“Ma No Aduan Nni, Mfa Nsi Ne Nan Ase”
Afrika Amusie Amanne Ahorow a Yɛhwehwɛ Mu
“WONSIE wɔn awufo!” Eyi yɛ asɛm a wɔtaa ka fa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Afrika Atɔe Fam ho. Nanso, nokwarem no, nnipa pii nim sɛ Adansefo no sie wɔn awufo.
Dɛn nti na nkurɔfo ka sɛ Yehowa Adansefo nsie wɔn awufo? Nea enti a wɔka saa ne sɛ Adansefo no nyɛ wɔn man mu amusie amanne ahorow a agye din no mu pii.
Amusie Amanne Ahorow
Aliu te akuraa ketewaa bi a ɛwɔ Nigeria Mfinimfini Fam. Bere a ne maame wui no, ɔbɔɔ n’abusuafo amanneɛ, na ɔyɛɛ nhyehyɛe maa wɔmaa Kyerɛwnsɛm mu ɔkasa bi wɔ ne fie. Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no mu ɔpanyin bi na ɔmaa ɔkasa no, na na egyina awufo tebea ne owusɔre ho anidaso a ɛma akomatɔyam a Bible ka ho asɛm no so. Wosiee Aliu maame wɔ ɔkasa no akyi.
Abusuafo no bu fuwii kɛse. Wɔn fam no, amusie a apɛsi, a wɔtaa yɛ no da a obi wu no anadwo, nka ho no nni mũ. Baabi a Aliu te no de, apɛsi yɛ anigye bere, ɛnyɛ ayiyɛ. Woguare amu no, hyɛ no atade fitaa, na wɔde to mpa mu. Wɔn a ade atɔ wɔn ani no kɔbɔ nnwontofo paa, tɔ beer nnaka ne nsafufu nsuhina pii, na wɔhwɛ de nantwi anaa abirekyi bɔ afɔre. Afei abusuafo ne nnamfo bɛto nnwom, saw, didi, na wɔnom nsa kosi ahemadakye.
Bere a eyi nyinaa rekɔ so no, wɔde aduan si amu no nan ase. Wotwitwa owufo no ti nwi ne n’awerɛw no bi de sie ma “amusie a ɛto so abien” no. Ɛba so nna, adapɛn, anaa mfe bi mpo akyi.
Wosie amu no da a edi apɛsi no akyi, ɛwom sɛ ayi no kɔ so bɛyɛ dapɛn biako anaa nea ɛboro saa de. Amusie a ɛto so abien no ba so akyiri yi. Wɔde ntama fitaa kyekyere nwi ne awerɛw no, na wɔde kyekyere taboo a ne tenten yɛ mita 1.5 kosi 1.8 ho. Nnipa to santen to nnwom saw, na wɔde taboo no kɔ amusiei hɔ kosie no wɔ onii a ɛyɛ ne de no amu nkyɛn. Wɔto nnwom, nom nsa na wodidi bio. Ansa na wɔde ayi no bɛba awiei no, wɔtow tuo biako kɔ wim.
Esiane sɛ Aliu amma eyinom mu biara ho kwan nti, wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔnkyerɛ obu mma awufo anaa amammerɛ a wɔde di wɔn ni no. Nanso dɛn nti na Aliu a ɔyɛ Yehowa Dansefo no pow sɛ obedi amammerɛ akyi? Efisɛ na ontumi mfi ahonim pa mu nnye nyamesom adwene a saa amammerɛ ahorow yi gyina so no ntom.
Afrikafo Gyidi Ahorow
Wɔ Afrika nyinaa no, nkurɔfo gye di sɛ nnipa nyinaa fi ahonhom atrae na wɔbae, na wɔbɛsan akɔ hɔ. Yorubafo a wɔwɔ Nigeria no ka sɛ: “Asase no yɛ guaso, na ɔsoro yɛ fie.” Na Ibofo ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ obiara a wɔwo no ba wiase yi mu no san kɔ fie, ɛmfa ho bere tenten a ɔde tra asase so no.”
Susuw amanne a yɛadi kan aka ho asɛm no ho. Apɛsi no atirimpɔw ne sɛ wɔde begya honhom no kwan wɔ ɔkwan a ɛfata so. Wobu atade fitaa sɛ ɛfata ma ahonhom atrae. Wɔde aduan si ne nan ase esiane adwene a wɔwɔ sɛ amu no didi fa ne nan ase, na ɛsɛ sɛ wɔma no aduan na amma ɔkɔm anne no wɔ kwan a ɔretu akɔ ne nananom asase so no mu no nti.
Afei nso, nnipa dodow no ara gye di sɛ, sɛ honhom no fi nipadua no mu a, ɛnenam ateasefo mu a ɛnsan nkɔ nananom hɔ kosi sɛ awiei koraa no, wɔnam amusie a ɛto so abien no so begyaa no. Nkurɔfo suro sɛ, sɛ wɔanyɛ amusie a ɛto so abien no a, honhom no bo befuw na ɔde yare abɔ ateasefo anaa wɔakum wɔn. Nea enti a wɔto tuo no ne sɛ “ɛbɛka honhom no afi hɔ” akɔ soro.
Ɛwom sɛ ayiyɛ ho amanne ahorow sonsonoe wɔ Afrika mmea ahorow nyinaa de, nanso adwene a ɛwɔ akyi titiriw ne sɛ honhom no kɔ so tra ase bere a nipadua no awu no. Atirimpɔw titiriw a enti wɔyɛ amanne ahorow no ne sɛ ɛbɛboa honhom no ma wagye “frɛ a wɔrefrɛ no akɔ fie” no so.
Kristoman nkyerɛkyerɛ a ese nnipa kra nwu da, ne “akronkronfo” a wɔsom wɔn no na ahyɛ gyidi ne nneyɛe ahorow yi ho nkuran. Ɛho nhwɛso ne nea asraafo sɔfo bi a ɔwɔ Swaziland kae, sɛ Yesu amma sɛ ɔrebɛsɛe amammerɛ, na mmom ɔbɛhyɛɛ no ma anaa obesii so dua. Esiane sɛ asɔfo na wɔtaa di amusie anim nti, nnipa pii te nka sɛ Bible no pene gyidi ahorow ne amanne a efi mu ba no so.
Nea Bible no Ka
So Bible no pene gyidi ahorow yi so? Ɔsɛnkafo 3:20 ka awufo tebea ho asɛm sɛ: “Ade nyinaa [nnipa ne mmoa nyinaa] kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu.” Kyerɛwnsɛm no ka bio sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara . . . Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw, . . . na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10.
Eyi ne kyerɛw nsɛm afoforo da no adi pefee sɛ awufo ntumi nhu yɛn, nte yɛn kasa, anaa wontumi mmoa yɛn anaa wompira yɛn. So eyi ne nea woahu no nhyia? Ebia wunim ɔdefo a wagye din bi a wawu a ɛno akyi no, n’abusuafo ahu amane ɛmfa ho sɛ wɔyɛɛ amusie ho amanne no nyinaa. Sɛ saa barima no te ase wɔ ahonhom atrae a, dɛn nti na ɔmmoa n’abusua? Ontumi nyɛ saa efisɛ nea Bible no ka no yɛ nokware—awufo nnim hwee ampa, ‘wontumi nsɔre wɔ owu mu,’ enti wontumi mmoa obiara.—Yesaia 26:14.
Ná Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, nim sɛ eyi yɛ nokware. Susuw nea esii wɔ Lasaro wu no akyi ho. Bible no ka sɛ: “[Yesu see] wɔn [n’asuafo no] sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no. Ɛnna n’asuafo no kae sɛ: Awurade, sɛ wada de a, ɔbɛsɔre. Na Yesu de, ɔkaa ne wu ho asɛm.”—Yohane 11:11-13.
Hyɛ no nsow sɛ Yesu de owu totoo nna ho. Bere a oduu Betania no, ɔkyekyee Lasaro nuammea Maria ne Marta werɛ. Ahumɔbɔ maa Yesu sui. Nanso, wanka asɛm bi anaa wanyɛ biribiara amfa ankyerɛ sɛ Lasaro honhom bi te ase a ehia mmoa na ama adu ne nananom asase so. Mmom no, Yesu yɛɛ nea ɔkae sɛ ɔrekɔyɛ no. Ɔnam owusɔre so nyan Lasaro fii owu a ɛte sɛ nna no mu. Ná eyi di adanse sɛ awiei koraa no, Onyankopɔn nam Yesu so benyan wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa.—Yohane 11:17-44; 5:28, 29.
Dɛn Nti na Ebinom Da Nsow?
So mfomso bi wom sɛ obi begyina gyidi a ɛne kyerɛw nsɛm no bɔ abira so de ne ho hyɛ ayiyɛ ho amanne mu? Aliu ne Yehowa Adansefo afoforo ɔpepem pii gye di sɛ ɛte saa. Wonim sɛ ɛbɛyɛ mfomso—nyaatwom mpo—sɛ wɔbɛboa nneyɛe bi a ɛda adi pefee sɛ egyina atoro nkyerɛkyerɛ a wɔde daadaa nkurɔfo so. Wɔmpɛ sɛ wɔyɛ sɛ akyerɛwfo ne Farisifo a Yesu buu wɔn fɔ wɔ wɔn nyamesom mu nyaatwomyɛ ho no.—Mateo 23:1-36.
Ɔsomafo Paulo bɔɔ ne yɔnko dwumayeni Timteo kɔkɔ sɛ: “Honhom no ka fann sɛ akyiri nna bi mu ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho, atoro kyerɛkyerɛfo nkontompo nti.” (1 Timoteo 4:1, 2) So adwene a ɛne sɛ adesamma awufo no te ase wɔ ahonhom atrae no yɛ ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ?
Yiw, ɛte saa. Satan Ɔbonsam, “atoro agya” no, ka kyerɛɛ Hawa sɛ ɔrenwu, a ɛkyerɛ sɛ na ɔbɛkɔ so atra nkwa mu wɔ honam mu. (Yohane 8:44; Genesis 3:3, 4) Ɛnyɛ nea na ɔreka ne sɛ ɔkra nnwu da, na ɛkɔ so tra nkwa mu wɔ nipadua no wu akyi. Nanso, Satan ne n’adaemone no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdan nnipa afi Onyankopɔn Asɛm mu nokware ho denam adwene a ɛne sɛ asetra kɔ so wɔ owu akyi no a wɔma ɛkɔ so no so. Esiane sɛ Yehowa Adansefo gye nea Onyankopɔn ka wɔ Bible mu no di nti, wonnya adwenhorow ne nneyɛe a ɛboa Satan atosɛm no biara mu kyɛfa.—2 Korintofo 6:14-18.
Esiane sɛ Yehowa Adansefo atwe wɔn ho afi amusie ho nneyɛe a ɛne Kyerɛw nsɛm bɔ abira nti, ebinom a wɔne wɔn nyɛ adwene anya wɔn ho tan. Wɔde awunnyade akame Adansefo binom. Afoforo nso abusuafo apow wɔn. Nanso, sɛ́ nokware Kristofo no, wohu sɛ nokwaredi mu a wofi yɛ osetie ma Onyankopɔn no ma wiase no tan wɔn. Te sɛ Yesu Kristo asomafo anokwafo no, wɔasi wɔn bo sɛ ‘wobetie Onyankopɔn mmom asen nnipa.’—Asomafo no Nnwuma 5:29; Yohane 17:14.
Bere a nokware Kristofo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkae wɔn adɔfo a wɔadeda wɔ owu mu no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ ateasefo. Sɛ́ nhwɛso no, Aliu de ne maame baa ne fie bere a ne papa wui no, na ɔhwɛɛ no kosii ne wu mu. Sɛ afoforo ka sɛ Aliu ankyerɛ ɔdɔ amma ne maame esiane sɛ wansie no sɛnea ɛhɔ amanne a agye din te nti a, ɔtwe adwene si abebu a ne nkurɔfo taa ka yi so sɛ: “Ma me aduan nni ansa na wode bi asi me nan ase.” Aduan a wɔde ma obi di, anaa hwɛ a wɔhwɛ no bere a ɔda so te nkwa mu no ho hia kɛse sen sɛ wɔde aduan besi ne nan ase, a ɛno ne nneyɛe a yɛadi kan aka ho asɛm sɛ wɔyɛ wɔ apɛsi ase bere a onii no awu no. Nokwarem no, aduan a wɔde si nea wawu no nan ase no so mma no mfaso koraa.
Aliu bisa n’akasatiafo no sɛ, ‘Emu nea ɛwɔ he na w’ani begye ho—sɛ́ w’abusuafo bɛhwɛ wo bere a wo mfe akɔ anim anaasɛ wɔbɛyɛ ayi kɛse bere a wawu no?’ Wɔn mu dodow no ara ka sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔhwɛ wɔn bere a wɔda so te nkwa mu no. Afei nso wɔn ani sɔ sɛ wobehu sɛ wowu a, wɔbɛyɛ ayi a egyina Bible so de akae wɔn na wɔasie wɔn ɔkwampa so.
Ɛno na Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ama wɔn adɔfo. Wɔma nkurɔfo aduan di, wɔmfa nsi wɔn nan ase.