Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 2/8 kr. 24-26
  • Bo A Ahofadi Som

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bo A Ahofadi Som
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔ Po So Adwotwafo Nsam
  • Wɔ Malaysia
  • Hyɛn no Bɔ Supɔw Bi So
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yesu Nantew Nsu So
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yesu Betumi Abɔ Yɛn Ho Ban
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Wɔ Galilea Po So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 2/8 kr. 24-26

Bo A Ahofadi Som

NÁ ƐWOM sɛ wɔayi me mmabarima no afi adwumayɛban no mu de, nanso na wɔda so ara yɛ nneduafo wɔ akuraa no ase. Na daakye biara nni hɔ mma yɛn wɔ Vietnam. Enti, wɔ asram kakraa bi akyi wɔ May 1978 mu no, me ne me mmabarima baanu ne me babea guanee. Na esiane sɛ efi yɛn fi kɔ po no ano ware nti, yɛtraa ahyɛmma mu de faa asubɔnten no so a bere a yɛrekɔ nyinaa na yesuro sɛ komunistfo asraafo bɛkyere yɛn na wɔde yɛn akogu afiase.

Awiei koraa no, yesiim anadwo​—wɔ hyɛmma bi a ayɛ ma aboro so a wɔyɛe sɛ wɔmfa mfa asubɔnten so​—a yɛyɛ 53 a yɛn mu dodow no ara yɛ mmea ne mmofra mu. Na engine da mu de, nanso na wɔde kudɔɔ na ɛkyerɛ no kwan. Na yɛde yɛn ani akyerɛ kesee fam a yɛrekɔ Malaysia a faako a ɛwɔ no boro akwansin 400. Mframa a ano nyɛ den bɔ faa po no so na ɛmaa yɛn ho yɛɛ yɛn fɔmm bere a ɔsram a ɛrehyerɛn kɛse no ma yehuu kwan no. Esiane sɛ na yɛn ani agye atra so sɛ yɛatumi aguan nti, yɛtow nnwom.

Wɔ nnafua abien a edi hɔ no mu no, na po no so ayɛ dinn kɛse na yetumi twaa akwansin pii. Na da a ɛto so abiɛsa no ne nea ɛyɛ fɛ sen biara a po no so ayɛ dinn koraa te sɛ ahwehwɛ kɛse bi. Yegyinae na yegyee bere de yɛɛ ahotew nneɛma ahorow wɔ po no so. Nanso adeyɛ no maa aboodede akɛse pii baa hɔ, na esiane sɛ yɛn hyɛmma no yɛ ketewaa bi a wobetumi asɛe no nti, yefii hɔ kɔe.

Na yɛrehwɛ kwan sɛ yebehyia po so hyɛn bi a efi ɔman foforo bi so wɔ po no so na ebia wɔafa yɛn atra mu anaasɛ anyɛ yiye koraa no wɔama yɛn aduan ne nsu. Afei, bɛyɛ saa anɔpa no nnɔndu, yɛn kurɔfo no huu hyɛn kɛse bi. Yɛn koma bɔɔ ntɛmntɛm a na yɛrehwɛ kwan sɛ wɔbɛboa yɛn anaasɛ ebia wobegye yɛn. Nanso bere a ɛbɛn yɛn kɛse no, nea na yesuro kɛse no na ɛbaa mu​—na ɛyɛ Thailandfo po so adwotwafo hyɛn. Na yɛate sɛnea wɔbɔɔ aguanfo a wonni mmoa biara a wɔreguan afi yɛn man mu no apoo na wɔtotoo mmea no mmonnaa atirimɔden so no ho asɛm.

Wɔ Po So Adwotwafo Nsam

Adwotwafo no twɛnee wɔ po so hyɛn abrannaa no so a wokurakura asekan a wɔde nnuru akeka wɔn anim ma wɔayɛ te sɛ mmoa soronko bi a wɔn ho yɛ hu. Esiane sɛ na ehu aka yɛn nti, yepiapiaa mmabaa no hyɛn ɔdan a ɛwɔ hyɛmma no anim no mu na yɛtow mu ntɛm. Adwotwafo no huruhuruw sii yɛn hyɛmma no mu, na te sɛ mframa a ɛrebɔ deneennen no, wɔtetew biribiara a wɔpɛ​—sika ntweaban, nkapo ne asomkaa. Wogyee yɛn bag fii yɛn nsam na wɔhwehwɛɛ yɛn sika bɔtɔ mu sɛ wobenya sika kɔkɔɔ ne dwetɛ. Wɔtow biribiara a na wɔmpɛ a ntade, nufusu ne asikresiam a yɛde ma mmofra ka ho guu po no mu. Afei, sɛnea wɔbae mpofirim ara no, saa ara na wɔkɔe a wɔama yɛatotɔ mum.

Ná adwotwafo no panyin a ɔyɛ ɔbarima a ɔso na ɔware a nhwi biara nni ne ti so no de nkɔnsɔnkɔnsɔn bi a onipa ti dompe sɛn so a ɛda n’afuru so ato ne kɔn mu. Ɔserew denneennen a ɔde n’anim akyerɛ soro a n’ani agye nea afi ne dwotwa no mu aba no ho. Afei bere a onyam ne nsa no, wogyaee yɛn.

Yɛtoaa yɛn akwantu no so, nanso bɛyɛ dɔnhwerew biako pɛ akyi no, ahum bi a etui maa asorɔkye kɛse a ɛsen yɛn hyɛmma no ankasa fii ase bɔe. Ɛmaa yɛn so kɔɔ soro na ɛsan de yɛn baa fam mpɛn pii. Ankyɛ biara, ɛkame ayɛ sɛ obiara fee ɔfe prãprã. Bere a mihui sɛ me nua babea ketewaa a na mikura no mu no agyae ahome no, meteɛteɛɛm. Nanso ɛdenam m’ano a mede tuaa n’ano huw mframa guu ne mu so no, mitumi ma ɔhomee bio.

Afei hyɛmma no fii ase kɔɔ n’anim bɔkɔɔ kɛse. Na me babarima no adan hyɛmma no anim de akyerɛ faako a mframa no ne asɔrekye no bɔ kɔ no. Nanso na eyi bɛma yɛde yɛn ani akyerɛ faako a adwotwafo no hyɛn no wɔ no. Ampa, awiei koraa no, ɛbɛyɛɛ nea yehu. Bere a wohuu yɛn no, wɔtoo sɛkyɛ na wɔde wɔn ani kyerɛɛ faako a yɛwɔ no. Akwantufo a wɔte yɛn hyɛmma mu a ehu aka wɔn no teɛteɛɛm de kasa tiaa me babarima no. Nanso sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi no, “Na eyi ne ɔkwan koro pɛ a yɛbɛfa so agye hyɛmma no ne akwantufo no nkwa.”

Nea ɛyɛ anigye no, afei de adwotwafo panyin no anim daa mmɔborohunu bi adi. Ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne de kyerɛɛ yɛn sɛ yentwiw mmɛn wɔn kɛse na ɔtow hama bi maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde bɛsa ne hyɛn no. Nanso na ahum no ano yɛ den araa ma akwantufo a na wɔwɔ yɛn hyɛn no mu no ntumi nnyina ano bio. Saa bere no mu no, adwotwafo no mu biako baa yɛn hyɛn no mu na ɔkae sɛ wɔbɛma yɛn hintabea. Enti ɔboaa yɛn 53 no nyinaa mmiako mmiako ma yɛkɔɔ adwotwafo no hyɛn a na ɛso no mu.

Na ɛyɛ anwummere, na me ne ɔbea foforo bi de ɔmo ne mpataa a adwotwafo no de maa yɛn no noaa aduan a yebedi anwummere no. Ɛno akyi no, mekɔtraa hyɛn no tweaa bi so a mikura me nua ba ketewa a na afei de ne ho atɔ no no mu. Na ahum no ano abrɛ ase nanso mframa bi a emu yɛ wiridudu bɔe na na minni hwee sɛ swɛta (atade a awɔw ba a wɔhyɛ) bi a mede kyekyeree me nua ba no ho. Awɔw no maa me ho wosowee.

Mmarima no mu biako a mefrɛɛ no sɛ “ɔpofoni” esiane obu a mewɔ ma no nti, faa me adamfo. Ɔkae sɛ bere a ɔhwɛɛ me no, ɔkaee ne maame. Na me ne ne maame mfe a wadi bɛyɛ pɛ. Na ɔdɔ ne maame na na ɛyɛ n’awerɛhow sɛ ɔne ne maame ntam kwan ware bere nyinaa. Afei obisae sɛ ebia manya baabi a mɛda anadwo no, ɔkae sɛ metumi ada abrannaa bi so wɔ soro hɔ a wantwɛn mmuae. Ɔfaa me nua ba no too ne nsa so na midii n’akyi, nanso na mayɛ basaa wɔ tew a matew me ho afi wɔn a wɔaka a wɔwɔ ase hɔ no ho no. Me werɛ amfi sɛ na ɔbarima no yɛ po so dwotwafo ankasa, ɛwom sɛ ɔreyi ayamye adi akyerɛ me de.

Wɔ soro hɔ no, na yɛn hyɛmma no ayɛ ketewaa bi, sɛ wode toto wɔn hyɛn no ho a. Miguu ahome. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atwa akwasin 400 wɔ po so a yɛte hyɛmma a ɛte sɛɛ mu a Onyankopɔn mmoa nka ho? Mihui sɛ yɛnsɛ hwee, sɛ wode yɛn toto amansan yi kɛse ne wɔ a ɛwɔ hɔ daa no ho a. Mebɔɔ mpae sɛ, “Oo, Onyankopɔn, sɛ wo na wode hyɛn yi mae sɛ emmegye yɛn nkwa mfi ahum no mu a, mesrɛ wo, bɔ yɛn ho ban bio na amma adwotwafo no ampira yɛn.”

Odwotwafo no de me kɔɔ ɔdan bi mu na ɔsan de me nua ba ketewaa no maa me. Nanso na misuro sɛ me nkutoo bɛtra ma enti bere a ɔkɔe no, mesan m’akyi kɔɔ ase hɔ kɔfaa nnipa afoforo baason bae ma wɔne me bɛdaa ɔdan no mu. Anadwo no, su a na wɔresu wɔ ase hɔ no ma minyanee. Esiane sɛ na ehu aka me nti, minyan wɔn a wɔka me ho no, na na ɛwom sɛ abɔ bɛyɛ nnɔnabien de, nanso yɛbɔɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛkɔ akɔhwɛ nea asi wɔ ase hɔ.

Ná obiara anyan. Ná mmea no mu binom resu a esiane osu no nti wɔn mmati rewosowosow. Na wɔaboaboa mmarima no ano wɔ wɔn akyi wɔ mukaase no nkyɛn. Yehui sɛ odwotwafo bi ne mmarima no biako ako na wato ne yere mmonnaa. Mesrɛɛ wɔn kwan na mennoa aduan maa yɛn nyinaa nyaa biribi dii. Bere a ade kyee no, adwotwafo panyin no gyaee yɛn na yɛtoaa so kɔɔ Malaysia.

Wɔ Malaysia

Bere a ananmusifo a wofi yɛn hyɛmma no mu kɔɔ po no ano sɛ wokogye tumi krataa a ɛbɛma yɛagyina wɔ hɔ no, wɔampene so. Aban mpanyimfo no hunahunaa yɛn sɛ, sɛ yegyina wɔ hɔ a, wɔde yɛn nyinaa begu afiase. Afei de kurom hɔfo a wɔwɔ mpoano hɔ no ba bɛhwɛɛ yɛn. Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ hyɛmma a ɛte saa atumi afa po no so. Na wonim nnipa a yɛyɛ efisɛ na aguanfo afoforo a wofi Vietnam aba hɔ. Yehuruhuruw totɔɔ po no mu sɛ yɛrehohoro yɛn ho fĩ a anya dapɛn biako no a na yɛreserewserew na yɛregye yɛn ani wɔ bɛhwɛadefo a wɔredɔɔso no anim.

Mpofirim ara, ɔhɔho hoɔfɛfo bi a ɔware fii mpoano hɔ frɛɛ yɛn hyɛɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn aduan, nsu a yɛbɛnom, ne nnuru. Ɔteɛɛm sɛ, “Sɛ Malaysiafo no amma mo kwan amma po no ano a, monsɛe hyɛn no na munguare mmra mpoano hɔ. Ɔhɔho no dii n’asɛm so, efisɛ ɛde rekɔ anwummere no, ɔbrɛɛ yɛn aduan ne nsu a yɛbɛnom ne ɔyarehwɛfo bi a ɔbɛfaa ayarefo no kɔɔ ayaresabea na ɔsan de wɔn baa saa anadwo no. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ! Ná yegye di sɛ ɔkɔm renkunkum yɛn!

Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi mfi hɔ nkɔ no, yɛsɛee engine a ɛda hyɛn no mu no wɔ kokoam. Ade kyee no, bere a aban mpanyimfo bɛhwɛe akyi no, wɔkae sɛ wɔde yɛn bɛkɔ baabi a wobetumi asiesie wɔ hɔ. Wɔtwee yɛn kɔɔ asubɔnten bi so de yɛn koduu ɔtare kɛse bi so na wogyaw yɛn wɔ hɔ. Nnansa twaa mu na na yɛn aduan asa​—na ɔhɔho no nhuu yɛn ɛ. Ná ɛwom mpo sɛ ɔkorow no wura mpɛ sɛ ɔkorow no bɛsɛe sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtɔn de, nanso yesii gyinae sɛ yɛbɛma amem na yɛaguare aba mpoano.

Oo, hwɛ sɛnea akwaaba a kurom hɔfo maa yɛn no yɛɛ anigye! Na wɔrehwɛ yɛn hyɛn no, na bere a yɛn nyinaa tumi guare baa po no ano no, wotuu mmirika baa yɛn kyɛn a wokurakura brodo, bisket, ne ɔmo. Yɛtraa faako a yeguare kɔe no da koro na afei wɔde yɛn kɔɔ aguanfo atrae ahorow mu. Ɛhɔ na yehui sɛ ɔhɔho yamyefo no nyɛ obiara sɛ Ɔsoafo Panyin a ɔhwɛ Aguanfo ho nsɛm so wɔ Asia Kesee Fam apuei no.

Me ne me mma baasa no traa aguanfo atrae bɛboro asram asia wɔ Malaysia a na yenni biribiara. Nanso afei yetumi tu kɔtraa Amerika faako a yɛte mprempren no. Na bɔ a mehyɛɛ Onyankopɔn no nso ɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena