Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 12/1 kr. 13-18
  • ‘Momfa Ahonyade a Ɛnteɛ Nyɛ Nnamfo’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Momfa Ahonyade a Ɛnteɛ Nyɛ Nnamfo’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Yehowa Ntoboa”
  • Asɔrefi no ho Ntoboayi
  • Ahode a Wɔde Dii Dwuma Yiye wɔ Kristofo Mmere So
  • Nneɛma so Ahwɛfo Anokwafo
  • Ayamye ho Nhwɛsode
  • ‘Momfa Ahonyade a Ɛnteɛ Nyɛ Nnamfo’
  • Hwehwɛ Ahonyade a Ɛnsɛe Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Sɛnea Yenya Sika De Yɛ Ahenni Adwuma No
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ntoboa a Wofi Ɔpɛ Mu Yi De Trɛw Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Bere A Yɛn Koma Ka Yɛn Sɛ Yɛnyɛ Nea Yebetumi Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 12/1 kr. 13-18

‘Momfa Ahonyade a Ɛnteɛ Nyɛ Nnamfo’

“Momfa ahonyade a ɛnteɛ no bi nyɛ nnamfo . . . Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware.”—LUKA 16:9, 10.

1. Ɔkwan bɛn so na Mose ne Israelfo no yii Yehowa ayɛ bere a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Misraim akyi no?

WƆNAM anwonwa kwan so gye wɔn nkwa—osuahu a ɛhyɛ gyidi den bɛn ni! Ɛnyɛ obiara na oyii Israel fii Misraim sɛ Yehowa, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Mose ne Israelfo no too dwom sɛ: “M’ahoɔden ne me dwonto ne Yah, na wayɛ me nkwagye. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.”—Exodus 15:1, 2; Deuteronomium 29:2.

2. Bere a Yehowa nkurɔfo refi Misraim no dɛn na wɔde kɔe?

2 Hwɛ sɛnea Israel ahofadi foforo no bɔ tebea a na wɔwom wɔ Misraim no abira! Afei de na wobetumi asom Yehowa a biribiara nsiw wɔn kwan. Na wɔamfa nsapan amfi Misraim. Mose bɔ amanneɛ sɛ: “Israelfo no . . . [bisabisaa] Misrifo hɔ dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama. Na [Yehowa] maa ɔman no anim baa nyam, Misrifo anim, na wɔde nea wobisae maa wɔn. Na wɔfow Misrifo.” (Exodus 12:35, 36) Nanso ɔkwan bɛn so na wɔde Misraim ahonyade yi dii dwuma? So wɔde ‘maa Yehowa so’? Dɛn na yesua fi wɔn nhwɛso no mu?—Fa toto 1 Korintofo 10:11 ho.

“Yehowa Ntoboa”

3. Sika a Israelfo no de dii dwuma wɔ atoro som mu no kaa Yehowa ma ɔyɛɛ dɛn?

3 Bere a Mose kodii nna 40 wɔ Bepɔw Sinai so sɛ ɔrekogye Onyankopɔn ahyɛde abrɛ Israel no, nkurɔfo no ani so yɛɛ krakra bere a na wɔretwɛn wɔ ase hɔ no. Woyiyii wɔn sika asom nkaa, na wɔhyɛɛ Aaron sɛ ɔnyɛ ohoni bi mma wɔnsom no. Aaron yɛɛ afɔremuka nso maa wɔn, na ade kyee anɔpatutu no, wɔbobɔɔ afɔre wɔ hɔ. So wɔn sika a wɔde dii dwuma wɔ saa kwan yi so no twee wɔn bɛn wɔn Gyefo no? Amma saa koraa! Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Afei ma me kwan na me bo nhuru nhyɛ wɔn, na memmene wɔn.” Mose paa kyɛw ansa na Yehowa de ɔman no ho kyɛɛ wɔn, ɛwom sɛ Onyankopɔn de ɔhaw bi kunkum atuatewfo a wodii wɔn anim no de.—Exodus 32:1-6, 10-14, 30-35.

4. Ná dɛn ne “Yehowa ntoboa,” na henanom na wɔde mae?

4 Akyiri yi, Israelfo nyaa hokwan de wɔn ahonyade dii dwuma wɔ ɔkwan a na ɛsɔ Yehowa ani so. Woyii “ntoboa maa Yehowa.”a Sika, dwetɛ, kɔbere, bibiri, nneɛma ahorow a wɔahyɛ no aduru, adwennini nhoma, sukraman nhoma, ne ɔkanto nnua ka nneɛma a wɔde mae sɛ wɔmfa nsi ahyiae ntamadan no nsiesie mu no ho. Kyerɛwtohɔ no twe yɛn adwene si wɔn a woyii ntoboa no su so. “Obiara a ɔwɔ koma a ɛpɛ mfa mmra sɛ Yehowa ntoboa.” (Exodus 35:5-9, NW) Israelfo no yɛɛ saa ma ɛboroo so. Enti, na ahyiae ntamadan no yɛ ɔdan a “ɛyɛ fɛ na ɛwɔ anuonyam kɛse,” sɛnea nhomanimfo bi asɛm kyerɛ no.

Asɔrefi no ho Ntoboayi

5, 6. Ɔkwan bɛn so na Dawid de n’ahonyade dii dwuma wɔ asɔrefi no ho, na dɛn na afoforo nso yɛe wɔ ho?

5 Ɛwom sɛ Ɔhene Salomo a ofi Israel na odii anim ma wosii ofie ankasa a wɔbɛsom Yehowa wom daa no de, nanso na n’agya Dawid de ho nneɛma pii asie ama ne si. Ɔboaboaa sika, dwetɛ, kɔbere, nnade, nnua, ne aboɔden abo pii ano. Dawid ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Me Nyankopɔn fi ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akorade a ɛwɔ me ho no, mede mama me Nyankopɔn fi no mapae nea masiesie masie kronkronbea fi no nyinaa so: sika dwetikɛse mpensa . . . ne dwetɛ a wɔayiyi mu dwetikɛse mpemnson, sɛ wɔmfa nnura adan no afasu no ho.” Dawid hyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔn nso womfi wɔn pɛ mu mfa nneɛma mma. Woyi maa ebuu so: sika, dwetɛ, kɔbere, nnade, ne aboɔden abo pii. Nkurɔfo no de “koma mũ nyinaa” yii “wɔn yam de maa [Yehowa].”—1 Beresosɛm 22:5; 29:1-9.

6 Israelfo no nam ntoboa horow a wofi wɔn pɛ mu yii so kyerɛɛ anisɔ kɛse wɔ Yehowa som ho. Dawid de ahobrɛase bɔɔ mpae sɛ: “Hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi?” Dɛn ntia? “[Efisɛ] wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi. . . . Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa.”—1 Beresosɛm 29:14, 17.

7. Kɔkɔbɔ a asuade wom bɛn na yenya fi Amos bere no mu?

7 Nanso, Israel mmusuakuw no amma Yehowa som anni kan wɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu. Eduu afeha a ɛto so akron A.Y.B. no, na Israel, a wɔn mu akyɛ, abɛyɛ ɔman a ebu n’ani gu honhom fam nneɛma so. Yehowa nam Amos so kaa Israel kusuu fam mmusuakuw du ahenni no ho asɛm sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔw so.” Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ mmarima a “wɔdeda asonse mpadua so . . . wɔtwe wɔn mu wɔn nnae so, . . . wodi nguanten mma a wofi nguankuw mu, ne nantwi mma a wofi ɔyɛn dan mu; . . . wɔnom nsã nkora mu.” Nanso na wɔn ahonyade no nyɛ ahobammɔ. Onyankopɔn bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn na wobedi atukɔfo kan atu akɔ, na saguaasefo gyegyeegye no agyae.” Wɔ afe 740 A.Y.B. mu no, Israelfo huu amane wɔ Asiriafo nsam. (Amos 6:1, 4, 6, 7) Na bere kɔɔ so no, Yuda ahenni a ɛwɔ kesee fam no nso bedii honam fam ade dodowpɛ ho fɔ.—Yeremia 5:26-29.

Ahode a Wɔde Dii Dwuma Yiye wɔ Kristofo Mmere So

8. Nhwɛso pa bɛn na Yosef ne Maria yɛe wɔ sɛnea wɔde wɔn ahode dii dwuma no ho?

8 Nea ɛne no bɔ abira no, ohia tebea a sɛ wɔde toto ho a na Onyankopɔn asomfo a akyiri yi wɔbae no wom no ansiw wɔn kwan sɛ wɔbɛda nsiyɛ adi wɔ nokware som ho. Susuw Maria ne Yosefo ho. Wotiee Kaesare Augusto ahyɛde no tuu kwan kɔɔ wɔn abusuafo kurom a ɛne Betlehem. (Luka 2:4, 5) Wɔwoo Yesu wɔ hɔ. Adaduanan akyi no, Yosef ne Maria kɔɔ asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem a ɛne hɔ ntam kwan nware no sɛ wɔde nea wɔhwehwɛ sɛ wɔde dwira wɔn ho no rekɔma. Nea ɛkyerɛ sɛ na ahia wɔn ne sɛ Maria de nnomaa nketewa abien na ɛkɔe. Ɔne Yosef mu biara amfa hia a ahia wɔn no anyi wɔn ho ano. Mmom no, wofi osetieyɛ mu de kakra a wɔwɔ no dii dwuma.—Leviticus 12:8; Luka 2:22-24.

9-11. (a) Akwankyerɛ bɛn na Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 22:21 no de ma wɔ sɛnea yɛde sika di dwuma no ho? (b) Dɛn nti na okunafo no ntoboa ketewa no anyɛ ɔkwa?

9 Akyiri yi, Farisifo no ne Herod amammui kuw no akyidifo bɔɔ mmɔden sɛ wobesum Yesu afiri, na wɔkae sɛ: “Enti kyerɛ yɛn nea wudwen. Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi?” Yesu mmuae no daa ne nhumu adi. Yesu twee adwene sii sika a wɔde brɛɛ no so bisae sɛ: “Hena mfonini ne nkyerɛwee ni?” Wobuae sɛ: “Kaesare dea.” Ofi nyansam ka twaa to sɛ: “Ɛnde momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Mateo 22:17-21) Ná Yesu nim sɛ atumfoɔ a wotwaa sika no hwehwɛ sɛ wotua tow. Nanso saa bere no ɔboaa n’akyidifo no ne n’atamfo nyinaa ma wohui sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristoni bɔ mmɔden nso sɛ ɔde ‘Onyankopɔn de bɛma Onyankopɔn.’ Nea ɛka eyi ho ne obi honam fam nneɛma a ɔde bedi dwuma yiye.

10 Biribi a ɛkɔɔ so wɔ asɔrefi hɔ a Yesu hui no yɛ eyi ho mfatoho. Ná ɛnkyɛe na ɔkasa tiaa akyerɛwfo a na “wɔmene akunafo adan” no. Luka bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔmaa n’ani so huu adefo a wɔde wɔn ayɛyɛde regu tow adaka no mu. Na [Yesu huu] ɔbea kunafo hiani bi nso a ɔde mman abien beguu mu. Na ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa. Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu, na oyi de, ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.” (Luka 20:46, 47; 21:1-4) Nkurɔfo no bi kae sɛ aboɔden abo na wɔde ahyehyɛ asɔrefi no. Yesu buae sɛ: “Nneɛma a muhu yi de, nna bi bɛba a wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so emu a wɔrennwiriw ngu fam.” (Luka 21:5, 6) So na saa okunafo no ntoboa ketewa no ayɛ ɔkwa? Ɛda adi sɛ ɛnte saa. Ɔboaa nhyehyɛe a na Yehowa de asi hɔ saa bere no.

11 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo anokwafo sɛ: “Ofienipa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtan obiako, na wadɔ obiako no anaasɛ ɔbɛbata obiako ho, na wabu obiako no animtiaa. Muntumi nsom Nyankopɔn ne mammon [ahonyade].” (Luka 16:13) Enti, yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yɛkari pɛ wɔ nea yɛde yɛn sika yɛ no mu?

Nneɛma so Ahwɛfo Anokwafo

12-14. (a) Nneɛma bɛn na Kristofo hwɛ so? (b) Akwan a ɛda nsow bɛn so na nnɛyi Yehowa nkurɔfo fa di wɔn nneɛma sohwɛ no ho dwuma? (d) Ɛhe na wonya sika de boa Onyankopɔn adwuma no nnɛ?

12 Sɛ yehyira yɛn nkwa so ma Yehowa a, yɛka wɔ ɔkwan bi so sɛ biribiara a yɛwɔ, yɛn ahode nyinaa, yɛ ne dea. Ɛnde ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛwɔ di dwuma? Bere a Onua C. T. Russell, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, reka ɔsom adwuma a Kristofo yɛ wɔ asafo no mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ obiara bu ne ho sɛ Awurade apaw no sɛ ɔnyɛ n’ankasa ne bere, n’anuonyam, ne sika, ne nea ɛkeka ho sohwɛfo, na ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden de saa nneɛma yi di dwuma sɛnea obetumi biara de hyɛ Owura no anuonyam.”—The New Creation, kratafa 345.

13 Wɔka wɔ 1 Korintofo 4:2 sɛ: “Nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo ho ne sɛ wohu no ɔnokwafo.” Sɛ́ amanaman ntam ahyehyɛde no, Yehowa Adansefo yere wɔn ho yɛ wɔn ade ma ɛne saa asɛm no hyia, na wɔde bere a wobetumi anya biara yɛ Kristofo som adwuma no, hwɛ ma wɔn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn. Afei nso, adwumayɛfo akuw a wɔyɛ adwuma wɔ Amantam Adansi Boayikuw ahorow akwankyerɛ ase fi wɔn pɛ mu de wɔn bere, ahoɔden, ne nimdeɛ sisi nhyiambea ahorow a ɛyɛ fɛ ma ɔsom. Eyi nyinaa sɔ Yehowa ani kɛse.

14 Ɛhe na wonya sika de boa ɔkyerɛkyerɛ ne adansi adwuma kɛse yi? Efi wɔn a wɔn koma kanyan wɔn hɔ, sɛnea na ɛte bere a na wɔresi ahyiae ntamadan no. So yɛrenya mu kyɛfa sɛ ankorankoro? So sɛnea yɛde yɛn sika di dwuma no kyerɛ sɛ Yehowa som ne ade a ɛho hia yɛn titiriw? Momma yɛnyɛ nneɛma so ahwɛfo anokwafo wɔ sikasɛm mu.

Ayamye ho Nhwɛsode

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo bere so Kristofo no daa ayamye adi? (b) Ɛsɛ sɛ yebu asɛm a yɛresusuw ho seesei yi dɛn?

15 Ɔsomafo Paulo kyerɛw ayamye a Kristofo a wɔwɔ Makedonia ne Akaia daa no adi no ho asɛm. (Romafo 15:26) Ɛwom sɛ na wɔn ankasa di hia de, nanso wofi wɔn pɛ mu yii ntoboa de boaa wɔn nuanom. Paulo hyɛɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no nkuran sɛ wɔn nso womfi ayamye mu nyi ntoboa, mfa nea wɔanya aboro so no nkɔhyɛ nea afoforo nni ananmu. Ná obiara ntumi nka sɛ Paulo yɛ opoobɔfo mma ɛmfata. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ogu nkyekye mu no betwa nkyekye mu, na nea ogu nhyira so no betwa nhyira so. Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”—2 Korintofo 8:1-3, 14; 9:5-7, 13.

16 Ntoboa ahorow a yɛn nuanom ne anigyefo fi ayamye mu yi de boa wiase nyinaa Ahenni adwuma nnɛ no di adanse sɛ saa hokwan yi som bo ma wɔn. Nanso, sɛnea Paulo kaee Korintofo no, ɛbɛyɛ papa sɛ yebu saa asɛm a yɛresusuw ho yi sɛ ɛyɛ nkaebɔ.

17. Adema ho nhyehyɛe bɛn na Paulo kamfo kyerɛe, na yebetumi de eyi adi dwuma nnɛ?

17 Paulo hyɛɛ anuanom no nkuran sɛ wonnya nhyehyɛe bi wɔ wɔn adema no mu. Ɔkae sɛ: “Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie.” (1 Korintofo 16:1, 2) Ɛno betumi ayɛ nhwɛso ama yɛne yɛn mma wɔ yɛn ntoboayi mu, sɛ́ ɛyɛ nea yɛde fa asafo no so anaa nea yɛde kɔma Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛbɛn yɛn tẽẽ no. Asɛmpatrɛwfo awarefo bi a wɔmaa wɔkɔyɛɛ asɛnka adwuma wɔ Afrika Apuei Fam kurow bi mu too nsa frɛɛ anigyefo sɛ wɔmmra na wɔne wɔn mmom nyɛ Bible adesua. Bere a wowiee nhyiam a edi kan yi no, asɛmpatrɛwfo no fi anifere mu de sika bi koguu adaka bi a wɔakyerɛw ho “Ntoboa ma Ahenni Adwuma No” mu. Afoforo a wɔbae no nso yɛɛ saa ara. Akyiri yi, bere a wɔde afoforofo yi hyehyɛɛ Kristofo asafo no, ɔmansin sohwɛfo kɔsraa wɔn na ɔkamfoo wɔn ntoboa a woyi no daa no.—Dwom 50:10, 14, 23.

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn nuanom a wɔwɔ ahohia mu?

18 Yɛwɔ hokwan nso sɛ yɛde nea yɛwɔ boa wɔn a asiane ato wɔn ne wɔn a wɔtete mmeae a akodi ayɛ hɔ pasaa no. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a yɛkenkan nsɛm a ɛfa ahiade a wɔde kɔɔ Europa Apuei Fam bere a sikasɛm ne amammui mu basabasayɛ kaa wiase no fã hɔ ho no! Nneɛma ne sika a wɔde kɔboae no daa ayamye a yɛn nuanom yii no adi kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ ahokyere mu ne wɔn akyi a wogyinae adi.b—2 Korintofo 8:13, 14.

19. Nneɛma a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu?

19 Yɛwɔ yɛn nuanom a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma sɛ akwampaefo, ahwɛfo akwantufo, asɛmpatrɛwfo, ne Betel adwumayɛfo no adwuma ho anisɔ kɛse, ɛnte saa? Yebetumi ama wɔn honam fam mmoa bi tẽẽ sɛnea yɛn tebea bɛma yɛn kwan. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra mo asafo no a, ebia wubetumi ama no dabere, aduan, anaa woatua ne kar ka ama no. Yɛn soro Agya a ɔpɛ sɛ wɔhwɛ n’asomfo no hu ayamye a wɔda no adi sɛɛ yi. (Dwom 37:25) Mfe bi a atwam no, onua bi a nnɔkɔnnɔkɔwade kakraa bi pɛ na na ɔwɔ too nsa frɛɛ ɔhwɛfo kwantufo bi ne ne yere baa ne fie. Bere a awarefo no refi hɔ akɔ anwummere asɛnka no, onua no maa n’ahɔho no nhoma kotoku bi. Ná sikakorabea krataa a wotumi de tɔ ade (bɛyɛ U.S. dɔla biako) ne krataa bi a wɔakyerɛw nea edi so yi wɔ so hyem: “Momfa ntɔ biribi nni, anaa pɛtro galon biako.” Hwɛ anisɔ kɛse a ɔnam saa ɔkwan tiawa yi so daa no adi!

20. Hokwan ne asɛyɛde bɛn na yɛmpɛ sɛ yebu yɛn ani gu so?

20 Wɔahyira Yehowa nkurɔfo wɔ honhom mu! Yenya honhom fam nnuan pii wɔ yɛn amansin ne amantam nhyiam horow ase, faako a yenya nhoma afoforo, nkyerɛkyerɛ pa, ne afotu a mfaso wɔ so. Bere a yɛn honhom fam nhyira horow ho anisɔ ahyɛ yɛn koma ma no, yemmu yɛn ani ngu hokwan ne asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yebeyi ntoboa de aboa ma Onyankopɔn Ahenni ho nneɛma akɔ so wɔ wiase nyinaa no so.

‘Momfa Ahonyade a Ɛnteɛ Nyɛ Nnamfo’

21, 22. Dɛn na ɛbɛba “ahonyade a ɛnteɛ” so nnansa yi ara, na ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn mprempren yi ara?

21 Nokwarem no, yebetumi afa akwan pii so akyerɛ sɛ yɛde Yehowa som di kan wɔ yɛn asetra mu, a Yesu afotu yi a yebetie nso ho hia kɛse: “Momfa ahonyade a ɛnteɛ no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ehia mo a, wɔagye mo akɔ daa afi no mu.”—Luka 16:9.

22 Hyɛ no nsow sɛ Yesu kae sɛ ahonyade a ɛnteɛ no tumi di huammɔ. Yiw, bere bi bɛba a saa nhyehyɛe yi mu sika so remma mfaso. Hesekiel hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efĩ; wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn [Yehowa] anibere da no.” (Hesekiel 7:19) Ɛnkosi sɛ eyi bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛde nyansa ne nhumu di dwuma wɔ ɔkwan a yɛfa so de yɛn honam fam ahonyade di dwuma no mu. Ɛno remma yɛnkae bere a atwam no nni yaw esiane sɛ yɛantie Yesu kɔkɔbɔ yi nti: “Moanni ahonyade a ɛnteɛ no mu nokware a, hena na ɔde anokwade no bɛhyɛ mo nsa? . . . Muntumi nsom Nyankopɔn ne mammon [ahonyade].”—Luka 16:11-13.

23. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma nyansam, na akatua bɛn na yebenya?

23 Ɛnde, momma yɛn nyinaa mfa nokwaredi ntie nkaesɛm ahorow yi mfa Yehowa som nni kan wɔ yɛn asetram, na yɛmfa yɛn ahode nyinaa nni dwuma nyansam. Saa kwan no so no, yɛbɛkɔ so ayɛ Yehowa ne Yesu a wɔhyɛ bɔ sɛ sɛ sika di yɛn huammɔ a, wobegye yɛn akɔ “daa afi no mu” no nnamfo, na yɛanya asetra a enni awiei wɔ ɔsoro Ahenni no mu anaa asase so paradise so ho anidaso.—Luka 16:9.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ntoboa” no yɛ adeyɛ asɛm bi a nea ɛkyerɛ ankasa ne “korɔn; ma so; pagyaw.”

b Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom, nkratafa 307-15, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintim no 1993 no.

So Wokae?

◻ Dɛn na Israelfo no yɛe bere a Yehowa too nsa frɛɛ wɔn sɛ wonyi ntoboa ma wɔmfa nsi ahyiae ntamadan no?

◻ Dɛn nti na okunafo no ntoboa ketewa no anyɛ ɔkwa?

◻ Asɛyɛde bɛn na Kristofo wɔ wɔ ɔkwan a wɔfa so de wɔn ahode di dwuma no ho?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati ɛyawdi wɔ ɔkwan a yɛfa so de sika di dwuma no ho?

[Kratafa 15 mfonini]

Ɛwom sɛ na okunafo no ntoboa no sua de, nanso anyɛ ɔkwa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Yɛn ntoboa horow no boa wiase nyinaa Ahenni adwuma no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena