Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/1 kr. 21-25
  • Asasenini Dan Asasebere

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asasenini Dan Asasebere
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Fam Agyapade Bi
  • Asɛnka Adwuma no mu Kyɛfa a Minyae
  • Yeguu Aba wɔ Mpoano
  • Me ne Ɔhokafo Toaa Ɔsom Adwuma no So
  • Ɔsɔretia so a Yedii
  • Ɔhaw Ahorow Ano a Yegyinae wɔ Po So
  • Nsakrae Afoforo a Yɛyɛe
  • Asase no Adan Asasebere
  • Hyɛn no Bɔ Supɔw Bi So
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yehowa Mu Ahotoso De Anigye Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Anigye Ne Nea Yehowa Ne Ne Nyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Bo A Ahofadi Som
    Nyan!—1986
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/1 kr. 21-25

Asasenini Dan Asasebere

SƐNEA ARTHUR MELIN KA KYERƐE

Ɛyɛ 1930 fefɛw bere mu da bi a ewim tew a na migyina Prince Rupert, British Columbia, po so ahyɛn gyinabea hɔ. Bere a na mehwɛ ahyɛmma a esi mpoano anhwea no so no, mekaa no me tirim sɛ, ‘Ɛhe na nsu no nyinaa kɔ?’ Ná eyi ne bere a edi kan a mahu Pacific West Coast po no nsu a etumi twe mita 7 wɔ nnɔnhwerew asia pɛ mu no asɔrekye. Nanso ɛyɛɛ dɛn na abarimaa a wɔtetee me sare so no baa Pacific Po no ano?

NÁ WƆATO nsa afrɛ me sɛ menkɔka ahyɛmma Charmian no mu adwumayɛfo no ho mfa ntrɛw hokwan a manya sɛ mede me bere nyinaa bɛsom Yehowa no mu. Ná yɛn dwumadi ne sɛ yebefi asɛnka adwuma no ase wɔ atɔe fam mpoano a atew ne ho fi Vancouver kosi Alaska no. Nea na ɛka asase kakraa yi ho ne British Columbia mpoano akwansin pii no fã kɛse a na Yehowa ayeyifo a wɔyɛ nnam nni hɔ no. Ná Ahenni adawurubɔfo kuw ketewaa bi nkutoo na wɔwɔ Prince Rupert kurow no mu.

Ná me ho pere me sɛ mefi adwuma no ase, enti, mifii keteke mu sii ara pɛ na mekɔɔ po so hyɛn gyinabea hɔ sɛ merekɔhwɛ ahyɛmma Charmian no na mahu emu adwumayɛfo a wɔne Arne ne Christina Barstad no. Ná obiara nnim, enti mifii hɔ. Bere a mesan baa hɔ akyiri yi ɛda no, me ho dwiriw me. Ná ɛte sɛ nea ɛpo no reyow!

Nanso dɛn na ɛma mekyerɛɛ dwumadi yi ho anigye?

Honhom Fam Agyapade Bi

Honhom fam nneɛma ho anisɔ a mewɔ no fii ase wɔ fie wɔ Alberta asasetaw so wɔ Canada. Me papa huu kratawa bi a Charles Taze Russell a na ɔyɛ Zion’s Watch Tower Tract Society no muni kyerɛwee, na ɛsakraa n’asetra kɛse. Papa fii ase kaa asɛm kyerɛɛ n’afipamfo, ɛmfa ho ne kuadwuma a na ɔyɛ wɔ Calmar, Alberta, a na egye bere pii no. Ɛno yɛ mfe ɔha a atwam ni, wɔ 1890 mfiase hɔ.

Ɛyɛ ofie a emufo suro Onyankopɔn yi mu na wɔwoo me February 20, 1905, nea awiei koraa no mebɛyɛɛ emu anuanom mmarima ne mmea du no mu nea ɔto so awotwe no. Papa ne afoforo a na wɔte Swedenfo mpɔtam hɔ no de wɔn ho kɔbɔɔ Amanaman Ntam Bible Asuafo no. Bere kɔɔ so no, wosii nhyiambea, a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Ahenni Asa no. Ɛno yɛ nea wodii kan sisii wɔ Canada no biako.

Afumdwuma ansiw yɛn Kristofo nhyiamkɔ, a na afã bi yɛ ɔkasa horow a na akasafo a Ɔwɛn Aban Asafo no soma wɔn ma wɔbɛsra yɛn ma no kwan da. Saa ɔkasa horow yi ma yenyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yebenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Ne saa nti, ɛkame ayɛ sɛ yɛn abusua no mufo nyinaa anantew Bible no nokware hann no mu pintinn.

Asɛnka Adwuma no mu Kyɛfa a Minyae

Wɔmaa m’asɛnka dwumadi a edi kan wɔ 1920 mfiase hɔ. Ná ɛsɛ sɛ mekɔkyekyɛ nkratasin a wɔde to nsa frɛ nkurɔfo ba baguam ɔkasa ase wɔ afie afie mu wɔ Edmonton kurow mu. Bere a na me nkutoo gyina hɔ saa da no, minyaa asuade bi a ɛsom bo: Yehowa mu ahotoso. (Mmebusɛm 3:5, 6) Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no mitumi yɛɛ saa adwuma a edi kan no!

Ahotoso a mewɔ wɔ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu ne n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no mu kɔɔ so yɛɛ kɛse bere a wɔma minyaa n’Asɛm a ɛyɛ nokware no mu ntease pii no. Migyaee Kristoman mu nneyɛe pii te sɛ Buronya ne awodadi. M’ankasa me nkwagye ho asɛm ankɔ so anyɛ biribi a na agye m’adwene bio; na mmom Ahenni asɛnka ho behiaa me titiriw. Eyi nyinaa nyaa m’asetra so tumi kɛse. Enti bere a mihyiraa me nkwa so maa Yehowa wɔ April 23, 1923 mu no, ankyɛ na mede bere nyinaa som adwuma no yɛɛ me botae.

Yɛde nteaseɛnam dii adanse wɔ nkuraase bere a na awɔw aba wɔ sare so kɛse no. Me ne kuw bi a na wɔyɛ nea na wɔfrɛ no kar a ofie toa so adwuma yɛɛ adwuma adapɛn abien bere bi. Saa kar soronko yi yɛ nea na ɛfata wɔ Canada asasetaw no so adansedi no mu. Ɛmfa ho sikasɛm mu ahokyere, wim tebea a na enye, ne akwan atenten a na yetwa no, mitumi gyinaa mu yɛɛ akwampae som adwuma no bere ne bere mu wɔ Alberta bɛyɛ mfe abiɛsa kosii saa 1930 mu da a wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔsom wɔ Pacific West Coast a me werɛ remfi da no. Esiane sɛ na minnim ɛpo ne nhyɛmma ho hwee nti, saa nsa a wɔto frɛɛ me no maa me ho dwiriw me.

Nanso bere a miduu Prince Rupert no ankyɛ na m’ani kaa me mfɛfo adwumayɛfo foforo a na me ne wɔn wɔ nhyɛmma no mu no asetra no ho. Ná Onua Barstad yɛ ɔpofoni a ne ho akokwaw, a na wayɛ apofo adwuma mfe pii. Yɛyɛɛ asɛnka dwuma denneennen wɔ mfe asia a edii hɔ no mu, yedii akɔneaba wɔ British Columbia po no so fi Vancouver kosii Alaska. Asuade foforo a minyae ni: Gye dwumadi a efi Yehowa hɔ bere nyinaa, na ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛyɛ saa da.

Yeguu Aba wɔ Mpoano

Po so hyɛn gyinabea a yedii kan gyinae wɔ hɔ saa 1930 fefɛw bere no ne Ketchikan, Alaska, baabi a yɛfaa Bible ho nhoma nnaka 60 no. Yɛde adapɛn pii kokɔɔ afie a ɛwɔ Ketchikan, Wrangell, Petersburg, Juneau, Skagway, Haines, Sitka, ne nkuraa afoforo a apete no nyinaa mu. Nea edi hɔ no, yɛyɛɛ British Columbia mpoano nyinaa adwuma wiei ansa na ahohuru bere reba awiei. Yɛkɔɔ atrae ahorow a ɛwowɔ akyirikyiri a wɔpae nnua wɔ hɔ, atrae ahorow a wɔyɛ nsunam ho adwuma, Indiafo nkuraase, nkurow nketewa a atew ne ho, ne atubrafo ne mfirisumfo nkyɛn. Ɛtɔ da bi a na ɛyɛ den sɛ yebegyaw wɔn a wɔhwɛ aban atenten a nkanea sisi so a ɛkyerɛ po so ahyɛn kwan a wɔn nkutoo te a wogye obi a ɔba hɔ ne wɔn bɛkasa no hɔ.

Bere kɔɔ so no, Asafo no maa yɛn gramofon ne mpaawa a Bible mu ɔkasa ahorow wɔ so. Yɛde eyinom ne nhoma, Bible, ne nsɛmma nhoma ahorow kaa yɛn ho kɔe. Mpɛn pii no na ɛsɛ sɛ yɛsoa bere a na yɛforo mpoano abotan no. Sɛ ɛpo nsu no twe a, ɛtɔ da bi a na ɛsɛ sɛ yɛtwe nneɛma no fa antweri a enni ahoɔden so kɔ mmeae a wɔde nneɛma gu hyɛn mu a ɛwowɔ soro no. M’ani gyei sɛ minyaa apɔwmu-teɛteɛ ntetee wɔ me mmofraase a na meyɛ kuadwuma wɔ sare so no.

Akasam afiri a na ɛwɔ yɛn ahyɛmma no mu no dii dwuma sɛ adwinnade titiriw wɔ Ahenni nsɛm no ntrɛwmu mu. Esiane sɛ na ɔkasa ahorow a wɔakyere agu mpaawa so a yɛbɔ no gyigye wɔ nsu no so nti, na nkurɔfo taa te wɔ akyirikyiri akwansin pii. Bere bi a yegyinaa ɛpo faka a atew ne ho wɔ Vancouver Supɔw no so so no, yɛbɔɔ Bible ɔkasa ahorow no biako. Ɛda a edi hɔ no nkurɔfo a wɔte supɔw no so no de anigye ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Nnɛra yɛtee asɛm bi fii ɔsoro pɛɛ!”

Bere foforo nso awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim kae sɛ, wɔtee nnwom bi fii wɔn wusikwan mu, nanso bere a wopuee adiwo hɔ no, wɔante hwee. Na bere a wɔsan kɔɔ ɔdan no mu no, wɔtee nne bi. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Bere a na wɔwɔ adiwo hɔ no, na yɛresesa apaawa no. Ná yedi kan bɔ nnwom de twetwe nkurɔfo adwene ansa na yɛabɔ Bible ɔkasa bi.

Bere foforo bio a yekogyinaa supɔw bi a Indiafo akuraa bi wɔ so ho no, ɛhɔ mmarimaa baanu de ahyɛmma ba bɛhwɛɛ baabi a na ɛnne no fi. Ná supɔw no sofo bi susuw sɛ ɛnne no yɛ wɔn awufo a wɔasan aba nkwa mu nne!

Ná yɛtaa ma nhoma ɔha da koro wɔ wɔn a wɔyɛ nsunam ho adwuma a wɔwɔ nkuraa a atew ne ho ase no mu. Esiane sɛ na nneɛma pii nnye wɔn adwene nti, na wonya bere de susuw honhom fam nneɛma ho. Awiei koraa no, saa nkurɔfo a wɔwɔ mmeae a atew ne ho no pii bɛyɛɛ Adansefo. Bere a yɛsan kɔɔ hɔnom akyiri yi no, ná yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ akɔsra wɔn na yɛne wɔn “ahyehyɛ yɛn ho nkuran.”—Romafo 1:12, NW.

Me ne Ɔhokafo Toaa Ɔsom Adwuma no So

Wɔ 1931 mu no, mewaree Christina Barstad nuabea Anna. Ɛno akyi no yɛboom toaa yɛn akwampae adwuma no so wɔ ahyɛmma no mu na yenyaa osuahu ahorow a mfaso wɔ so pii wɔ mfe pii no mu. Ná abonsu, ɛpo mu agyata, asukraman, aforote, asisi, ne akɔre yɛ yɛn nnamfo, bere a na yɛte mmepɔw akɛse, asukɔn a atew ne ho, ne ɛpo faka a ɛso dwo, a nkyeneduru ne nnua bi a wɔfrɛ no pine ne Douglas fir atwa ho ahyia pii so no. Mpɛn pii na yɛboaa aforote ne wɔn mma a wɔreguare atwa nsubun a ɛsen ntɛmntɛm aguan afi mmoa a wɔrepɛ wɔn akye wɔn anim.

Da bi awia yehuu ɔkɔre bi a watu nam nsu no ani pɛɛ a n’awerɛw kura apataa kɛse bi a wɔfrɛ no salmon mu. Ná apataa no so dodo sɛ ɔkɔre no betumi ama no so afi nsu no mu koraa, enti na ɔretwe no afa nsu no ani akɔ mpoano. Frank Franske a na ɔka yɛn ho wɔ ahyɛmma no mu hui sɛ yebetumi agye apataa no na otuu mmirika kɔɔ po no ano kohyiaa ɔkɔre a ɔrebrɛ no daadaa no ma ɔde ne nam no maa no. Akwampaefo a yɛyɛ ahyɛmma no mu adwuma no dii aduan a wɔde salmon ayɛ a ɛyɛ dɛ saa anwummere no, na ɔkɔre no suaa sɛnea wɔkyɛ ade, ɛwom sɛ ɔyɛɛ saa amemenemfe mu de.

Wɔ supɔw ketewaa bi a ɛwɔ Vancouver Supɔw no kusuu fam tɔnn so no, awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Thuot gyee Bible mu nokware no toom. Ná ɔbarima no yɛ obi a onnim akenkan anaa akyerɛw, n’asɛm yɛ den, a onnye afoforo nsusuwii ntom a ɔwɔ ne mfe 90 mfinimfini, na ɔbea no nso wɔ ne mfe 80 mfinimfini. Nanso, n’ani gyee nokware no ho araa ma ɔbrɛɛ ne ho ase maa ne yere kyerɛɛ no akenkan. Ankyɛ na ɔno ankasa tumi suaa Bible no ne Asafo nhoma ahorow no. M’ani gyei sɛ minyaa hokwan bɔɔ wɔn baanu asu wɔ wɔn fie a ɛwɔ supɔw a atew ne ho so wɔ nea ennu mfe abiɛsa ne fã akyi, na mede yɛn ahyɛmma ketewa dii dwuma sɛ ankora a wɔbɔ asu wom!

Yɛn ani gyei nso sɛ yehuu Sallis abusua a wɔte Powell River no sɛ wotiee Ahenni asɛm no. Walter kenkan nhomawa War or Peace—Which? no na ohui ntɛm ara sɛ ɛno ne nokware no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, abusua no nyinaa bɛkaa Walter ho wɔ akwampae adwuma no mu wɔ Vancouver, baabi a na yɛto Charmian no sɛkyɛ wɔ awɔw bere mu. Ɔbɛyɛɛ mmɔdenbɔfo, na anuanom a wɔwɔ Vancouver mpɔtam hɔ nyinaa ani begyee ne ho mfe pii. Owiee n’asase so som adwuma wɔ 1976 mu, na ogyaw Adansefo abusua kɛse wɔ akyi.

Ɔsɔretia so a Yedii

Asɔfo a wɔwɔ Indiafo nkuraase no nyaa yɛn adwuma no ho adwemmɔne mpɛn pii, wobuu yɛn sɛ yewia wɔn honhom fam nneɛma. Wɔ Port Simpson no, ɛhɔ sɔfo no hyɛe sɛ akuraa no ase hene mmara yɛn afie afie adwuma no. Yekohuu ɔhene no na yebisaa no sɛ ebia osusuw sɛ ɛfata sɛ ɔsɔfo no bu ne nkurɔfo no sɛ wɔyɛ nnipa a wonnim de koraa a wontumi nsi gyinae mma wɔn ho anaa. Yɛkamfo kyerɛe sɛ ɔmma ne nkurɔfo no kwan na wontie Onyankopɔn Asɛm ho nkɔmmɔbɔ na wɔn ankasa nsi nea wɔpɛ sɛ wogye di ho gyinae. Nea efii eyi mu bae: Ɔmaa yɛn kwan sɛ yɛntoa asɛnka no so wɔ akuraa no ase.

Akuraa foforo ase hene bɔɔ mmɔden biara a abaguafo ne nyamesom akuw horow bɔe sɛ wobesiw Adansefo no kwan wɔ ne nkurɔfo no nkyɛn a wɔbɛkɔ ho no gui mfe bebree. Ɔkae sɛ: “Bere dodow a meyɛ ɔhene no, megye Yehowa Adansefo.” Ɛyɛ nokware sɛ, ɛnyɛ baabiara na wogyee yɛn de, nanso ɛmfa ho sɛ yehyiaa ɔsɔretia no, wɔampam yɛn amfi beae bi da. Enti yetumi yɛɛ yɛn som adwuma no bere biara a yegyinae.

Ɔhaw Ahorow Ano a Yegyinae wɔ Po So

Yehyiaa nsɛnnennen wɔ ahum, asorɔkye, abotan a wɔnhyɛɛ no nsow, ne ɛtɔ da bi a yɛn ahyɛmma no engine a ɛhaw yɛn ho wɔ mfe pii mu. Bere bi yɛn ahyɛmma no bɛnee Lasqueti Supɔw a ɛwɔ Vancouver kusuu fam bɛyɛ kilomita 160 no pɛɛ. Ɛpo no twee ma yɛkɔkaa abosam bi so a na yɛn nkwa gyina sɛnea ewim tebea bɛyɛ so. Sɛ ahum bi tui a anka yɛn ahyɛmma no kɔhwee abotan no so bubui asinasin. Yɛn nyinaa foforoo abotan no na yɛyɛɛ nea yebetumi biara wɔ tebea bɔne no mu. Yedii awiabere aduan, suaa ade, na yɛtwɛnee sɛ nsu no bɛba soro bio.

Ɛmfa ho asiane ne ahokyere bebree no, na yɛn asetra yɛ nea eye a anigye wom. Nanso, yɛn mmabarima baanu no awo de nsakrae kɛse bae. Yɛkɔɔ so traa ahyɛmma no mu, nanso bere biara a yɛkɔɔ kusuu fam akyirikyiri te sɛ Oona River no, Anna ne mmarimaa baanu no traa n’awofo nkyɛn, ná yɛn a yɛaka no toa so kɔ anim wɔ kusuu fam kodu Alaska. Afei, sɛ yɛsan ba kesee fam a, na Anna ne mmofra no san bɛka yɛn ho.

Menkae sɛ mmofra no nwiinwii anaa wɔyaree bere bi. Yɛde bɛlt bɔɔ wɔn mu kyekyeree ade bere nyinaa, na ɛtɔ da bi mpo a na yɛde hama kyekyere wɔn bɔ ade mu. Yiw, yehyiaa mmere ahorow bi a na emu yɛ den.

Nsakrae Afoforo a Yɛyɛe

Ná ɛsɛ sɛ yefi Charmian no mu wɔ 1936 mu, na minyaa honam fam adwuma. Akyiri yi yɛwoo yɛn babarima a ɔto so abiɛsa. Bere kɔɔ so no, metɔɔ ahyɛmma a wɔde kɔ po, na ɛnyɛ yɛn asetram ahiade nko na ɛmaa yenyae na mmom ɛmaa yetumi toaa yɛn asɛnka adwuma no so nso wɔ mpoano.

Yesii fie wɔ Digby Supɔw a ɛwɔ ɛpo faka a ɛda ɛne Prince Rupert ntam no so, na ankyɛ na yɛtew asafo ketewa bi wɔ hɔ. Bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Canada wɔ Wiase Ko II mu no, ná yɛde ahyɛmma kɔ Prince Rupert ɔdasum “kotu sa” wɔ asasesin no so gyaw nhoma wɔ ofie biara mu. Obiara annya adwene sɛ nhoma a wɔabara a yɛkɔkyekyɛ nti na na yɛtaa twam ɔdasum no!

Asase no Adan Asasebere

Nnipa pii fii ase de wɔn ho bɔɔ Yehowa Adansefo nkakrankakra, na 1948 mu no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ yehia Ahenni Asa wɔ Prince Rupert. Bere a yɛtɔɔ asraafo dan bi a ɛne ahyɛn gyinabea no di nhwɛanim akyi no, yetutu de faa nsu so, na afei yɛde guu kar mu kɔɔ baabi a na yɛresi ɔdan no. Yehowa hyiraa yɛn adwumaden no so, na yenyaa yɛn ankasa Ahenni Asa.

Mesan de me ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu wɔ 1956 mu, na Anna bɛkaa me ho wɔ 1964 mu. Yɛde ahyɛmma yɛɛ adwuma wɔ Pacific Coast. Bere kɔɔ so no yenyaa ɔmansin adwuma no nso mu kyɛfa, na yɛkɔsrasraa asafo ahorow a ɛwɔ Queen Charlotte Nsupɔw no so faa apuei fam mmepɔw no so kosii Fraser Ɔtare no so, na akyiri yi yɛkɔɔ akyirikyiri koduu Prince George ne Mackenzie. Yɛde kar, ahyɛmma, ne wim hyɛn tutuu akwan akwansin mpempem pii wɔ Pacific Northwest mfe pii.

Yɛakɔ so anya osuahu ahorow pii wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ Prince Rupert. Me ne Anna nyinaa ne ankorankoro bi a wɔkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu akyiri yi, na ɛno akyi no wɔakɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne nsase so asua ade. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ yɛn honhom fam mma de Ahenni asɛm a ɛsom bo no kɔ akyirikyiri nsase so!

Mprempren yɛn baanu nyinaa adi aboro mfe 80, na yɛrebɔ mmɔden sɛ yebegyina yɛn akwahosan a ɛkɔ so sɛe no ano, nanso yɛda so ara wɔ anigye wɔ Yehowa som mu. Yɛde anisɔ kaakae abɔde a ɛyɛ fɛ a yɛahu wɔ Alaska ne British Columbia no. Bere koro no ara ɛma yenya anigye kɛse sɛ yehu sɛ asase pradadada kɛse yi a bere bi na anka ɛnsow aba honhom fam no abɛyɛ nea Yehowa asafo ahorow a woyi no ayɛ pii wɔ so mprempren.

Nea ama yɛn ani agye titiriw ne sɛ yehu sɛ yɛn ankasa yɛn mma ne yɛn honhom fam mma anyinyin na wohyira Yehowa. Yɛn ani gye sɛ yenyaa asase no fã yi honhom mu nkɔso mu kyɛfa kakra. Sɛ nhwɛso no, mprempren Alaska wɔ n’ankasa ne baa dwumadibea a ɛhwɛ asafo ahorow bɛboro 25 dwumadi so mprempren.

Wɔ Prince Rupert ha nso, yenyaa hokwan hyiraa Ahenni Asa fɛfɛ bi a esi kurow no mfinimfini pɛɛ so wɔ 1988 mu. Yiw, yedi ahurusi sɛnea Yesaia yɛe no, bere a ɔkae sɛ: “[Yehowa], woma ɔman no dɔ, . . . w’anim aba nyam, wotrɛw asase no ahye nyinaa mu.”—Yesaia 26:15.

[Kratafa 21 mfonini]

Yɛresom wɔ ɔmansin adwuma no mu wɔ 1964-67

[Kratafa 24 mfonini]

Ahyɛmma a yɛde yɛɛ asɛnka adwuma faa mpoano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena