So Ɛsɛ sɛ Wobɔ Yesu Mpae?
NNIPA binom susuw sɛ ɛfata sɛ wɔbɔ Yesu mpae. Wɔ Germany no, wɔakyerɛ mmofra pii sɛ sɛ wɔrebedidi a, wɔnka wɔn nsa mmom na wɔnna Yesu Kristo ase ansa.
Sɛnea Bible no kyerɛ no, ɛyɛ nokware sɛ Yesu kura dibea a ɛkorɔn yiye wɔ soro. Nanso, ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae anaa? Ebia woka wɔn a ɔdɔ a wɔwɔ ma Yesu nti wɔbɔ no mpae no ho, nanso dɛn na Yesu ankasa susuw wɔ mpaebɔ a ɛte sɛɛ ho?
Nea edi kan no, dɛn nti koraa na saa nsemmisa yi sɔre? Efisɛ Bible no ka sɛ Yehowa Onyankopɔn ne “mpaebɔ tiefo.” Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn tete asomfo te sɛ Israelfo no bɔɔ Yehowa Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no nkutoo mpae.—Dwom 5:1, 2; 65:2.
So nneɛma sakrae bere a Yesu, Onyankopɔn Ba no, baa asase so begyee adesamma fii bɔne ne owu mu no? Dabi, wɔkɔɔ so ara bɔɔ Yehowa mpae. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔno ankasa bɔɔ ne soro Agya no mpae mpɛn pii, na ɔkyerɛɛ afoforo sɛ wɔnyɛ saa ara. Susuw mpaebɔ nhwɛso, a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no Awurade Mpaebɔ anaa Yɛn Agya a Wowɔ Soro a ɛyɛ mpaebɔ a wonim no yiye wɔ wiase no mu no mu biako no ho. Yesu ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ no mpae; ɔde saa nhwɛso yi maa yɛn: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.”—Mateo 6:6, 9; 26:39, 42.
Afei, ma yensusuw asɛm no ho yiye denam nea mpaebɔ yɛ ankasa a yɛbɛhwehwɛ mu no so.
Dɛn Ne Mpaebɔ?
Mpaebɔ biara yɛ ɔsom mu adeyɛ bi. The World Book Encyclopedia si eyi so dua, na ɛka sɛ: “Mpaebɔ yɛ ɔsom mu adeyɛ bi, a ebia obi de ɔsom, aseda, bɔneka, anaasɛ nkotɔsrɛ to Onyankopɔn anim.”
Bere bi Yesu kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre [Yehowa] wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no.” Yesu dii nokwasɛm titiriw a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔde ɔsom—ne mpaebɔ nso—ma n’Agya, Yehowa Nyankopɔn, nkutoo no akyi.—Luka 4:8; 6:12.
Yesu ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ wɔ Yɛn Mpaebɔ Mu
Yesu wui sɛ agyede afɔrebɔde maa adesamma, Onyankopɔn nyanee no, na ɔmaa no dibea kɛse. Sɛnea wubetumi ahu no, eyinom nyinaa de nsakrae a ɛfa mpaebɔ a wotie ho bae. Wɔ ɔkwan bɛn so?
Ɔsomafo Paulo ka nkɛntɛnso kɛse a Yesu dibea wɔ wɔ mpaebɔ so ho asɛm sɛnea edi so yi: “Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so, sɛ Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow, na tɛkrɛma nyinaa mpaem nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade mma agya Onyankopɔn anuonyam.”—Filipifo 2:9-11.
So nsɛm ‘Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotow’ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae? Dabi. Hela asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no “kyerɛ edin a wɔn a wɔkotow nam so yɛ biako, na ɛka wɔn nyinaa (πᾶν γόνυ) bom wɔ ɔsom mu. Edin a Yesu nsa aka no ka wɔn nyinaa bom wɔ ɔsom mu.” (A Grammar of the Idiom of the New Testament a G. B. Winer yɛe) Nokwarem no, sɛ wobetie mpaebɔ bi a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔ “Yesu din mu,” nanso Yehowa Nyankopɔn na wɔbɔ no mpae no na ɛhyɛ no anuonyam. Esiane eyi nti, Paulo ka sɛ: “Ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.”—Filipifo 4:6.
Sɛnea ɔkwan kɔ beae bi no, saa ara na Yesu ne “ɔkwan” a ɛkɔ Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no nkyɛn. Yesu kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Enti, ɛsɛ sɛ yɛfa Yesu so bɔ Onyankopɔn mpae na ɛnyɛ Yesu ankasa tẽẽ.a
‘Nanso,’ ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Bible no nka sɛ osuani Stefano ne ɔsomafo Yohane nyinaa ne Yesu kasae wɔ soro?’ Ɛno yɛ nokware. Nanso, na mpaebɔ ho asɛm biara nni saa nsɛm a esii yi mu, bere a Stefano ne Yohane mu biara huu Yesu wɔ anisoadehu mu na wɔne no kasaa tẽẽ no. (Asomafo no Nnwuma 7:56, 59; Adiyisɛm 1:17-19; 22:20) Ma ɛntra w’adwene mu sɛ Onyankopɔn a wɔne no kasa ara kwa mpo nyɛ mpaebɔ. Adam ne Hawa ne Onyankopɔn kasae, na woyii wɔn ho ano wɔ wɔn bɔne kɛse no ho, bere a Obuu wɔn atɛn wɔ bɔne a wɔyɛe wɔ Eden ho no. Saa kwan a wɔfaa so ne no kasae no nyɛ mpaebɔ. (Genesis 3:8-19) Enti, ɛbɛyɛ nea ɛnteɛ sɛ wobɛfa kasa a Stefano ne Yohane ne Yesu kasae no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae ankasa.
Ɔkwan Bɛn so na ‘Wɔbɔ’ Yesu Din?
W’adwene mu da so ara yɛ wo naa, na wususuw ara sɛ ɛfata sɛ wɔbɔ Yesu mpae anaa? Ɔbea bi kyerɛw kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea bi sɛ: “Nea ɛhaw me ne sɛ minnye nni ara sɛ Kristofo a wodi kan no ammɔ Yesu mpae.” Ná Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 1:2, beae a ɔkae sɛ “wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa” no wɔ n’adwene mu. Nanso, ɛsɛ sɛ obi hyɛ no nsow sɛ wɔ mfitiase kasa no mu no, asɛm “wɔbɔ” no betumi akyerɛ nneɛma afoforo a ɛnyɛ mpaebɔ.
Ɔkwan bɛn so na ‘wɔbɔɔ’ Kristo din mmaa nyinaa? Ɔkwan biako ne sɛ na Yesu a ofi Nasaret no akyidifo gye no tom wɔ baguam sɛ ɔne Mesia ne “wiase agyenkwa,” na wɔyɛɛ anwonwade pii wɔ ne din mu. (1 Yohane 4:14; Asomafo no Nnwuma 3:6; 19:5) Enti, The Interpreter’s Bible ka sɛ asɛm “wɔbɔ yɛn Awurade din. . . no kyerɛ sɛ yɛbɛpaem aka ne wuradi mmom na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ no mpae.”
Kristo a yebegye no atom na yɛanya gyidi wɔ ne mogya a ohwie gui a ɛma yetumi nya bɔne fafiri no mu no nso kyerɛ sɛ ‘yɛbɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din.’ (Fa Asomafo no Nnwuma 10:43 toto 22:16 ho.) Na yɛbɔ Yesu din ankasa bere a yɛfa no so bɔ Onyankopɔn mpae no. Enti, bere a Bible no rekyerɛ sɛ yebetumi abɔ Yesu din no, ɛnkyerɛ sɛ yɛmmɔ no mpae.—Efesofo 5:20; Kolosefo 3:17.
Nea Yesu Betumi Ayɛ ama Yɛn
Yesu hyɛɛ n’asuafo no bɔ pefee sɛ: “Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ.” So eyi hwehwɛ sɛ yɛbɔ no mpae? Dabi. Yɛde adesrɛ no to Yehowa Nyankopɔn anim—nanso wɔ Yesu din mu. (Yohane 14:13, 14; 15:16) Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ Ne Ba, Yesu, mfa n’ahoɔden ne tumi nni dwuma mma yɛn.
Ɔkwan bɛn so na Yesu ne n’akyidifo di nkitaho nnɛ? Asɛm a Paulo ka faa Kristofo a wɔasra wɔn asafo no ho no bɛkyerɛkyerɛ mu. Ɔde totoo nipadua ho na ɔde Yesu Kristo totoo eti ho. “Ti” no nam “ntoatoam ne ahama” anaasɛ ɔkwan ne nhyehyɛe a wɔnam so de honhom mu aduan ne akwankyerɛ ma n’asafo no so de honhom mu nipadua no akwaa no ahiade ahorow ma wɔn. (Kolosefo 2:19) Yesu nam ɔkwan a ɛte saa ara so nnɛ de “nnipa mu akyɛde,” anaa mmarima a wɔfata wɔ honhom mu di dwuma ma wodi anim wɔ asafo no mu, na sɛ ɛho behia a, wɔde nteɛso mpo ma. Nhyehyɛe biara nni hɔ a asafo no mufo bɛfa so ne Yesu adi nkitaho tẽẽ anaa wɔabɔ no mpae, nanso ɔkwan biara so no—yiw, ɛsɛ sɛ—wɔbɔ Yesu Agya, Yehowa Nyankopɔn, mpae.—Efesofo 4:8-12.
Ɔkwan Bɛn so na Wudi Yesu Ni?
Ɛdefa adesamma nkwagye ho no, hwɛ dwuma titiriw a Yesu di! Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.” (Asomafo no Nnwuma 4:12) Wunim sɛnea Yesu din no ho hia fa no?
Sɛ yɛmmɔ Yesu ankasa mpae tee a, yemmu ne dibea animtiaa. Mmom, yedi Yesu ni bere a yɛbɔ mpae wɔ ne din mu no. Na sɛnea mmofra di wɔn awofo ni denam osetie a wɔyɛ so no, saa ara na yedi Yesu Kristo ni denam ne mmara nsɛm a yedi so no so, titiriw mmara foforo a ɛne sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.—Yohane 5:23; 13:34.
Mpaebɔ a Wotie
So wopɛ sɛ wobɔ mpae a wotie? Ɛnde, bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae, na yɛ saa wɔ ne Ba, Yesu, din mu. Hu Onyankopɔn apɛde, na ma wo mpaebɔ nna saa ntease no adi. (1 Yohane 3:21, 22; 5:14) Ma Dwom 66:20 mu nsɛm nhyɛ wo den: “Nhyira ne Nyankopɔn a wannan me mpaebɔ ani, na wanyi n’adɔe amfi me so.”
Sɛnea yɛahu no, mpaebɔ yɛ ɔsom mu adeyɛ bi a wɔde ma Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nkutoo. Bere a yɛde yɛn mpaebɔ nyinaa to Yehowa Nyankopɔn anim no, yɛkyerɛ sɛ yɛde Yesu mpaebɔ ho akwankyerɛ no di dwuma: “Yɛn Agya a wowɔ soro.”—Mateo 6:9.
[Ase hɔ asɛm]
a Ebia ebinom bɛbɔ Yesu mpae efisɛ wogye di sɛ ɔne Onyankopɔn. Nanso na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, na ɔno ankasa som Yehowa, n’Agya no. (Yohane 20:17) Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm a ɛkɔ akyiri a, hwɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc. tintimii no mu.