Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 8/15 kr. 8
  • Wɔ Galilea Po So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔ Galilea Po So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Betumi Abɔ Yɛn Ho Ban
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Hyɛn no Bɔ Supɔw Bi So
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yesu Maa Ahum Yɛɛ Dinn
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Nantew Nsu So
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 8/15 kr. 8

Wɔ Galilea Po So

KYERƐWTOHƆ bi a ɛwɔ Marko 4:35-41 ka sɛ Yesu ne n’asuafo no foroo ɔkorow bi sɛ wɔde retwa Galilea Po. Ɛkenkan sɛ: “Afei mframa dennen bi bɔe, na asorɔkye no bɔ baa ɔkorow no mu ma ɛkaa kakraa bi sɛ anka nsu rebu afa ɔkorow no so. Nanso na [Yesu wɔ] ɔkorow no akyi ada sumii bi so.”

Ɛha ne beae koro pɛ a Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “sumii” no pue wɔ Bible mu. Eno nti, nhomanimfo nhu nea asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ ankasa. Bible dodow no ara kyerɛ asɛmfua no ase sɛ “sumii” anaasɛ “atɛ.” Nanso nneɛma bɛn na wɔde yɛɛ saa sumii yi? Sɛnea Marko de asɛmfua yi dii dwuma wɔ tete kasa a wɔde kyerɛw Bible mu no da no adi sɛ na ɛka nneɛma a egu ɔkorow no mu no ho. Ɔkorow bi a wohui wɔ Galilea Po ho wɔ afe 1986 mu no aboa ma wɔate nea ɛbɛyɛ sɛ Hela asɛmfua a Marko de dii dwuma no kyerɛ ase.

Nhwehwɛmu ama wɔahu sɛ na wɔde tabon ne mframa na ɛka ɔkorow a na ne tenten yɛ anammɔn 26 no. Na wɔde ɔkorow no yi mpataa. Na ɔkorow no akyi baabi wɔ hɔ a wotumi de asawu kɛse a emu yɛ duru no gu. Ɔkorow no ho nneɛma bi a ɛwɔ hɔ ma wogye di sɛ wɔyɛe no bɛyɛ afe 100 A.Y.B ne afe 70 Y.B. mu ntam hɔ, na ɛbɛyɛ sɛ saa na ɔkorow a Yesu ne n’asuafo no traa mu no te. Shelley Wachsmann a ɔka wɔn a wotutuu fam kohuu ɔkorow no ho no na ɔkyerɛwee nhoma The Sea of Galilee Boat—An Extraordinary 2000 Year Old Discovery no. Ɔkyerɛ sɛ “sumii” a Yesu daa so no yɛ kotoku bi a wɔde anhwea agu mu de ato ɔkorow no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkorow no renhinhim. Jaffa kurow mu mpataayifo bi a ne ho akokwaw wɔ sɛnea wɔde asawu yi mpataa kae sɛ: “Misua no, na bere nyinaa yɛde kotoku biako anaa abien a wɔde anhwea agu mu to ɔkorow a yɛde koyi mpataa wɔ Mediterranea Po mu no mu. . . . Na yɛde kotoku no to ɔkorow no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkorow no renhinhim. Nanso bere a yɛmfa nyɛ hwee no, na yɛde kɔto ɔkorow no akyi. Sɛ obi brɛ a, na otumi wea kɔhyɛ ɔkorow no akyi hɔ de kotoku no a anhwea wɔ mu no yɛ sumii da so.”

Nhomanimfo pii gye di sɛ Marko nkyerɛkyerɛmu no kyerɛ sɛ ɛyɛ kotoku a na wɔde anhwea agu mu de akɔto ɔkorow no akyi, faako a na ahum ntumi mmɔ nkɔ no bi so na Yesu dae. Sɛnea na sumii no te biara no, asɛm a esii ɛno akyi no ne nea ehia kɛse. Ɛdenam Onyankopɔn tumi ne ne mmoa so no, Yesu maa ahum a na ɛretu wɔ po no so no yɛɛ dinn. Eyi maa asuafo no mpo bisae sɛ: “Hena koraa ni a mframa ne po mpo tie no yi?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena