Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 11/8 kr. 12-16
  • Ɔfa 4: 1940-1943—Amanaman A Wɔn Ho Yeraw Wɔn A Ehu Aka Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfa 4: 1940-1943—Amanaman A Wɔn Ho Yeraw Wɔn A Ehu Aka Wɔn
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ehu Mu Ahofadi?
  • German Anyinam no Dum
  • “Monty” Pam “Sare so Sakraman” No
  • Pasifik Kusuu Fam Ahurutra
  • Daakye ho Nhyehyɛe
  • Ɔfã 3: 1935-1940 Amanaman Apam No Hinhim Kɔ Ne Wu Mu
    Nyan!—1987
  • Nneɛma a Mekae sɛ Sraadi Abakɔsɛm Kyerɛwfo
    Nyan!—1993
  • Ɔfã 6: 1946​—1959 Yiyedi a Ɛdaadaa Wɔ Asomdwoe a Na Enni Hɔ Mu
    Nyan!—1988
  • Ɔfã 5: 1943-1945 Wiase Ko II—N’awiei A Ɛyɛ Hu Na Ano Yɛ Hyew No
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 11/8 kr. 12-16

Wiase No Fi 1914

Ɔfa 4: 1940-1943​—Amanaman A Wɔn Ho Yeraw Wɔn A Ehu Aka Wɔn

NÃ NE nsɛm no ara dɔɔso a ɛbɛma ehu aka ɔkokodurufo a ɔsen biara no mpo. Winston Churchill a ɔyɛ ɔsoafo a wɔapaw no foforo no ka kyerɛɛ Britania mmarahyɛ baguafo (House of Commons) no sɛ: “Minni hwee a mede rema sɛ mogya, ɔbrɛ, nusu ne fifiri.” Ɔresi sɛnea tebea no yɛ aniberesɛm no so dua no, ɔkae sɛ: “Nkonimdi wɔ ɔkwan biara so, nkonimdi a ahude biara mfa ho, nkonimdi a ɛmfa ho sɛ ebegye bere tenten bɛn ara anaasɛ ɛbɛyɛ den dɛn ara; efisɛ sɛ yɛanni nkonim a yɛn ase bɛhyew.”

Yiw, saa da no, May, 13, 1940 no, na ɛsɛ sɛ ehu ka Britaniafo ɔkwan biara so. Wɔ asram asia a edi hɔ no mu no, ná Germanfo Luftwaffe a woresiesie na wɔne no de akɔko no de wimhyɛn ɔhaha pii bɛkɔ akɔtoto atopae pii agugu mmeae ahorow a asraafo ne wɔn a wɔnyɛ asraafo nyinaa tete. Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ eyi sɛ Britania Ɔko, na na wɔasiesie sɛ wɔde bebubu Britania ahoɔden a ɔwɔ wɔ wim no na wɔde ama ɔmanfo no aba mu abu. Nanso ɔko no ankɔ yiye amma Luftwaffe. Hitler twentwɛn ne nan ase, na wɔ October mu​—anyɛ hwee no wɔ bere tiaa bi mu no​—wotwaa ɔsatu nhyehyɛe no mu.

Ehu Mu Ahofadi?

Wɔ United States no, Britaniafo ho a wosusuw no kɔɔ anim, na ɛpopaa Amerika nniso no afã biara a enni ho adwene no fii hɔ. Bere a Ɔmampanyin Roosevelt rema nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mu ada hɔ no, ɔkae wɔ 1940 mu sɛ: “Yɛde honam fam mmoa pii ama Britaniafo na yɛde pii bɛma daakye.”

Wɔ January 6, 1941 mu no, ɔyɛɛ ade foforo bi. Wɔ ne kasa a ɔde maa mmarahyɛ baguafo (Congress) no mu no, ɔkaa Ahofadi Anan bi ho asɛm. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya emu biako bi​—ehu mu ahofadi​—no, ɔhyɛɛ “akodeyɛ a wɔbɛtew so akodu baabi a ɛremma ɔman biara ntumi mfa nhyɛso a edi awu mma ne yɔnko biara so​—wɔ wiase baabiara” ho nyansa. Nokwarem no, na eyi yɛ mpaemuka a wɔnyɛ no tẽẽ a wɔde tia Axis tumi ahorow no amammuisɛm ne botae ahorow.

Asram abien akyi no, U.S. mmarahyɛ bagua (Congress) no maa adefɛm nhyehyɛe bi ho kwan. Eyi maa ɔmampanyin no kwan ma ɔde ɔko ho nneɛma te sɛ ntwitwiridii ne wimhyɛn ahorow, ne nnuan ne nnipa, kɔmaa ɔman biara a ɔte nka sɛ n’ahobammɔ bɛyɛ nea ɛho wɔ mfaso ma U.S. no.a Ɛmfa ho sɛ ná nnipa pii rekasa tia wɔ fie no, ɛbɛdaa adi sɛ ná United States de ne ho rehyɛ Europa ɔko no mu kɛse.

Ɛbere no mu, bere a Japan nnamfo a wɔwɔ Europa no nkonimdi ahyɛ no nkuran no, ɔtee nka sɛ afei de obetumi atu akɔ Southeast Asia a onsuro Britaniafo Dutchfo akwansiw kɛse biara. Bere a otuu Indochina so sa wɔ September 1940 mu no, Washington kasa tiae denneennen. Na bere a Japan toaa so koduu ɔman no kesee fam no, adeyɛ bi dii akyi. United States de ne nsa too Japan agyapade biara a ɔno na ɔhwɛ so no so, na osiw ngo a wɔde kɔma Japan no ano. Bere a Japanfo huu sɛ wɔn nneɛma a ɛho hia wɔn reba asiane mu no, afei de wɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ woyi asiane a ɛne United States ho a ɔbɛkɔ so de ahyehyɛ wɔn nsɛm mu no fi hɔ.

Asraafo mpanyimfo kae sɛ sɛ wodi U.S. po so asraafo dɔm no so nkonim kɛse a, U.S. tumi a ɔwɔ sɛ ɔde bɛtɔ were no a ɛboro Japan ahoɔden so bɛyɛ ɔha biara mu 30 no so bɛtew kɛse. Afei ɛdenam Amerika, Britania ne Dutchfo nsasesin a Japan bɛko adi so so no, obenya nsase ahorow a sɛ ɛba sɛ wɔsɔre bɛtoa no bi a, obetumi afi hɔ abɔ ne ho ban. Wosii gyinae sɛ wobefi ase wɔ Wai Momi.

Eyi kyerɛ “ahéne nsu,” na ɛno na bere bi na Hawaiifo frɛ no Pearl River nsuano no efisɛ na adɔde a wɔn ho te sɛ nhéne wɔ hɔ. Efi Honolulu kurom kɔ hɔ yɛ akwansin kakraa bi. Nanso Kwasida anɔpa, December 7, 1941 no, ɛnyɛ nhéne na na ahyɛ Wai Momi nsu no mu ma na mmom po so ahyɛn a wɔasɛe no na nnipa a na wɔwɔ mu no afunu hyehyɛ mu. Japanfo akodi wimhyɛn ahorow betuaa U.S. po so asraafo atrae a ɛwɔ Pasifik so a ɛwɔ hɔ no na wɔsɛee nneɛma kɛse.

Ɛkame ayɛ sɛ Pearl Habor so ntũa no sɛee Amerika po so asraafo dɔm a ɛwɔ Pasifik so no pasaa, gye ne po so ahyɛn a ɛfa wimhyɛn ahorow no nkutoo. Wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu no, wɔde atopae sɛee U.S. wimhyɛn gyinabea afoforo, na eyi maa U.S. asraafo wimhyɛn a ɛwɔ Apuei Fam Nohoa no mu ɔha biara mu 50 bubui pasaa. Nnansa akyi no, Japan tuu Philippines so sa, na wɔ nea ennu ɔsram biako mu no, odii Manila so nkonim na ekoduu May mfinimfini no, na wafa Philippine Nsupɔw no nyinaa adi so. Ntɛm ara, wɔ nnidi so mu no, Hong Kong, Burma, Java, Singapore, Thailand, Indochina, British Malaya, Sumatra, Borneo, New Guinea afã bi, Netherlands East Indies, ne Pasifik nsupɔw no pii bɛhyɛɛ Japanfo ase, Ná ɛnyɛ nea Europafo akɔ agyaw Asiafo ɔkwan biara so wɔ blitzkrieg mu.

Bere a 1942 rekɔ n’awiei no, na ɛyɛ den sɛ wɔde ehu mu ahofadi betumi akyerɛkyerɛ wiase tebea no mu. Ná Yesu nkɔmhyɛ nsɛm no abam pɛpɛɛpɛ: “Na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, . . . na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba no bɛma nnipa atotɔ beraw.”​—Luka 21:25, 26.

German Anyinam no Dum

Bere no mu no, ná German ne Italyfo retrɛw Balkanfo so a wodi no mu. Hitler de n’asraafo kɔɔ Yugoslavia ne Greece wɔ April 6, 1941 mu wɔ ɔhare so. Wɔ nea ennu adapɛn abien mu no, Yugoslavia hwee ase, na Greece dii akyi ansa na May mfinimfini reba. Akɔnnɔ ahorow pii na ɛkaa Hitler ma ɔyɛɛ n’ade foforo a edi hɔ no. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛda so ara wɔ n’adwene mu sɛ ɔbɛhyɛ .Engiresi Aburokyiri ma wɔahwehwɛ asomdwoe. Afei nso ná ɔpɛ sɛ oyi nhyɛso no fi Japanfo a na wɔne Sovietfo reko wɔ no so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso wɔbɛsɔ Amerikafo ani. Enti Hitler siesiee n’asraafo ma wɔahyia Soviet Union a na ɔyɛ n’adamfo wɔ Poland so ɔsatu no mu no. Bere a nkonim a wɔadi dedaw no ahyɛ Hitler asahene no nkuran no, wɔtee nka sɛ sɛ wotu Europa Russia ne Urkraine so sa June mu a, ebetumi abɛyɛ wɔn de ansa na awɔw bere adu. Enti wɔ June 22, 1941 mu no, wɔsɔree. Wɔde ɔhare a ɛte sɛ anyinam fii nkonimdi biako mu kɔɔ foforo mu. Mpɛn abien na wotwaa Soviet asraafo akuw akɛse ho hyiae na wɔ ebiara mu no, wɔfaa nneduafo bɛboro ɔpepem fã. Ná ɛte sɛ nea Leningrad rehwe ase, na ekoduu December mfiase hɔ no, ná German asraafo akɔ anim a wɔreyɛ adu Moscow kurotia.

Nanso, ná awɔw bere abɛn, na saa bere yi no ná Hitler asraafo no aka akyi. Leningrad gyinaa pintinn. Soviet asraafo a afei na wɔafi wɔn kan ahodwiriw no mu afi na wɔasiesie wɔn yiye ama awɔw bere mu akodi sen Germanfo no de Germanfo gyidi a ɛma wɔkɔ anim no baa awiei. Nokwarem no, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔsan wɔn akyi mpo.

Wɔ ahohuru bere a edi hɔ mu no Germanfo no san baa bio. Nanso, wɔn ahoɔden nyinaa a wɔde tu baa Stalingrad (nea mprempren wɔfrɛ no Voglograd no) so no na ewiee wɔn koraa. Wɔ 1943 mfiase no, Sovietfo no twaa asraafo mpem du du pii a na wɔayɛ krado rebɛfa kurow no ho hyiae na wɔhyɛɛ wɔn ma wogyaee wɔn ho mu mae. John Pimlott a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo panyin wɔ Royal Military Academy Sanhurst no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛbɛyɛɛ ade a ɛhaw Germanfo no kɛse ne nea ɛde nsakrae kɛse baa ɔko no mu wɔ Apuei Fam hɔ. Ansa na Stalingrad asɛm no reba no, na Rusiafo nnii nkonim papa biara; na ɛno akyi no wodii nkogu kakraa bi.”

Ekoduu 1943 awiei no, na wɔasan agyigye asasesin kɛse a Germanfo ako agye no mu nea ɛreyɛ adu abiɛsa mu nkyem abien. Ná Germany anyinam no adum.

“Monty” Pam “Sare so Sakraman” No

Wɔ 1912 mu no, wɔtew Cyrenaica ne Tripolatania (a mprempren ɛyɛ North Africa man Libya fã) maa Italy. Ná Italia asraafo bɛyɛ 300,000 a wɔde wɔn akɔtra hɔ wɔ 1940 awiei hɔ no yɛ asiane kɛse ma Britania asraafo kakraa bi a wɔwɔ Egypt na wɔrebɔ Suez Suka no ho ban no. Nea ɛbɛyɛ na Britaniafo abɔ saa asiane yi agu nti, wosii gyinae sɛ wobedi kan asɔre. Nnamfo no dii wɔn nkonim akɛse no mu biako, na wɔfaa nnomumfo ɔpepem pii na wɔkaa Italyfo no nyinaa ma wɔsan wɔn akyi. Na sɛ Greece ampene so saa bere no ara sɛ Britaniafo mmɛboa no wɔ n’aperepere a ontumi nni mu nkonim a ɔde retia Axis tumidi ahorow no ɔsatu no mu a, anka nkonimdi no betumi ayɛ kɛse mpo. Eyi maa Axis tumi ahorow no nyaa kwan san hyehyɛɛ wɔn ho bio.

Germanfo asraafo a wɔhyɛ Erwin Rommel a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Sare so Sakraman no ase no tumi dan ɔko no ani dii nkonim sɛnea ɛsɛ. Ne nkonimdi a ɛsen biara no bae wɔ 1942 mu, bere a wɔ July mu no n’asraafo no kɔɔ wɔn anim koduu Alamein a na aka akwansin 60 na wɔadu Alexandria no. Ná Afrika blitzkrieg no asiesie ne ho sɛ ɛbɛko afa Egypt na anya Suez Suka no adi so. Nanso bere a Britania asraafo a wɔhyɛ Ɔsahene Bernard Law Montgomery ase no de asraafo a wɔnam fam ntua bae wɔ October 23 no, wɔhyɛɛ Rommel ma ɔde nkakrankakra twe sanee a akyiri yi ɛbɛyɛɛ ɔhwe ankasa.

Afei wɔ November 1942 mu no, Nnamfo no tumi beduu Morocco ne Algeria. Ekoduu May a edi hɔ no, na Axis asraafo a afei de wɔabɛhyɛ atamfo dɔm a wofi apuei ne atɔe nyinaa mfinimfini no adi nkogu wɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobedi Afrika Kesee Fam so no mu.

Pasifik Kusuu Fam Ahurutra

Wɔ 1942 asusow bere mu no na Japan betumi ahoahoa ne ho sɛ ɛyɛ aheman a ɛwɔ tumi kɛse. Nanso ná Nnamfo no adwene ne sɛ wobegye saa asasesin yi afi Japanfo nsam, wɔde wɔn asraafo bedi ahurutra wɔ Pasifik no so fi supɔw biako so akɔ foforo so akosi sɛ akyiri yi koraa no wobedu Japan asase so ankasa. Po so ko ahorow a ano yɛ den dii akyi bae. Pasifik nsupɔw a wonnim ho nsɛm pii te sɛ Saipan, Guadalcanal, Iwo Jima, ne Okinawa bɛyɛɛ nea wotuu so sa a afãnu no nyinaa hweree nneɛma wɔ kwan a ɛyɛ hu so. Nea ɛbɛhyɛɛ mmofraaberem nsupɔw so paradise ho adae ananmu ne afunu a wɔatetew wɔn a wohu wɔ mpoano a mogya ayeyɛ hɔ ma ho hu. Ná nkogudi yɛ yaw, nanso na ehu wɔ nkonimdi mu mpo, biribi a na ɛrebɛba ho hu.

Daakye ho Nhyehyɛe

Wɔ ɔko mu mpo no, na wɔreyɛ asomdwoe ho nhyehyɛe. Sɛ nhwɛso no, ebeduu 1942 mfinimfini no, na wɔka sɛ U.S. nniso ananmusifo bɛboro 30 na wɔreyɛ ɔko akyi nhyehyɛe​—nanso na ɛnyɛ nea ehu anaa wɔn tirim a ɛntene wɔn nni mu. Sɛnea Churchill kaa no pen no: “Nkonimdi mu nsɛnnennen ye sen nkogudi mu de de, nanso ɛno nso nyɛ nea amanehunu nni mu.”

Akyinnye biara nni ho sɛ nea na ɛyɛ nkonimdi mu nsɛnnennen yi mu nea ɛyɛ den sen biara no mu biako ne sɛ wobenya biribi foforo de asi Amanaman Apam a na wɔatu agu no anan mu. Ɛwom sɛ ebia na nkurɔfo bi adwene mu yɛ wɔn nãã de, nanso ná Yehowa Adansefo nim sɛ wobenya biribi a ɛte sɛɛ asi ananmu. Wɔ ɔkasa bi a wɔmae wɔ 1942 mu wɔ Cleveland, Ohio nhyiam ase mu no, ɔkasafo no kae sɛ: “Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ansa na Harmagedon bɛba no, ɛsɛ sɛ asomdwoe bi ba. . . . Wɔn a wɔwɔ demokrase adwene no ani da so sɛ wobenya wiase bi a amanaman no aka abom, ‘aman abusua’ bi, ‘wiase kuw’ bi a egyina Amanaman Nkabom so.” Ɔretwe adwene asi nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 17:8 so no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu pefee sɛ: “Wiase ahyehyɛde no bɛsɔre bio.”

Nanso so na ɛde asomdwoe a ɛtra hɔ daa bɛba? Ɔkasafo no maa mmuae sɛ: “Onyankopɔn mmuae a emu da hɔ no yɛ Dabi!” Ɛno mpo, ɛmmfa ho sɛ na asomdwoe a ɛreba no bɛtra hɔ bere tiaa bi mu no, na nkurɔfo ani begye ho. Bere a Yehowa Adansefo nsuro nea ɛbɛba daakye biara no, wofii ase yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛtrɛw wɔn asɛnka adwuma no mu bere a ɔko no aba awiei akyi no. Wɔ 1942 mu no, wɔde asɛmpatrɛwfo ntetee sukuu bi sii hɔ a wɔde bɛtete Kristofo asomfo ama ɔsom adwuma wɔ nsase afoforo so. Wɔ afe a edi hɔ no mu no, wɔde nhyehyɛe bi bae a na wɔnam so bɛtete baguam akasafo na ama wɔatumi ayɛ baguam nhyiam ɔsatu.

Bere a 1943 reba n’awiei no, na amanaman no ho da so ara yeraw wɔn a ehu aka wɔn. Nanso na nkurɔfo a wɔn ho wɔ ntawntawdi no mu nyinaa a wɔabrɛ ne ɔko no afi ase rehwɛ ogye a ɔko akyi wiase no hyɛɛ ho bɔ no kwan. So na ɛde “ehu mu ahofadi” a Roosevelt kaa ho asɛm no bɛba? Nea ɛne no bɔ abira no, na wiase nyinaa hu bɛkɔ so akodu akyiri wɔ akwan afoforo so! Nanso nea ɛyɛ yaw no, na nea obedi eyi ho fɔ kɛse ne adwinnade a na ebinom akamfo no sɛ Onyankopɔn na ɔde ama de resiw ɔko yayaw mfe no ano no ankasa. Kenkan “Wiase Ko II​—N’awiei a Ɛyɛ Hu na Ano Yɛ Hyew No” wɔ yɛn nsɛmma nhoma a ɛbɛba no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔn a na ɛfa wɔn ho titiriw ne Britania ne Commonwealth aman, ɛwom sɛ wɔ April mu wɔ saa afe no mu no, wɔde mmoa kɔmaa China na wɔ September mu no wɔde kɔmaa Soviet de. Ɔko no baa awiei no na bɛyɛ dɔla ɔpepepem 50 na wɔasɛe no wɔ mmoa a wɔde maa aman ahorow 38 no mu.

[Kratafa 16 adaka]

Nsɛntitiriw Afoforo a Esisii

1941​—German Katolek asɔfo mpanyimfo nhyiam no kaa sɛ ɛpene ɔko a wɔde tia Soviet Union no so

Wɔde mframa a edi awu kunkum nnipa pii nea edi kan wɔ Auschwitz adwumayɛban mu

1942​—Ahum kɛse ne nsuyiri kaa Bombay a ɛwɔ India; 40,000 wuwui

Wɔyɛɛ sɛnea wobetumi de nuklea adi dwuma nea edi kan wɔ Chicago Sukuupɔn mu

Wannsee Nhyiam no gye toom sɛ nnipa a wɔbɛhyew wɔn ase no ne “ano aduru a etwa to” a Nasifo benya Wɔ Yudafo asɛnnennen no ho

1943​—Asasewosow a esii Turkey kum nnipa 1,800

Ɔkɔm kunkum nnipa bɛboro ɔpepem biako wɔ Bengal

Bere a U.S. Asennibea Kɛse no resan gyinae a esii wɔ 1940 mu no akyi no, ɛkae sɛ frankaa a wɔhyɛ wɔn ma wokyia wɔ sukuu mu no ne mmara nhyia

Mmusua mu nyiyim mu basabasayɛ bae wɔ U.S. nkurow akɛse mu; nnipa 35 wuwui wɔ Detroit na 1,000 pirapirae

[Diagram/Map on page 15]

Mmeae ahorow a ebeduu 1942 mu no na Japan adi nkonim akodu

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Attu

Agattu

Kiska

China

Manchuria

Korea

Japan

Burma

Thailand

French Indochina

Malaya

Sumatra

Borneo

Java

Netherlands New Guinea

North-East New Guinea

Australia

Gilbert Nsupɔw

Marshall Nsupɔw

Wake

Formosa

Philippines

Pacifik Po

[Kratafa 14 mfoni]

Amanaman no nyinaa wɔ ɔko yaw mu

[Asɛm Fibea]

U.S. Army photos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena