Rwanda Amanehunu—Efi Hena?
U.S.News & World Report kae sɛ: “Ansa na wɔrebepie Hitiyise a na osiesie mfiri a wadi mfe 23 tiri mu no, wɔn a wɔtow hyɛɛ ne so no biako ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wuwu efisɛ woyɛ Tutsini.’”
HWƐ sɛnea na adeyɛ a ɛte saa taa kɔ so wɔ Afrika Mfinimfini Fam ɔman ketewa Rwanda mu wɔ April ne May asram no mu! Saa bere no na Yehowa Adansefo asafo ahorow 15 na ɛwɔ Rwanda ahenkurow Kigali ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ no. Ná Ntabana Eugène a ɔyɛ kuropɔn sohwɛfo no yɛ Tutsini. Ɔno, ne yere, ne babarima, ne ne babea Shami a na wadi mfe akron no ka wɔn a wodii kan kunkum wɔn bere a basabasayɛ a ɛyɛ hu no fii ase no ho.
Wokunkum Rwandafo mpempem pii da biara—adapɛn pii. Atesɛm krataa a yɛafa mu asɛm aka wɔ atifi hɔ no bɔɔ amanneɛ wɔ May mfinimfini mu hɔ sɛ: “Adapɛn asia a atwam no, wɔakunkum nnipa 250,000 wɔ okunkɛse ne aweretɔ mu, a ɛte sɛ mogya a Khmer Rougefo hwie gui de tɔree nnipa ase wɔ Cambodia wɔ 1970 mfe no mfinimfini mu hɔ no.”
Time nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Wɔ tebea bi a ɛma obi kae Nasi Germany bere so mu no, woyiyii mmofra bi fii nnipa a na wɔn dodow si 500 mu esiane sɛ na wɔsɛ Tutsifo ara kwa nti. . . . Hutufo nkuraasefo bi de biribi a kesee fam kurow Butare sohwɛfo a na ɔware Tutsini no betumi apaw [a na ɛyɛ yaw] sii n’anim: ná obetumi agye ne yere ne ne mma nkwa, sɛ ɔde ne yere abusuafo—n’awofo abien no nyinaa ne ne nuabea—ma wɔn sɛ wonkum wɔn a. Ɔpenee so.”
Ná nnipa baasia yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo Nsɛm Asekyerɛ Adwumayɛbea a ɛwɔ Kigali no, na na wɔn mu baanan yɛ Hutufo na baanu yɛ Tutsifo. Ananie Mbanda ne Mukagisagara Denise na na wɔyɛ Tutsifo no. Bere a asraafo ne afowfo baa fie hɔ no, wɔn bo fuwii sɛ wohui sɛ Hutufo ne Tutsifo te faako. Wɔpɛe sɛ wokum Mbanda ne Denise.
Emmanuel Ngirente, anuanom Hutufo no mu biako, kae sɛ: “Wofii ase sɛ wɔretutu nea ɛhyehyɛ wɔn atopae no ano de hunahunaa yɛn sɛ wobekum yɛn efisɛ wɔn atamfo wɔ yɛn mu. . . . Ná wɔrehwehwɛ sika kɛse. Yɛde sika a ɛwɔ yɛn ho nyinaa maa wɔn, nanso wɔn ani ansɔ. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobegye biribiara a wobetumi de adi dwuma afi yɛn hɔ de asi ananmu, a ebi ne yɛn kɔmputa ketewa a yɛde kyerɛ nsɛm ase, afiri a wɔde kyere nsɛm a ɛwɔ krataa bi so gu foforo so, yɛn radio ahorow, yɛn mpaboa, ne nea ɛkeka ho. Wofii hɔ mpofirim a wɔankum yɛn mu biara, nanso wɔkae sɛ wɔbɛsan aba akyiri yi.”
Efi saa da no, afowfo no kɔɔ so baa hɔ, na bere nyinaa Adansefo a wɔyɛ Hutufo no paa kyɛw maa wɔn mfɛfo Tutsifo no na wɔankum wɔn. Bere a afei ɛbɛyɛɛ hu dodo sɛ Mbanda ne Denise bɛkɔ so atra hɔ no, wɔyɛɛ nhyehyɛe maa wɔne Tutsi aguanfo afoforo kɔɔ sukuu bi a ɛbɛn hɔ mu. Bere a nkurɔfo tow hyɛɛ sukuu no so no, Mbanda ne Denise tumi guanee. Wotumi twaam wɔ mmeae pii a wogyina nkurɔfo hwehwɛ nsɛm mu, nanso awiei koraa, bere a woduu biako bi ho no, wɔde Tutsifo no nyinaa kogyinaa afã, na wokum Mbanda ne Denise.
Bere a asraafo no san kɔɔ Nsɛm Asekyerɛ Adwumayɛbea hɔ na wohui sɛ Adansefo a wɔyɛ Tutsifo no nni hɔ no, asraafo no boroo anuanom Hutufo no papaapa. Afei, ɔtopae bi toe wɔ nkyɛn hɔ baabi, na anuanom no tumi guan gyee wɔn ho nkwa.
Bere a nnipakum no kɔɔ so wɔ ɔman no nyinaa mu no, nnipa a wowuwui no dodow betumi adu ɔpepem fã. Awiei koraa no, nnipa ɔpepem awotwe a wɔwɔ Rwanda no mu ɔpepem abien kosi abiɛsa anaa nea ɛboro saa guan fii wɔn afie mu. Wɔn mu pii guan kɔɔ Zaire ne Tanzania a ɛbɛn hɔ no. Wokunkum Yehowa Adansefo ɔhaha pii, na na afoforo pii ka wɔn a woguan kɔɔ aguanfo atrae ahorow mu wɔ aman afoforo mu no ho.
Dɛn na ɛmaa nnipakum a ebi mmae saa da ne nnipa pii a wɔaguan yi bae? Anka wobetumi asiw ano anaa? Ná tebea no te dɛn ansa na basabasayɛ no refi ase?
Hutufo ne Tutsifo
Hutufo a wɔyɛ Bantufo a wɔtaa yɛ pipiripi, ne Tutsifo a wɔtaa yɛ atenten kɔkɔɔ kakra na wɔsan frɛ wɔn Watusifo na ɛte Rwanda ne Burundi a ɛbɛn hɔ no. Wɔ aman abien no nyinaa mu no, emufo ɔha biara mu 85 yɛ Hutufo, na ɔha biara mu 14 yɛ Tutsifo. Wɔwɔ kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛ saa mmusuakuw yi adi ako fi afeha a ɛto so 15 no mu tɔnn. Nanso, mpɛn pii no, wɔabom atra asomdwoe mu.
Ɔbea bi a wadi mfe 29 kaa Hutufo ne Tutsifo 3,000 a wɔte Ruganda, akuraa bi a ɛwɔ Zaire apuei fam akwansin kakraa bi no ho asɛm sɛ: “Na yɛte asomdwoe mu.” Nanso, wɔ April mu no, Hutufo basabasayɛfo akuw tow hyɛɛ Tutsifo a wɔwɔ akuraa no ase so ma anka wɔreyɛ atɔre wɔn nyinaa ase. The New York Times kyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Asɛm a esii wɔ akuraa yi ase no yɛ nea ɛrekɔ so wɔ Rwanda nyinaa: Hutufo ne Tutsifo a wɔte faako, wodi ayeware, na wɔnhaw wɔn ho sɛ wobehu nea ɔyɛ Hutuni ne nea ɔyɛ Tutsini anaa wontumi nkyerɛ mpo.
“Afei biribi sii mpofirim. Wɔ April mu no, Hutufo basabasayɛfo akuw a wɔwɔ ɔman no nyinaa mu tuu wɔn ani sii Tutsifo so kunkum wɔn wɔ baabiara a wohuu wɔn. Bere a nnipakum no fii ase no, Tutsifo guan kɔɔ asɔredan ahorow mu kɔhwehwɛɛ guankɔbea. Basabasayɛfo akuw no dii wɔn akyi, na wɔdanee asɔredan ahorow amusiei a mogya abɔ apete hɔ de besi nnɛ.”
Dɛn na ɛmaa nnipakum no fii ase? Efi wu a Rwanda ne Burundi amampanyin a wɔn baanu nyinaa yɛ Hutufo no wui wɔ Kigali wimhyɛn akwanhyia bi mu wɔ April 6 no. Ɔkwan bi so no, ɛnyɛ Tutsifo nko na saa asɛm yi maa wokunkum wɔn na mmom Hutuni biara a na wosusuw sɛ wɔboa wɔn no nso.
Bere koro no ara, ɔman anidanfo no—R.P.F. (Rwanda Ɔmampɛ Kuw) a Tutsifo na wɔdɔɔso wom—ne Aban asraafo dɔm a Hutufo na wɔdɔɔso wom ntam akodi no mu yɛɛ den. Eduu July no, na R.P.F. no adi Aban asraafo dɔm no so nkonim anya tumi wɔ Kigali ne Rwanda afã a aka no pii. Hutufo ɔpehaha pii a na wosuro sɛ wɔbɛtow ahyɛ wɔn so no guan fii ɔman no mu wɔ July mfiase.
Efi Hena?
Bere a wobisaa Tutsini kuani bi nea enti a basabasayɛ fii ase mpofirim wɔ April mu no, ɔkae sɛ: “Efi sodifo bɔne.”
Nokwarem no, wɔ afeha no nyinaa mu no, amammui sodifo akeka wɔn atamfo ho atosɛm ma ahyeta. Wiase amammuifo a wɔwɔ Satan Ɔbonsam a ɔyɛ “wi yi ase sodifo no” akwankyerɛ ase no ato wɔn ankasa aman mufo brada ma wɔne wɔn a ɛsono abusua a wofi mu, kasa a wɔka, anaa ɔman a wofi mu adi ako. (Yohane 12:31; 2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19) Saa ara na tebea no ayɛ wɔ Rwanda. The New York Times kae sɛ: “Amammuifo abɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wɔbɛma nkurɔfo adi mmusuakuw bi nokware anaa wɔasuro musuakuw bi—wɔ Hutufo fam no, ɛno bɛma Aban tumidi no akɔ so ayɛ wɔn dea; wɔ Tutsifo fam no, ɛno bɛma wɔanya nnipa ma wɔaboa ɔman anidan no.”
Esiane sɛ Rwandafo no sesɛ wɔ akwan pii so nti, ɛnyɛ ade a anka obi bɛhwɛ kwan da sɛ wɔbɛtentan wɔn ho akunkum wɔn ho. Amanneɛbɔfo Raymond Bonner kyerɛwee sɛ: “Hutufo ne Tutsifo ka kasa koro, na wɔn amammerɛ no fã kɛse yɛ ade koro. Esiane sɛ wɔadi ayeware wɔ awo ntoatoaso pii mu nti, wontumi nhu nsonsonoe a ɛda sɛnea wɔn nnipadua te—Tutsifo a wɔyɛ atenten nteantea, ne Hutufo a wɔyɛ ntiantia na wɔsõsõ sen wɔn—mu araa ma mpɛn pii no, Rwandafo ntumi nhu no yiye sɛ obi yɛ Hutuni anaasɛ ɔyɛ Tutsini.”
Nanso, nnaadaasɛm pii a wɔama ahyeta nnansa yi no anya nkurɔfo so tumi ma ɛyɛ nwonwa. Bere a Alex de Waal, kuw a edi Afrikafo Hokwan a Wɔwɔ ho dwuma no panyin, reyɛ asɛm no ho mfatoho no, ɔkae sɛ: “Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɛyɛ nkuraasefo a wɔtete mmeae a R.P.F. no ako adi so tumi no nwonwa sɛ Tutsi asraafo no nni mmɛn, wontua dua, na wonni aniwa a ɛtete gya yerɛwyerɛw wɔ sum mu—saa na radio so amanneɛbɔ a wotie no da wɔn adi.”
Ɛnyɛ amammui sodifo nkutoo na wɔma nkurɔfo nya adwene horow, na mmom nyamesom nso yɛ saa. Dɛn ne ɔsom atitiriw a ɛwɔ Rwanda? Wɔn nso ayɛ amanehunu no fafafo anaa?
Nea Nyamesom Ayɛ
The World Book Encyclopedia (1994) ka wɔ Rwanda ho sɛ: “Nkurɔfo no fã kɛse yɛ Roma Katolekfo. . . . Roma Katolek ne Kristofo asɔre afoforo na mfitiase ne ntoaso sukuu dodow no ara hyɛ wɔn nsa.” Nokwarem no, National Catholic Reporter frɛɛ Rwanda sɛ “ɔman a emufo ɔha biara mu 70 yɛ Katolekfo.”
The Observer a ɛwɔ Great Britain no ka nyamesom tebea a ɛwɔ Rwanda no ho abakɔsɛm ho asɛm de kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ 1930 mfe no mu, bere a na asɔre ahorow no repere anya sukuu ahorow no so tumi no, na Katolekfo no gyina Tutsifo a wɔnnɔɔso a tumidi hyɛ wɔn nsa no akyi na Protestantfo no nso de wɔn ho bɔɔ Hutufo a na wɔdɔɔso a na wɔhyɛ wɔn so no ho. Wɔ 1959 mu no, Hutufo no gyee tumidi, na Katolekfo ne Protestantfo begyinaa wɔn akyi ntɛm ara. Protestantfo da so ara gyina Hutufo a wɔdɔɔso no akyi denneennen.”
Sɛ́ nhwɛso no, so Protestant asɔre mpanyimfo akasa atia nnipakum no? The Observer bua sɛ: “Wobisaa [Anglikan] asɔrefo baanu sɛ ebia wɔkasa tiaa awudifo a wotwitwaa mmofra ti guguu Rwanda asɔredan ahorow mu no anaa.
“Wɔanyi ano. Wɔtee nsɛm ani yerae, wɔn ho yeraa wɔn, na wɔn nne kɔɔ soro kɛse mpo, na ɛmaa nea ɛde Rwanda haw no bae ankasa daa adi—Anglikan asɔre no mu atitiriw na wɔyɛɛ amammui atumfoɔ a wɔhyɛɛ awudi ho nkuran, na wɔde mogya ahyɛ nsubɔnten no amaama no asomafo.”
Nokwarem no, Kristoman asɔre ahorow a ɛwɔ Rwanda no te sɛ asɔre ahorow a ɛwɔ mmeae afoforo no ara pɛ. Sɛ́ nhwɛso no, Britania Ɔsahene Abadiakyiri Frank P. Crozier kae wɔ amammui sodifo a wogyinaa wɔn akyi wɔ Wiase Ko I mu no ho sɛ: “Kristofo Asɔre ahorow no ne wɔn a wɔma wohwie mogya gu sen biara a yɛwɔ, na yɛde wɔn dii dwuma yiye.”
Yiw, nea asi no ho asodi kɛse da nyamesom akannifo so! National Catholic Reporter a ɛbae wɔ June 3, 1994 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Pope no kae sɛ ɔko a ɛrekɔ so wɔ Afrika man no mu no yɛ ‘okunkɛse ankasa, na awerɛhosɛm ne sɛ, Katolekfo mpo ka ho bi na aba saa.’”
Ɛda adi pefee sɛ asɔre ahorow no nkyerɛkyerɛɛ nokware Kristofo nnyinasosɛm ahorow a egyina kyerɛw nsɛm te sɛ Yesaia 2:4 ne Mateo 26:52 so. Sɛnea Franse atesɛm krataa Le Monde kyerɛ no, ɔsɔfo bi bɔɔ abubuw sɛ: “Wɔrekunkum wɔn ho wɔn ho a wɔn werɛ afi sɛ wɔyɛ anuanom.” Rwanda sɔfo foforo gye toom sɛ: “Kristofo akunkum Kristofo afoforo, ɛmfa ho sɛ wɔaka ɔdɔ ne bɔne fafiri ho asɛm akyerɛ wɔn mfe ɔha no. Yɛadi nkogu.” Le Monde bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi adwene atumi afi so sɛ Kristofo asɛmpatrɛwfo koro no ara na wɔtetee Tutsifo ne Hutufo a wɔreko wɔ Burundi ne Rwanda no, na wɔkɔɔ asɔre koro?”
Nokware Kristofo Yɛ Soronko
Yesu Kristo nokware akyidifo di ahyɛde a ese ‘wɔnnodɔ wɔn ho’ no so. (Yohane 13:34) So wubetumi de w’adwene abu Yesu anaa n’asomafo no biako a wama nkrante so de atwitwa obi akum no? Nnipakum bɔne a ɛte saa no da nkurɔfo adi sɛ wɔyɛ “ɔbonsam mma.”—1 Yohane 3:10-12.
Yehowa Adansefo nnya kyɛfa biara wɔ akodi, ɔman anidan ahorow, anaa ntawntawdi afoforo a wiase amammuifo a wɔwɔ Satan Ɔbonsam tumi ase de ba no biara mu. (Yohane 17:14, 16; 18:36; Adiyisɛm 12:9) Mmom no, Yehowa Adansefo yi nokware dɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Enti, bere a nnipakum no rekɔ so no, Adansefo a wɔyɛ Hutufo fi wɔn pɛ mu de wɔn nkwa too asiane mu bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn nuanom Tutsifo ho ban.
Nanso, ɛnsɛ sɛ amanehunu a ɛte saa yɛ yɛn nwonwa. Yesu ka siei wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa “wiase awiei” ho no mu sɛ: ‘Ɛnna wobekum mo.’ (Mateo 24:3, 9) Anigyesɛm ne sɛ, Yesu hyɛ bɔ sɛ wɔbɛkae anokwafo wɔ awufo sɔre no mu.—Yohane 5:28, 29.
Ɛnkosi saa bere no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Rwanda ne mmeae afoforo nyinaa asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ada wɔn ho adi sɛ Kristo asuafo denam dɔ a wɔbɛdɔ wɔn ho wɔn ho no so. (Yohane 13:35) Ɛmfa ho mpo sɛ mprempren haw ahorow yi rekɔ so no, wɔn dɔ no redi adanse, sɛnea amanneɛbɔ a ɛka eyi ho a ɛne “Adansefo a Wɔwɔ Aguanfo Atrae Ahorow” da no adi no. Ɛho hia sɛ yɛn nyinaa kae nea Yesu kae wɔ ne nkɔmhyɛ no mu yi: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.”—Mateo 24:13.
[Kratafa 29 adaka]
ADANSEFO A WƆWƆ AGUANFO ATRAE AHOROW
Wɔ July, afe yi mu no, na Adansefo ne wɔn mfɛfo bɛboro 4,700 na wɔwɔ aguanfo atrae ahorow. Wɔ Zaire no, na 2,376 wɔ Goma, 454 wɔ Bukavu, na 1,592 wɔ Uvira. Afei nso wɔ Tanzania no, na bɛyɛ 230 wɔ Benaco.
Ná aguanfo atrae kɛkɛ a wɔbɛkɔ no nyɛ mmerɛw. Asafo bi a Adansefo 60 na wɔwom bɔɔ mmɔden sɛ wobetwa Rusumo twene no a ɛyɛ ɔkwan titiriw a wɔfa kɔ aguanfo atrae ahorow a ɛwɔ Tanzania no. Bere a wɔamma wɔn kwan no, wokyinkyinii asubɔnten no ano dapɛn biako. Afei wosii gyinae sɛ wɔbɛbɔ mmɔden de akorow atwa. Wotumi twae, na nna kakra bi akyi no, wokoduu Tanzania atrae hɔ dwoodwoo.
Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman afoforo mu yɛɛ nhyehyɛe boaboaa ahiade pii ano. Adansefo a wɔwɔ France boaboaa ntade bɛboro tɔn ɔha ne mpaboa tɔn akron ano, na wɔde nnuan ne nnuru kaa ho de guu hyɛn mu kɔɔ mmeae a wɔn ho akyere wɔn no. Nanso mpɛn pii no, ade a edi kan a na anuanom a wɔwɔ aguanfo atrae ahorow no bisa ne Bible anaa Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! nsɛmma nhoma.
Nnipa pii a wɔrehwɛ ani gyee ɔdɔ a Adansefo a wɔwɔ Zaire ne Tanzania, a wɔbɛsraa wɔn nuanom a wɔaguan afi wɔn afie mu, na wɔboaa wɔn no daa no adi no ho. Aguanfo no ka sɛ: “Mo som mufo abɛsra mo, nanso yɛn sɔfo mmɛsraa yɛn.”
Adansefo no benyaa din kɛse wɔ atrae ahorow no mu, a nea efi titiriw ne wɔn biakoyɛ, nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ, ne ɔdɔ a woyi no adi no. (Yohane 13:35) Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ wɔ Benaco, Tanzania no, simma 15 pɛ na Adansefo no de hwehwɛɛ wɔn mfɛfo Adansefo a wɔyɛ aguanfo no wɔ nnipa bɛyɛ 250,000 a wɔwɔ atrae hɔ no mu.