Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 2/1 kr. 8
  • Wɔbɛka Ahenni no ho Asɛmpa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔbɛka Ahenni no ho Asɛmpa No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛsɛ sɛ Wɔka Asɛmpa no Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • ‘Adanse A Yebedi Amanaman Nyinaa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Onyankopɔn a Wotumi De Ho To Ne So a Mesom No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 2/1 kr. 8

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wɔbɛka Ahenni no ho Asɛmpa No

MFEHAHA pii mu no, Onyankopɔn tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam nam anifere kwan so de amammui nniso ahorow ne atoro som adi dwuma de abɔ mmɔden sɛ ɔremma nokware Kristosom ntrɛw. Nanso, saa akwan yi bedi nkogu. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi [ɛnyɛ, “ebia wɔbɛka” anaa, “wobetumi aka”] wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.”—Mateo 24:14.

Satan nkogudi no ada adi wɔ Greece. Wɔ saa asase no so no, Greece Ortodɔks asɔre no abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Yehowa Adansefo agyae Ahenni no ho asɛmpa no ka. Nanso, sɛnea wɔada no adi wɔ osuahu a edi so yi mu no, wɔ bere a ɛsɛ mu no Bible mu nokware ahorow no du nnipa a wɔwɔ koma pa no nkyɛn a ɔsɔretia mfa ho.

Bɛyɛ mfe 30 a atwam no, Greece Ortodɔks sɔfo bi gyee asɛmpa no toom, na ɔdaa no adi mpo sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Nanso, n’abusuafo sɔre tiaa ne gyinaesi yi denneenen na wɔhyɛɛ no ma ɔne Adansefo no gyaee bɔ. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasɔ n’abusua ani nti, ɔtoaa n’asɔfodi no so; nanso, bere nyinaa na ogye tom sɛ Yehowa Adansefo aboa no ma wahu nokware no nanso na ɔde asesa dibea kɛse wɔ atoro som mu.

Nanso, ɛtɔ da bi na sɛ onya hokwan a, na onsuro sɛ ɔbɛka bi ama Yehowa Adansefo no. Mpɛn pii no, na otu nkurɔfo fo mpo sɛ sɛ wɔpɛ sɛ wohu Bible mu nokware ahorow a, wɔne Adansefo no nsua ade. Mfe pii a atwam mu no, ebinom dii n’afotu no akyi ankasa.

Nnansa yi, ɔsɔfo no yaree na ohui sɛ ɛrenkyɛ obewu. Bere a ɔwɔ ayaresabea hɔ no, ɔfrɛɛ ne mma ma wotwaa ne ho hyiae wɔ ne mpa ho.a Afei, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ owu a, wobetumi ahyia no bio. Ɔkaa Bible no nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Yehowa benyan nnipa aba nkwa mu wɔ asase so paradise bi mu ho asɛm kyerɛɛ wɔn, nanso sɛ wɔpɛ sɛ wohu sɛ abam ankasa de a, ɛsɛ sɛ wosua nokware no fi Bible no mu na wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho. Ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho mmɔ Yehowa Adansefo na wonsua sɛnea wɔbɛyɛ Kristofo pa mfi wɔn nkyɛn.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔsɔfo no wui. Nanso, n’afotu a ɔde gyaa ne mma no sow aba pa. Ná ne babea ani nnye Yehowa Adansefo ne wɔn adwuma ho, te sɛ n’abusuafo no mu pii. Nanso, wantumi ampow n’agya a na ɔrewu no adesrɛde a efi komam no, enti ɔhwehwɛɛ Yehowa Adansefo no ntɛm ara, na ofii ase suaa Bible no. N’ankasa ahyira ne nkwa so ama Yehowa Nyankopɔn de nsu mu asubɔ ayɛ n’ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne abɛyɛ Ɔdansefo nnansa yi.

Wɔ Greece ne nsase afoforo bɛboro 230 so no, Yehowa Adansefo de wɔn ho to Onyankopɔn honhom kronkron no tumi so. Wɔnam honhom kronkron no mmoa a edi mu koraa so boa ma Yesu nkɔmhyɛ yi bam: “Na mmom sɛ honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.”—Asomafo no Nnwuma 1:8.

[Ase hɔ asɛm]

a Greece Ortodɔks Asɔre no ma kwan ma wɔn asɔfo ware.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena