Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 6/1 kr. 19-23
  • Wɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible mu Nokware Sua
  • Akwampae Adwuma a Ɔyɛ wɔ Australia
  • Wɔma no Kɔ Amannɔne Asase So
  • N’aware, Adwuma no a Wɔbarae, ne Ɔko
  • Adwumayɛban mu Asetra
  • Wonya Ahofadi na Wɔsan Hyiam ma Ɛyɛ Nwonwa
  • Wɔsan Ba Australia
  • Wodii Nkonim Kosii Owu Mu
    Nyan!—1993
  • Yehowa Dii M’akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Asɛmpatrɛw Dwumadibea Bɛyɛɛ Yɛn Fie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ɔfa 4: 1940-1943—Amanaman A Wɔn Ho Yeraw Wɔn A Ehu Aka Wɔn
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 6/1 kr. 19-23

Wɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn

SƐNEA CRAIG ZANKER KA KYERƐE

Me ne me yere Gayle de mfe awotwe ayɛ akwampae adwuma, Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo. Mfe asia ni a yɛresom wɔ Aborigenefo mu wɔ Australia mmeae a ɛwɔ akyirikyiri no. M’awofo ne me nananom nhwɛso na yɛredi akyi.

MOMMA menka me nananom ho asɛm titiriw. Edin a yefi ɔdɔ mu de frɛ wɔn ne Opa ne Oma, a ɛkyerɛ nanabarima ne nanabea wɔ Dutch kasa mu. Me nanabarima Charles Harris da so de nsiyɛ resom wɔ Melbourne, a aka kakra ma wadi mfe 50 wɔ hɔ.

Bible mu Nokware Sua

Wɔwoo Opa wɔ kurow ketewa bi a ɛwɔ Tasmania, Australia mantam a ɛyɛ supɔw so no mu. Bere a na wadi mfe 14, wɔ 1924 mu no, ne papa tɔɔ adaka a po so ahyɛnkafo de wɔn ho nneɛma gu mu bi. Ɛbɛdaa adi sɛ ɛyɛ honhom fam akorade adaka ankasa, efisɛ na nhoma horow a Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, Charles Taze Russell, kyerɛwee wom.

Ná ɛda adi sɛ Opa papa ani nnye nhoma horow no ho biara, nanso Opa fii ase kenkanee, na ntɛm ara ohui sɛ Bible mu nokware a ɛsom bo wom. Enti ofii ase hwehwɛɛ International Bible Students, nhoma no akyerɛwfo ananmusifo a ɛnnɛ wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo no. Ɔpɛe sɛ ɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ na ama wanya Bible mu nokware a ɔresua no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri.

Bere a ɔde bere pii ahwehwɛ wɔn no, ohuu mmea mpanyimfo baasa a na wɔde mmɔdenbɔ kyerɛkyerɛ afoforo. Wonyaa aberantewa Charles so nkɛntɛnso kɛse. Awiei koraa, wɔ 1930 mu no, ohyiraa ne ho so maa Yehowa Nyankopɔn, na wɔbɔɔ no asu. Ogyaee adwuma a na ɔyɛ sɛ nankwanseni no, na otuu kwan kɔɔ Sydney a ɛwɔ kusuu fam no a ɛhɔ na wɔmaa no dwumadi sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo.

Akwampae Adwuma a Ɔyɛ wɔ Australia

Mfe kakra a edi hɔ mu no, Charles yɛɛ asɛnka adwuma wɔ Sydney mpoano mpɔtam bi a wɔfrɛ hɔ Bondi ne afei New South Wales mantam no nkuraase. Afei wɔde no kɔɔ Perth, Western Australia mantam no mu, wɔ asasepɔn no kesee fam kilomita ɔpepem pii. Ɔde asram asia kaa asɛm wɔ Perth mmeae a wodi gua wɔ hɔ no, na afei wɔmaa ɔne akwampaefo baanu kɔyɛɛ adwuma wɔ asasesin kɛse a ɛhɔ nnipa nnɔɔso a ɛwɔ Australia kusuu fam atɔe no.

Ná asasesin a nnipa baasa yi—Arthur Willis, George Rollisten, ne Charles—yɛ mu adwuma no kɛse te sɛ Italy mmɔho anan! Ná ɛhɔ nnipa nnɔɔso, ne nkuraase no nyɛ asase pa, na ɔhyew wɔ hɔ kɛse. Ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ wotwa kilomita 500 fi anantwi yɛmmea biako kɔ foforo so. Wɔ 1930 ahokyere no mu mpo no, na wobetumi abu kar a wɔde di dwuma no sɛ ɛyɛ dedaw dodo, nanso na wɔn gyidi mu yɛ den, na wɔasi wɔn bo.

Ná afurum anammɔn bobɔ mfutuma kwan hiahiaa a ɛso atutu no mu, na wɔ mmeaemmeae no, na mfutuma mma wonhu dunsin a ɛyɛ hu a esisi kwan no mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na wɔn kar no ase nnade taa bubu. Dade a kar no akyi tae hyehyɛ so no bui mprenu, na tae no nso paapaee mpɛn pii. Ná akwampaefo no taa twitwa tae dedaw mu pam tetare nea ɛwɔ hɔ no mu na ama wɔatumi atoa wɔn akwantu so.

Bere a meyɛ abofra no, mibisaa Opa nea ɛhyɛɛ wɔn nkuran maa wɔtoaa adwuma no so wɔ tebea a ɛyɛ den saa mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔkɔ faako a nnipa nni hɔ kɛse a, wɔbɛn Yehowa. Ɔkae sɛ ɛtɔ da bi a, nea ɛyɛ honam fam asɛnnennen no bɛdan honhom fam nhyira.

Bere a na Opa nna ne ho adi sɛ ɔkorɔn sen afoforo ɔkwan biara so anaa wammu ne ho treneeni no, na ɛyɛ no nwonwa sɛ nnipa pii ma honam fam ahonyade a wɔboaboa ano hia wɔn dodo. Ɔkaee me sɛ: “Nea eye sen biara ne sɛ obi benya ahode kakraa bi sɛnea ɛsɛ wɔ asetra mu. Sɛ na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛda abɔnten bere a ɛho abehia saa no a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ yɛbɛyɛ saa ara bere a yɛn dwumadi hwehwɛ sɛ yɛyɛ saa no.” (Mateo 8:19, 20) Na nokwarem no, ɔne ne mfɛfo no yɛɛ saa.

Wɔma no Kɔ Amannɔne Asase So

Wɔ 1935 no, wɔmaa Opa dwumadi foforo—sɛ onkodi Pacific Kusuu Fam nsupɔw no sofo adanse. Ɔne nnipa baasia traa Ɔwɛn Aban Asafo no hyɛmma a ne tenten yɛ mita 16 a wɔfrɛ no Lightbearer no mu kɔe.

Bere a wɔwɔ Coral Po no so bere bi wɔ Australia kusuu fam no, Lightbearer no engine sɛee. Ná mframa biara mmɔ, na na wɔmmɛn asase koraa, enti na wɔn ho akam. Ɛwom sɛ anka wobetumi akogu asu wɔ Australia abotan a wɔfrɛ no Great Barrier Reef no so de, nanso Opa ani gyee sɛnea na biribiara atɔ fɔmm no ho. Ɔkyerɛwee wɔ ne nhoma a na ɔkyerɛw da biara nsɛm wom mu sɛ: “Ná po no so dwo yiye. Me werɛ remfi sɛnea na owia a ɛrekɔtɔ wɔ po a ɛso dwo no so anwummere biara yɛ fɛ fa no da. Na ɛyɛ fɛ araa ma aka m’adwenem a me werɛ remfi da.”

Anigyesɛm ne sɛ, wɔankogu asu wɔ abotan no so, na mframa fii ase bɔe ma wɔkoduu Port Moresby, Papua New Guinea dwoodwoo, na wosiesiee engine no wɔ hɔ. Wofi Port Moresby no, wɔkɔɔ Thursday Island no so, na wofi hɔ kɔɔ Java, Indonesia supɔw kɛse bi so. Opa ani begyee ɔman yi a wɔfrɛ no “ahene a ɛsɛn asase nkyɛmpɛ so” no ho. Saa bere no na Indonesia yɛ Dutchfo atubraman enti nanabarima suaa Dutch ne Indonesia kasa nyinaa. Nanso na nhoma horow a ɔde ma nkurɔfo wɔ n’asɛnka adwuma mu no wɔ kasa horow anum mu: Dutch, Indonesian, Chinese, Engiresi, ne Arabik.

Ná Opa tumi ma Bible nhoma bebree. Bere bi, Dutch aban panyin bi a na ɔrehwehwɛ yɛn asɛnka adwuma mu yiye frɛɛ Clem Deschamp a na ɔhwɛ Ɔwɛn Aban Asafo nhoma akorae a ɛwɔ Batavia (mprempren Djakarta) no. Aban panyin no bisae sɛ: “Mo nnipa baahe na wɔreyɛ adwuma wɔ Java Apuei Fam?”

Onua Deschamp buae sɛ, “Biako pɛ.”

Aban panyin no teɛm sɛ, “Wopɛ sɛ migye eyi di? Sɛ mehwɛ mo nhoma no dodow a wɔkyekyɛ no baabiara no a, mowɔ nnipadɔm wɔ hɔ!”

Opa te nka sɛ ɛno ne nkamfo a ɛmaa no abotɔyam paa wɔ n’asetram no mu biako. Nanso na ɔfata saa nkamfo no ampa, efisɛ na ɔtaa ma nhoma fi 1,500 kosi 3,000 ɔsram biara.

N’aware, Adwuma no a Wɔbarae, ne Ɔko

Wɔ December 1938 no, Opa waree Indonesiani ababaa bi a wɔfrɛ no Wilhelmina, na ɔno ne me nanabea. Ná Oma, anaa nanabea yam ye, odwo, ɔyɛ nsi, na ɔkasa brɛoo. Nea enti a minim ne sɛ, meyɛ abofra no, na ɔyɛ m’adamfo paa.

Bere a Opa ne Oma waree akyi no, wɔboom yɛɛ wɔn akwampae adwuma no. Saa bere no na wɔde wɔn a na wɔka ne ho wɔ Lightbearer no mu no kɔ wiase mmeae afoforo anaa wɔasan kɔ fie. Nanso Opa de ɔde Indonesia yɛɛ ne fie, na osii ne bo sɛ ɔbɛtra hɔ.

Bere a Wiase Ko II repempɛn so no, asɔfo no piapiaa Dutchfo aban a na ɛwɔ Indonesia no ma wofii ase totoo Yehowa Adansefo adwuma no ano hye, na awiei koraa no wɔbarae. Enti asɛnka adwuma no yɛ bɛyɛɛ den, na na wɔde Bible nkutoo na edi dwuma. Ɛkame ayɛ sɛ kurow biara a Opa ne Oma kɔsraa hɔ no, wɔde wɔn kɔmaa aban mpanyimfo ma wobisabisaa wɔn nsɛm. Wɔne wɔn dii nsɛm te sɛ nsɛmmɔnedifo. Wɔbaraa adwuma no akyi bere tiaa bi no, wɔde Oma nuabea kunu too afiase esiane ɔfã biara a wannyina sɛ Kristoni no nti. Owui wɔ Dutchfo no afiase bi mu.

Ná Opa ne Oma te lɔre bi a treda a wɔde fa nneɛma sa so mu. Wɔde lɔre a adan fie yi kyinkyin kɔkaa asɛm wɔ Java nyinaa. Wɔ afe 1940 mu, bere a na aka kakra ma Japanfo asraafo ato ahyɛ ɔman no so no, wɔwoo ɔbabea, a ɔno ne me maame. Wɔde ɔkasa bi a onua J. F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no maa no mfe abien a na atwam no asɛmti too abofra no ma wɔfrɛɛ no Victory [Nkonimdi]. Wɔkɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no wɔ abofra no awo akyi pɛɛ.

Wɔ 1942 mfiase no, na Opa, Oma ne Victory te po so hyɛn a wɔde fa nneɛma fii Borneo mu reba na wɔtee sɛ Japanfo no ato tuo ma agyegye denneennen. Hyɛn no akanea nyinaa dundumee, na nkurɔfo teɛteɛɛm. Saa kwan yi so na ɔko no kaa m’abusua no asetra. Ɛwom sɛ wokoduu hyɛn gyinabea dwoodwoo de, nanso Japanfo no tow hyɛɛ Java so nna kakraa bi akyi, na Dutch aban panyin bi kyerɛɛ Japan asraafo no faako a Opa ne Oma wɔ.

Bere a Japanfo no huu wɔn no, wɔfow wɔn agyapade nyinaa, a abofra Victory agode mpo ka ho, na wɔde wɔn koguu adwumayɛban abien mu. Wɔmaa Victory kaa Oma hɔ, na Opa anhu wɔn bio kosi mfe abiɛsa ne fã akyi.

Adwumayɛban mu Asetra

Wɔ Opa afiasenna mu no, wɔde no kɔɔ nkurow ahorow ahorow so—wɔde no fi Surabaja kɔɔ Ngawi, wɔde no kɔɔ Bandung, na awiei koraa no wɔde no kɔɔ Tjimahi. Wɔde wɔn kɔɔ mmeae ahorow na amma wɔantumi anyɛ nhyehyɛe biara anguan. Ná nneduafo no dodow no ara yɛ Dutchfo, Britaniafo, ne Australiafo kakraa bi. Bere a Opa wɔ adwumayɛban no mu no, osuaa sɛnea woyi ti, na ɔda so ara yi ti wɔ bere ne bere mu. Nyamesom nhoma biako pɛ a wɔmaa ɛkaa ne ho ne Bible—King James Version no.

Saa bere no, na wɔde Oma ne Victory nso kɔ adwumayɛban afoforo mu bere ne bere mu. Wɔ saa adwumayɛban ahorow yi mu no, na ɔhwɛfo panyin no ma mmea no fi adi “kɔsom amanfo.” Nanso tebea bi nti, wɔamfrɛ Oma da. Akyiri yi, ɔtee sɛ wɔde mmea no kɔe ma Japanfo asraafo no ne wɔn kɔdedae.

Esiane sɛ na Japanfo asraafo ani nnye mmeawa ho nti, bere nyinaa na Oma siesie Victory ho te sɛ abarimaa, na otwitwa ne ti nhwi ma ɛkɔ fam. Edin Victory [Nkonimdi] no maa asɛnnennen bi sɔree bere a adwumayɛban no hwɛfo panyin no pɛe sɛ ohu nea saa din no kyerɛ—Japanfo Asraafo Ahempɔnsɛmdifo no Nkonimdi anaa Amerikafo no Nkonimdi?

Me nanabea de ahotoso buae sɛ: “Onyankopɔn Ahenni Nkonimdi wɔ asase so nniso nyinaa so!”

Esiane sɛ Oma anka sɛ “Nkonimdi ma Japanfo Asraafo Ahempɔnsɛmdifo no” nti, nea wɔde twee n’aso ne sɛ wɔmaa ɔne ne babea a wadi mfe anum no gyinaa ntenten wɔ awia a ano yɛ den so nnɔnhwerew awɔtwe. Wɔannyina nwini mu, wɔannom nsu, wɔantra ase, wɔammɔ wɔn mmu ase. Nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no, wotumi gyinaa aninyanne yi ano.

Bere a Oma dii afe biako wɔ adwumayɛban mu hɔ no, adwumayɛban panyin no ka kyerɛɛ no sɛ ne kunu awu! Ofi awerɛhow mu de Opa mfonini too n’adaka a amoamoa no ase, na ɔkɔɔ so gyinaa ne mudi mu ɛmfa ho sɛ na ɔredi awerɛhow.

Ná adwumayɛban no mu asetra yɛ den. Anɔpa biara na wɔma obiara tapioka kuruwa biako, paano ketewaa bi awia, ne ɔmo kuruwa biako a wɔde nkwan nsunsu gu so anwummere. Esiane sɛ na wonnya aduan a ɛsɛ nti, na nkurɔfo taa nya kwashiokor, ma konkuruwa kunkum wɔn mu bi da biara.

Bere a Opa wɔ adwumayɛban mu no, onyaa ɔyare bi a wɔfrɛ no pellagra ne nutritional edema (yare bi a aduankɔm na ɛde ba). Anka Oma nso reyɛ awu, efisɛ na ɔtaa de n’aduan ma Victory sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkɔm nkum abeawa ketewa no. Wɔyɛɛ wɔn atirimɔdenne kyenee wɔn kɔm daa. Nea ɛmaa wotumi nyaa nkwa ara ne wɔn Nyankopɔn Yehowa a wɔbɛnee no no.

Mekae nsɛm a Opa taa ka no biako yiye: “Ɔsorosoroni Yehowa apɛde a obi bɛyɛ no ne ahofadi.” Enti, na Opa bu ne ho sɛ ɔwɔ ahofadi ankasa ɛmfa ho sɛ ɔrehu amane wɔ adwumayɛban mu mpo no. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ho dɔ a na ɔne Oma wɔ no na ɛboaa wɔn ma ‘wonyaa ade nyinaa mu boasetɔ.’ (1 Korintofo 13:7) Abusuabɔ a emu yɛ den saa na mprempren me ne Gayle bɔ mmɔden sɛ yebekura mu.

Wonya Ahofadi na Wɔsan Hyiam ma Ɛyɛ Nwonwa

Awiei koraa no, Wiase Ko II no baa awiei wɔ 1945 mu. Bere a Japanfo no fi wɔn pɛ mu de wɔn atuo guu hɔ akyi bere tiaa bi no, wɔde Opa kɔfaa keteke. Bere a wofi Djakarta rekɔ Bandung no, Indonesia asraafo gyinaa keteke no. Ɛwom sɛ na Indonesiafo ne Japanfo ntam ɔko no agyae de, nanso na wɔreko apere ahofadi afi Dutchfo nniso ase. Opa ho dwiriw no kɛse sɛ woyii no fii keteke no mu sii fam prɛko pɛ ma ne werɛ fii sɛ ɔbɛka Engiresi kasa, na ofii ase kaa Dutch kasa. Wɔ Indonesiafo no fam no, na Dutch yɛ wɔn atamfo kasa, na na ɛsɛ sɛ wokunkum wɔn atamfo no.

Bere a asraafo no rehwehwɛ Opa ho no, nea ɛboaa no ne ahyɛnkafo krataa a wɔfrɛ no license a ogye fii Australia, a na ɔnkae mpo sɛ ɛhyɛ ne ho no. Anigyesɛm ne sɛ, ɛnyɛ Australiafo na na Indonesiafo no ne wɔn anya. Ɛde besi nnɛ no, Opa bu saa krataa a ɛdaa no adi sɛ ɔyɛ Australiani no sɛ Onyankopɔn na ɔde ne ho gyee nsɛm mu, efisɛ akyiri yi saa asraafo no kunkum Dutchfo 12 a na wɔte keteke mu retwam wɔ saa beae no.

Asɛm yi akyi bere tiaa bi no, na Oma ne Victory repɛ kar de afi beae a wɔadi ako asɛe hɔ no. Bere a wɔte kwan no nkyɛn no, lɔre a ɛtoatoa so pii a asraafo ne wɔn a wɔnnyɛ asraafo tete mu betwaam. Obiara anhu nea ɛyɛe, ne nyinaa gyinae mpofirim. Oma twaa n’ani hwɛɛ lɔre a ɛbɛn no pɛɛ a wɔnkataa akyi no mu, na hwɛ sɛnea ne ho dwiriw no bere a ohuu ɔbarima bi a wafɔn a na ɔnyɛ ɔhɔho mma no no. Ná ɛyɛ ne kunu! Wonnya nsɛm mfa nkyerɛkyerɛ anigye a wonyae bere a wɔsan hyiaam no mu.

Wɔsan Ba Australia

Bere a nanabarima atra Indonesia mfe 11, na ɔne n’abusua no san baa Australia wɔ 1946 mu no, asetra no yɛɛ den maa wɔn. Wɔsan bae sɛ ɔko mu aguanfo—na wonni hwee, wonnya aduanpa nni, na ɛhɔfo pii nni wɔn ho adwempa. Oma ne Victory hyiaa abusua mu nyinyim a wɔyɛ tiaa Asia atutrafo no. Ná ɛsɛ sɛ Opa yɛ adwumaden nnɔnhwerew pii de hwɛ n’abusua na ɔma wɔn atrae. Ɛmfa ho nsɛnnennen yi a wohyiae no, wotumi fii mu fii a wokura wɔn mudi mu pintinn.

Mprempren, bɛboro mfe 48 akyi no, Opa te Melbourne, na ɔda so nya afie afie asɛnka adwuma no mu kyɛfa ahoɔden so. Watra ase ahu sɛ Victory ne ne mma agye nokware no, wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa, na wɔn mu biara de ne ho ahyɛ bere nyinaa akwampae adwuma no mu.

Wɔbɔɔ Des Zanker a ɔbɛyɛɛ m’agya ne Victory asu wɔ 1950 mfe no mfiase, na Des bɛyɛɛ Australia Betel abusua no muni wɔ 1958 mu. Bere a ɔwaree Victory a na ɔresom sɛ ɔkwampaefo titiriw saa bere no, wɔkɔyɛɛ akwampae adwuma kakra, na afei wɔfrɛɛ wɔn ma wɔkɔyɛɛ akwantu adwuma. Ɛno akyi na wɔwoo me, enti na ɛsɛ sɛ wogyae akwantu adwuma no tete me. Nanso, mfe 27 akyi no, Paapa da so yɛ ɔkwampaefo.

Oma wuu asomdwoe mu wɔ fie, faako a wɔtetee me maame no wɔ 1990 mfiase. Saa ofie yi a ɛwɔ Melbourne yi ara mu na wɔtetee me ne me nuabarima kumaa ne me nuabea no nso. Ayɛ nhyira kɛse sɛ yɛn abusua no nyinaa abom atra ofie biako mu. Ɛtɔ da bi a na yɛkyere so, nanso menkae sɛ ɛno haw yɛn da. Mfe anan a edi kan wɔ me ne me yere Gayle aware mu mpo no, ɔno nso bɛtraa hɔ ara, na n’ani gyei wɔ hɔ. Bere a awiei koraa no yetu fii hɔ kɔɔ baabi a wɔama yɛn dwumadi foforo no, misui. Manya mmoa ne ɔdɔ kɛse afi saa fie no mu.

Nanso mprempren, me ne Gayle wɔ biribi a enti ɛsɛ sɛ yɛn ani gye kɛse, efisɛ yɛatumi reyɛ nea m’awofo ne wɔn nso awofo yɛe no. Bere a yefii fie no, ade a ɛkyekyee yɛn werɛ ne nea enti a na yɛrekɔ, a ɛne sɛ yɛrekɔyɛ Yehowa apɛde wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu. Yɛrebɔ mmɔden kɛse adi yɛn adikanfo anokwafo a wɔn nso wonyaa awerɛkyekye a ɛte saa ara bere a na wɔwɔ dwumadi a ɛyɛ den mu, ahia wɔn buruburoo, na wɔde wɔn guu Japanfo adwumayɛban mu mfe pii mpo, nhwɛso fɛfɛ no akyi.—2 Korintofo 1:3, 4.

Opa akɔ so anya awerɛkyekye bere nyinaa afi Ɔhene Dawid nsɛm a honhom kaa no ma ɔka kyerɛɛ Yehowa yi mu: “W’adɔe ye sen nkwa.” (Dwom 63:3) Me nanabarima anya ɔpɛ a emu yɛ den bere nyinaa sɛ obenya saa adɔe no daa daa. N’abusua mũ no nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ wɔne no bɛbom anya mu kyɛfa.

[Kratafa 21 mfonini]

Oma ne Opa Harris

[Kratafa 23 mfonini]

Craig Zanker (akyi), ne ne yere, n’awofo, ne nuabarima kumaa ne ne nuabea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena