Woahyɛ Obi Nkuran Nnansa Yi?
NÁ ELENA adi mfe 17 pɛ bere a nnuruyɛfo hui sɛ wanya awotwaa mu kokoram no. Ne maame, Mari, gyinaa awerɛhow a ɛyaw kɛse a ohui sɛ Elena rete ma odii no ano.
Awiei koraa no, woyii Elena kɔtoo ayaresabea bi wɔ Madrid, Spain, a efi ne kurom a ɛwɔ Canary Islands kɔ hɔ yɛ kilomita 1,900. Wɔ Madrid no, ná nnuruyɛfo kuw bi wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ no oprehyɛn a wɔmma no mogya. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Nanso bere a wofii oprehyɛn no ase ara pɛ na ɛdaa adi sɛ Elena yare no bekum no. Ná kokoram no atrɛw afa ne nipadua nyinaa mu dedaw, na na nnuruyɛfo no ntumi nyɛ ho hwee. Elena duu Madrid no akyi nnawɔtwe na owui.
Na ɛnsɛ sɛ Mari nkutoo gyina amanehunu kɛse yi ano. Kristofo mpanyimfo baanu kaa ɔne ne babarima panyin ho baa Madrid a wɔn ankasa na wotuaa wɔn akwantu ho ka, na wɔtraa hɔ kosii sɛ Elena wui. Mari kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔboaa me ma migyinaa ankonamyɛ nka a metee no ano. Me werɛ remfi nkuran a wɔhyɛɛ me no da. Ná wɔn honhom fam mmoa a mfaso wɔ so no som bo yiye. Ná wɔyɛ ‘mframa ano hintabea’ ampa.”—Yesaia 32:1, 2.
Yehowa ani gye sɛ nguanhwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ a wɔte sɛ eyinom de odwo kɛse hwɛ ne nguan. (Mmebusɛm 19:17; 1 Petro 5:2-4) Nanso, ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wɔde nkuranhyɛ ma. Kristofo nyinaa bom hyiam kogye honhom fam nkyerɛkyerɛ na wɔahyɛ ‘wɔn ho wɔn ho nkuran.’ (Hebrifo 10:24, 25) Nkuranhyɛ yɛ Kristofo fekubɔ fã titiriw.
Dɛn na Nkuranhyɛ Kyerɛ?
Sɛnea nhwiren fɛfɛ bi kisa bere a ennya nsu no, saa ara na ankorankoro—a wɔwɔ abusua ne asafo no mu—betumi abotow bere a wonnya nkuranhyɛ no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nkuranhyɛ a wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu hyɛ wɔn a wohyia sɔhwɛ den, ɛma wɔn a wɔabotow ani gye, na ɛhyɛ wɔn a wɔde nokwaredi resom Onyankopɔn no baninha.
Nea ɛka Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nkuranhyɛ” ho ne adwene a ɛkyerɛ denhyɛ, afotu ne awerɛkyekye. Enti, nkuranhyɛ kɔ akyiri sen ka a wɔbɛka akyerɛ obi sɛ ɔrebɔ mmɔden. Ebetumi ayɛ honam ne honhom fam mmoa nso.
Nokwarem no, nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nkuranhyɛ” kyerɛ ankasa ne “obi a ɔfoforo frɛ no begyina ne nkyɛn.” Sɛ yɛne yɛn honhom fam nuanom mmarima ne mmea bɔ na wɔn mu bi brɛ anaa ɔfom a, ɛma yetumi boa no ntɛm ara. (Ɔsɛnkafo 4:9, 10) Anigyesɛm ne sɛ Yehowa nkurɔfo ‘de nokoro som no.’ (Sefania 3:9) Na ɔsomafo Paulo frɛɛ Kristoni bi sɛ ne “yɔnko pa.” (Filipifo 4:3) Biakoyɛ a yɛde som bom wɔ kɔndua koro ase ma adesoa no yɛ hare, titiriw ma wɔn a wɔnyɛ den wɔ honhom mu no.—Fa toto Mateo 11:29 ho.
Wɔde Nkuranhyɛ Mae
Esiane sɛ nkuranhyɛ ho hia kɛse saa nti, ma yensusuw ɛho nhwɛso ahorow bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho. Bere a Onyankopɔn diyifo Mose asetra reba awiei no, Yehowa paw Yosua sɛ ɔnyɛ Israelfo kannifo. Ná eyi nyɛ adwuma a ɛda fam, sɛnea na Mose ankasa nim yiye no. (Numeri 11:14, 15) Enti Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ “fa adwuma yi hyɛ Yosua nsa, na hyɛ no den na hyɛ no baninha.”—Deuteronomium 3:28.
Israel atemmufo bere so no, Yefta babea fii ne pɛ mu dii ne papa ntanka so denam abusua a na obetumi anya a ɔpowee na ama wakɔsom wɔ Yehowa trabea no so. Wɔanhu n’afɔrebɔ no? Wohui, efisɛ Atemmufo 11:40 ka sɛ: “Daa afirihyia Israel mmabea kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babea no afe mu nnannan.” Ɛbɛyɛ sɛ saa nsrahwɛ ahorow no hyɛɛ Yefta babea a ɔde ne ho bɔɔ afɔre no nkuran yiye.
Ɛtɔ mmere bi a, nkuranhyɛ a obi de bɛma no gye akokoduru. Wɔ ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu no, ohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den wɔ Asia Kumaa nkurow pii mu. Wɔpam no fii Antiokia, anka wɔrekum no wɔ Ikonion, na wosiw no abo wɔ Listra gyaw no too hɔ a na wosusuw sɛ wawu. Nanso, ɛno akyi pɛɛ no, Paulo ne n’ayɔnkofo no san kɔɔ nkurow yi mu, “hyehyɛɛ asuafo no akra den, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntra gyidi mu kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yɛfa amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.’” (Asomafo no Nnwuma 14:21, 22, NW) Ná Paulo asiesie ne ho sɛ ɔde ne nkwa bɛto asiane mu ahyɛ asuafo afoforo yi nkuran.
Nanso, ɛnyɛ asuafo afoforo nkutoo ne Kristofo a wohia nkuranhyɛ. Mfe bi akyi no, Paulo tuu kwan bi a na ɛyɛ den kɔɔ Roma, faako a na wobedi n’asɛm. Bere a ɔbɛn hɔ no, ebia n’aba mu bui wɔ ɔkwan bi so. Nanso bere a oduu kesee fam apuei baabi a ɛhɔ ne Roma ntam kwan yɛ kilomita 74 no, n’ani gyei. Dɛn ntia? Efisɛ na anuanom afi Roma rebehyia no wɔ Apia Gua so ne Nsadan-Mmiɛnsa. “Paulo huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na otwaa ne bo tɔɔ ne yam.” (Asomafo no Nnwuma 28:15) Wɔ mmere a ɛtete saa mu no, ɛhɔnom kɛkɛ a yɛbɛkɔ no betumi ahyɛ yɛn mfɛfo gyidifo nkuran yiye.
Fa Hokwan Ahorow Hyɛ Afoforo Nkuran
Nokwarem no, hokwan ahorow wɔ hɔ a yebetumi ahyɛ afoforo nkuran. So osuani kasa bi a onuabarima anaa onuawa bi mae wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no kaa wo koma? W’ani gye sɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wɔyɛ den wɔ honhom mu wɔ mo asafo no mu? So w’ani asɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim boasetɔ? W’ani gyee ɔkwan a akwampaefo no mu biako faa so de Bible no dii dwuma wɔ afie afie som adwuma no mu ho? Ɛnde, fa nkamfo ma, na ka biribi a ɛhyɛ nkuran.
Nkuranhyɛ di dwuma a mfaso wɔ so yiye wɔ abusua ne asafo no mu. Ebetumi aboa awofo ma wɔatete wɔn mma wɔ “[Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Abofra a wobɛka akyerɛ no sɛ wabɔ mmɔden, na woakyerɛ nea enti a woka saa no betumi ahyɛ no nkuran yiye! Bere a mmofra du wɔn mpanyin afe so a wohyia sɔhwɛ ne nhyɛso ahorow no, wohia nkuranhyɛ bere nyinaa.
Nkuranhyɛ a obi nnya wɔ ne mmofraberem betumi apira no kɛse. Ɛnnɛ Michael a ɔyɛ Kristoni panyin no pɛ nnipa, nanso ɔka sɛ: “Me papa anka sɛ mayɛ biribi pa da koro mpo. Enti minyinii a na minni obu ma me ho. . . . Ɛwom sɛ seesei madi mfe 50 de, nanso m’ani kɔ so sɔ awerɛhyem a me nnamfo ma minya sɛ merebɔ mmɔden sɛ ɔpanyin no. . . . M’ankasa suahu akyerɛ me sɛnea ɛho hia sɛ wɔhyɛ afoforo nkuran, na mabɔ mmɔden de ama.”
Hena na Ohia Nkuranhyɛ?
Kristofo mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden fata nkuranhyɛ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ munhu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo, na mummu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti.” (1 Tesalonikafo 5:12, 13) Ɛyɛ mmerɛw sɛ yebebu adwumaden a mpanyimfo yɛ no adewa. Nanso ɛte sɛ nea nsɛm a yebefi yɛn komam aka de ada anisɔ ne nkuranhyɛ adi no betumi ama wɔn adesoa ayɛ hare.
Wɔn a wogyina tebea horow a emu yɛ den ano wɔ yɛn mu no nso hia nkuranhyɛ. Bible tu fo sɛ: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu.” (1 Tesalonikafo 5:14) Awofo a wonni ahokafo, akunafo, mmofra a wɔadu mpanyin afe so, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ayarefo, ka wɔn a wobetumi abotow anaasɛ wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom mu wɔ bere ne bere mu no ho.
María yɛ Kristoni bea bi a ne kunu gyaw no hɔ mpofirim. Ɔkae sɛ: “Te sɛ Hiob no, ɛtɔ mmere bi a na mepɛ sɛ miwu. [Hiob 14:13] Nanso nkuranhyɛ a minyae nti, mampa abaw. Mpanyimfo baanu a minim wɔn yiye de nnɔnhwerew pii boaa me ma mihuu mfaso a ɛwɔ so sɛ mɛkɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Na anuawanom baanu a wɔwɔ ntease nso kyekyee me werɛ, de boasetɔ tiee me bere a mekaa me haw ahorow kyerɛe no. Wɔde Bible no ma mitumi huu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho. Minnim mpɛn dodow a yɛkenkan Dwom 55:22, nanso minim sɛ bere a mede kyerɛwsɛm yi dii dwuma no, mesan yɛɛ den nkakrankakra wɔ honhom ne nkate mu. Eyi nyinaa sii mfe 12 a atwam ni, na ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ makɔ so ayɛ bere nyinaa adwuma no de abesi nnɛ. Wɔ ɛyaw a ɛtɔ bere bi a midi nyinaa akyi no, mfaso wɔ m’asetra so na mewɔ anigye. Migye di sɛ nkuranhyɛ a wɔde ma wɔ bere a ɛte saa mu no betumi asakra obi asetra kɛse.”
Ebinom hia nkuranhyɛ efisɛ wɔayɛ mfomso ahorow na seesei wɔrebɔ mmɔden asiesie. Ebia wɔama wɔn nkaanim a efi ɔdɔ mu. (Mmebusɛm 27:6) Mpanyimfo a wɔde nkaanim no ama no betumi ama wɔn ani ada hɔ sɛ wɔde nkamfo bɛma bere a wohu sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu redi dwuma no. Mfaso abien na ebefi nkuranhyɛ nsɛm no mu aba—ebesi so dua sɛ wɔwɔ ɔdɔ ma nea wafom no na wanni “awerɛhow bebrebe” na akae no mfaso horow a ɛwɔ afotu a ɔde bedi dwuma no so.—2 Korintofo 2:7, 8.
Ɔpanyin bi dii mfomso a anibere wom, na ɔhweree ɔhwɛ adwuma hokwan a na ɔwɔ wɔ asafo no mu no. Ɔka sɛ: “Bere a wɔde amanneɛbɔ mae sɛ wɔagye me mpanyinni afi me nsam no, misusuwii sɛ anuanom ani rennye ho sɛ wɔne me bɛbɔ. Nanso, mpanyimfo no koraa nea enti a ɛbaa saa no so ankasa, na wofii wɔn pɛ mu hyɛɛ me nkuran. Asafo no mufo a aka no yii ɔdɔ ne ayɔnkofa adi, na ɛda adi sɛ ɛmaa me ho yɛɛ den wɔ honhom mu.”
Hyɛ Afoforo Nkuran
Ɛyɛ mmerɛw sɛ yebebu yɛn ani agu nkuranhyɛ so wɔ yɛn asetra a adagyew nnim no mu. Nanso hwɛ adepa kɛse a ebetumi ayɛ! Sɛ wode nkuranhyɛ a etu mpɔn bɛma a, ɛsɛ sɛ woma nneɛma abien tra w’adwenem. Nea edi kan, susuw nea wobɛka ho, na ama wo nkuranhyɛ no afa biribi pɔtee ho. Nea ɛto so abien, hwehwɛ hokwan a wode bɛkɔ onipa a ɔfata nkamfo anaasɛ ehia sɛ wohyɛ no den no nkyɛn.
Bere a woyɛ eyi mpɛn pii no, wubenya anigye kɛse. Anyɛ yiye koraa no, Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔma mu wɔ [anigye] mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Sɛ wohyɛ afoforo nkuran a, wobɛhyɛ w’ankasa ho nkuran. Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛhyɛ obi nkuran da biara?