Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Onyankopɔn Nhwɛ Nnipa Anim
BƐBORO mfe 1,900 ni no, ɔsomafo Petro dii ɔsraani panyin Kornelio adanse sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Kornelio daa no adi sɛ osuro Onyankopɔn, na ɔdɔ trenee. ogyee adanse a Petro dii no toom, na ɔbɛyɛɛ Kristoni.
Saa nnyinasosɛm no yɛ adwuma nnɛ nso—Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim. Yehu eyi wɔ osuahu bi a efi Germany mu. Amanneɛbɔ no se:
“Russiafo asraafo dwumadibea kɛse bi wɔ yɛn asafo no asasesin mu. Bere a wodwiriw Berlin Afasu no gui wɔ 1989 mu akyi pɛɛ no, asafo mpanyimfo no bisae sɛ obi wɔ hɔ a ɔte Russia kasa a. Ná yɛn mu bi te, na yɛkɔyɛɛ adwuma wɔ saa asasesin yi mu, ma yenyaa anigye ankasa. Osuahu pii a yenyae no mu biako na edi so yi.
“Bere bi a me ne ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu (afei de wɔabɔ no asu) bi nam no, yɛne ɔsahene bi kasae. Ɔsahene no tiee yɛn asɛm no, na afei ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛne n’asraafo no mmɛkasa. Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔn nso wɔte nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ne Bible no ho, enti yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan akɔ.
“Yɛsrɛɛ onuawa bi a ɔte Russia kasa no yiye sɛ ɔne yɛn nkɔ na ɔnkɔkyerɛ nsɛm ase. Yɛhyehyɛɛ nhoma wɔ pon so, na yetumi ne asraafo 68 bɔɔ nkɔmmɔ buaa wɔn nsemmisa wɔ asraafo atrae hɔ hyiadan no mu. Ɛno akyi no, wɔde anigye gyee nhoma 35 ne nsɛmma nhoma a ɛreyɛ adu 100. Bere a yɛrefi hyiadan no mu no, yehui sɛ wɔaboa wɔn ho ano wɔ akuw nketewa mu rebɔ nhoma no mu nkɔmmɔ.
“Yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan aba hɔ July 4, 1992. Bere a yeduu hɔ 10:50 anɔpa no, ɔsraani a ɔwɛn pon ano no ka kyerɛɛ yɛn sɛ asraafo no rehwɛ yɛn kwan. Ɔsraani panyin bi de yɛn kɔɔ hyiadan no mu, na yehui sɛ ɔbea bi a ogyee nhoma sɛ ɔde bɛhyehyɛ ɛhɔ nhomakorabea bere a edi kan a yɛkɔɔ hɔ no de nsɛm a wɔakyerɛw agu nkrataa so abobɔ asraafo atrae hɔ de abɔ yɛn ba no ho dawuru. Anuanom mmarima baasa maa yɛn wiase nyinaa adwuma no ho ɔkasa ntiantia, na wɔkyerɛɛ nea enti a yebetumi de yɛn ho ato Bible no so. Afei yɛmaa atiefo no kwan ma wobisabisaa nsɛm, na yefi Bible no mu buae. Nsemmisa no bi ne sɛ, Dɛn ne Yehowa Adansefo afã wɔ asraadi ho, na wɔn mu bi yɛ asraafo anaa? Eyi maa ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu a me ne no dii kan kɔɔ hɔ no tumi kaa mfe 25 a odii wɔ East Germany asraadi mu, a mfe a etwa to no mu no, na ɔyɛ wim akofo sraafo panyin no ho asɛm. Ɔkaa nea ɛyɛe a obehuu Onyankopɔn ne Bible no ho asɛm, afei na ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Asraafo no ani gyee nea ɔkae no ho. Asraafo no gyee nhoma a yɛde kɔe no nyinaa wɔ simma ason pɛ mu, na na wɔn mu pii pɛ sɛ wɔn nsa ka Bible. Yɛkonyaa Bible a ɛwɔ Russia kasa mu ason wɔ nhomatɔnbea bi, na wɔn ani gyei sɛ wɔn nsa kae. Yɛn ani gyei ankasa sɛ yɛmaa saafo yi a honhom mu kɔm de wɔn yi Bible mu nimdeɛ, na yɛwɔ anidaso sɛ wɔde bedi dwuma.”
Nokwarem no, Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim. Ɔnam n’Asɛm no so to nsa frɛ nnipa komapafo nyinaa, a nnipa ko a wɔyɛ ne baabi a wɔte mfa ho. Ɔto nsa frɛ wɔn sɛ wonsua ɔne ne Ba, Yesu Kristo ho ade, na nnipa a wofi mmaa nyinaa reyɛ saa.—Yohane 17:3.