafon mpaawa nketewa nso bɔɔ Bible mu nsɛm kyerɛɛ afiewuranom wɔ wɔn apon ano pɛɛ. Ná yɛbɔ ɔkasa ahorow a J. F. Rutherford, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani na ɔmae no, na emu bi kaa me tirim. Meda so ara kae asɛm a ɔkae yi yiye: “Wɔaka no mpɛn pii sɛ, Nyamesom yɛ afiri ne nnaadaa!”
Wɔbara Yɛn Adwuma no wɔ Canada
Wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no, wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Canada, sɛnea na ɛte wɔ Nasi nniso ase wɔ Germany ne nsase afoforo so no. Enti yɛde Bible nkutoo na edii dwuma, nanso yɛtoaa yɛn adwuma a Onyankopɔn ama yɛn tumi sɛ yɛnyɛ no so de dii Bible ahyɛde so. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 5:29) Yesuae sɛ yɛbɛma sɔre a polisifo sɔre hyɛɛ yɛn wɔ yɛn nhyiam horow ase ne yɛn afie mu no akokwaw yɛn. Yɛn ho kokwawee wɔ yɛn ho ano a yeyii wɔ asennibea nso mu.
Me ne me nua Jim ho bɛkokwawee wɔ nhomawa horow a na yɛto fi kar a ɛrekɔ mu gu apon ano ne abranaa so mu. Afei nso na yɛboa wɔn a wɔretwa hye no akɔ nhyiam wɔ United States no.
Ná yɛn fie wɔ asase bɛyɛ hama biako a nnua ne nwura atwa ho ahyia so wɔ Port Arthur (mprempren Thunder Bay) a ɛwɔ Ontario no kurotia. Ná yɛwɔ nantwi, nantwi ba, mprako, ne nkokɔ—eyinom nyinaa boa ma yetumi de mfɛfo Kristofo nkumaa a wɔrehwehwɛ wɔn akyere wɔn agu afiase, esiane Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a wɔka nti no siei.
Edu anadwo a, na kar ne lɔre ahorow a Kristofo mmofra wom di akɔneaba wɔ yɛn fie a atew ne ho hɔ. Ná yɛma saa mmofra yi dabere, de wɔn sie, hyehyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wonhu wɔn, ma wɔn aduan di, na yɛma wɔtoa wɔn akwantu so. Me papa ne me maame, ne saa adwumayɛfo nkumaa yi a wofi ɔkra nyinaa mu somee no na wɔkanyan me koma wɔ mmofraberem ma mesom Yehowa Nyankopɔn na minyaa ne ho dɔ.
Wɔ August 1941 mu no, mihyiraa me nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ me asu wɔ ɔtare ketewa bi mu wɔ akyirikyiri baabi. Yɛn mu pii hyiaam maa adeyɛ yi wɔ ɔdan ketewa bi a yɛasɔ kanea wom mu wɔ dasum. Ɛdaa adi sɛ esiane sɛ na polisifo no susuw sɛ biribi rekɔ so no nti, wɔnantenantew hɔ de akanea hwehwɛɛ ɔtare no ho, nanso wɔanhu yɛn.
Bere Nyinaa Som Adwuma no Afã Horow Pii
Miwiee ntoaso sukuu 1951, na mituu kwan bɛyɛ kilomita 1,600 kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Cobourg, Ontario. Ná ɛhɔ asafo no sua, na na minni ɔkwampaefo ɔhokafo. Nanso bere a mekaee sɛ wontwaa Yehowa nsa so no, mekɔtraa ɔdan bi mu tuaa ka, menoaa m’ankasa m’aduan, na m’ani gyei sɛ meresom Yehowa. Afe a edi hɔ no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛsom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Toronto hɔ. Misuaa nneɛma a mfaso wɔ so pii wɔ hɔ, na esiesiee me maa daakye Ahenni som adwuma.
Bere a mesom wɔ Toronto sɛ ɔkwampaefo afe akyi no, mewaree Lucy Trudeau, na wɔde yɛn kɔɔ Levis, Quebec sɛ akwampaefo wɔ 1954 awɔw bere mu. Ná awɔw wɔ hɔ yiye, na sakasakayɛfo ne polisifo adwoodwoo no yɛ hu, na na Franse kasa no sua yɛ den. Eyi nyinaa mu no, wɔantwa Yehowa nsa so da, enti ɛmfa ho sɛ yehyiaa mmere a emu yɛ den no, yenyaa nhyira pii nso.
Sɛ́ nhwɛso no, wɔde hyɛɛ yɛn nsa sɛ yɛnhwɛ sɛnea po so ahyɛn abien (Arosa Star ne Arosa Kulm) a na Asafo ti no abɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛma ɛde anuanom akɔ Europa amanaman ntam nhyiam akɛse wɔ 1955 mu no te. Esiane sɛ po so hyɛn adwuma mpanyimfo ani gyee ho sɛ wɔne Asafo ti no bɛyɛ adwuma nti, wɔdaa ahɔhoyɛ su adi kyerɛɛ yɛn bere ne bere mu, na ɛmaa yenyaa ahomegye ne anigye kakra wɔ Quebec asɛnka adwuma a na ɛyɛ den saa bere no mu.
Wɔ 1955 otwa bere mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo, na yɛkɔsrasraa asafo ahorow a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Ontario kusuu fam a awɔw wɔ hɔ kɛse no wɔ awɔw bere no mu. Afe a edi hɔ no, yɛkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu wɔ United States, na ɛno akyi no wɔmaa yɛn dwumadi wɔ Brazil, Amerika Kesee Fam, sɛ asɛmpatrɛwfo.
Yɛde anigye fii yɛn dwumadi foforo no ase, na bere tiaa bi mu no na yetumi di adanse kyerɛkyerɛ wɔ Portuguese kasa mu. Wɔ 1957 mfiase no, wɔsan maa mekɔyɛɛ adwuma sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Afei de na ɛnyɛ Kusuu Fam awɔw no na ɛsɛ sɛ yegyina ano, na mmom ɔhyew a ano yɛ den. Mpɛn pii no na ɛsɛ sɛ yegyina porow yɛn mpaboa mu anhwea a ɛyɛ hyew no anaa yetwa ahwerew we na ama yɛasan anya ahoɔden. Nanso yenyaa nhyira.
Wɔ Regente Feijo kurow mu no, me ne polisifo panyin no kasae, na ɔhyɛ maa wɔtotoo sotɔɔ nyinaa mu ka kyerɛɛ obiara sɛ ɔnkɔ kurow no nhyiambea hɔ. Migyinaa dua bi a n’ahaban akɛse ase maa ɔkasa kyerɛɛ kurow no mufo nyinaa. Ɛnnɛ, Adansefo asafo wɔ hɔ.
Yɛtete Yɛn Mma wɔ Brazil
Bere a Lucy nyinsɛnee wɔ 1958 mu no, yɛkɔtraa Juiz de Fora, na yɛsom sɛ akwampaefo atitiriw. Yɛwoo yɛn mma mmea baanu no, Susan ne Kim wɔ mfe abien a edi hɔ no mu. Ná wɔyɛ mmoa ankasa wɔ ɔsom adwuma no mu, na wɔbɛyɛɛ ahwɛde wɔ kurow no mu. Sɛ yepia nea yɛde wɔn si so no fa akwan a mmosea wɔ so no so a, na nkurɔfo fi adi bɛhwɛ wɔn. Esiane sɛ na Ahenni adawurubɔfo pii ho hia wɔ Recife a ɛwɔ asase nkyɛmpɛ no ase pɛɛ nti, yetu kɔɔ saa beae a ɛhɔ yɛ hyew kɛse hɔ.
Wɔ 1961 mu no, ɛnyɛ wimhyɛn ho nhyehyɛe nko na mitumi yɛ maa Adansefo a wɔrekɔ São Paulo nhyiam no, na mmom m’ankasa nso mekɔɔ saa nhyiam a na ɛyɛ anigye no bi. Nanso, yetui akyi bɛyɛ simma 20 no, wimhyɛn no fii ase sɛ ɛresian mpofirim, na ɛtotoo akwantufo no guu mu. Nneɛma hwetee wɔ wimhyɛn no mu; nkongua no tutui, na akwantufo pirapira maa mogya tuu wɔn. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ wimhyɛnkafo no tumi kaa wimhyɛn no a anhwe ase, na esii fam dwoodwoo. Yɛn mu biara nni hɔ a opirae kɛse sɛnea ontumi mfa wimhyɛn foforo nkɔ São Paulo. Yɛn ani gyei wɔ nhyiam no ase, nanso mekae sɛ merentra wimhyɛn mu bio!
Nanso, bere a mifi nhyiam no san baa fie no, na wɔama me dwumadi foforo. Ná ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ nhyiam bi so wɔ Teresina, Puauí Mantam a ɛwɔ ɔman no mfinimfini no mu. Ná ɛsɛ sɛ metra wimhyɛn mu kɔ hɔ. Ɛmfa ho sɛ me bo tui no, mepenee dwumadi no so, na mede me ho too Yehowa nsa no so.
Yɛwoo yɛn babarima Greg 1962 wɔ Recife. Ɛwom sɛ mantumi ankɔ so anyɛ akwampae adwuma esiane sɛ na afei m’abusua mu retrɛw nti de, nanso mitumi boae kɛse wɔ asafo ketewa no mu. Ná mmofra no ho pere wɔn sɛ wɔne yɛn bɛkɔ asɛnka efisɛ yɛmaa wɔn ani gyee ho. Wɔn mu biara tumi kaa asɛm no bi wɔ apon ano fi bere a wadi mfe abiɛsa. Yɛde yɛɛ yɛn su sɛ yɛmma nhyiam horow anaa asɛnka adwuma no mpa yɛn ti so da. Sɛ abusua no muni bi yare na sɛ ebia obiako bɛtra ne nkyɛn mpo a, na wɔn a wɔaka no kɔ asafo nhyiam anaa asɛnka.
Bere biara, na yesusuw mmofra no sukuu dwumadi ne wɔn asetram botae ahorow ho sɛ abusua, na yɛde siesiee wɔn maa Yehowa ahyehyɛde mu adwuma. Yɛhwɛɛ yiye sɛ yɛmma nneɛma a etumi sɛe ade te sɛ television nnya wɔn so nkɛntɛnso. Ná TV nni yɛn fie kosi bere a mmofra no bɛn mpanyin mfe so. Na ɛwom sɛ na yedi yiye de, nanso yɛamfa honam fam nneɛma ansɛe wɔn. Sɛ́ nhwɛso no, sakre biako pɛ na yɛtɔ maa wɔn baasa nyinaa.
Yɛyɛɛ nneɛma boom sɛnea yebetumi biara, yɛtotoo bɔɔl, guaree nsu, na yeboom tutuu akwan sɛ abusua. Mmeae a na yetu kwan kɔ ne Kristofo ɔmantam nhyiam ahorow anaa Betel afie a ɛwɔ aman ahorow so a yɛkɔsrasraa hɔ. Akwantu ahorow yi ma yenyaa bere de ahotɔ boom bɔɔ nkɔmmɔ sɛnea ɛbɛyɛ a me ne Lucy betumi ahu nea ɛwɔ yɛn mma no komam. Yɛda Yehowa ase kɛse wɔ saa mfe a na ɛyɛ anigye no ho!
Awiei koraa no, mfe du a yedii wɔ beae a wonya osu ne awia kɛse wɔ hɔ a ɛbɛn asase nkyɛmpɛ hɔ no maa Lucy yaree. Enti yɛn ani gyee ho sɛ wɔsakraa yɛn dwumadi ma yɛkɔɔ kesee fam a wim tebea no ye kakra, wɔ Curitiba, Paraná Mantam mu.
Yɛsan Kɔ Canada
Bere a yedii bɛyɛ mfe 20 wɔ Brazil akyi wɔ 1977 mu no, me ne Lucy ne mmofra no san kɔɔ Canada kɔhwɛɛ me papa a na ɔyare no. Amammerɛ soronko bɛn ara na yɛn abusua no hui yi! Nanso ansakra yɛn honhom fam yiyedi, efisɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ ɔdɔ no toaa nea na yɛyɛ dedaw no so.
Yɛwɔ Canada no, bere nyinaa som adwuma no bɛyɛɛ abusua mũ no nyinaa ade, efisɛ yɛn mma mmea no mu biara de ne ho hyɛɛ bere nyinaa akwampae som adwuma no mu. Yɛn mu biara boaa dwumadi a yɛn abusua no yɛ boom no. Yɛde sika biara a yenya fii adwuma a yɛde bere fã yɛe mu no kaa abusua sika ho de hwɛɛ abusua no, na yɛde bi siesiee kar abiɛsa a na yɛde kɔ yɛn nsasesin a ahwete mu no. Dapɛn biara, bere a yɛawie yɛn abusua Bible adesua no, yesusuw yɛn abusua nhyehyɛe ahorow ho. Saa nkɔmmɔbɔ ahorow yi boa maa obiara huu nea yɛrekɔ ne nea yɛde yɛn asetra reyɛ.
Ná yɛn babarima Greg nso de bere nyinaa som adwuma no ayɛ ne botae te sɛ ne nuabeanom mpanyimfo no. Efi bere a odii mfe anum no, n’ani gyee ho sɛ ɔbɛyɛ adwuma wɔ Asafo ti no baa dwumadibea a wɔfrɛ hɔ Betel no. Wamma n’ani ampa ne botae no so da, na bere a owiee ntoaso sukuu no, obisaa me ne ne maame sɛ: “Mususuw sɛ ɛsɛ sɛ mibisa Betel adwuma hokwan anaa?”
Ɛmfa ho sɛ ɛhaw yɛn sɛ yɛn babarima no befi yɛn nkyɛn no, yebuae a yɛantwentwɛn yɛn nan ase sɛ: “Worente Yehowa nsa no nka kɛse wɔ baabiara sɛ Betel—Yehowa ahyehyɛde no ti.” Anni asram abien na ɔkɔɔ Canada Betel. Ná ɛyɛ 1980 mu, na wakɔ so asom wɔ hɔ fi saa bere no.
Me ne Lucy hyiaa nsɛnnennen afoforo wɔ 1980 mfe no mu. Yɛsan sii yɛn dedaw mu—ɛkaa yɛn baanu pɛ. Saa bere no na Susan aware ne ne kunu reyɛ akwampae adwuma, na na Kim ne Greg nyinaa resom wɔ Betel. Ná dɛn na yɛbɛyɛ? Yenyaa saa asemmisa no ho mmuae ntɛm wɔ 1981 mu, bere a wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsom Portugal ɔmansin bi a na ahwete bɛyɛ kilomita 2,000 wɔ Canada no. Yɛda so ara renya akwantu adwuma no mu anigye.
Kim aware na wakɔ Gilead, na mprempren ɔne ne kunu som wɔ ɔmansin adwuma no mu wɔ Brazil. Susan ne ne kunu da so ara wɔ Canada a wɔretete wɔn mma baanu, na Susan kunu yɛ ɔkwampaefo. Ɛwom sɛ wɔ nnansa yi mfe mu no, yɛn abusua no mu atetew honam fam esiane yɛn bere nyinaa som adwuma mu dwumadi ahorow nti de, nanso yɛda so yɛ biako wɔ honhom ne nkate fam.
Me ne Lucy ne yɛn abusua no hwɛ daakye a ɛyɛ anigye bi kwan wɔ asase a wɔatew so no so. (2 Petro 3:13) Te sɛ teteni Mose no, yɛn ankasa yɛahu nokware a asemmisa a ɛwɔ Numeri 11:23 yi ho mmuae yɛ no: “So wɔatwa [Yehowa] nsa so? Afei wubehu sɛ m’asɛm bɛba mu ama wo anaasɛ ɛremma mu.” Nokwarem no, biribiara ntumi nsiw hyira a Yehowa behyira n’asomfo wɔ wɔn som a efi koma nyinaa mu no kwan.
[Kratafa 25 mfonini]
Me ne me yere Lucy